Ɔsom Kronn Sɛ Abusua
“Mesrɛ mo, . . . sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a de ase, na ɛyɛ kronkron, na ɛsɔ Onyankopɔn ani, ɔsom kronn a mode mo adwene mu tumi bɛsom.”—Romafo 12:1. NW
1, 2. (a) Sɛ Kristofo abusua de “ɔsom kronn” a ɛsɔ ani bɛma a, su ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ wonya? (b) Kyerɛ nneɛma ahorow bi a ebia ebetumi asɛe Kristofo abusua bi “ɔsom kronn”?
WƆ KRISTOFO asafo mu no wogye tom sɛ abusua yɛ asafo no nhyɛase. Sɛ ɔdɔ, asomdwoe ne biakoyɛ wɔ abusua no mu na hia a ɛho hia sɛ wɔde “ɔsom kronn” ma Yehowa no wɔ wɔn adwene mu a, ɛnde abusua no ho betumi aba mfaso kɛse ama Kristofo asafo no. (Romafo 12:1) Asɛm a ɛho hia no ne sɛ wɔbɛma abusua no akɔ so ayɛ den.
2 Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛe nkɔso a Kristofo mmusua horow nya wɔ yɛn bere yi mu no. Sɛ nhwɛso no, okunu ne ɔyere te nka mpɛn pii sɛ ɛho hia sɛ wɔyɛ adwuma na wɔanya sika a ɛfata de ahwɛ abusua no. Wɔ tebea yi mu no, ebia ɛde mpaapaemu bɛba mmusua horow no mu. Ɛtɔ mmere bi a, esiane honam fam nneɛma bi a wonni a wɔpere hwehwɛ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu nti, sɛ́ wobetie Bible afotu sɛ wɔmpene ‘nnuan ne nea wɔde kata wɔn ho’ a wɔwɔ so mmom no, wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a ɛboro abusua no ahoɔden so wɔ sika fam na ebia ɛno bɛma abusua no mu apae. (1 Timoteo 6:8) Ahofadi honhom ne ɔpɛ a obiara wɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɔpɛ, mmom sen sɛ wɔbɛyɛ adwuma abom nso yɛ nneɛma ahorow a ɛpaapae mmusua ahorow mu sen sɛ ɛbɛka wɔn abom wɔ biakoyɛ mu. Sɛ́ ebia dɛn ara na ɛde ɛno ba no, ɔkwan bi wɔ hɔ a sɛ wodi akyi a, ebetumi ayɛ mmoa kɛse ama Kristofo abusua no.
3. Adeyɛ bɛn na wɔahyɛ ho nyansa?
3 Wɔada eyi adi wɔ asɛm bi a ɔkae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no mu. Awurade Yesu kae sɛ: “Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan;na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33) Saa adesua yi bɛyɛ nea ɛfa oyi ho. Ɛrenka abusua no fie asetra ho asɛm na mmom akwan pa ahorow a abusua no betumi afa so bere a wɔrehwehwɛ Ahenni no kan na wɔrema saa nneɛma a ɛde Kristofo abusua a ɔdɔ ne anigye wom ‘ba, nea ebetumi de “ɔsom kronn” a etu mpɔn ama Onyankopɔn anya nkɔso no.
AHENNI NO WƆBƐHWEHWƐ KAN
4. Esiane tebea bɛn a yenya fii awo mu nti na ehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛsɔ Yehowa ani (Yeremia 10:23)
4 Sɛ biribi di kan wɔ obi asetra mu a, na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nea ɛho hia no titiriw. Yesu kae sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛndua daa, na onni m’akyi.” (Luka 9:23) Sɛ́ obi bedi Yesu akyi ankasa na wapa ne ho akyi no hwehwɛ sɛ onii no ‘di kan hwehwɛ Ahenni’ no wɔ nokware mu. Esiane sɛ yɛn adwene ne koma no nsusuwii yɛ nea ɛnteɛ fi awo mu denam awosan bɔne so nti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa sua anaasɛ wɔkyerɛkyerɛ yɛn nea wɔhwehwɛ wɔ yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani. (Genesis 8:21; Romafo 5:12) Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ yɛn ma ‘yɛhwehwɛ Ahenni no kan,’ efisɛ, sɛ wogyaw ma yɛn ankasa a, ɛda adi sɛ yebedi kan ahwehwɛ nneɛma a yɛn ankasa pɛ na yehia. Enti Yehowa de afotu ama a yɛn nsa ka denam n’Asɛm no so, na ɛde akwankyerɛ a ɛfata ma.
