Ahosohyira—Ma Hena? Dɛn Ntia?
“Na mo de, moyɛ ‘abusua a wɔapaw, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron [ɔman a wɔatew ho; ɔman a wɔahyira so], ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de.’”—1 Petro 2:9
1, 2. (a) So na Abraham Lincoln yɛ Kristoman asɔre bi muni, nanso wɔ ne Gettysburg ɔkasa no mu no ɔfrɛɛ ɔman a na odi so no dɛn? (b) Adeyɛ bɛn na ɛda ɛdi wɔ hyɛ a ɔman yi de ne were hyɛ Onyankopɔn mu no ho, na ɔkwan bɛn so na nniso a ebedi Wiase amanehunu akyi aba no bɛyɛ ‘ɔmanfo de’?
KRISTOMAN asɔre ahorow no nyinaa mu biara nni hɔ a ebetumi aka sɛ ná United States, Amerika ɔman panyin a ɔto so 16 no yɛ wɔn asɔre muni. Nanso, bere a ɔrema ne Gettysburg ɔkasa a agye din no November 19, 1863 no, Bible ɔkenkanfo yi, Abraham Lincoln, kaa asɛm a ahoɔden wom yi:
“Mfe aduɔwɔtwe ason a atwam no yɛn agyanom woo ɔman foforo, wɔ asasepɔn yi so, wonyinsɛn no Ahofadi mu, na wɔahyira so ama adwene a ɛne sɛ wɔbɔɔ nnipa nyinaa pɛ no. . . . Nanso, wɔ nea ɛkyɛn saa mu no, yɛrentumi nhyira asase yi so—yɛrentumi ntew ho—yɛrentumi nyɛ no kronkron. Nnipa akokodurufo a wɔte ase ne wɔn a wɔawuwu, a wodii ako wɔ ha no atew ho sen sɛnea yɛn ahoɔden kakraa yi de bi bɛka ho anaa ɛbɛma ɛso atew. . . . Ɛyɛ yɛn a yɛte ase yi mmom na ɛsɛ sɛ wohyira yɛn so wɔ ha ma adwuma a wɔanwie a wɔn a wɔkoe wɔ ha no ama akɔ anim yiye wɔ nidi mu no. Ɛyɛ yɛn mmom na ɛsɛ sɛ wohyira yɛn so wɔ ha ma adwuma kɛse a aka wɔ yɛn anim no . . . ”
2 Efi bere a ɔmaa saa ɔkasa a agye din no wɔ Gettysburg, Pennsylvania ɔman amusiei no, United States abɔ nea ɔkyerɛ sɛ ɛne ne botae, a wɔakyerɛw agu ne sika dɔla so, sɛ “Onyankopɔn Mu Na Yɛde Yɛn Werɛ Hyɛ” no abira. Ɛmfa ho sɛnea ɔman panyin no ne Amerikafo biara a wɔyɛ anokwafo ahyira wɔn ho so ama, “nniso a ɔmanfo ankasa na ahyehyɛ bɛyera afi asase so.” Nea ɛyɛ anigye no, “wɔ ɔmanfo no fam” no, eyi renyɛ amanehunu a ɛtra hɔ daa, efisɛ Onyankopɔn ahenni nniso kɛse, a ɛnam ne Hene a wɔapaw no, Yesu Kristo so no bedi akyi aba, ma ɛde nhyira abrɛ asase sotefo nyinaa, a nea nnɛ ɛyɛ Amerika asasepɔn no ka ho.
3, 4. (a) Afei “ɔman” bɛn na ɛbɛda adi‘? (b) Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Israel bɛn mu na na Petro fi reka asɛm afa “ɔman” foforo yi ho?
3 Afei ɔman foforo bɛda adi. Ɛyɛ ɔman bɛn? Ɛyɛ ɔman a wɔkaa nsɛm a efi honhom mu a edidi so yi faa ho no: “Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de.”—1 Petro 2:9.
4 Wɔ saa nsɛm no mu no ɔsomafo Petro fa asɛm a Onyankopɔn de dii dwuma wɔ Ne nkurɔfo a wapaw wɔn, Israel a na saa bere no wɔwɔ Bepɔw Sinai a ɛwɔ Arabia so no ho no de ka asɛm sɛnea wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Exodus 19:5, 6 no. Ɛhɔ na yɛkenkan sɛ: “Na afei sɛ mubetie me nne na moadi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ me ahode afi aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me. Na mo de, mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron.”
5. Wɔ sɛnea Bible de di dwuma no mu no, so sɛ́ ‘wɔtew ho’ ne sɛ́ wohyira so’ yɛ ade koto?
5 Wɔ Exodus 19:6 ne 1 Petro 2:9 a yɛafa hɔ asɛm aka wɔ atifi hɔ no mu no, nkyerɛase ahorow bi ma asɛm “ɔman kronkron” no mu da hɔ denam kyerɛ a wɔkyerɛ ase “ɔman a wɔatew ho” anaa “ɔman a wɔahyira so” no so.a (Hwɛ The Jerusalem Bible; Moffatt; Knox; The New English Bible mu.) Yehowa nnyinasosɛm horow a wobegye atom na wɔde atra ase no bɛma Israelfo no ada nsow sɛ nnipa a wɔatew wɔn ho anaasɛ wɔahyira wɔn so. Onyankopɔn betumi “atew” ade bi anaasɛ onipa anaa nnipakuw bi “ho” anaasɛ obetumi “ahyira” wɔn “so.” Wɔ Onyankopɔn fam no, nsɛm abien no betumi akyerɛ ade koro titiriw no ara. Nanso, bere a adesamma a wɔnyɛ pɛ ntumi ‘ntew’ biribiara ‘ho’ mma ɛmfata mma atirimpɔw kronkron bi no, wobetumi ‘ahyira’ biribi, a wɔn ankasa ka ho, so yiye wɔ ɔdɔ mu.
6. (a) Bere a wɔkae sɛ: “Nsɛm a [Yehowa] aka nyinaa yɛbɛyɛ” no, dɛn ade na Israel man no yɛe, sɛ́ ankorankoro ne sɛ́ ɔman no? (b) Nhyehyɛe bɛn na Onyankopɔn de wɔn baa mu a na ɛnyɛ ɔhyɛ so?
6 Onyankopɔn de too Israelfo a wɔagye wɔn no anim sɛ, sɛ wɔbɛyɛ ne man kronkron a, gye sɛ ‘wotie ne nne na wodi n’apam so.’ Wobuae sɛ: “Nsɛm a [Yehowa] aka nyinaa, yɛbɛyɛ.” Enti sɛ́ ankorankoro ne sɛ́ ɔman no wohyiraa wɔn ho so koraa maa wɔn Gyefo, Yehowa Nyankopɔn. Ɛwom sɛ na Yehowa apaw wɔn dedaw, efisɛ na wɔyɛ Abraham asefo fi awo mu, a na wɔagye wɔn anwonwa kwan so afi Misraim afa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu de, nanso ɔtwɛn Israelfo no na wɔafi wɔn pɛ mu ayɛ ahosohyira yi ama ɔno ne ne som. Esiane eyi nti wɔyɛɛ wɔn nnipa a Yehowa ne wɔn ayɛ apam. Yɛkenkan wɔ eyi ho sɛ:
“Na Mose kaa ahyɛde biara ahyɛde kyerɛɛ ɔman mu no nyinaa sɛnea mmara no te wiei no, ɔfaa anantwi mma ne mpapo mogya ne nsu ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee nhoma no ankasa ne ɔman no nyinaa so kae sɛ: Eyi ne apam a Onyankopɔn ahyɛ wɔ mo ho no mogya”—Hebrifo 9:19, 20; Exodus 24:1-8.
7. (a) Na Yudafo awo ntoatoaso a ebedi akyi aba no tebea bɛyɛ dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na na wobetumi ahwere wɔn ahosohyira gyinabea no?
7 Yudafo awo ntoatoaso a wɔbɛba akyiri yi yɛ wɔn a na wɔbɛwo wɔn aba ɔman a wɔahyira so yi mu, na enti wɔaba wɔne Onyankopɔn abusuabɔ a wɔahyira so mu. Nanso, wɔn mmiako mmiako bere a wonyin du mpanyin afe so no, na ɛsɛ sɛ wosuasua Yudafo a na wɔwɔ Bepɔw Sinai ho no, wɔ kyerɛ a wɔbɛkyerɛ denam wɔn koma a ɛbɛka wɔn, ne nneyɛe horow so sɛ ná wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa ampa no so, na ama wɔatumi akɔ so atra ɔman kronkron yi mu wɔ gyinabea pa mu. Ampa, ná wɔn yiyedi sɛ ɔman ne wɔn nkwa ankasa ho asɛm wom. Eyi yɛ nokware efisɛ Onyankopɔn betumi ayi gyinabea kronkron a ɔma ɔman bi nya no, sɛ ɛbɛda adi sɛ wɔmfata a, na ɔde ama wɔn a wɔfata. Enti na ɔsomafo Petro de Onyankopɔn mfitiase asɛm a ɔka kyerɛɛ honam fam Israelfo, sɛ wɔbɛyɛ wɔn “ahene asɔfokuw, ɔman kronkron,” no dii dwuma wɔ Kristofo man foforo a ɛbae wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no ho no. Ɔkwan bɛn so na gyinabea kronkron a oyi fii wɔn so kɔmaa nnipa afoforo no bae?
8. (a) Bere a Petro kyerɛw ne krataa a edi kan e efi honhom mu no na amanehunu bɛn na ɛreyɛ ato Israel, na abusuabɔ bɛn na na Yudafo no ne Yehowa Nyankopɔn nni bio? (b) Ɛnde, henanom na wɔbom yɛ “ɔman a wɔatew ho” no?
8 Bere a ɔsomafo no kyerɛw asɛm a ɛwɔ 1 Petro 2:9 no, na Yudafo no rebɛn ɔman no amanehunu. Na Roma asraafo rebɛsɛe wɔn kuropɔn Yerusalem a emu na asɔrefi no si no, na ná ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn hwete amanaman nyinaa so, sɛnea na Yesu aka asie no. (Luka 21:20-24) Nea na ɛyɛ awerɛhow no, na wɔapow Yesu Kristo, Onyankopɔn apam foforo no Ntamgyinafo no wo 33 Y.B. mu, ná akyinnye biara nni ho sɛ Mmara apam dedaw a na odiyifo Mose yɛ ne ntamgyinafo no nyɛ adwuma bio. Ná wɔrepow wɔn a ‘wɔyɛ ɔhonam fam Israel’ no afei. (1 Korintofo 10:18; Mateo 23:38) Na Yehowa Nyankopɔn na ahyehyɛ ɔman foforo a wɔyɛ honhom mu Israel no. (Romafo 9:6; Galatifo 6:15, 16) Wɔn a ná wɔyɛ “ɔman” foforo a “wɔatew ho” no ne Yesu Kristo asuafo a Petro kyerɛw ne krataa no kɔmaa wɔn, a wɔne wɔn “a wɔapaw wɔn, sɛnea agya Onyankopɔn nim a onim dedaw no te no, wɔ honhom ahotew mu.”—1 Petro 1:1, 2.
9. So na Onyakopɔn nim saa ɔman kronkron yi mufo mmiako mmiako dedaw, na ɔkwan bɛn so na wɔbɛyɛɛ ”abusua” a wɔapaw?
9 Eyi nkyerɛ sɛ na Onyankopɔn nim emufommiako mmiako no ma odii kan bɔɔ wɔn din paw wɔn. Mmom no, na onim dedaw sɛ ɔbɛhyehyɛ ɔman foforo, “ɔman kronkron,” na ná onim nneɛma horow a wɔbɛhwehwɛ wɔ emufo biara ho na ama wɔapaw saa onipa no na wɔde no akɔ ɔman kronkron no mu no dedaw. Afei nso, wɔbɛyɛ saa honhom mu ɔman yi kronkron titiriw denam Onyankopɔn honhom kronkron no so, wɔde honhom kronkron no wo ɔman no mufo ma wɔbɛyɛ Onyankopɔn honhom mu mma. (Tito 3:4-7) Wɔ gyinabea kronkron anaasɛ nea wɔatew ho yi mu no, na wobetumi asom sɛ “ahene asɔfokuw.” Sɛ́ wɔn a wɔde honhom awo wɔn no, na wɔyɛ “abusua,” “abusua a wɔapaw.”
10. Esiane sɛ Onyankopɔn di Kristofo a wɔasra wɔn no ho dwuma sɛ “ɔman” anaasɛ kuw nti, nsemmisa horow bɛn na ɛsɔre wɔ ankorankoro asɛyɛde ho?
10 Nanso ɔkwan bɛn so na ɔman foforo yi mufo mmiako mmiako a wohyira wɔn ho so ma Yehowa ba asɛm no mu? Bere a Onyankopɔn “tew” wɔn “ho” anaasɛ “ohyira” wɔn “so” sɛ kuw anaasɛ ɔman no, so etwa sɛ wɔn mu biara hyira ne ho so nyinaa ma Onyankopɔn na ama wɔagye no atom sɛ ɔman foforo yi muni? So Kyerɛwnsɛm no nka wɔ eyi ho tiaa sɛ: ‘Gye Awurade Yesu Kristo di na wobegye wo nkwa? Anaa, tiawa sɛ, ‘Nu wo ho na nya adwensakra’? Enti, so ɛnyɛ gyidi, ahonu ne adwensakra ara kɛkɛ na wɔkyerɛ sɛ wɔhwehwɛ ma obi abɛyɛ Yesu suani, abɛyɛ Kristoni? So Yesu, Onyankopɔn Ba no yɛɛ ahosohyira bere a na ɔwɔ asase so no? Ma yɛnhwɛ.
‘Maba . . . Sɛ Merebɛyɛ Nea Wopɛ’
11. Wo apam nhyehyɛe a wɔne Onyankopɔn wɔ bɛn ase na wɔwoo Yesu, na ɔkwan bɛn so na na ɛno te saa?
11 Ɛdefa Yesu ɔdesani awo ho no, Galatifo 4:4 kyerɛ yɛn sɛ: “Bere no wiee odu no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbea woo no ma wɔwoo no [Mose] mmara ase.” Bere a Yudani baabun awo no anwonwa kwan so akyi no, twetia a wotwaa no da a ɛto so awotwe no sii so dua sɛ, wɔ awo mu no na ɔyɛ ɔman a Onyankopɔn ne wɔn ayɛ ɔpam no muni, na wɔ eyi mu no Yosef ne Maria de no “kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔma [Yehowa].”—Luka 2:22-24.
12. Yohane bɔɔ Yudafo a wɔbaa ne nkyɛn no asu de yɛɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne, nanso dɛn nti na mfiase no wampɛ sɛ ɔbɔ Yesu asu?
12 Na ɛyɛ ɔman a wɔahyira so yi mu na wɔsomaa Osuboni Yohane a odii Yesu Kristo anim no kɔe sɛ ɔmma ɔman no nnya adwensakra. Yesu mpo kae sɛ: “Israel fi nguan a ayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me.” (Mateo 15:24) Asɛm a wɔka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔahyira wɔn so ama Onyankopɔn yi yɛ asɛm titiriw a na ɛmfa aman a wɔnyɛ Israelfo no ho. Osuboni Yohane ka kyerɛɛ “Israel fi nguan a ayera” no sɛ wɔnsakra wɔn adwene wɔ bɔne ahorow a wɔyɛ wɔ Mmara apam no ho no ho. (Mateo 3:1-6) “Yohane bɔɔ adwensakra asu mmom ka kyerɛɛ ɔman no sɛ wonnye nea odi n’akyi reba a ɔne Yesu no nni.” (Asomafo no Nnwuma 19:4) Nanso, bere a Yesu de ne ho maa Yohane sɛ ɔmfa nsu mmɔ no asu no, na ɛda adi sɛ eyi nyɛ adwensakra ho sɛnkyerɛnne, efisɛ na Yesu nni bɔne na na ɔnyɛ Mmara apam a na wɔawo no wɔ ase no tõfo. Esiane sɛ Yohane nim eyi nti, wampɛ sɛ ɔbɛbɔ Yesu asu, nanso ɔpenee so bere a ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mprempren de, ma ho kwan; na saa ara na ɛsɛ yɛn sɛ yɛma trenee nyinaa wie pɛyɛ” no. (Mateo 3:13-17) Na ɔkyerɛ dɛn?
13. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu maa Dwom 40:7, 8 nyaa mmamu? (b) Na Yesu asubɔ no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?
13 Ɛha no ná Yesu reyɛ nea ɛne nkɔmhyɛ a ɛfa ne ho wɔ Dwom 40:7, 8 no hyia: “Ɛnna mekae sɛ: Hwɛ, mereba, wɔakyerɛw me ho asɛm nhoma mmobɔwee no mu. Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ.” Wɔ Hebrifo 10:5-10 no wɔde saa nkɔmhyɛ no di dwuma wɔ Yesu Kristo ho, efisɛ wɔ Yesu fam no, Onyankopɔn ampɛ afɔre ahorow a wɔbɔe sɛnea na Mose Mmara apam no te, na mmom na ɔpɛ ɔhonam nipadua a ɛyɛ pɛ a wɔde bɔ afɔre a na Onyankopɔn asiesie ama ne Ba no sɛ ɔmfa mmɔ afɔre sɛ apam foforo nhyɛase no. Enti bere a ɔrebɔ asu no, ná ɛnyɛ sɛ Yesu rehyira ne ho so ama Onyankopɔn, efisɛ na ɔyɛ ɔman a wɔahyira so muni dedaw, na onni bɔne nti, na enhia adwensakra. (Hebrifo 7:26) Mmom no, na n’asubɔ no yɛ ne ho a ɔde rema ne soro Agya no sa ɔrebɛyɛ N’apɛde foforo ho sɛnkyerɛnne. Na wɔ eyi mu no Yesu yɛɛ nhwɛso maa n’asuafo a wɔbɛbɔ wɔn asu.
14. (a) Wɔde Yohane kɔtoo afiase akyi no. asɛm bɛn na Yesu fii ase kae‘e (b) Dɛn na na adwensakra ne asubɔ no siesie nnipa no ma saa bere yi?
14 Bere a Yesu tee sɛ wɔde Osuboni Yohane akɔto afiase akyi no, ofii ase kaa asɛm kyerɛɛ Israelfo a na wɔahyira wɔn ho so dedaw no. “Efi saa bere no, Yesu fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 4:17) Asu a wɔbɔ de yɛ adwensakra ho sɛnkyerɛnne no mu bɛyɛɛ den.(Yohane 3:26; 4:1, 2) Bere a Mose Kɛse, Yesu Kristo foro kɔɔ soro na ɔde bo a ne desani afɔre no som kɔmaa Yehowa Nyankopɔn no, Mose Mmara apam no bɛyɛɛ nea wɔayi afi hɔ na wɔtoo nhyɛase maa “apam foforo” a wɔaka ho asɛm asie no. (Yeremia 31:31-34) Enti, wɔ Pentekoste da 33 Y.B. mu no, woyii Yesu asuafo a wɔyɛ Yudafo no fii Mose Mmara apam no ase kɔɔ “apam foforo” a na Mose Kɛse, Yesu Kristo ne Ntamgyinafo no ase.b
15. (a) Wotwaa Mmara apam no mu no, dɛn na amma awiei amonom hɔ ara amma Yudafo no? (b) Ná dɛn ne Onyankopɔn apɛde ma Yudafo a na wosusuw abusuabɔ a wɔahyira so a wɔne Onyankopɔn wɔ no ho no?
15 Bere a afei na Mmara apam no atwam no, ná bere a Onyankopɔn wɔ ɔdom titiriw ma Yudafo, na ɔyɛ aso ma wɔn, esiane sɛ wɔyɛ Abraham asefo fi awo mu nti no mmaa awiei, edii kan baa awiei wɔ afe 36 Y.B. mu. Enti, bere a wohwiee honhom kronkron no gui nea edi kan wɔ 33 Y.B. mu akyi mpo no, ɔsomafo Petro a na wɔde honhom asra no no ka kyerɛɛ Yudafo kuw bi a wɔwɔ Yerusalem sɛ: “Enti monsakra mo ‘adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne, na ɛyɛ a, ahodwo nna afi [Yehowa] anim aba, na wasoma nea wɔayi no asi hɔ ama mo dedaw no, Yesu Kristo.” Sɛ wobesiesie abusuabɔ a wɔne Onyankopɔn wɔ a wɔahyira so no bio a, na afei de ɛnyɛ wɔn adwene a wɔbɛsakra wɔ bɔne a wɔyɛe wɔ Mmara apam a na wɔda so ara susuw sɛ ɛwɔ hɔ no ho nko, naa mmom wɔn ho a wɔde bɛma nso sɛ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ ɔman foforo yi mufo, a na ɛyɛ Onyankopɔn pɛ saa bere no ma wɔn a wɔbɛyɛɛ Yesu asuafo Kristofo nyinaa no. Wosi eyi so dua denam nea Petro dii kan kae Pentekoste da no kyerɛɛ Yudafo a na wɔn ‘koma wowɔ wɔn’ esiane boa a wɔboae ma wokum Yesu nti no so. Wɔn na Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fafiri, na mubenya honhom kronkron akyɛde no.” Enti na egye nea ɛkyɛn adwensakra ne tirim a wɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ nea eye a egyina Yesu mu gyidi ara kwa so.—Asomafo no Nnwuma 3:19, 20; 2:37-40.
16. (a) Bere a Ahenni asɛm no duu Samariafo a wɔyɛ twetiafo no mu no, na dɛn na wɔn nsu mu asubɔ no yɛ ho sɛnkyerɛnne? Dɛn ntia? (b) Dɛn na edii adanse sɛ wɔde wɔn aba Onyankopɔn apam abusuabɔ mu?
16 Ansa na ɔreforo akɔ soro no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔbɛtrɛw ne ho adansedi no mu akosi “Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.” (Asomafo no Nnwuma 1:8) Bere a na Samariafo yɛ ‘ananafo’ a wɔnyɛ Israelfo no, wotwitwaa twetia efisɛ wogyee Bible nhoma ahorow a Mose kyerɛwee no toom na ‘wobuu no sɛ ɔne wɔne Onyankopɔn ntamgyinafo. (Luka 17:16-18) Wɔ N’ayamye a ɛnsɛ mu no, Yehowa hui sɛ eye sɛ ɔbɛma Petro de safe titiriw bi adi dwuma wɔ Samariafo no ho ansa na wɔde Amanaman mufo a wɔyɛ momonotofo de no adi dwuma de abue hokwan ahorow a ɛfa ɔsoro ahenni no ho no ano. Nanso esiane sɛ na saa Samariafo no nni Mose Mmara apam no ase ankasa, na ‘wɔresom nea na wonnim’ nti, afei sɛ wɔbɛbɔ asu a, na ɛsɛ sɛ wodi kan hyira wɔn ho so wɔ ntease mu ma Yehowa Nyankopɔn wɔ Mesia Yesu din mu, sɛ apam foforo Ntamgyinafo. Honhom kronkron a wɔde bɔɔ wɔn asu akyiri yi no dii adanse sɛ wɔagye wɔn aba apam foforo no mu.—Mateo 16:18, 19; Yohane 4:4-42; Asomafo no Nnwuma 8:5-25.
17. (a) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn dii kan kɔhwɛɛ momonotofo a wɔnyɛ Yudafo no sɛ ‘ɔbɛpaw ɔman bi afi wɔn mu ama ne din’? (b) Dɛn na na wɔn nsu mu asubɔ no yɛ ho sɛnkyerɛnne?
17 Wɔ afe 36 Y.B. mu, bere a Onyankopɔn dom titiriw ma Yudafo no baa awiei no, Yehowa Nyankopɔn dan kɔɔ Amanaman mufo momonotofo a, wonyɛ Israelfo no so sɛ ‘ɔbɛpaw ɔman bi afi wɔn mu ama ne din.’ (Asomafo no Nnwuma 15:14-18) Wɔde “nsafe” no foforo redi dwuma no, wɔsomaa Petro kɔɔ Roma asraafo ha so panyin a wɔfrɛ no Kornelio a na ne yam ye ma Yudafo no fi. Ɛda adi sɛ Amanaman mufo yi gyee adanse a ɛfa Yehowa Nyankopɔn ne ne Mesia a woahyɛ no anuonyam ho no toom, efisɛ honhom kronkron no baa wɔn so na wofii ase kasaa kasa foforo. Onyankopɔn fi mmɔborohunu mu fii ase maa “amanaman no nso adwensakra a ɛde kɔ nkwa mu,” denam Yesu Kristo, “Onyankopɔn Guammaa a oyi wiase bɔne kɔ” no so. (Asomafo no Nnwuma 11:18; Yohane 1:29) Yehowa agye wɔn nso aba ne honhom mu ɔman no mu esiane wɔn ho so a wɔahyira ama no wɔ wɔn koma mu no nti. Honhom kronkron dii eyi ho adanse. Enti na Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo a na wɔka Petro ho no biara nni hɔ a, obetumi anya biribi aka de atia hyɛ a ɔhyɛe sɛ “wɔmmɔ wɔn asu Awurade din mu” no. Ɛno fii “amanaman no ahodan” no ase. (Asomafo no Nnwuma 10:1-48; 15:3) Efi saa bere no wɔn a ayɛ wɔn pɛ sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn nyinaa, sɛ́ wɔyɛ Yudafo anaasɛ Amanaman mufo no, ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahosohyira wɔ wɔn koma mu ma Yehowa. Na ɛdefa wɔn nsu mu asubɔ ho no, wɔde wɔn ho ma ma Onyankopɔn apɛde a wɔbɛyɛ, de suasua Yesu.
18. Nsemmisa bɛn na ɛsɔre afei, a yebesusuw ho wɔ adesua a edi so no mu?
18 Nanso ahosohyira a nsu mu asubɔ yɛ ho sɛnkyerɛnne no ho hia dɛn? Ɔkwan bɛn so na eyi fa nkwagye ho, titiriw esiane Onyankopɔn abufuw da a abɛn no nti? So ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnyɛ Yehowa honhom mu man no mufo, nanso wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa, no gye asubɔ?
[Ase hɔ nsɛm]
a Asɛm “wɔahyira so” no pue nea edi kan wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu wɔ Genesis 5:18-24 wɔ edin “Henok” a ase kyerɛ “Wɔahyira so” no mu. wɔ Hebri kyerɛwsɛm no mu no sɛnea wɔkyerɛw edin no ne Hha nokh’, na ɛne Hebri asɛmfua Hanukah a ase kyerɛ ‘sɛ wohyira biribi so’ no sɛ. Wɔ Yohane 10:22 (NW) no. wɔbɔ “Asɔrefi so hyira afahyɛ” a Yesu kɔɔ ase no din. (Rotherham; Authorized Version) Ɛde besi nnɛ Yudafo frɛ saa afahyɛ yi Hanukah, a ase kyerɛ ‘sɛ wohyira biribi so,’ sɛnea wubetumi ahu afi Yohane 10:22 wɔ Hebri nkyerɛase ahorow mu no.
b Kyerɛwtohɔ biara nni hɔ sɛ saa Yesu asuafo a wodii kan no bɔɔ asu bio de yɛɛ wɔn ho a wɔde ama ho sɛnkyerɛnne bere bi ansa na wɔrehwie honhom kronkron agu wɔn so Pentekoste da no. Ɛda adi sɛ na eyi ka wɔn adwensakra asubɔ a wodii kan nyae bere a na wɔda so wɔ Mmara no ase no ho, a na ɛno bɛyɛ Yesu a wosuasua no, esiane sɛ na Yohane asubɔ no yɛ nea wɔde rehwɛ Mesia no ba kwan na esiesiee wɔn maa Onyankopɔn apɛde ma wɔn wɔ ne ba no ho.
NTIMU MU NO, SO WUBETUMI AMA NSEMMISA YI HO MMUAE?
□ Henanom na wɔbom yɛ “ɔman kronkron” anaasɛ ɔman a “wɔahyira so” a wɔabɔ din wɔ 1 Petro 2:9 no?
□ Ɔkwan bɛn so na tete Israelfo no hyiraa wɔn ho so maa Yehowa Nyankopɔn?
□ Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, so na ɔrehyira ne ho so ama Onyankopɔn?
□ Dɛn na nsu a wɔde bɔɔ Samariafo ne Amanaman mufo gyidifo asu no yɛɛ ho sɛnkyerɛnne?
□ Sɛ wɔbɛba abɛyɛ Yesu akyidifo a, na dɛn na ɛsɛ sɛ momonotofo a wɔnyɛ Yudafo no yɛ?
wɔ ne ba no ho.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
Wonyaa “ɔman” foforo wɔ Pentekoste da 33 Y.B. mu
[Kratafa 7 mfoni]
Tete Israelfo no hyiraa wɔn ho so maa Yehowa Nyankopɔn