Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 4/1 kr. 14
  • ‘Ɔbarima A Ná Ɔwɔ Ahofama Kɛse’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ɔbarima A Ná Ɔwɔ Ahofama Kɛse’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa Foforo a Wɔabɛka Sodikuw no Mufo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • So Eyi Betumi Ayɛ Adwuma a Eye Ma Wo Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Akwankyerɛ Kuw No Muni Foforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Ɔhaw no Ano a Wubegyina Denam Botae a Wode Besisi W’anim So
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 4/1 kr. 14

‘Ɔbarima A Ná Ɔwɔ Ahofama Kɛse’

Wɔwoo William Kirk Jackson September 16, 1901, wɔ Galveston, Texas. Bere a ɔde ne nkwa nna nyinaa asom Yehowa Nyankopɔn akyi no, owiee n’asase so adwuma December 13, 1981.

Efi ne mmofraase no, William daa anigye kɛse adi wɔ Bible mu nokware ho. Wɔ 1915 mu, bere a na wadi mfe 14 no, ohyiraa ne ho so maa Yehowa denam Kristo Yesu so. Ɔkoraa ne frɛ sɛ wɔn a Awurade asra wɔn wɔ Kristo mu mu biako no so bere nyinaa. June 1, 1933 no, ɔde ne ho nyinaa maa Yehowa som sɛ ɔkwampaefo. Bere a wayɛ nnwuma atitiriw bi a wɔde hyɛɛ ne nsa wɔ Washington, D.C., ne wɔ Chicago, Illinois awie akyi no, Onua Jackson bɛyɛɛ Brooklyn Betel abusua no muni ankasa November 13, 1937. Ɔne mmara ho ɔfotufo Hayden C. Covington resom fi 1941 no, ɔboae yiye wɔ nkonim ahorow pii a Yehowa Adansefo dii wɔ U.S. Asennibea Kunini no mu. Wɔpaw no kaa Yehowa Adansefo Sodi Kuw no ho October 15, 1971, na bere a ɛsɛ mu no wɔma ɔhwɛɛ Boayikuw ahorow a ɛhwɛ ɔsom Adwuma ne Nhoma Tintim so no nsɛm ahorow so.

Na onua Jackson yɛ obi a ɔbrɛ ne ho ase yiye, na wampɛ sɛ ɔbɛma nnipa ahu no sɛ ɔyɛ onipa titiriw. Ne din a nnipa mpempem nim wɔ wiase nyinaa ne “Bill,” na ná odwo, ɔyɛ obi a wotumi bɛn no bere nyinaa, onipa a ɛyɛ anigye sɛ wɔne no bɛbɔ; ɔma nkurɔfo koma tɔ wɔn yam bere nyinaa. Wɔ ɔkasa a wɔde rekae no a wɔmae wɔ Brooklyn Betel no ase no, F. W. Franz kae sɛ: ‘Yɛda Yehowa Nyankopɔn ase sɛ ɔmaa Ɔdansefo pa yi traa ase. Owiee n’adwuma nokwaredi mu, na ɛyɛ dɛn ara a ne nsa bɛka n’akatua. Ná Bill Jackson yɛ ɔbarima a ɔwɔ ahofama kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena