Ɔyare A Yenya Fii Awo Mu
NÁ ABERANTE no ne ne yere ani agye yiye! Ná ɛyɛ anigye sɛ wubehu wɔn anigye bere a na wɔde ahopere rehwɛ kwan sɛ wɔbɛwo wɔn abakan no. Afei wɔwoo akokoaa no, na ɔyɛ ɔbea. Nanso na wadi dɛm kɛse. Ná ɔbɛyɛ ɔyarefo bere nyinaa. Ɔwofo foforo nkutoo na obetumi ate awerɛhow kɛse a wodii no ase.
Ɔyɛ osuani wɔ sukuupɔn bi mu, n’akyerɛkyerɛfo bu no, wagye din wɔ ne mfɛfo mu. Obiara kae sɛ obedi yiye daakye. Saa afe a obewie sukuu no, na ɔyaree ne nan. Nhwehwɛmu a wɔyɛe daa no adi sɛ ne nan no awu. Ɔrebisa sɛ “Dɛn nti na me na eyi ba me so?” “Dɛn nti na saa bere yi?
So woyare atiben te sɛ ɔbea yi? Anaasɛ woka nnipa pii a yafunyare, ahotutu, sisiyare, adwenem basaayɛ, koma a ɛbɔ paripari, ɔkwaha anaasɛ biribi a ɛte saa haw wɔn no ho? Ɔyare ahorow a ɛtete sɛɛ no ntaa nyɛ nea ɛyɛ hu, nanso ɛsɛe yɛn asetra mu anigye. Na ɛma ɛtɔ da bi a na yenni ahotɔ koraa.
So anidaso wɔ hɔ sɛ nneɛma te sɛ eyinom befi hɔ da bi? So bere bi bɛba a onipa renhu amane bio wo n’atamfo a woatra hɔ akyɛ a ɛne ɔyare ne owu nsam? Anaasɛ ɛyɛ ɔdesani asetra fã a ɛwɔ hɔ daa?