Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 1/1 kr. 3-7
  • Sɛ Wotu Obusuani Bi A. . .

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Wotu Obusuani Bi A. . .
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abusuafo Betumi Ahaw Adwene
  • Wɔ Abusua A Ɛbɛn Ankasa No Mu
  • Abusuafo A Wɔatu Wɔn A Yɛne Wɔn Nte Fie
  • Hyia A Wohyiam Gye Wɔn Ani Ne Abusuafo A Wɔatu Wɔn
  • Asuade Ma Yɛn Nyinaa
  • Tu A Wotu Obi​—Sɛnea Ɛsɛ Sɛ Wobu No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Da Kristofo Nokwaredi Adi Bere a Wotu Wo Busuani Bi No
    Yɛn Ahenni Som—2002
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 1/1 kr. 3-7

Sɛ Wotu Obusuani Bi A. . .

1, 2. (a) Na dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw wɔ abusua som ho? (b) Mmusua horow bi hyiaa gyinaesi bɛn wɔ Kora bere so?

BERE a Adam nkutoo traa ase bere tenten bi akyi no, Onyankopɔn kae sɛ: “Enye sɛ onipa nko tra.” Afei ɔbɔɔ Hawa na ɔhyehyɛɛ nnipa aware. (Gen. 2:18, 21, 22) Ɛno akyi no, na nnipa bɛdɔɔso wɔ asase so. Enti na onipa biara bɛba abenya abusuafo pii. Sɛ abusuafo bi, te sɛ mma, nte mmɛn fie mpo a, wobetumi akɔsra wɔn na wɔabom anya anigye.​—Gen. 1:28; Hiob 1:1-5.

2 Na Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ mmusua bom wɔ nokware som mu, enti na nyamesom mu gyidi horow remfa mpaapaemu biara mma. Nanso nsɛm bi sisii a ɛmaa nyamesom de akasakasa baa abusua mu. Eyinom mu biako ne bere a Kora, Datan ne Abiram tew atua no. Yehowa sii so dua sɛ na Mose ne Aaron so na ɔnam redi dwuma, ɛnyɛ saa nyamesom mu atuatewfo yi. Afei Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wɔntwe wɔn ho mfi atuatewfo no ntamadan ho. Ná dɛn na Kora, Datan ne Abiram mma ne wɔn fifo bɛyɛ? So na wɔde nokwaredi ma abusua ti bedi nokwaredi ma Yehowa ne n’asafo no anim? Bebree a na wɔyɛ atuatewfo no abusuafo no de abusua no dii Onyankopɔn anim. Yehowa sɛee saa abusuafo yi kaa atuatewfo no ho.​—Num. 16:16-33.

3. Kora abusua no mufo binom sii gyinae bɛn a nyansa wom?

3 Nanso, Kora mma no bi kɔɔ so dii Onyankopɔn ne Ne nkurɔfo nokware. Wɔansɛe wɔn anka Kora fifo a aka ne Datan ne Abiram abusuafo no ho. (Num. 26:9-11) Nokwarem no, akyiri yi wɔde asɔrefi hɔ dwumadi titiriw bi hyɛɛ Kora mma a wonyaa nkwa traa ase yi nsa na wɔbɔ wɔn din pa wɔ Bible mu.​—2 Be. 20:14-19; Dw. 42, 44-49, 84, 85, 87.

4. Ɔkwan foforo bɛn so na na nokwaredi ma abusua betumi ayɛ sɔhwɛ wɔ Israel?

4 Wohyiaa nokwaredi ma abusua ne nokwaredi ma Onyankopɔn ho gyinaesi koro no ara bere a Israelni wae fii nokware som ho. So n’abusuafo, esiane ɔdesani nkate anaa ɔhonam fam abusuabɔ nti, bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkora no so afi twa a wobetwa no akyene no ho? Anaa so na ne nua, ne babarima anaa ne babea mpo behu sɛ nokwaredi ma Onyankopɔn ne asafo no ne nea ɛteɛ na nyansa wom anaa? (Hwɛ Deuteronomium 13:6-11.) Wɔ Kristofo nhyehyɛe no mu nnɛ no wonkum ɔdebɔneyɛfo, nanso Kristofo betumi ahyia sɔhwɛ ahorow esiane nteɛso a wɔde ma obusuani bi nti.