5. Wɔ Deuteronomium 6:6-9 no, ná ɔkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe a Yehowa yɛ maa tete Israelfo no kɔ akyiri dɛn?
5 Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo a na wapaw wɔn a wɔne tete Israelfo no sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma ne mmara ne n’ahyɛde ahorow. Ná ɛsɛ sɛ wotĩ nkyerɛkyerɛ ahorow yi mu wɔ fie, bere a wɔafi fie, bere a wɔregye wɔn ahome ne bere a wɔreyɛ adwuma. (Deuteronomium 6:6-9) Saa afotu koro no ara ye ma mmusua ahorow nnɛ wɔ “ɔsom kronn” a wɔde ma Onyankopɔn no mu. Bere a wɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yɛhwehwɛ Ahenni no kan’ no, yesua sɛnea wodi asɛyɛde ahorow ho dwuma. Saa asɛyɛde ahorow no biako ne adekyɛ.
ADEKYƐ
6. (a) Adekyɛ titiriw bɛn na yɛreka ho asɛm wɔ ha (b) Awofo asɛyɛde no kɛse te dɛn wɔ asɛmpa a wɔka kyerɛ no mu? (d) Akwanside bɛn na ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm wɔ 2 Korintofo 2:14.16, na eyi betumi ama ebinom ayɛ dɛn?
6 Ɛha no ɛnyɛ honam fam adekyɛ ho asɛm na yɛpɛ sɛ yɛka, ɛwom, ɛno nso ho hia na obi anya anigye ankasa (Asomafo no Nnwuma 20:35) Nea yɛreka ho asɛm ne afoforo a yɛbɛboa wɔn ma wɔanya anidaso a Kristofo wɔ wɔ Onyankopɔn ahenni no mu no bi. Su ahorow a eye kyɛn so no biako a ɔwofo betumi de ahyɛ ne ba mu ne ɔpɛ a ɔbɛma wanya sɛ ɔne afoforo bɛkyɛ Ahenni ho “asɛmpa” no. Efi mmofraase pɛɛ no wobetumi akyerɛkyerɛ mmofra ma wɔaka “ahenni no ho asɛmpa” no bi akyerɛ afoforo. (Mateo 24:14) Eyi gye mmɔdenbɔ pii wɔ awofo no fam efisɛ Ahenni ho asɛmpa no yɛ biribi a nnipa a wɔka kyerɛ wɔn no mu ɔfã kɛse ara nnye ntom anaasɛ wɔmpɛ. Eyi te saa efisɛ Satan a ɔyɛ “wi yi ase nyame” no afura nnipa no adwene ani wɔ “Kristo . . . anuonyam asɛmpa” no ho. (2 Korintofo 4:4) Ɔsomafo Paulo kaa asɛm bi faa asɛyɛde yi a yebedi ho dwuma ne nea ebefi mu aba no ho. Ɔkae sɛ: “Aseda nka Onyankopɔn a ɔma yedi Kristo mu nkonim daa, na ɔnam yɛn so yi ne nimdeɛ hua adi mmaa nyinaa; efisɛ yɛyɛ Kristo huam ma Onyankopɔn, wɔn a wogye wɔn nkwa ne wɔn a wɔyera mu. Ebinom de, yɛyɛ owu hua de kɔ owu mu ma wɔn, na ebinom nso yɛyɛ nkwa hua de kɔ nkwa mu ma wɔn.” (2 Korintofo 2:14-16) Asɛm no ne sɛ, adesamma fã kɛse no ara bu asɛm a ɛho hia kɛse yi sɛ biribi a edi awu, na wonnye ntom. Sɛ́ wobɛka asɛm yi akyerɛ nnipa a wɔte sɛɛ betumi ayɛ nea ɛyɛ den na etu abasam.
7. Nkuranhyɛ bɛn na mmofra hia na ama wɔatumi akɔ so wɔ nea wosua no mu?
7 Eyi ma asɛyɛde a awofo a wɔyɛ Kristofo wɔ sɛ wɔbɛtete wɔn mma ma wɔanya kyɛfa wɔ “ɔsom kronn” yi mu no bɛyɛ nea ɛho hia kɛse. Saa ɔsom yi trɛw ‘Kristo ho nimdeɛ,’ a ɛma nnipa kakraa bi nya anigye kɛse, nanso nnipa pii pow koraa no mu. Awofo wɔ hokwan ne asɛyɛde no sɛ wobefi ase atete wɔn mma fi mmofraase sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie wɔn ma wɔanya “ɔsom kronn” yi mu kyɛfa, aka Kristo ne Ahenni no ho asɛm akyerɛ afoforo. Mmofra hia mmoa pii na ama wɔahu ɛno, ɛwom mpo sɛ pii bu anuonyam asɛm a efi Onyankopɔn hɔ no sɛ ɛyɛ owu de, nanso ɛnsɛ sɛ “asɛmpa” no ho adawurubɔfo nkumaa hwere anigye a wɔwɔ ne wɔn nsiyɛ no. Saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn nsa ase na wogyae afã a wobenya wɔ “ɔsom kronn” a wɔde ma Yehowa no mu.—1 Korintofo 9:16, 17.
8. (a) Awofo nhwɛso ho hia dɛn wɔ “ɔsom kronn” ho dwumadi mu? (b) Dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ awofo benya kyɛfa ankasa wɔ saa ntetee yi mu?
8 Ɛnde ɛda adi yiye sɛ awofo wɔ asɛyɛde a ɛsõ sɛ wɔbɛma wɔn mmɔdenbɔ ne ahofama a wɔwɔ ada adi wɔ wɔn ankasa asetra mu denam Ahenni no ho dawurubɔ adwuma no a wobenya mu kyɛfa daa no so. Ɛsɛ sɛ wɔma ɛyɛ wɔn nhyehyɛe wɔ asetra mu no fã sɛ wɔde wɔn mma no bɛka wɔn ho wɔ Ahenni ho adwuma no mu, a ɛnyɛ bere nyinaa na wɔbɛma afoforo ne wɔn mma nkumaa no akɔ. Obi foforo biara nni hɔ a obetumi adi saa asɛyɛde yi ho dwuma ama wɔn. Nhwɛso pa a wɔbɛyɛ ne ɔkwan pa a wɔfa so de botae ne adwene horow a ɛfata hyɛ mmofra mu. Kae Kyerɛwsɛm mu ahyɛde no: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” (Mmebusɛm 22:6) Sɛ wɔde nkyerɛkyerɛ a ɛfata bɛma a, ɛsɛ sɛ agya anaa ɛna, anaasɛ wɔn baanu nyinaa ne wɔn mma no tra ase. Ɛsɛ sɛ wonya “ɔsom kronn” mu kyɛfa sɛ abusua.
9. Kyerɛ mfaso ahorow abien a efi Ahenni ho ɔsom kronn a wɔde ho hyem no mu ba?
9 Wɔ akomatɔyam a ɛma obi nya esiane sɛ onim sɛ ɔreyɛ nea Yehowa aka nti akyi no, “asɛmpa” no a wɔka kyerɛ afoforo no de mfaso pa ahorow ba nso. Ɛma mmofra nya botae pa a wɔbɛpere adu ho wɔ asetra mu. ‘Botae biara a ensi mmerante ne mmabaa ɔfã kɛse no ara ani so no mma wonnya anigye ankasa a ɛtra hɔ kyɛ. Botae a ɛsɔ Yehowa ani a wɔpere du ho de onyamesom pa a ɔpene wɔ mu ba, a ɛne botae a ɛsom ‘bo kyɛn biara no. Bere a wiase no nyinaa nni abotɔyam no, mmusua a wɔwɔ nyamesuro wɔ Kristofo asafo mu no hu sɛ ɛyɛ nea wobetumi anya, sɛ wɔhwehwɛ nkutoo a. Akwan ahorow pii a wɔbɛfa so anya akomatɔyam wɔ hɔ.—Efesofo 5:15, 16.
AKWAMPAE ADWUMA
10. Ɔkwan bɛn so na wobetumi ahyɛ akwampae adwuma ho nkuran wɔ abusua no mu ne mfaso bɛn na efi mu ba?
10 Wɔ 1980 ɔsom afe no mu no, Yehowa Adansefo a wɔn dodow boro 137,000 nyaa akwampae adwuma no bi mu kyɛfa wɔ wiase nyinaa. Saa nnipa yi nyaa anigye kɛse sɛ wɔde wɔn ho nyinaa hyɛɛ Ahenni ho dawurubɔ adwuma no mu. Saa “ɔsom kronn” yi ma wonyaa nhyira ahorow pii fii Yehowa hɔ. Ɛtɔ bere bi a, abusua no mufo betumi ayɛ nhyehyɛe ma obiako de ne ho ahyɛ bere nyinaa akwampae adwuma no mu. Ebia ebehia sɛ obiara boa kodu baabi, nanso mfaso horow sa efi mu ba no fata yiye. So moasusuw ho ahwɛ sɛ ebia ebetumi ayɛ yiye sɛ mo abusua no muni biako benya kyɛfa wɔ saa “ɔsom kronn” yi mu? Ahokwafo ne awarefo pii a wodii kan fii akwampae adwuma no ase sɛ akwampaefo aboafo, afei sɛ daa akwampaefo anaa akwampaefo atitiriw no hu sɛ wobetumi akɔ so mpo atrɛw wɔn “ɔsom kronn” no mu.
ASƐMPATRƐW ADWUMA
11. “Ɔsom kronn” no afã foforo bɛn na pii de wɔn ho ahyem? (b) Mfaso bɛn na eyi ayɛ ama wɔn wɔ “ɔsom kronn” a wɔde ma no mu?
11 Bɛyɛ nea ɛboro mfirihyia 38 ni a Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no fii ase tetee nkurɔfo, na asiesie wɔn ama nsase afoforo so adwumayɛ, baabi a wɔatumi ‘ahwehwɛ Ahenni no kan.’ Kristofo agyanom ne ɛnanom pii ahyɛ wɔn mma nkuran ma wɔatrɛw wɔn adwuma no mu na enti wɔboa afoforo wɔ aman afoforo so. Anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ ahokwafo ne awarefo mpempem pii anya hokwan asom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ nsase afoforo so. Wɔahyira wɔn kɛse wɔ saa “ɔsom kronn” no mu, na wɔde wɔn adi dwuma de atrɛw “asɛmpa” no mu akodu asase ano nyinaa. Ebesi nnɛ Gilead Sukuu no mufo a wodi kan paa no bi wɔ hɔ a wɔda so ara resom wɔ nsase afoforo so, na mpɛn pii no wɔne adwuma a wofii ase mfedudu a atwam ni no nhyɛase a ɛyɛ den. Bere a mode “ɔsom kronn” rema sɛ abusua no, so mubetumi ahyɛ mo mma no bi nkuran ma wɔasusuw ɔsom adwuma yi ho?—Malaki 3:10.
BETEL ADWUMA
12. Afã bɛn na Betel betumi anya wɔ mmusua ahorow bi “ɔsom kronn” mu?
12 Wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea wɔ asase so nyinaa no, wɔwɔ ‘Betel afie ahorow a ɛhɔ na mmerante ne mmabaa a wɔahyira wɔn ho so koraa no betumi asom wɔn Bɔfo no wɔ wɔn mmerante ne mmabaa bere mu. (Ɔsɛnkafo 12:1) Saa “ɔsom kronn” yi nso de anigye pii brɛ wɔn a wɔfata ma no, efisɛ wɔsom wɔn nuanom a wɔreyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Mmusua pii anya hokwan sɛ wɔn mma anaa wɔn abusuafo resom wɔ Betel fie. Bere a saa bere nyinaa som adwuma no fã yi mma wonnya asɛnka adwuma mu kyɛfa kɛse te sɛ nea akwampaefo anaa asɛmpatrɛwfo yɛ no, wɔn a wɔsom wɔ Betel no nso ka asɛm wɔ afie afie na wɔtrɛw Ahenni ho asɛm no mu. (Asomafo no Nnwuma 20:20) Bio nso, wɔreyɛ nnwuma ahorow a ɛho hia a ɛboa ma wiase nyinaa som adwuma no nya nkɔso.
DƐN NA WOBƐYƐ?
13. Hokwan bɛn na ɛda so ara wɔ hɔ ma Kristofo mmusua horow?
13 Wɔ Paulo krataa a ɔde kɔmaa Korintofo asafo no mu no, ɔkyerɛwee sɛ ɔretra Efeso kakra efisɛ ná ‘wɔabue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba ama no.’ (1 Korintofo 16:9) Nea ɛda Yehowa nkurɔfo anim nnɛ ne ɔpon kɛse a emu adwumayɛ, “ɔsom kronn” bɛsow aba a wɔabue. Yɛte mmere a ɛyɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow pii a ɛfa “awiei bere” a ɛsɛ sɛ wɔka Ahenni ho asɛmpa no de di wiase no nyinaa adanse ho no mmamu a etwa to mu. (Daniel 12:4; Mateo 24:14) Dɛn na Yehowa Adansefo Kristofo mmusua no bɛyɛ? Egye ntɛmpɛ, efisɛ bere a aka no sua. Nsiesiei ahorow wɔ hɔ, efisɛ Yehowa de n’Asɛm a ɛne Bible no ne nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ ama yɛn, ma aboa wɔn a wosuro Onyankopɔn no. (Mateo 24: 45-47) Mmusua horow no wɔ hɔ, na Yehowa akɔ so ara de mpempem pii abɛka wɔn a wɔrebɔ Ahenni no ho dawuru no ho.—Fa toto Yesaia 60:22 ho.
14. (a) Nsɛm a ɛho hia bɛn na mmusua horow betumi abisa wɔn ho? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi abu yɛn sɛ yɛfata sɛ yenya “ɔsom kronn” mu kyɛfa?
14 Enti nsemmisa no ne sɛ: Dɛn na moreyɛ? So mode hokwan a mowɔ mprempren no redi dwuma sɛ abusua ne ankorankoro de “ɔsom kronn” ama Ɔbɔadeɛ no? So morehyɛ afoforo nkuran sɛ wɔnyɛ saa? So mo abusua no yɛ nea ɛda adi sɛ ɛwɔ nnyinaso a ɛyɛ den wɔ asafo no mu no biako a ɛhwehwɛ sɛ ɛbɛsow Ahenni no aba? Bere a ɔreka huam a yɛyɛ a ɛtrɛw wɔ wɔn a wogye wɔn nkwa ne wɔn a wɔyera no mu ho asɛm no, Paulo toaa so sɛ: “Na hena na ɔfata eyinom? Na yɛnte sɛ pii no a wɔde Onyankopɔn asɛm yɛ aguade, na mmom sɛ wɔn a woyi wɔn yam kasa, Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim.”—2 Korintofo 2:16, 17.
15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na ebinom betumi anya kyɛfa kɛse wɔ Ahenni no nneɛma a wɔma enya nkɔso mu? (b) “Ɔsom kronn” a anya nkɔso ho nhyira ahorow no ne nea ɛwɔ he?
15 Bere a wɔma ɔdɔ, asomdwoe ne biakoyɛ kɔ so wɔ abusua no mu, na wɔma ‘Ahenni no a wobedi kan ahwehwɛ yɛ nea ehia wɔn titiriw, na wɔtra ase susuw ho no, ebia Kristofo mmusua horow no behu sɛ ampa wobetumi anya kyɛfa kɛse wɔ asɛm a ɛho hia sen biara a wɔreka wo asase so, a ɛne Onyankopon ahenni a wode asi hɔ no ho “asɛmpa” no mu. Esiane mmɔden a wobom bɔ nti, Yehowa nhyira bɛyɛ wɔn de, na ɛmfa ɔbrɛ nka nhyira horow a ɔde ma ho.—Mmebusɛm 10:22.
16 Adɛn nti na mommom ntra ase sɛ abusua na munsusuw nea moreyɛ ne nea mubetumi ayɛ no ho? Akyinnye biara nni ho sɛ nokware a yebedi bɛma yɛn mu dodow no ara agye atom sɛ, sɛ yɛbɔ mmɔden kakraa a yebetumi atrɛw afã a yɛn abusua no nya wɔ Yehowa “ɔsom kronn” mu no mu. Monkae sɛ Yehowa nhwehwɛ nea ɛboro so wɔ yɛn ho. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ma ɔno, yɛn abusua ne adesamma nyinaa ka yɛn ma yɛhwehwɛ yɛn ho mu hwɛ na yehu nea ebia yɛbɛyɛ. Susuw “ɔsom kronn” no afã horow, wo som adwuma a anuonyam wom sɛ Kristo suani no ho hwɛ. (2 Korintofo 4:7) Fa asɛm no to Yehowa anim wo mpaebɔ mu, na hwehwɛ n’akwankyerɛ ne ne mmoa wɔ mmɔden a wobɔ no mu. Nhyira no dɔɔso mprempren a onyamesom pa mu abotɔyam ka ho, na woahyɛ yɛn nkwa ankasa ho bɔ daakye, wɔ Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo no mu.—Mateo 25:34; 1 Timoteo 6:6, 17-19.
NSƐM A WOBESUSUW HO SƐ ABUSUA
• Wɔ sɛnea Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:33 no fa yɛn ho sɛ ankorankoro akyi no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmusua susuw sɛnea wɔbɛbom de saa asɛm no adi dwuma no ho?
• Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya kyɛfa kɛse wɔ abusua nhyehyɛe a wɔde kyerɛkyerɛ mmofra ma wɔka Ahenni asɛm no kyerɛ afoforo no mu?
• Nsakrae ahorow a ɛbɛboa bɛn na wususuw sɛ mubetumi ayɛ wɔ mo abusua no mu na ama mmofra no anya kyɛfa kɛse wɔ adwuma yi mu?
• “Ɔsom kronn” afã titiriw bɛn na ebetumi ayɛ botae horow a eye ma wo anaa mo abusua no muni bi?
• Ɔkwan bɛn so na ebia mo abusua no betumi ayɛ adwuma abom na ama, anyɛ yiye koraa no, ebia mo mu biako atumi adu botae a ɛte saa no ho?
[Kratafa 13 mfoni]
Mmofra betumi asua nneɛma atitiriw a ɛfa adekyɛ ho bere a wɔka ɔwofo a ɔrenya Kristofo asɛnka no mu kyɛfa ho
[Kratafa 14 mfoni]
Mmofra pii a wɔne wɔn abusua nyaa “ɔsom kronn” mu kyɛfo no anya anigye sɛ wɔde wɔn bere nyinaa resom sɛ akwampaefo
[Kratafa 15 mfoni]
Betel fie som betumi ayɛ nea ɛde akomatɔyam kɛse ba. Ɛyɛ kyɛfa titiriw a wonya wɔ wiase nyinaa”ɔsom kronn” no mu