Sɛnea Wɔbɛma Yɛanya Nea Yehia
MFE 30 a amanaman ne wɔn ho adi nkitaho akyi no, anim ara na nnipa dodow a ɔkɔm de wɔn no kɔ,” eyi ne asɛm a Wiase Nyinaa Aduan ne Kuayɛ Ahyehyɛde no sohwɛfo panyin no kae. Ogye toom sɛ “nhyehyɛe a wɔadi akyi de abedu nnɛ no ankosi baabiara.”
Bere a aman ahorow no wɔ nnɛyi pɛsɛmenkominya su horow no, amanaman ntam mmɔdenbɔ biara rentumi nni nsɛm a emu yɛ den a ɛfa nneɛma a ɛho hia a wɔbɛma adesamma nyinaa anya ho no ho dwuma. Biribi a ɛsen saa ho hia. Ɛno ne dɛn? Nnipa pii a wosusuw ade ho kɔ akyiri aka sɛ nea ɛho hia ne:
Wiase Nyinaa Nniso
Ɛsɛ sɛ yenya wiase nyinaa nniso a ebetumi adi wiase nneɛma nyinaa so na ayɛ nneɛma kyekyɛ ho nhyehyɛe pa, na yɛatumi anya ahotoso sɛ hwee renhia obiara. So wiase nyinaa nniso a ɛte saa betumi aba? Wiase nyinaa nniso ho nhyehyɛe abien a wɔayɛ, Amanaman Apam ne Amanaman Nkabom ahyehyɛde, no mu biara antumi anni nsɛm a emu yɛ den a pɛsɛmenkominya ɔman ho dɔ de aba no.
Enti ɛhe na yebetumi anya wiase nniso a ɛfata? Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea emfi wiase nneɛma nhyehyɛe yi mu. Nanso so tumi bi a ɛte saa wɔ hɔ a ebetumi ahyehyɛ wiase nyinaa nniso? Yiw, tumi bi wɔ hɔ a ɛda adi sɛ ɔwɔ ayamhyehye kɛse ma adesamma yiyedi. Saa tumi no ne Onyankopɔn.
Wɔ afeha a ɛto so aduonu yi a honam fam nneɛma nkutoo na wogye tom yi mu no, ebia eyi bɛyɛ nkurɔfo nwonwa. So ɛyɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bedi wiase yi so? So adanse bi mpo wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani gye ho sɛ obedi wiase yi so? Sɛ saa a, so ne nniso bɛyɛ papa asen nnipa nniso a atra hɔ bere tenteenten no?
Anidaso A Ɛfata
Wɔ nnipa pii adwene mu—pii a wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no adwene mu mpo—no, ɛsono nyamesom mu nneɛma wɔ “wiase paara” no ho. Sɛ nhwɛso no, eye sɛ wɔbɛka sɛ wowu a wɔbɛkɔ ɔsoro. Nanso wɔte nka sɛ ntease nni mu sɛ wɔbɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛyɛ biribi wɔ asase so ha, te sɛ wiase so ankasa a obedi. So wote nka saa?
So woasusuw sɛnea yɛde yɛn ho to Onyankopɔn mmara so mprempren mpo no ho pɛn? Mframa a yɛhome, nsu a ɛtɔ, owia a ɛbɔ, biribiara a ɛma asetra kɔ so no yɛ nea ade a wɔtaa frɛ no adebɔ mmara, a ɛyɛ Onyankopɔn mmara ankasa, di so. Sɛ wɔka sɛ wogye Onyankopɔn di oo, wonnye no nni oo, yɛdan Onyankopɔn wɔ biribiara mu. (Mateo 5:45; Asomafo no Nnwuma 14:17) Sɛ Onyankopɔn a ne mmara horow di mframa, osu a ɛtɔ ne owia a ɛbɔ so no hyehyɛ mmara ahorow a edi adesamma nsɛm so a, so ɛsɛ sɛ ɛyɛ nwonwa?
Na, so wohyɛɛ no nsow sɛ bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni no Yehowa Nyankopɔn paw nkurɔfo bi, hyehyɛɛ wɔn sɛ ɔman na ɔde nniso bi a na ɔno ne ne Hene maa wɔn anaa? Ná saa man no ne Israel, na wɔn adiyifo no mu biako kyerɛwee akyiri yi sɛ: “[Yehowa] ne yɛn temmufo, [Yehowa] ne yɛn mmarahyɛfo, [Yehowa] ne yɛn hene, ɔno na obegye yɛn nkwa.”—Yesaia 33:22.
Onyankopɔn Nniso Ne Nea Ɛde Ba
Edii dwuma dɛn wɔ Israelfo no fam? Bere tenten a wodii Onyankopɔn mmara so no, wodii yiye wɔ ɔkwan biara so. Onyankopɔn nniso no mfirihyia aduanan anum a edi kan no akyi no, wɔn kannifo no mu biako kae sɛ: “Asɛmpa a [Yehowa] kaa Israel fi no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.”—Yosua 21:45.
Israelfo no suahu da no adi sɛ ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛka Onyankopɔn nniso ho asɛm. Sɛnea odii Mfinimfini Apuei ɔman ketewaa no so tee no, obetumi adi asase nyinaa so. So ɔbɛyɛ saa?
Mfirihyia mpem abien a atwam ni no, Kristoni somafo Yohane tee biribi a ɛma yetumi nya ahotoso sɛ Onyankopɔn bedi adesamma ho dwuma. Wɔde nneɛma a ɛbɛba ho anisoadehu maa Yohane, na anisoadehu no mu no ɔtee osebɔ bi sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.” Afei Yohane tee anigyesɛm yi sɛ: “Yɛda wo, [Yehowa] Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ . . . no ase, sɛ woafa wo tumi kɛse, na woadi hene.”—Adiyisɛm 11:15, 17.
Saa anisoadehu yi—a Onyankopɔn ankasa de mae no—kaa “wiase ahenni” a Onyankopɔn bɛfa no ho asɛm siei. Yiw, ɔbɛyɛ wiase sodifo, na “ne Kristo,” Yesu, bɛyɛ ne hene a wapaw no. Enti yɛwɔ bɔhyɛ a edi mu sɛ Yehowa Nyankopɔn de wiase nyinaa nniso bi besi hɔ.
Saa wiase nyinaa nniso a Onyankopɔn de besi hɔ no ne Bible mu asɛmti titiriw. Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ ho mpae wɔ Awurade Mpaebɔ no mu, bere a ɔkae sɛ: “W’ahenni mmra. Nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Ɛdenam adiyifo pii so no Yehowa Nyankopɔn daa saa ahenni yi adi sɛ ɛno nkutoo so na ɔnam beyi wiase yi mu nsɛm a emu yɛ den nyinaa afi hɔ. So ɛho bɛba mfaso asen nnipa nniso horow? Wiɛ, susuw ho hwɛ.
Nsu a Yɛbɛnom: Yehowa Nyankopɔn ne asase yi Bɔfo. Ɔte ɛho nsɛm nyinaa ase. Ɔdaa no adi kyerɛɛ odiyifo Amos sɛ “ɔfrɛ ɛpo mu nsu na ohwie gu asase ani.” (Amos 9:6) Ɔte okyinsoromma yi so nsu a edi kyinhyia no ase yiye na otumi di so.
Bere a ɔredi tete Israel so tee no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “[Yehowa] bebue n’adepa korabea a ɛyɛ ɔsoro no ama wo, na atɔ w’asase so su ne bere mu.” (Deuteronomium 28:12) Bere tenten a ne nkurɔfo dii nokware no, ɔmaa saa bɔhyɛ no baa mu. Na obetumi ama wɔn a wɔwɔ ne wiase nniso no ase nyinaa anya nsu pii.
Aduan a Yebedi: Abenfo kyerɛ sɛ nneɛma atitiriw a esiw aduan a wobenya ama wɔn a ɔkɔm de wɔn kwan no mu biako ne mpaapaemu a ɔman ho dɔ de ba no. Onyankopɔn wiase nyinaa nniso no wɔ tumi sɛ ebeyi saa mpaapaemu no nyinaa afi hɔ. Odiyifo a honhom kaa no no kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn bebu aman pii mu atɛn, na wɔaka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Mika 4:3.
So ade a ɛte saa betumi aba? Yiw. Nokwarem no, ɛrekɔ so mpremprem! Nnipakuw bi wɔ hɔ a wɔn ano si ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa a wɔde wɔn ho ahyɛ Onyankopɔn ahenni no ase dedaw. Wonsusuw nneɛma ho wɔ ɔman anaasɛ mmusua mu nyiyim kwan so, na mmom wobu wɔn ho wɔn ho sɛ anuanom, na wɔbom yɛ Onyankopɔn apɛde. Saa nnipakuw yi wɔ a wɔwɔ hɔ no di adanse sɛ Onyankopɔn wiase nniso no yɛ paara. Wɔne henanom? Yɛkyerɛ Yehowa Adansefo.
Yehowa Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obehyira asase no na ɛbɛma nnɔbae pii. Ɛdenam odwontofo no so no, ɔkae sɛ: ‘Asase bɛbɔ n’aduan.’ “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Dwom 67:6; 72:16) Yiw, wɔ Onyankopɔn ahenni a ebedi wiase yi so no ase no, biribiara nni hɔ a ebesiw saa ahiade yi a nsa bɛka ma abu so no ano.
Ntade ne Dabere: Yesu daa sɛnea Onyankopɔn susuw ne nkoa honam fam yiyedi ho no adi bere a ɔkae sɛ: “Monhwɛ wuram sukooko, sɛnea enyin; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa, nanso mise mu sɛ, Salomo anuonyam nyinaa mu po wankeka ne ho sɛ eyinom mu biako. Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde gu fononoo mu no ntama saa a, ɔrenyɛ nea ɛkyɛn eyi mma mo?”—Mateo 6:28-30.
Yiw, Onyankopɔn hwɛ ne nkoa so mprempren mpo. Yehowa Adansefo betumi adi nokware a eyi yɛ ho adanse. Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, sɛ ne wiase nyinaa nniso no di asase nyinaa so a, yebenya biribiara a ɛbɛma yɛn ani agye.
So Wobɛka Ho?
So w’ani gye wiase nyinaa nniso yi ho? Nokwarem no, onipa biara a n’adwene mu da hɔ bɛpɛ sɛ ɔtra nhyehyɛe a ɛte sɛɛ ase. Nanso, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yesua nniso no amanyɛ mmara. Wɔada eyi adi dedaw wɔ Kyerɛw Kronkron Bible no mu. Ɛsɛ sɛ yesua mmara a ɛho hia sɛ wodi so no, sɛ yɛbɛtra Onyankopɔn nniso no ase a.
Ebia eyi bɛhwehwɛ nsakrae horow wɔ yɛn asetra mu. Pɛsɛmenkominya a ɛyɛ nneɛma nhyehyɛe yi fã kɛse no nni afã biara wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe no mu. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ahenni no nkoa de wɔn nnipa mũ nyinaa dɔ no, na ɛsɛ sɛ wɔdɔ wɔn yɔnko nso sɛ wɔn ankasa ho. Bio nso, nneyɛe horow te sɛ atorodi, adewia, ahohwibɔ, amimdi, asabow ne nnubɔne a wɔde di dwuma mu a yɛbɛkɔ so de yɛn ho ahyɛ no remma yɛmfata mma asetra wɔ saa nniso no ase.—Mateo 22:37-39; 1 Korintofo 6:9, 10.
So mmɔden a yɛbɛbɔ wɔ ho no fata? Yiw. Yehowa Nyankopɔn nkutoo na onim sɛnea asetra betumi ayɛ dɛ wɔ asase so wɔ nniso pa ase. Bible mu no wɔada biribi a ɛte saa adi. Wɔn a wɔsom Onyankopɔn nokware mu nnɛ no te saa anigye ne asomdwoe a ɛbɛba saa bere no bi nka dedaw.
Sɛnea adanse no nyinaa kyerɛ no; ɛrenkyɛ wɔn a wɔba bɛyɛ Onyankopɔn ahenni no nkoa no behu ade mũ no nyinaa na wɔanya mu anigye. Yiw, nneɛma a ɛrekɔ so wɔ Bible nkɔmhyɛ mmamu mu nnɛ no kyerɛ sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn na ɛrenkyɛ na agye tumidi afi wiase nniso horow a emu apaapae na entumi nni dwuma pa biara no nsam. (Luka 21:25-28, 31; Daniel 2:44) Wobɛpɛ sɛ woka ne nyinaa ho? Dɛn nti na wo ankasa wonhwehwɛ mu nkɔ akyiri? Sua sɛ wubenya Yehowa Nyankopɔn ne ne wiase nyinaa nniso, a ɛno nkutoo na ebetumi ayi yɛn bere so nsɛm a emu yɛ den nyinaa afi hɔ, no mu ahotoso.
[Kratafa 7 adaka]
Onyankopɔn ahenni nkutoo na ɛbɛma adesamma anya . . .
□ Aduan pa pii
□ Nsu pa pii
□ Ntade a ɛfata
□ Adan pa