Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 2/1 kr. 22-24
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bu Nkwa A Wɔde Ama Wo No Sɛ Akyɛde A Ɛfata
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nkwa ne Mogya—So Wubu sɛ Ɛyɛ Kronkron?
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Onyankopɔn Adwene a Yebenya Wɔ Nkwa Ho
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 2/1 kr. 22-24

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

● Ɛsɛ sɛ Kristoni bu mogya a wɔde di dwuma sɛ́ ɔyɛ-asase-yiye, sɛ́ mmoa aduan anaa dwuma foforo bi a wɔde di, a ɛmfa di a ɔno ankasa bedi ho, no dɛn?

Wɔ nsɛm a ɛtete sɛɛ mu no, ɛsɛ sɛ Kristoni adwene ne ne nneyɛe da obu a ɔwɔ ma mogya kronkronyɛ a egyina Bible so adi.

Nnipa pii a wonnim anaa wommu nea Onyankopɔn susuw no pene nnipa mogya a wɔtwe gu afoforo mu so. Afei nso, mmeae horow bi no nkurɔfo di mmoa mogya wɔ aduan mu, te sɛ ekyim. Na dwuma a ɛmfata a wɔde mogya di no nsõ hɔ ara. Adwumawuranom bi bɔ mmɔden sɛ wobenya mmoa a wokunkum wɔn no mogya ho mfaso denam ɔyɛ-asase-yiye a wɔde yɛ, nkraman anaa nnyinamoa aduan a wɔde fra anaa aguade afoforo a wɔde yɛ so.

Nanso Kristofo fi Bible mu nim sɛ mogya nte sɛ nneɛma afoforo a aka no bi ara kwa a yebetumi de ayɛ biribiara a yɛpɛ anaasɛ yebetumi de apɛ mfaso. Bible no kyerɛ sɛ mogya gyina hɔ ma nkwa. Enti Onyankopɔn nam Noa so ka kyerɛɛ adesamma sɛ ɛnsɛ sɛ wodi mogya. (Gen. 9:3, 4) Akyiri yi, Yehowa Nyankopɔn de saa ahyɛde yi baa Mose mmara no mu. (Lev. 17:12; Deut. 12:23) Bere a woyii Mmara no sii nkyɛn no, Ɔka kyerɛɛ Kristofo sɛ “wonyi wɔn ho mfi mogya ho.” Ne saa nti, Yehowa Adansefo nni mogya anaasɛ wonnye mogya. Na wɔmpene mogya a wɔde di dwuma akwan horow so de pɛ sika nso so.​—Aso. 15:19, 20, 28, 29.

Yetumi hu nea enti a eyi ne gyinabea a ɛfata, sɛ yesusuw saa asemmisa yi ho a, sɛ: Wɔ tete Israel no na dɛn na wɔde mmoa a wɔakum wɔn no mogya yɛ?

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wobetumi de mogya abɔ afɔre wɔ afɔremuka so. (Lev. 17:11) Sɛ wɔamfa anni dwuma saa kwan no so a, na ɛsɛ sɛ wohwie aboa no mogya gu fam. Saa kwan yi so no wɔde mogya no san maa Onyankopɔn, efisɛ asase yi yɛ ne nan ntiaso.​—Lev. 17:13, 14; Yes. 66:1.

Onyankopɔn san tii ne mmara a ɛfa mogya ho no mu kyerɛɛ Israelfo denam nea ɔka kyerɛɛ wɔn wɔ srade ho no so. Nea ɛnte sɛ nea na wɔhwehwɛ afi nokware asɔrefo nkyɛn ansa na wɔde Mose mmara no rema ne ɛno akyi no, na ɛnsɛ sɛ Israelfo di srade, bere a na wɔwɔ Mose mmara no ase no. Wobuu aboa a wɔde bɔɔ afɔre no srade sɛ ɛno ne aboa no fã a eye sen biara, enti na wobetumi ahyew no afɔremuka so sɛ afɔre ama Onyankopɔn. (Lev. 3:3-5, 16) Eyi fam no na nsɛdi bi da sɛnea wɔn a na wɔwɔ mmara no ase no buu mogya ne srade na wɔde dii dwuma no ntam. Nanso na nsonoe bi nso wom. Ɛdefa aboa a ɔno ankasa wui anaa aboa foforo kum no ho no, Onyankopɔn mmara kyerɛe sɛ na wobetumi de srade no ‘ayɛ adwuma biara, na mmom odi na wonnni.’ Wuhu sɛnea asɛm no te? Ɛwom sɛ na wontumi nni mogya ne srade, nanso Yehowa kae sɛ wobetumi de srade no ayɛ nneɛma afoforo, a ɛnyɛ afɔrebɔ mu nko. Nanso Onyankopɔn anka saa wɔ mogya ho. Sɛ wɔamfa mogya ammɔ afɔre a, na ɛsɛ sɛ wohwie gu fam, na wɔnam saa yɛ so san de aboa no mogya ma Nkwa-Mafo no.​—Lev. 7:22-27.

Kristofo nni Mose mmara no ase. (Rom. 7:6; Kol. 2:13-16) Nanso, wɔahyɛ da aka akyerɛ yɛn sɛ, ‘yenyi yɛn ho mfi mogya ho.’ Na ɛsɛ sɛ yebu mogya kronkronyɛ no, efisɛ yenim sɛ ɛdenam Kristo mogya no so na yebetumi anya nkwagye. (Efe. 1:7; Kol. 1:13, 14, 20) Kristoni a n’ani sɔ eyi yiye no nhia mmara ahorow pii wɔ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ mogya a ɔde bɛyɛ nneɛma ahorow atɔn ho.

Susuw mogya a wɔde yɛ ɔyɛ-asase-yiye ho sɛɛ. Bere a Israelni a ɔyɛ ɔbɔmmɔfo hwiee aboa mogya guu fam no, na ɛnyɛ sɛ ɔde reyɛ asase yiye. Ná ɔrehwie agu fam esiane obu a ɔwɔ ma mogya kronkronyɛ nti. Enti, so Kristoni a ɔno nso wɔ ɛbo a mogya som ho anisɔ a ɛte saa ara bɛhyɛ da aboaboa mmoa a wɔakum wɔn mogya ano sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde adi dwuma sɛ ɔyɛ-asase-yiye anaa? Dabida, efisɛ mogya a wɔde di dwuma wɔ aguadi kwan so saa no ne obu kɛse a ɛsɛ sɛ yenya ma mogya a ɛsom bo a egyina hɔ ma nkwa no nhyia.

Ampa, Kristofo rentumi nka nkyerɛ wɔn a wɔnyɛ Kristofo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde mogya yɛ ɔyɛ-asase-yiye anaasɛ ɛnsɛ sɛ wɔde yɛ aguade afoforo. Enti, sɛ ɛba sɛ ɔyɛ-asase-yiye a wɔtɔn no fã kɛse no ara yɛ nea mogya bi wom a, ɛnde ebehia sɛ Kristoni no ankasa si nea ɔbɛyɛ ho gyinae. Obetumi asusuw nsɛm te sɛ Bible mu afotu a ese ‘yenyi yɛn ho mfi mogya ho,’ nneɛma afoforo a ɛwɔ hɔ a obetumi de adi dwuma, ne sɛnea n’ankasa n’ahonim a wɔde Bible atete no kyerɛ ne sɛnea afoforo te nka ho.​—Fa toto 1 Korintofo 8:10-13 ho.

Tebea foforo nso a ɛtɔ da bi a ɛsɔre no fa mogya a wɔde ma mmoa ma wodi ho. Ɛyɛ ampa sɛ mprempren mmoa bebree a wogu wuram nwe wura sɛnea Bible kyerɛ sɛ wɔyɛe fi mfiase no. (Gen. 1:30) Mmom no, wɔwe mmoa afoforo, a wɔn mogya ne biribiara ka ho. Nanso, so Kristoni a onim Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no bɛhyɛ da de mogya ama mmoa a ɔhwɛ wɔn so ma wɔadi anaa? So ɛno ne nea onim a ɛfa sɛnea wodii mogya ho dwuma wɔ Mmara no ase no behyia anaa?

Awiei koraa no, nsemmisa ahorow asɔre wɔ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ mmoa afunu a mogya wom ho no ho. Wɔ Israel no sɛ obi hu aboa bi a ɔno ankasa awu no funu a, obetumi atɔn ama ɔnanani a n’ani nnye Onyankopɔn mmara sodi ho? (Deut. 14:21) Nanso, ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ wɔanyɛ saa nhyehyɛe yi sɛnea ɛbɛyɛ na Israelni ahyɛ da de mogya anaa mmoa a wɔanhwie wɔn mogya angu a ɔbɛtontɔn ayɛ n’adwuma. Saa nso na na Israelni renhyɛ da nkum aboa na onnyaw mogya no wom esiane sɛ nnipa bi ani gye aboa a wɔanhwie ne mogya angu ho anaasɛ ɛma aboa no mu yɛ duru kɛse nti. Mmom no, na nea ɔreyɛ ara ne sɛ ɔretɔn aboa funu a ontumi nwe na ɛsɛ sɛ oyi fi hɔ.

Enti, ebia ebehia sɛ obi a ɔyɛn mmoa nnɛ yi aboa bi a wawu fi hɔ, sɛ ebia nantwi a wawu a ɛrentumi nyɛ yiye sɛ obehwie ne mogya agu. Anaa ebia ɔbɔmmɔfo benya aboa a wawu wo n’afiri mu. Dɛn na obetumi de aboa a ɛte saa a wɔanhwie ne mogya angu no ayɛ?

So obetumi atɔn ama wɔn a wotumi de yɛ nneɛma te sɛ ɔyɛ-asase-yiye anaa? So obetumi atɔn aboa a wawu no ama obi a ɔnyɛ Kristoni a n’ani gye ho anaa? Ebehia sɛ onii no ankasa si gyinae ma ne ho bere a wasusuw nea ɔman no mu mmara hwehwɛ ne nneɛma te sɛ nea yɛaka ho asɛm wo atifi ha, a hia a ahonim pa a obenya wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim ka ho no ho akyi no.​—Aso. 24:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena