Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 11/1 kr. 23
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wobɛyɛ Ɔnokwafo Te Sɛ Elia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ɔmaa Ne Nyankopɔn Kyekyee Ne Werɛ
    Suasua Wɔn Gyidi
  • So Ɛyɛ a Wote Nka sɛ Aka Wo Nko Ara Ma Ehu Aka Wo?
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Ogyinaa Mu Kosii Awiei
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 11/1 kr. 23

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

◼ Dɛn nti na Yudafo no binom susuwii sɛ Yohane Osuboni no yɛ Elia, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Yohane 1:21 no?

Ansa na wɔrebɔ Yesu asu no, asɔfo ne Lewifo bi baa Betania wɔ Yordan agya, nea na Yohane rebɔ asu hɔ, na wobisaa no sɛ ɔne Kristo no anaa. Bere a ɔkae sɛ ɛnyɛ ɔne no no, wobisae sɛ: “Ɛnde na hena ne wo? Wone Elia?”​—Yohane 1:19-28.

Dɛn nti na saa Yudafo no susuwii sɛ ebia Yohane bɛyɛ Hebrini diyifo Elia a na wawu bɛyɛ mfeha akron a atwam no? Ɛyɛ esiane nkɔm bi a na wɔahyɛ wɔ bɛyɛ Elia bere no ne Yohane ɔsom adwuma no mfiase ntam hɔ baabi no nti. Ná Onyankopɔn diyifo Malaki aka ato hɔ sɛ: “Hwɛ meresoma odiyifo Elia mabrɛ mo, ansa na [Yehowa] da kɛse a ɛyɛ hu no aba.” (Malaki 4:5) Ɛda adi sɛ Yudafo no binom tee ase sɛ ɛkyerɛ ba a Elia bɛsan aba nipadua mu, ebia denam nyan a Onyankopɔn benyan no so. Afei Yohane bae a na ofura nhwi ntama, na nhoma abɔso bɔ n’asen te sɛ Elia. (Mateo 3:4; 2 Ahene 1:8) Na na Yohane pae mu ka Onyankopɔn asɛm, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnsakra wɔn adwene, te sɛ nea na Elia yɛ no. Enti wobisaa Yohane sɛ ɔno ne Elia anaa.

Yohane buae sɛ, “Ɛnyɛ mene no.” Dabi, na ɔnyɛ Hebrini diyifo no ankasa a na wada wɔ owu mu no. Nokwarem no, ná ɔbɔfo aka akyerɛ Sakaria (a ɔbɛyɛɛ Yohane agya no) sɛ Yohane de “Elia honhom ne ahoɔden” bɛyɛ adwuma de adan Yudafo no aba Yehowa nkyɛn. (Luka 1:17) Ná Yohane renyɛ Elia na mmom ɔbɛyɛ adwuma a ɛte sɛ nea odiyifo Elia a na wawu bere tenteenten yɛe no.

Nea ɛne eyi hyia no, akyiri yi Yesu kae, a na Yohane ho asɛm wɔ n’adwene mu sɛ: “Elia aba dedaw, na wɔanhu no.” (Mateo 17:12) Ná ɔkyerɛ sɛ, Yohane ama nkɔmhyɛ a ɛwɔ Malaki 4:5 no anya mmamu. Osiesiee kwan maa Mesia no. Nanso Yudafo no pii annye Yohane antom sɛ ɔreyɛ saa adwuma no. Bio nso wɔakyerɛw wɔ Yohane 10:41 sɛ “Yohane anyɛ sɛnkyerɛnne bi,” bere a odiyifo Elia ankasa yɛɛ sɛnkyerɛnne anaa anwonwade ahorow awotwe.

December Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena