‘Nhyira Ne Mo Sɛ Wɔtaa Mo’
“Nhyira ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ko asɛmmɔne biara to mo so. Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua sõ ɔsoro.”
1-4. Osuahu bɛn na ebia ɛbɛma nsemmisa ahorow asɔre wɔ yɛn adwene mu wɔ ahurusi a yebedi wɔ ɔtaa mu no ho?
SO W’ANI betumi agye ankasa bere a nkurɔfo di atoro to wo so na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde nneɛma bɔne ahorow nyinaa bɛyɛ wo no? Susuw ababaa bi ra ɔwɔ Finland a ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no mfe kakraa a atwam ni asɛm no ho hwɛ. Ankyɛ na n’ani fii ase gyee nneɛma pa a ɔresua a ɛfa Yehowa atirimpɔw ma adesamma ho no ho, na obenyaa anisɔ kɛse maa ne papayɛ ne ne dɔ no.
2 Nanso afei ne kunu fii ase sɔre tiaa no sɛ ɔresua Bible no, na bere a ɔpowee sɛ obegyae saa yɛ no, ofii ase tan n’ani. Awiei koraa no, ɔhwehwɛɛ ntetewmu wɔ asennibea. Ankyɛ na ɔpam ababaa no fii fie hɔ na ɔhyɛɛ no ma ogyaw ne mma nkumaa baasa hɔ, a abofra a wadi boro afe kakraa pɛ ka ho, esiane sɛ asennibea no kae sɛ wɔyɛ agya no de nti. Adɛn? So wabu n’ani agu wɔn ho asɛyɛde ahorow so? Dabi, efisɛ nokwarem no, ná Bible a ɔresua no rekyerɛ no sɛnea ɔbɛyɛ ɔyere ne ɛna pa.
3 Dapɛn kakraa bi akyi no, ne kunu no de ɔhyɛ yii no fii beae a ɔyɛ adwuma kɔɔ ayaresabea sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi ho adanse sɛ n’adwene asɛe na wɔde no akɔto abɔdamfo atrae. Mfiase no, oduruyɛfo a ɔhwɛɛ no no powee sɛ ɔbɛyɛ saa, nanso akyiri yi ne kunu no haw no araa ma ɔhyɛe sɛ wɔmfa no nkɔ abɔdamfo atrae. Saa bere no ná ababaa a afei de wabɔ asu, abɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no afi hɔ kɔ kurow foforo so, a ɛhɔ na okohuu oduruyɛfo foforo. Bere a ɔhwɛɛ no akyi no, oduruyɛfo yi maa no adansedi krataa a ɛkyerɛ sɛ ɔnyare n’adwenem.
4 Nanso eyi antwa nea na oduruyɛfo a odi kan no ahyɛ no mu. Enti na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho sie adapɛn pii kosi sɛ bere a wahyɛ no betwam. Eyi akyi no, oduruyɛfo no powee sɛ ɔbɛsan akyerɛw foforo; enti onuawa no tumi san kɔɔ ne kurom. Bere kɔɔ so no, ne kunu no gyinaa ntetewmu no so koguu aware no, na asennibea no de mmofra no hyɛɛ agya no nsa.
5, 6. (a) So eyi anaa osuahu a ɛte saa yɛ biribi a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye? Dɛn ntia? (Marko 10:29, 30) (b) Sɛnea wɔakyerɛ wɔ kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni ha no mu no, ntease ahorow bɛn na na Hiob wɔ a ɛma onyaa anigye wɔ ɔtaa a ɛbaa no so no akyi?
5 So wubebu eyi sɛ biribi a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye? Ɔyere anaa ɛna biara nni hɔ a n’ani begye sɛ wɔbɛpam no afi ne fi na wɔagye ne mma nkumaa afi ne nsam. Na saa ara na n’ani rennye sɛ ne dɔfo bɛbɔ mmɔden sɛ ɔde no bɛkɔ akɔto abɔdamfo atrae esiane sɛ ɔpɛ sɛ osua Bible no na ɔde ne nnyinasosɛm ahorow a eye no di dwuma ara kwa nti. Nanso hyɛ nea Yesu kyerɛe sɛ ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu no nsow: “Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua sõ ɔsoro.”—Mateo 5:12.
6 Yiw, sɛ nea enti a wɔtaa yɛn no yɛ nea Yesu kae wɔ nkyekyem a edi anim no mu sɛ “me din nti” no ampa a, ɛnde na yɛn ani betumi agye sɛ yɛanya hokwan de reda yɛn mudi ma Yehowa no adi, na yɛanya ne din a wɔtew ho no mu kyɛfa sɛnea Yesu yɛe no. Saa kwan yi so no na yɛrema ɔbonsam ayɛ ɔtorofo bere a ɔkyerɛ sɛ obetumi adan nnipa nyinaa afi Onyankopɔn ho no. Saa Yehowa Nyankopɔn afã a wogyina yi sɔ n’ani, na sɛnea wɔayɛ ho nhwɛso wɔ Hiob asɛm no mu no, ɛyɛ nea yebenya so akatua.—Hiob 1:9, 10; 42:10-16; 1 Petro 2:19, 20.
Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Ɔtaa Kwan
7. (a) Dɛn nti na Kristofo betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛtaa wɔn? (b) So eyi fa Kristofo nyinaa ho, anaasɛ ebinom nkutoo?
7 Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔtaa obi esiane sɛ ɔpɛ sɛ osua Onyankopɔn Asɛm Bible no, na ɔbɛyɛ Kristoni ara kwa nti? Yesu buaa asemmisa no wɔ saa kwan yi so: “Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo. Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo. Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wobedi mo de so bi. Na eyinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me no.” (Yohane 15:18-21) Sɛnea ɔsomafo Paulo daa no adi wɔ ne krataa a efi honhom mu a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Timoteo no mu no, ɔtaa yɛ biribi a ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ kwan. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.”—2 Timoteo 3:12.
8. Hena na ɔhyɛ ɔtaa a wɔde ba Kristofo so no akyi ankasa, na ne botae ne dɛn?
8 Mommma yɛn werɛ mfi sɛ ɛnyɛ obiara sɛ ɔsɔretiafo kɛse, Satan Ɔbonsam na ɔhyɛ ɔtaa no akyi. Gyina a wubegyina pintinn sɛ Kristoni, ne wo dɔ ma Yehowa Nyankopɔn no ma Ɔbonsam yɛ ɔtorofo, efisɛ ɔkyerɛ sɛ obiara nni hɔ a ɔdɔ Onyankopɔn ankasa, ne sɛ, sɛ obi som No a, na ɛyɛ nea onya fi mu ara kwa nti. Satan hoahoaa ne ho sɛ, sɛ wɔma no kwan a obetumi adan Hiob, ne sɛnea na ɔkyerɛ no, adesamma afoforo nyinaa nso afi Onyankopɔn ho. (Hiob 1:8-11; 2:3-5) Ɛwom sɛ wantumi amma Hiob annyae ne mudi mu de, nanso Ɔbonsam mpaa abaw ɛ.—2 Korintofo 4:4.
Wɔtaa Tete Kristofo
9. Fi Kyerɛwnsɛm mu ma nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ ɔtaa a na ɛsɛ sɛ tete Kristofo no gyina mu.
9 Nea ɛne Yesu kɔkɔbɔ no hyia no, tete Kristofo no hyiaa ɔtaa, a ɛtɔ bere bi a na emu yɛ den yiye. Wɔpam pii fii wɔn afie mu na wohyɛɛ wɔn ma woguan kɔɔ mmeae afoforo, sɛnea na ɛte wɔ asafo a ɛwɔ Yerusalem no fam no. (Asomafo no Nnwuma 8:1) Afoforo te sɛ ɔsomafo Yohane kɔɔ nnommumfa mu. (Adiyisɛm 1:9) Wosiw ɔsomafo Paulo ne wɔn a ɔne wɔn yɛɛ baguam ɔsom adwuma no abo na wɔbɔɔ wɔn mmaa. (Asomafo no Nnwuma 14:19; 16:22) Wɔde tete Kristofo no pii koguu afiase, wɔfow ebinom nneɛma na wokunkum ebinom mpo. (Kolosefo 4:3; Filemon 9, 10; Hebrifo 10:34; 13:3; Asomafo no Nnwuma 12:1, 2) Nanso wotumi dii ahurusi, efisɛ na wɔte nea enti a wɔretaa wɔn no ase yiye.
10. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔtaa anyi Kristo akyidifo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no hu?
10 So saa ɔtaa yi ma wogyaee, anaasɛ mpo so ɛmaa ‘Onyankopɔn ho asɛm a wɔka ne Yesu ho adansedi’ adwuma no ano brɛɛ ase? Dabi, efisɛ tete Kristofo no amma wɔanhunahuna wɔn. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 5:40-42 no kyerɛ yɛn sɛ, Yudafo Sanhedrin asenni baguafo no ma “wɔfrɛɛ asomafo no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wogyaa wɔn.” Dɛn na Kristofo yi yɛe afei? “Ɛnna, wɔde anigye fii baguafo no anim hɔ kɔe sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora. Na wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.”
11. Petro ne Yohane yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ahunahuna a wɔde baa wɔn so no ho?
11 Ansa na eyi reba no, na wɔde asomafo Petro ne Yohane akɔ Sanhedrin no anim esiane sɛ na wɔasa obubuafo bi yare na wɔakyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu nti. Kyerɛwtohɔ no se: “Na [atitiriw ne mpanyimfo no] frɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛm, nso wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu koraa. Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: Sɛ ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ yetie mo sen Nyankopɔn a, mummu ntɛn! Na yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate. Na, wɔteɛteɛɛ wɔn bio no, wogyaa wɔn, na ɔman no nti wonhu sɛnea wɔbɛtwe wɔn aso.”—Asomafo no Nnwuma 4:18-21.
12. Mmoa bɛn na asomafo ne asuafo no bɔɔ ho mpae wɔ Yehowa hɔ bere a na wɔwɔ ɔtaa mu no?
12 Ateɛteɛ no amma wɔansuro. Kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ asomafo no ne asuafo no bɔɔ mpae sɛnea ɛfata sɛ, ɛnyɛ sɛ Yehowa, mma ɔtaa no nnyae, na mmom sɛ ɔbɛma wɔn ahoɔden denam ne honhom no so ma wɔakɔ so de nnam aka n’asɛm no. Na ɔyɛɛ saa.—Asomafo no Nnwuma, 4:29, 31.
13. Sɛnea nea Paulo kyerɛw kɔmaa Filipifo no kyerɛ no, mfaso ahorow bɛn na efii n’afiasenna wɔ Roma no mu bae?
13 Nneɛma pa fii Paulo afiasenna wɔ Roma no mu bae, sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Filipifo no mu no: “Na, anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ nea ɛyɛɛ me no abɛma asɛmpa no akɔ so mmom, ama me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufo nyinaa ne wɔn a, aka no nyinaa mu, na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani to me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no a, wonsuro.” (Filipifo 1:12-14) Yiw, nea Paulo a wɔtaa no no de bae ne adanse kɛse a odii, a ɛnyɛ dawuru a ɔbɔe, ne hokwan ahorow a onyae de dii asenni baguafo no adanse no nko nti, na mmom sɛ́ ɔnam ɛno so hyɛɛ Kristofo afoforo nkuran ma wɔn som adwuma nyaa nkɔso no nti.
Ɔtaa Wɔ “Nna a Edi Akyiri” Mu
14. Yesu kyerɛe sɛ dɛn nti na wɔbɛtaa yɛn nnɛ?
14 Sɛnea Onyankopɔn tete adiyifo no, ne Yesu Kristo ne n’asomafo ne asuafo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu hyiaa ɔtaa no, saa ara na Kristofo a wɔwɔ nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” mu no betumi ahwɛ kwan sɛ ebehia sɛ wogyina ataa mu. Yesu kaa ɛno ho asɛm too hɔ sɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho “sɛnkyerɛnne” a ɛbom no fã. Ɔkae sɛ: “Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.”—Mateo 24:9.
15, 16. (a) Nkɔmhyɛ foforo a ɛfa yɛn bere yi ho bɛn na ɛkyerɛ sɛ yebetumi ahwɛ ɔtaa kwan esiane adanse a yedi no nti? (b) Nsemmisa bɛn na asɔre mprempren a ɛsɛ sɛ yesusuw ho?
15 Akyiri yi, Yesu kyerɛɛ ɔsomafo Yohane nea N’akyidifo a wɔwɔ asase so betumi ahwɛ kwan bere a wɔde ɔsoro ahenni no asi hɔ akyi no. Ɔreka wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, ose: “Na ɔtweasɛe [wɔda no adi wɔ nkyekyem 9 sɛ “ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan”] no hui sɛ wɔatow no akyene asase so no, ɔtaa ɔbea [Onyankopɔn amansan ahyehyɛde] a ɔwoo ɔbabanin [ahenni no, ne Kristo sɛ ne Hene] no. . . . Na ɔtweaseɛ no bo fuw ɔbea no, na okotuu n’asefo nkae a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu adanse no so sa.”—Adiyisɛm 12:13, 15-17.
16 So eyi aba mu wɔ “nna a edi akyiri” yi mu? Akwan horow bɛn so na nokware Kristofo agyina ɔtaa mu wɔ yɛn bere yi mu, na ɔkwan bɛn so na wɔatumi adi ahurusi wɔ eyi nyinaa akyi? Tumi bɛn na ɔtaa no anya wɔ wɔn ne nnipa pii a wohu no so? Yebesusuw nsemmisa yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.
[Kratafa 6 mfoni]
Wɔn a wɔma Ɔbonsam yɛ ɔtorofo, sɛnea Hiob yɛe no benya akatua
[Kratafa 7 mfoni]
Petro, Yohane ne tete Kristofo afoforo amma wɔn a wɔsɔre tiaa adwuma a na Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no ahunahuna no anyi wɔnhu
[Kratafa 8 mfoni]
‘Ɔtweaseɛ no bo fuwii na okotuu wɔn a wokura Yesu Kristo adanse no so sa.’—Adiyisɛm 12:15-17