Abusuafo Betumi Ahaw Adwene

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na nyamesom betumi de abusua mu mpaapaemu aba? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo gyaagyaa nsɛm mu wɔ saa tebea yi mu? (Dw. 109:2-5)

5 Nkate ma abusuafo ano betumi ayɛ den yiye. Eyi yɛ awosu na ɛne Onyankopɔn nhyehyɛe hyia. (Yoh. 16:21) Nanso saa nkate a emu yɛ den yi betumi de sɔhwɛ a emu yɛ den aba Kristofo so. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ nneɛma a sɛ obi bɛyɛ Kristoni a obetumi ahyia no mu biako ne sɛ ebia n’abusuafo bɛsɔre atia. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ asomdwoe na mede bae, na mmom nkrante. Na meba mebɛpaapaee mu na onipa asɔre atia n’agya, na ɔbabea asɔre atia ne na, na osew asɔre atia n’ase; na onipa fifo bɛyɛ n’atamfo Nea ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛn me no, ɔnsɛ me.”​—Mat. 10:34-38, Twi Bible Foforo.

6 Kristofo mpɛ sɛ ɔtan a ɛte saa tra hɔ. Na biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ abusuafo sɔre tia wɔn anaasɛ wɔtan wɔn sɛ wɔabɛyɛ Onyankopɔn asomfo a wɔn ho tew, wobu bra pa na wodi nokware. Nanso nokware Kristofo hu sɛ wɔrentumi mma abusua nni Onyankopɔn anim. Awiei koraa no nea ɛho wɔ mfaso kɛse ma obiara ne sɛ Kristofo bɛkɔ so adi Onyankopɔn nokware. Bere rekɔ so no ebia wobetumi aboa wɔn abusuafo ma wɔanantew ɔkwan a ɛde kɔ nkwagye mu no so.​—Rom. 9:1-3; 1 Kor. 7:12-16.

7, 8. Hena na ɔma ɔhaw ahorow a tu a wotu obi fi asafo mu tumi de ba no ba? (Deut. 32:4)

7 Abusuafo betumi ahaw nokware Kristofo adwene wɔ ɔkwan foforo so. Eyi betumi aba bere a wɔatu obusuani bi. Sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ nsɛm a edi eyi anim no mu no, sɛ obi a ɔwɔ asafo no mu yɛ bɔne a emu yɛ duru na ɔnkyerɛ ahonu a, Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wotu no. (1 Kor. 5:11-13) Ɔdebɔneyɛfo no suban ama abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ no asakra, na enti asakra abusuabɔ a ɛda ɔne abusuafo a wɔyɛ Yehowa Adansefo ntam no nso. Na ɛnsɛ sɛ wɔkasa tia Onyankopɔn wɔ eyi a ɛba no ho, efisɛ n’ahyɛde horow teɛ na ɛfata. (Hiob 34:10, 12) Na mfomso no mfi abusuafo a wɔyɛ nokware Kristofo no nso. Onii a wɔatu no no ankasa na wahaw ne ho ne n’abusuafo, sɛnea Kora, Datan ne Abiram yɛe no.

8 Ɛho hia sɛ yesusuw tebea horow abien a ɛsono emu biara ho. Nea edi kan ne baabi a Kristoni ne obusuani a wɔatu no anaa watwe ne ho afi asafo no ho no te ofie koro mu. Nea ɛto so abien no ne baabi a obusuani a ɔte saa no nyɛ obusuani a ɔbɛn.

Wɔ Abusua A Ɛbɛn Ankasa No Mu

9. Tebea no te dɛn wɔ abusua mu asɛyɛde ahorow ho, sɛ obi aware mu ɔhokafo nyɛ Kristoni anaa ɔyɛ obi a wɔatu no a?

9 Obi betumi abɛyɛ Kristoni a afoforo a wɔwɔ saa nipa no abusua mu no nnye gyidi no ntom. Sɛ nhwɛso no, ɔyere betumi ayɛ obi a ɔsom Yehowa, a ne kunu nyɛ saa. Nanso ɔda so ne ne kunu yɛ “ɔhonam koro” na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔdɔ no na ɔde obu ma no. (Gen. 2:24; 1 Pet. 3:1-6) Anaa ebetumi aba sɛ ɔware ɔbarima a na ɔyɛ Kristoni a wahyira ne ho so nanso akyiri yi wotuu no fii asafo no mu. Nanso ɛno rentwa wɔn aware no mu; owu anaa Kyerɛwsɛm kwan so awaregu na ebetumi ayɛ saa.​—1 Kor. 7:39; Mat. 19:9.

10, 11. Tu a wotu obi fi asafo no mu no ka honhom mu nkitahodi wɔ fie hɔ dɛn?

10 Saa nso na, sɛ wotu obusuani bi, sɛ ebia ɔwofo, ɔbabarima anaa ɔbabea, fi asafo no mu anaasɛ ɔtwe ne ho fi asafo no ho a, ɔhonam fam abusuabɔ no da so wɔ hɔ. Ɛnde, so ɛno kyerɛ sɛ wɔ abusua no mu no biribiara kɔ so sɛ kan no bere a wɔatu obusuani bi no? Dabida.

11 Obi a wɔatu no no yɛ nea wɔatwa no afi asafo no mu honhom mu; wɔatetew honhom mu abusuabɔ biara a na yɛne onii wɔ no mu koraa. Na eyi te saa wɔ n’abusuafo mpo fam, a wɔn a wɔwɔ n’abusua a ɛbɛn pɛɛ no mu no ka ho. Enti, bere a wogye tom sɛ onii yɛ wɔn busuani no, abusua no mufo renkɔ so ne no mmɔ fekuw honhom mu bio.​—1 Sam. 28:6; Mmeb. 15:8, 9.

12. Ɛdefa honhom mu nkitahodi ho no, nsakrae bɛn na ebetumi aba bere a wɔatu abusua no muni bi?

12 Ɛno bɛkyerɛ nsakrae wɔ honhom mu fekubɔ a na ɛkɔ so wɔ fie hɔ no mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ wotu okunu no a, ɛbɛhaw ne yere ne mmofra no adwene sɛ ɔne wɔn bɛyɛ abusua Bible adesua anaasɛ obedi anim wɔ Bible akenkan ne mpaebɔ mu. Sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ mpae, sɛ ebia adidibere a, obetumi ayɛ saa wɔ n’ankasa ne fie. Nanso wɔn nso wobetumi abɔ Onyankopɔn mpae wɔ wɔn tirim. (Mmeb. 28:9; Dw. 119:145, 146) Na sɛ obi a wɔatu no a ɔwɔ fie hɔ pɛ sɛ ɔtra mu bere a abusua no bom kenkan Bible anaasɛ wɔyɛ Bible adesua no nso ɛ? Afoforo no betumi ama kwan ma watra hɔ atie bi sɛ ɔremmɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn anaasɛ ɔbɛka ne nyamesom adwene a okura no akyerɛ a.

13. Awofo ne abofra a wɔatu no a ɔwɔ fie hɔ bedi wɔ ɔkwan bɛn so?

13 Sɛ wotu abofra a, awofo no bɛkɔ so ahwɛ no ɔhonam fam na wɔde abrabɔ fam ntetee ne nteɛso ama no. Wɔne saa abofra no renyɛ Bible adesua tẽe, a onya mu kyɛfa. Nanso eyi nkyerɛ sɛ wɔremma ɔntra abusua adesua no mu. Na wobetumi adan adwene akɔ Bible no afã horow anaa Kristofo nhoma horow a ekura afotu a ohia no so. (Mmeb. 1:8-19; 6:20-22; 29:17; Efe. 6:4) Wobetumi ama waka wɔn ho akɔ Kristofo nhyiam horow ma watra wɔn nkyɛn, a wɔwɔ anidaso sɛ obetie Bible mu afotu.

14, 15. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ɔwofo a wɔatu ɔbɛsan aba fie no ho?

14 Na sɛ wotu obusuani bi a ɔbɛn, te sɛ ɔbabarima anaa ɔwofo a ɔnte fie hɔ, na ɛno akyi no ɔpɛ sɛ ɔsan bɛtra hɔ ɛ? Abusua no betumi asi nea wɔbɛyɛ ho gyinae sɛnea nsɛm tebea no te.a

15 Sɛ nhwɛso no, ebia na ɔwofo a wɔatu no yare anaasɛ ontumi nhwɛ ne ho sika fam anaa ɔhonam fam bio. Ɛyɛ mmofra a wɔyɛ Kristofo no asɛyɛde Kyerɛwsɛm mu ne abrabɔ fam sɛ wɔboa. (1 Tim. 5:8) Ebia ɛbɛyɛ nea ɛho hia sɛ wɔde ɔwofo no ba fie, ma ɔbɛtra hɔ bere tiaa bi anaasɛ ɔbɛtra hɔ koraa. Anaa ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma wɔhwɛ no wɔ baabi a ayarefo so ahwɛfo wɔ, wɔ baabi a wobetumi akɔsra awofo no. Ebia nea wɔbɛyɛ no begyina nneɛma te sɛ ɔwofo no ahiade ankasa, ne suban ne obu a agya no wɔ ma abusua no honhom mu yiyedi so.

16, 17. (a) Dɛn na ebia awofo bɛyɛ wɔ tie a ebia abofra a wɔatu no bɛsan aba no ho? (b) Dɛn na yebetumi asua afi ɔba hohwini ho bɛ no mu wɔ eyi ho?

16 Ebetumi ayɛ saa ara nso wɔ abofra a wafi fie na afei wɔatu no afi asafo no mu anaasɛ watwe ne ho afi asafo no ho no fam. Ɛtɔ da bi a awofo Kristofo gye abofra a wɔatu no a ɔyare ba fie bere tenten bi. Nanso emu biara fam no awofo no betumi asusuw nsɛm tebea no ho. So ɔba a wɔatu no no atew ne ho akɔtra, na afei de ontumi nyɛ saa anaa? Anaa ɔpɛ sɛ ɔsan ba fie esiane sɛ ɛbɛma asetra ayɛ mmerɛw ama no titiriw nti anaa? Na n’abrabɔ ne ne nneyɛe nso ɛ? So ɔde “mmɔkaw” bɛba fie hɔ?​—Gal. 5:9.

17 Wɔ Yesu bɛ a ɛfa ɔba hohwini no ho no mu no, agya no de mmirika kohyiaa ɔba a ɔresan aba fie no na ogyee no. Bere a agya no huu ne tebea a ɛyɛ awerɛhow no, oyii ayamhyehye a agya wɔ adi kyerɛe. Nanso, yebetumi ahyɛ no nsow sɛ ɔba no amfa nguaman anni n’akyi amma fie anaasɛ ɛnyɛ adwene a ɔde bae ne sɛ ɔbɛkɔ so abɔ ne bra bɔne no wɔ n’agya fie. Dabi, ɔdaa nokware ahonu a efi koma mu adi, na ɛda adi sɛ na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛsan afi abrabɔ a ɛho tew ase.​—Luka 15:11-32.

Abusuafo A Wɔatu Wɔn A Yɛne Wɔn Nte Fie

18, 19. (a) Ɛsɛ sɛ Kristofo bu fekuw a wɔne abusuafo a wɔatu wɔn a wonni abusua a ɛbɛn pɛɛ no mu bɛbɔ no dɛn? (b) Dɛn nti na eyi fata? (2 Tim 2:19)

18 Tebea a ɛto so abien a ɛho hia sɛ yesusuw ho fa obusuani a wɔatu no anaa watwe ne ho afi asafo no ho a onni abusua a ɛbɛn pɛɛ no mu anaa yɛne no nte fie ho. Obi a ɔte saa no da so yɛ obusuani ɔhonam fam anaasɛ denam aware so, enti ebia ɛho behia sɛ yedi abusuasɛm bi ho dwuma. Nanso ɛnte sɛnea yɛne no te fie a yentumi nkwati hyia a yɛne no behyia anaa nkɔmmɔ a yɛne no bɛbɔ. Ɛsɛ sɛ yɛma Bible mu akwankyerɛ a efi honhom mu no tra yɛn adwene mu yiye: “‘Sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ aguaman anaa oniberefo . . . a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.”​—1 Kor. 5:11.

19 Enti, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ obi a ɔte saa a wɔatu no abusuafo na wɔne no nte fie no bɔ mmɔden sɛ wobekwati fekubɔ a ɛho nhia, na wɔma nkitaho a wɔne no di wɔ adwuma nhyehyɛe ho no yɛ kakraa bi pɛ. Ntease a ɛwɔ eyi mu no da adi wɔ nea aba bere a abusuafo anya adwene a ɛnteɛ sɛ ‘Ɛwom sɛ wɔatu no de, nanso yɛyɛ abusuafo enti yebetumi ne no ayɛ sɛ kan no ara’ no ho amanneɛbɔ mu. Amanneɛbɔ a nsa ka fii baabi ni:

“Na obi a wotuu no no yɛ asafo no mufo nkyem abiɛsa mu biako busuani. N’abusuafo nyinaa kɔɔ so ne no bɔe.”

Na ɔpanyin Kristoni bi a wobu no yiye kyerɛwee sɛ:

“Wɔ faako a yɛwɔ no yɛahyia wɔn a wɔatu wɔn a wɔwɔ mmusua akɛse no binom, bere a wɔadu Ahenni Asa no anim hɔ, sɛ wɔrekyiakyia wɔn nsam yɛ wɔn atuu anigye so (ɛwom sɛ wonim onii a wɔatu no no sɛ ɔda so rebu bra bɔne de). Ɛhaw me kɛse sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔatu wɔn no hu sɛ Yehowa ne ne nkurɔfo kyi ɔkwan a wɔnam so no, ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔte nka sɛ ɛho hia sɛ wonya ahonu ankasa. Dɛn na ɛbɛboa wɔn a wɔatu wɔn yi ma wɔasakra, bere a wɔn a wɔwɔ wɔn mmusua akɛse no mu a wonim wɔn nneyɛe no kɔ so kyia wɔn no?”

20, 21. Ɛdefa abusuafo a wɔatu wɔn ho no, dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye? (2 Tim. 2:22)

20 Ebetumi aba sɛ na asafo horow bi wɔ afeha a edi kan no mu a na emufo pii yɛ abusuafo. Nanso sɛ wotu obi a, so na ɛsɛ sɛ abusuafo no nyinaa ne onii no kɔ so yɛ biribiara, sɛ wɔne onii a wɔatu no no ammɔ nneɛma a ɛfa Kyerɛwsɛm ho nkɔmmɔ a? Dabi? Ɛnde anka ɛbɛkyerɛ sɛ asafo no mfa ahyɛde yi nni dwuma ankasa: “Munyi nea ɔyɛ bɔne no mfi mo mu.”​—1 Kor. 5:13.

21 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛammu ani angu tebea a obi wom sɛ ɔdebɔneyɛfo a wɔatu no no so anaasɛ yɛammu sɛ ɛnyɛ hwee. Sɛnea Kora mma no yɛɛ ho nhwɛso yiye no, Yehowa ne ne teokrase nhyehyɛe no na ɛsɛ sɛ yedi no nokware kɛse. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ yedi n’ahyɛde akyi na yɛma yɛn ani gye ne nkurɔfo fekubɔ ho mmom sen nnebɔneyɛfo de ho a, yebenya n’ahobammɔ ne ne nhyira.​—Dw. 84:10-12.

Hyia A Wohyiam Gye Wɔn Ani Ne Abusuafo A Wɔatu Wɔn

22. Dɛn nti na nhyiam horow a abusuafo yɛ betumi de nsɛntitiriw bi a emu yɛ den aba wɔ abusuafo a wɔatu wɔn ho?

22 Abusuafo taa hyiam wɔ adidi ase, abusua nhyiam horow ase ne nhyiam afoforo a wɔyɛ de gye wɔn ani ase. Na sɛ obi adi bɔne akyi a wankyerɛ ahonu ma wɔatu no a, obetumi ama n’abusuafo Kristofo ahyia nsɛm a emu yɛ den wɔ nhyiam a ɛtete sɛɛ ho. Bere a wonim sɛ ɔda so ara yɛ wɔn busuani no, wɔmpɛ sɛ wobu ani gu afotu a Paulo de mae sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ‘twe wɔn ho’ fi ɔdebɔneyɛfo a wɔapam no ho no so.

23. Tebea no bɛyɛ dɛn wɔ obusuani a wɔatu no ne Kristofo ayeforohyia ho?

23 Ɛho nhia sɛ yɛhwehwɛ mmara bi a ɛfa kɔ a abusuafo bɛkɔ nhyiam horow a ebia obusuani bi a wɔatu no nso bɛkɔ ho. Eyi bɛyɛ ade a wɔn a ɛfa wɔn ho no ankasa besi ho gyinae, ma ɛne Paulo afotu no ahyia. (1 Kor. 5:11) Nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ sɛ obi a wɔatu no bɛkɔ nhyiam bi a wɔato nsa afrɛ Adansefo afoforo a wɔnyɛ abusuafo ase a, ebia eyi bɛka nea afoforo bɛyɛ no. Sɛ nhwɛso no, ebia na nnipa baanu a wɔyɛ Kristofo reware wɔ Ahenni Asa so. Sɛ obusuani bi a wɔatu no ba ayeforohyia no ase wɔ Ahenni Asa so hɔ a, ɛda adi sɛ ɔrentumi nyɛ nnipa baanu a wɔyɛ awarefo no nnamfo no mu biako anaa nea ɔde ɔbea no ma no. Na sɛ wɔyɛ ayeforohyia apontow ho nhyehyɛe nso ɛ? Eyi betumi ayɛ anigye bere, sɛnea ɛyɛe wɔ Kana bere a Yesu kɔe no. (Yoh. 2:1, 2) Nanso so wɔbɛma obusuani a wɔatu no no kwan ma waba anaasɛ wɔbɛto nsa afrɛ no mpo? Sɛ ɔbɛba a, ebia Kristofo pii, wɔn a wɔyɛ abusuafo ne wɔn a wɔnyɛ abusuafo, besi gyinae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkɔ ne no kodidi na wɔne no bɔ fekuw, esiane Paulo akwankyerɛ a ɛwɔ 1 Korintofo 5:11 no nti.

24. Kristofo anokwafo betumi anya fekubɔ bɛn mu anigye kɛse? (Mmeb. 18:24)

24 Enti, ɛtɔ da bi a ebia Kristofo rente nka sɛ wobetumi ama obusuani bi a wɔatu no anaasɛ watwe ne ho afi asafo no ho aba nhyiam bi a anka abusuafo betumi aba ase no bi. Nanso Kristoni no betumi anya fekuw a ɔne asafo no mufo anokwafo bɛbɔ no mu anigye, ma asɛm a Yesu kae no atra n’adwenem sɛ: “Obiara a ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, ɔno ara ne me nua ne me nuawa ne me nã.”​—Marko 3:35.

25, 26. Sɛ obusuani a wɔatu no wu a, tebea no bɛyɛ dɛn wɔ afunsiei nhyehyɛe ho?

25 Nokwasɛm no ne sɛ sɛ Kristoni de ne ho ma bɔne na ɛsɛ sɛ wotu no a, ɔhwere nneɛma pii: gyinabea pa a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim; Kristofo asafo a ɛwɔ anigye no muni a na ɔyɛ; fekubɔ a ɛyɛ anigye a na ɔne anuanom nya, a fekuw a na ɔne abusuafo Kristofo bɔ ka ho no. (1 Pet. 2:17) Ebia ɔhaw a ɔde aba no bɛtra hɔ wɔ ne wu akyi mpo.

26 Sɛ owu bere a wɔatu no a, ebia nhyehyɛe a wɔbɛyɛ de asie no nso de asɛm bɛba. Ebia anka n’abusuafo a wɔyɛ Kristofo bɛpɛ sɛ wɔma ɔkasa bi wɔ Ahenni Asa so, sɛ ɛno ne nea wɔyɛ wɔ mpɔtam hɔ a. Nanso ɛno renyɛ nea ɛfata wɔ obi a wɔapam no afi asafo no mu no fam. Sɛ wayɛ nneɛma bi de akyerɛ sɛ wanya ahonu na ɔhwehwɛ Onyankopɔn hɔ fafiri, te sɛ ebia wagyae bɔne akyidi na ɔkɔ Kristofo nhyiam horow a, ebia onua bi ahonim ‘bɛma no kwan ma wama Bible mu ɔkasa wɔ ayi no ase anaasɛ wɔ asiei hɔ. ‘Saa nsɛm a efi Bible mu a ɛfa awufo tebea ho no yɛ adansedi ma wɔn a wonnye nni anaasɛ ɛma abusuafo nya awerɛkyekye. Nanso, sɛ na onii a wɔatu no no da so kura atoro nkyerɛkyerɛ mu anaasɛ abrabɔ bɔne mu a, ɛnde ɔkasa a ɛte saa mpo renyɛ nea ɛfata.​—2 Yoh. 9-11.

Asuade Ma Yɛn Nyinaa

27. Ɛsɛ sɛ yebu Onyankopɔn atemmu ahorow dɛn?

27 Ɛho hia sɛ yɛn nyinaa hu sɛ Yehowa atemmu na ɛho hia. (Mmeb. 29:26) Na ɛte saa wɔ nneyɛe bɔne ho, efisɛ Bible da no adi sɛ eyinom yɛ nneɛma a Onyankopɔn kyi. (Mmeb. 6:16-19) Na ɛte saa nso wɔ n’atemmu a ɛfa nnipa nkorɛnkorɛ ho ho. Yehowa Asɛm ka no pefee sɛ “wɔn a wɔnteɛ,” wɔn a wɔyɛ “ɔhonam nnwuma.” rennya n’ahenni. (1 Kor. 6:9. 10: Gal. 5:19-21) Nnipa a wɔtete saa nni trabea biara ɔsoro, na wɔremfata nso wɔ Ahenni no asase so ahemman no mu. Enti, ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔtra Onyankopɔn asafo a ɛho tew no mu nnɛ no di N’ahyɛde so. Onyankopɔn remma kwan mma “mmɔkaw” ntra hɔ sɛ nkɛntɛnso a ɛde ɔporɔw ba wɔ ne nkurɔfo a wɔyɛ kronkron no mu.​—1 Kor. 5:6-13.

28. Ɔkwan bɛn so na tu a wotu obi fi asafo no mu no betumi asɔ yɛn nokwaredi ahwɛ?

28 Ampa, sɛ wotu obusuani bi a ɔbɛn pɛɛ a, ɔdesani nkate horow betumi ama ayɛ sɔhwɛ kɛse ama yɛn. Nkate horow mu yɛ den titiriw wɔ awofo ne wɔn mma ntam, na emu yɛ den nso bere a wotu aware mu ɔhokafo no. Nanso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ, awiei koraa no, ɛho remma obiara mfaso na yɛrensɔ Onyankopɔn ani, sɛ yɛma nkate di yɛn so ma yebu ani gu N’afotu ne akwankyerɛ a nyansa wom no so a. Ɛho hia sɛ yɛda awerɛhyem a edi mu adi wɔ teɛ a Onyankopɔn akwan teɛ koraa no mu, a nhyehyɛe a wayɛ ma wɔatu nnebɔneyɛfo a wɔnkyerɛ ahonu afi asafo no mu no ka ho. Sɛ yɛkɔ so di Onyankopɔn ne asafo no nokware a, ebia bere bi akyi no ɔdebɔneyɛfo no besua biribi afi mu, anu ne ho na wɔasan agye no aba asafo no mu. Nanso, sɛ ɛba saa o, amma saa o, yebetumi anya awerɛkyekye ne ahoɔden afi nea Dawid kae wɔ ne nkwakorabere mu no mu:

“[Onyankopɔn] atemmu nyinaa wɔ m’ani so, . . . na Yehowa dan maa me sɛ me trenee, sɛ m’ahotew a ɛda n’anim no te. Adɔeyɛfo na wo ne no bedi no adɔe so, ɔbarima a odi mu na wo ne no bedi no mudi so; nea ɔtew ne ho na wobɛtew wo ho akyerɛ no, . . . Na ɔman a wohu amane no, wugye wɔn.”​—2 Sam. 22:23-28.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔakyerɛkyerɛ nsɛm a ɛfa mpanyimfo ne asafo mu asomfo ho no mu wɔ “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ December 1 1978 Ɔwɛn-Aban mu no mu.

[Kratafa 4 mfoni]

Ebia ɛho behia sɛ wɔhwɛ ɔwofo a wɔatu no wɔ ne mma a wɔyɛ Kristofo fie

[Kratafa 5 mfoni]

Ɔba hohwini no ansan amma fie sɛ ɔbɛtoa n’abrabɔ bɔne no so, no mmom onuu ne ho. N’agya san gyee no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena