So Wobetumi Adi Owu So Nkonim?
SO WOASUSUW tumi a Yesu Kristo nyae wɔ adesamma abakɔsɛm so no ho pɛn? Kalenda a nnipa pii a wɔwɔ Atɔefam wiase no mu de di dwuma no gyina afe a wosusuw sɛ wɔwoo no wom no so. Sɛnea The World Book Encyclopedia ka no: “Wɔka bere a etwaam ansa na saa afe no reba no ho asɛm sɛ B.C. anaa before Christ (ansa na Kristo reba) . Wɔka bere a edi saa afe no akyi no ho asɛm sɛ A.D., anaasɛ anno Domini (yɛn Awurade afe no mu) .”
Dɛn nti na Yesu wɔ din saa? Nea enti a ɛte saa no biako ne anwonwade ahorow a ɔyɛe wɔ Galilea mantam no mu no. Saa mantam yi da asase a nnɛ ɛyɛ Israel Republik no kusuufam. Ɛdefa saa mantam yi ho no, afeha a edi kan no mu abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus kyerɛwee sɛ: “asase no yɛ asase pa a ɛsow aba pii, na na mfuw a nnua ahorow wom wɔ hɔ . . . Afei nso, na nkurow pii wɔ ha.” Nokwarem no, ɔkyerɛe sɛ na “nkurow ne nkuraa ahanu aduanan na ɛwɔ Galilea.”a
Nkurow ne nkuraa pii yi mu na Yesu Kristo kaa asɛm na ɔyɛɛ anwonwade akɛse no. Ɛwom sɛ nkurow kakraa pɛ na Bible kyerɛwtohɔ no bobɔ din de, nanso Yesu kɔɔ nkurow no pii mu, efisɛ kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka n’asɛnka wɔ mpɔtam hɔ no ho asɛm sɛ: “Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔ hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.”—Mat. 9:35.
Ná Galileafo a Yesu kaa asɛm kyerɛɛ wɔn no pii nim no, efisɛ wɔtetee no wɔ wɔn mfinimfini—wɔ Nasaret akuraa a ɛda Galilea Po no keseefam atɔe bɛyɛ akwansin 18 wɔ mmepɔw no mu no.
NAIN A YESU KƆSRAE
Ɛyɛ 31 Y.B. mu, Yesu som adwuma no afe a ɛto so abien no mu, na okunafo no babarima no wui wɔ Nain kurom. Na saa kurow yi da Nasaret, kurow a na Yesu akɔtra mu no keseefam apuei bɛyɛ akwansin anum anaa asia pɛ. Bere a aberante no wui no na Yesu reka asɛm wɔ Galilea Po no kusuufam mpoano, faako a na wama ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no bere tiaa bi a atwam.
Bible no se bere a Yesu wiee n’asɛnka no, “ɔkɔhyɛn Kapernaum.” Bere a ɔwɔ saa mpoano kurow no mu no, ɔsaa asraafo panyin bi akoa yare. “N’adekyee no, ɔkɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu, na n’asuafo ne nkurɔfo pii ne no kɔe.”—Luka 7:1-11.
Saa kwan yi a wotu fi Kapernaum kɔɔ Nain wɔ keseefam atɔe no yɛ bɛyɛ akwansin 20, a ɛyɛ da mũ nyinaa kwan ma nnipa a wɔakokwaw nantew mu mpo. Yesu ne wɔn a wɔka ne ho no twaa bon no na wɔbɛn kurow yi pon ano. Afei kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ, “ɔbɛn kurow no pon akyi no, hwɛ, wɔsõ obi a wawu a ɔyɛ ne na ba koro refi adi, na ɔbea no yɛ okunafo; na kurom hɔfo pii ka ne ho. Na Awurade huu ɔbea no no, ne yam hyehyee no maa no.”—Luka 7:12, 13.
Ɛdefa saa asɛm yi ho no, Arthur P. Stanley a ɔkɔsraa saa beae yi afeha a etwaam no mu no kyerɛwee wɔ ne nhoma Sinai and Palestina mu sɛ: “Kusuufam asianee no mu hɔ . . . na Nain akuraa no amamfo no wɔ. . . . Ebetumi aba sɛ na ɛwɔ ɔpon biako pɛ, a ɛwɔ afa a esian kɔ sare no so no. Na ebetumi aba sɛ saa bon yi mu na, sɛnea na Apueifam amanne te no, na ‘wɔsõ amu no rekɔ’ a, wɔ akuraa no ‘pon akyi no.’ Wogyinaa wɔn a wɔsõ funu no. Ɛhɔ nyɛ baabi a biribi soronko bi wɔ hɔ a ɛbɛma wɔakae; nanso wɔ nokware a asɛm no yɛ, ne ɔpon ketewaa a na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ mu de kae saa asɛm a ɛyɛ ahodwiriw no mu no, ebetumi ayɛ mmeae horow a ɛyɛ anigye kɛse wɔ mmeae horow a nsɛm sisii wɔ Nsɛmpa no mu no mu biako.”
Onipa foforo nso a ɔkɔsraa saa beae yi wɔ afeha a ɛto so 19 mu, J. W. McGarvey, kyerɛwee wɔ no nhoma Lands of the Bible no mu sɛ: “Nain da bepɔw so, a na ɛwɔ asianee bɛyɛ anammɔn 60 efi n’atifi de kɔ sare no so. Ɔkwan a efi kusuufam no nam bon hihiaa bi a efi atɔefam ba mu, na adamoa ahorow a wɔatwitwa wɔ abo no mu wɔ eyi atifi. . . . Bere a Yesu fi Kapernaum, faako a na ɔwɔ da a etwaam no, na ɔbɛn kurow no, na nnipa a wɔsõ okunafo no babarima no refi adi akɔ saa asiei hɔ, na enti wohyiae.”
ANWONWADE A ƐYƐ AHODWIRIW
Bere a ohyiaa dɔm a wɔresu ne ɔbea a awerɛhow kɛse aka no no, Yesu yam hyehyee no maa no. Awerɛhow kɛse a na ɔbea no redi no kaa ne koma. Enti ɔde ayamye ne tumi a ɛma obi nya awerɛhyem ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “’Nsu.” N’adeyɛ no twetwee dɔm no adwene, enti bere a ‘ɔbae de ne nsa bɛkaa nea funu no da so no, wɔn a wɔsõ no no gyinae.’ Ɛbɛyɛ sɛ na wɔn nyinaa ntumi nhu nea Yesu rebɛyɛ.
Ɛyɛ ampa sɛ ɛbɛyɛ afe a atwam, wɔ Kana akuraa a ɛwɔ kusuufam akwansin dodow bi ase no na Yesu ama nsu adan bobesa wɔ ayeforohyia apontow bi ase. Na ɛyɛ ampa nso sɛ, sɛnea ebia na wɔn a wɔresu no binom ate no, na Yesu asa nkurɔfo yare anwonwa kwan so wɔ nkurow ne nkuraa afoforo a enni akyiri a.se. Nanso sɛnea Bible mu kyerɛwtohɔ a eti honhom mu kyerɛ no, na Yesu nnyanee obi mfii awufo mu da. So obetumi ayɛ biribi a ɛte saa?
Ɔrekasa akyerɛ amu no, Yesu kae sɛ: “Aberante, mise wo sɛ: Sɔre!” Na anwonwade mu anwonwade! “Owufo no sɔre traa ase, na ofii ase kasae, na ɔde no maa ne na.”
Anwonwade bɛn ni! Susuw sɛnea ɔbea no bɛte nka no ho hwɛ. Anka wobɛte nka dɛn? Dɛn na obi ka wɔ nsɛm tebea a ɛte sɛɛ mu? ‘Meda wo ase sɛ woanyan me ba no’ anaa? Asɛm biara nni hɔ a obi betumi aka de akyerɛ adeyɛ a ɛte saa ho anisɔ a ɛfata. Anwonwade ampa!
“Na ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifo kɛse asɔre yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man. Na ne ho asɛm yi trɛwee Yudea nyinaa ne asase a atwa ho ahyia nyinaa so.” Ɛda adi pefee sɛ na Yesu yɛ odiyifo kɛse a ofi Onyankopɔn nkyɛn.—Luka 7:13-17.
ANWONWADE YƐFO A WƆAHYƐ NE HO BƆ NO?
Mfeha dunum a na atwam no, na odiyifo Mose ayɛ anwonwade ahorow denam Onyankopɔn tumi so, ma ɔpaee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu ma lsrael man no nyinaa nam asase kesee so twae. Nanso wɔhyɛɛ nkɔm sɛ odiyifo a ɔyɛ anwonwade akɛse mpo bɛba. Mose kae wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase sɛ: “Odiyifo a ofi wo mu a ofi wo nuanom mu te sɛ me na Awurade wo Nyankopɔn bɛma no so ama wo, ɔno na muntie no.” (Deut. 18:15) Enti, afeha a edi kan no mu no na asemmisa no ne sɛ: ‘So Yesu a ofi Nasaret yi ne Onyankopɔn diyifo a wɔka siei sɛ ɔbɛba no anaa?
Yohane Osuboni no gye dii sɛ Ɔno ne Yesu. Ná wahu Onyankopɔn honhom a esian baa Yesu so bere a ɔbɔɔ no asu Yordan Asubɔnten mu bɛyɛ mfe abien a atwam no. (Yoh. 1:32-34) Afei na Yohane da afiase, ná Herode Antipa adi kan de no akɔto afiase bɛyɛ afe ni esiane awaresɛe nhyehyɛe a na ɔne ne nuabarima yere ayɛ a ɔkaa ho asɛm nti no.
Enti ɛyɛ afiase hɔ na “Yohane asuafo kɔkaa eyinom nyinaa ho asɛm kyerɛɛ no,” titiriw okunafo no babarima a onyan no no. Ɔtee saa asɛm yi no, “Yohane frɛɛ n’asuafo no mu baanu somaa wɔn kɔɔ Awurade nkyɛn sɛ: Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?”—Luka 7:18, 19; Mat. 11:2,3.
Ɛnyɛ sɛ na Yohane nnye nni sɛ Yesu ne odiyifo a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Na mmom bere a ɔtee amanneɛbɔ a ɛyɛ nwonwa a ɛfa okunafo no babarima a onyan no yi ho no, ɔpɛe sɛ ɔte Mesia a ɔyɛ no ho asɛm fi Yesu anom ankasa. Na Yohane pɛ sɛ ohu sɛ ebia obi foforo nso bɛba, te sɛ ɔdedifo, a ɔbɛma nneɛma afoforo a wɔka siei sɛ Onyankopɔn Mesia no bɛyɛ no aba mu anaa.
Enti bere a Yohane asuafo baanu no koduu Yesu nkyɛn na wɔde Yohane asɛm no too n’anim no, kyerɛwtohɔ no se: “Ɛdɔn no ara mu no [Yesu] saa nnipa bebree yare ne haw ne honhommɔne, na pii nso a wɔn ani afura, ɔma wohuu ade. Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ nkɔka nea moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane sɛ: Anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafo: na nhyira ne nea merenyɛ no hintidua”—Luka 7:20-23.
Akyinnye biara nni ho sɛ saa amanneɛbɔ yi hyɛɛ Yohane nkuran. Na ɛyɛ adanse a esi so dua sɛ na Yesu reyɛ nnwuma a ɛyɛ nwonwa a ɛbɛma odiyifo a Mose kaa ne ho asɛm siei no ada nsow no ampa. Na onipa nyɛɛ anwonwade a ɛte saa da! Enti ɛwom sɛ na Yohane da so da afiase de, nanso ohuu no pefee sɛ na Yesu ne odiyifo koro pɛ a ɔmaa nea na Mose aka asie no baa mu.
Akyinnye biara nni ho. Na otumi di owu so nkonim mpo, sɛnea ɛyɛe wɔ Nain okunafo no babarima a owui no asɛm no mu no!
[Ase hɔ asɛm]
a Wars of the Jews, Nhoma 3, ti 3, nkyekyem 2; Life of Flavius Josephus, nkyekyem 45.