Akwankyerɛ Pa Ma Nnɛyi Mmofra
“Me ba, tie, na fa me nsɛm . . . Mɛkyerɛ wo nyansa kwan so.”—Mmebusɛm 4:10, 11.
1, 2. (a) Nsɛm bɛn na wobisa mmofra? (b) Ɛhe na wubetumi anya mmuae a ɛfata?
SƐ́ ABOFRA no, so wo daakye ho asɛm hia wo? So ɛtɔ da bi a wiase yɛ te sɛ nea emu yɛ hu? So wobɛpɛ sɛ wuhu ɔkwan a wobɛfa so adi asetra mu nsɛm a emu yɛ den ho dwuma ne faako a wubenya akwankyerɛ pa ne nyansa anaa?
2 Wubetumi anya mmoa a ɛte saa wɔ tete nhoma bi a ɛka sɛ ‘ɛbɛma abofra anya nimdeɛ ne nyansa’ no mu. Dɛn ne saa nhoma no? Ɛno ne MMEBUSƐM nhoma a ɛwɔ Bible mu no. Sɛ woyɛ abofra a, ɛsɛ sɛ wokenkan saa nhoma a ɛwɔ Bible mu no, efisɛ ebetumi aboa wo ma woanya anigye ne nkɔso. Sɛ woyɛ ɔpanyin, titiriw ɔwofo a, saa nhoma no betumi aboa wo ma woahu ɔkwan pa a wubetumi afa so aboa wo mma anaasɛ mmofra a wɔyɛ wo nnamfo. Ti akron a edi kan wɔ Mmebusɛm nhoma no mu no da afotu a ɛte sɛ nea agya a ɔwɔ ɔdɔ de ma ne ba adi. Ose: “Me ba, tie, na fa me nsɛm, . . . Mɛkyerɛ wo nyansa kwan.”—Mmebusɛm 1:1-4; 4:10, 11.
3. Nsɛm a ɛsom bo ma mmofra bɛn na Mmebusɛm nhoma no de ma?
3 Ampa, ɛnyɛ obiara na ɔhwehwɛ mmoa a ɛte saa. Nnipa binom pɛ sɛ wɔyɛ nneɛma wɔ wɔn ankasa kwan so. Wɔmpɛ afotu—sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn mpo a. Nanso Mmebusɛm se: ‘Onyansafo betie na n’adenim adɔɔso.’ (Mmebusɛm 1:5) Saa nhoma yi kyerɛ ɔkwan a wubetumi afa so anya asetra a anigye wom kɛse. Ɛda abrabɔ pa ho mmara adi. Ɛda anigye a efi abrabɔ pa mu ba adi. Ebetumi aboa wo ma woasisi gyinae a nyansa wom. Ɛda no adi sɛ nyansa ne nimdeɛ bɛma w’ani agye, na wo ho a wobɛtwe afi nsɛmmɔnedifo ho no betumi agye wo nkwa. Mmebusɛm nhoma no de akwankyerɛ pa ma mo a moyɛ mmofra ne mo mpanyimfo nyinaa.
NYANSA NE NIMDEƐ
4, 5. (a) Nyansa ho kwan bɛn na ɛwɔ hɔ? (b) Dɛn nti na nnipa pii rentie? (d) Dɛn na wususuw sɛ ɛne adeyɛ a nyansa wom? Dɛn ntia?
4 Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no ne nyansa fibea nso. Ɔpɛ sɛ wohu ne nyansa kwan no. Ɔma wɔbɔ no dawuru wɔ “mmɔten so” na obiara atumi ate. Nanso nnipa pii mpɛ sɛ wotie. Pii mpɛ baabi a efi ba no. Mmebusɛm se: “Nyansa mfiase ne [Yehowa] suro.” Na: “[Yehowa] suro ne nimdeɛ mfiase; agyimifo bu nyansa ne nteɛso animtiaa.”—Mmebusɛm 1:20; 9:10; 1:7.
5 Nnipa pii mpɛ sɛ wotie Onyankopɔn. Wɔpɛ nneɛma sɛnea ɛte no ara, na “[Yehowa] suro ne bɔne tan.” (Mmebusɛm 8:13) Yehowa a wobesuro no no bɛma wɔatwe wɔn ho afi nneɛma a ɛnsɔ n’ani a wɔbɛyɛ ho. Adeyɛ a nyansa wom no sɛ wubesua n’akwan ne ne nnyinasosɛm ahorow na woatie no asen nnipa afoforo nyinaa. Eyi bɛma woakwati nneyɛe a ebegu w’anim ase, apira wo, ahaw w’adwene anaasɛ mpo ama wo nkwa abɔ wo.
6. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya nyansa?
6 Bere a nyansa ho kwan wɔ hɔ ma nnipa nyinaa no, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden na wo nsa aka. Ɛsɛ sɛ w’ani gye ho, yɛ ho adwuma na wokora so. Eyi gye bere ne mmɔdenbɔ. Ɛbɛyɛ papa sɛ wubisa wo ho sɛ: ‘Dɛn ankasa na mede me nkwa reyɛ? Dɛn ne me botae horow? So mede bere pii bɛyɛ nneɛma a ɛho nni mfaso ho adwuma, anaasɛ mede bere a mewɔ wɔ me mmofraase no rehwehwɛ nimdeɛ ne nyansa?’ Nyansa som bo sen sikadwinne, na “afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho.” (Mmebusɛm 8:1, 5, 6, 11) So wobɔre hwehwɛ sɛnea wobɛyɛ wɔ agyapade bi a ahintaw ho no? Mmebusɛm se: “Sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu [Yehowa] suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ. Na [Yehowa] na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba.” So wode mmɔdenbɔ a ɛte saa sua Onyankopɔn Asɛm?—Mmebusɛm 2:4-6.
7. (a) Dɛn na wubetumi ayɛ na ama adesua ayɛ mmerɛw? (b) Dɛn nti na eyi ho mmɔdenbɔ fata?
7 Ebia wɔresusuw sɛ: ‘Nanso mempɛ adesua—akenkan yɛ me anihaw dodo!’ Nanso dodow a wokenkan ade no, dodow ara na akenkan bɛyɛ mmerɛw. Dodow a wusua ade no, dodow ara na adesua yɛ mmerɛw. Wode nsɛm afoforo no toto nea wunim dedaw no ho, na wutumi te ase yiye. Bere a wobɔ ho mmɔden no, Onyankopɔn hyira wo. Bere a wo nimdeɛ ne ntease kɔ anim no, wubenya anigye kɛse wɔ adesua mu, na nneɛma a wusua fi Onyankopɔn Asɛm mu no bɛbɔ wo ho ban wɔ nnɛ wiase yi mu. Na eyinom nyɛ nsɛm a ɛyɛ dɛ ara kwa. Ɛyɛ nokware, sɛnea Mmebusɛm ka no, sɛ: “Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a, adwempa [anaa nhumu] bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban, na ayi wo afi bɔne kwan mu, ne onipa a ɔka akɔntɔnkyesɛm ho, afi wɔn a wogyaw trenee akwan kɔnantew esum akwan so no ho.”—Mmebusɛm 2:10-13.
Nsɛmmɔnedi Ho Nni Mfaso
8, 9. Nsɛm a emu yɛ den a abu so wɔ nnɛyi nkurow akɛse mu bɛn na Mmebusɛm ka ho asɛm, na afotu a ɛho hia bɛn na ɛde ma wɔ eyi fam?
8 Saa (Mmebusɛm) nhoma yi ka nsɛm a emu yɛ den ne sɔhwɛ ahorow a mmofra hyia, a na ɛnyɛ Bible mmere mu nko na mmom nnɛ nso no ho asɛm. Wɔ nnɛyi nkurow akɛse mu no nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, mmerante akuw ne nkurɔfo a wɔde mmerante di dwuma a ɛmfata wɔ hɔ. Kɔkɔbɔ ahorow bɛn na tete nhoma yi de ma, a ɛbɛboa na abɔ wo ho ban afi nsɛm a ɛtete sɛɛ ho?
9 Ɛbɔ kɔkɔ tia nnipa bɔne a yɛne wɔn bɛbɔ fekuw. Ese: “Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo gyigye wo a, mpene! Sɛ wose bra . . . Yebenya ade a ne bo yɛ den nyinaa, yɛde asade bɛhyehyɛ yɛn afi ma. Fa wo kyɛfa bɛbɔ yɛn de mu, yɛn nyinaa benya kotoku biako, a—me ba, wo ne wɔn nnnantew ɔkwan so. Twe wo nan fi wɔn sa so. Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu, na wɔpɛ ntɛm hwie mogya gu.”—Mmebusɛm 1:10-16.
10. Dɛn na Mmebusɛm ka wɔ abɔnefo kwan ho, na dɛn nti na eyi ho hia?
10 Sɛ wuhyia nnipa a wodi nsɛmmɔne a, ɛsɛ sɛ wuguan. Salomo kyerɛwee sɛ: “Mma wo ho mmpere wo abɔnefo ho, na mma wo ne wɔn tra nnnɔ wo kɔn, na wɔn koma dwen ɔsɛe ho, na wɔn ano ka mmusu.” (Mmebusɛm 24:1, 2) Kae: Nsɛmmɔnedi ho nni mfaso. Sɛ onipa ankyere wo mpo a, Onyankopɔn hu. Hwɛ nkwaseasɛm a ɛbɛyɛ sɛ wobɛhwere wo daa nkwa esiane nneɛma kakraa bi a wunya wɔ ɔkwammɔne so nti! Mmebusɛm tu mmofra ne mpanyin nyinaa fo sɛ: “Nkɔ abɔnefo kwan mu, na mfa nnipa bɔne kwan so. Kwati no, nsen mfa so, man fi ho, . . . Twe wo nan fi bɔne mu.”—Mmebusɛm 4:14, 15, 27.
Fa Yehowa Di Kan
11. Nhyira horow bɛn na wubenya denam mudi mu a wobɛnantew na woayɛ nneɛma Yehowa kwan so no so?
11 Nsɛmmɔnedi bɔ nyansa abira koraa. Mmebusɛm se Yehowa yɛ “ɔkyɛm” ma wɔn a wɔnantew mudi mu, ne sɛ ‘ɔbɛhwɛ n’ahotefo kwan so.’ (Mmebusɛm 2:7, 8) Ɔde daa nkwa anidaso ma wɔn a wɔyɛ nea ɛteɛ. “Na tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu.” (Mmebusɛm 2:21) Ɛdenam Yehowa a wode no di kan so no, wubenya nhyira pii. “Fa w’ahonyade hyɛ [Yehowa] anuonyam, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa: ɛnna ade dodow bɛyɛ w’asan amaama, na wo nsa-kyi-amoa mu nsã foforo bebu so.”—Mmebusɛm 3:9, 10.
12. Nhwɛso horow bɛn na yɛwɔ wɔ mmofra a wɔde Yehowa di kan no ho, na nhyira bɛn na wonya?
12 Mmofra pii yɛ saa nnɛ. Wɔde Yehowa di kan wɔ wɔn asetra mu. Wɔde wɔn mmerantebere yɛ ɔsom adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ, som sɛ akwampaefo anaasɛ wɔyɛ adwuma wɔ Betel afie, faako a wɔyɛ Bible ne nhoma ahorow a ɛboa afoforo ma wosua Onyankopɔn ho ade. Bisa wɔn sɛ ebia Yehowa ahyira wɔn anaa. Wobefi wɔn koma mu aka akyerɛ wo sɛ wɔahyira wɔn kɛse, ne sɛ wɔwɔ honhom mu nneɛma pii sen wɔn mfɛfo a wɔde ɔhonam fam nneɛma a wobenya sii wɔn anim no.—Mmebusɛm 10:9; 15:16.
Abrabɔ Ho Sɔhwɛ Ahorow
13, 14. (a) Akɔnnɔ foforo bɛn na Satan de adi dwuma? (b) So saa asɛm yi mu yɛ den wɔ mo mpɔtam hɔ nnɛ?
13 Aguade ho adawurubɔfo de ɔbarima ne ɔbea nna di dwuma de tɔn wɔn nneɛma. Satan de aguamammɔ asɔ Onyankopɔn nkurɔfo ahwɛ. Sɛ nhwɛso no, Israelfo mpempem pii a na wɔde mfe pii atra sare no so na awiei koraa no wɔakodu baabi a ɛbɛn Bɔhyɛ Asase no bobɔɔ aguaman na wɔhweree wɔn nkwa.—Numeri 25:1-9.
14 Wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔbɔ mmofra kɔkɔ wɔ saa asiane yi ho no kata wɔn ani wɔ tebea horow a ɛwɔ wiase nnɛ ho. Nsɛmma nhoma ahorow a ɛka nsɛm fĩ, sini ahorow a ɛmfata, mmeae ahorow a wɔyɛ nguamanne, mfonini ahorow a ɛmfata ne aguamammɔ yɛ ade a wohu wɔ yɛn mmɔnten so. Mmebusɛm nhoma no ti kakraa a edi kan no kura kɔkɔbɔ a emu yɛ den a etia ɔbrasɛe ho sɔhwɛ ahorow a ɛtete saa.
15. Kɔkɔbɔ bɛn na Mmebusɛm de ma wɔ aguamammɔ ho?
15 Wɔka ɔbea aguaman bi a ɔsɔ mmerantewa a wonni osuahu biara hwɛ ho asɛm. Yɛkenkan sɛ: “Ɔbea nanani ano kyi ɛwo sosɔ, na n’anom yɛ toro sen ngo; na n’akyi yɛ nwene sɛ awɔnwene, ɛyɛ nnam te sɛ nkrante anofanu. N’anan sian kɔ owu mu. . . . Ma wo kwan mfi ne ho nkɔ akyiri, na mmɛn ne fi pon ano: na woamfa wo nidi amma ebinom, ne wo mfe amma otirimɔdenfo.”—Mmebusɛm 5:3-14; 2:16-19; 6:27-29, 32.
16. Dɛn na ebetumi aba obi a onguan aguamammɔ ho sɔhwɛ anim ntɛm no so?
16 Wɔka aberantewa ‘atetekwaa’ bi a “onni ti” a otie adɔkɔdɔkɔsɛm a wɔka kyerɛ no na ɔhwe ase animguase mu no ho asɛm. “Ɔde n’ano fremfrem nyaa no de no kɔe. Odii n’akyi prɛko sɛ nantwi a wɔrekokum no, . . . na onnim sɛ ne nkwa na ɛda mu.” Ɛnyɛ ne nkutoo na wɔtwee no fii Yehowa dom mu de no kɔɔ owu mu, efisɛ “wɔn a wakunkum wɔn dɔɔso.”—Mmebusɛm 7:6-27.
17. Sɛnea Yehowa bu no no, aguamammɔ yɛ aniberesɛm dɛn?
17 Bere a wɔka saa kɔkɔbɔsɛm yi kyerɛ mmerante no, ɛfa mmabaa nso ho saa ara. Nea nnipa susuw wɔ nea efi aguamammɔ mu ba ho biara akyi no, Yehowa adwene da adi pefee. Ɛyɛ owu kwan. Ebetumi ama paradise asase a Onyankopɔn bɛsan de aba no mu asetra abɔ wo. “Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da rennya Onyankopɔn ahenni no.”—1 Korintofo 6:9, 10; Efesofo 5:5.
18. (a.) So Bible afotu a ɛfa aguamammɔ ho no yɛ adesoa? Dɛn nti na wubua saa? (b) Afotu pa bɛn na Mmebusɛm de ma wɔ saa asɛm yi ho?
18 Ɛnsɛ sɛ obiara te nka sɛ Bible mu afotu a nyansa wom a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho a wɔde bedi dwuma no yɛ adesoa. Ɛbɛma awaregu dodow akɔ fam, mmusua dodow a emu paapae bɛkɔ fam, mmofra asoɔdenfo dodow bɛkɔ fam, aguamammɔ bɛkɔ fam, ninkuntwe bɛkɔ fam, na yɛanya mmusua a wɔwɔ anigye ne asetra a anigye wom. Wɔ anwensɛm kasa a ɛyɛ anigye mu no, Mmebusɛm kamfo saa nyansa kwan yi. Ese ɛnsɛ sɛ wohwehwɛ anigye wɔ abɔnten so, anaasɛ wohwehwɛ fi oguamammɔfo nkyɛn anaasɛ nnipa ahorow ahorow nkyɛn, na wonam saa yɛ so ma wo nsuaniwa bu so yɛ mmɔnten so asuten. Ɛkamfo kyerɛ sɛ, sɛ woaware a, ɛsɛ sɛ wo ne wo hokafo ani gye, mmom sen sɛ wobɛma afoforo adaadaa wo sɛnea ɛmfata. Mmerɛw a wobɛyɛ betumi ama woakodi akɔnnɔ akyi, nanso ɔkwan a ɛsɛ sɛ nokware Kristoni fa so ne sɛ wobɛtwe wo ho afi ɔbarima ne ɔbea nna ho kosi sɛ wobɛware na wo ne w’aware mu ɔhokafo nkutoo anya mu anigye.—Mmebusɛm 5:15-23.
Adwuma Ne Ahomaso
19. Afotu bɛn na Mmebusɛm de ma wɔ adwuma ho?
19 Mmebusɛm boa wɔ akwan afoforo so nso. Ɛhyɛ biribi a mmofra pii ani nnye ho ho nkuran—adwumayɛ mu mmɔdenbɔfo a wɔbɛyɛ. Eyi fa dwumadi wɔ sukuu mu, adwuma mu, anaa Kristofo som adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ no mu ho. Etu fo sɛ: “Kɔ ntɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan na hu nyansa.” Te sɛ ntɛtea a onni adagyew no, Kristoni de nokwaredi bɛyɛ adwuma da mũ nyinaa a ɛho nhia sɛ ɔpanyin bi hwɛ no bere nyinaa.—Mmebusɛm 6:6-11; Efesofo 6:5; Tito 2:9, 10; Hebrifo 6:10-12.
20. (a) Dɛn nso na Yehowa kyi? (b) Ɔkwan bɛn so na wode saa afotu yi bedi dwuma wɔ wo ankasa w’asetra mu?
20 Afei nso, ɛho hia sɛ woyɛ obi a ɔnyɛ ahantan anaa ntɔkwapɛfo. “Ade asia yi na [Yehowa] tan, na ade ason na ɛyɛ ne kra akyide: ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu; koma a edwen mmusu adwene, nan a ɛyɛ hare tu mmirika kɔ bɔne mu; ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm, ne nea ɔhyɛ anuanom ntam takrawogyam.”—Mmebusɛm 6:16-19.
W’abusua
21. Afotu bɛn na Mmebusɛm de ma wɔ awofo ho, na dɛn nti na eyi ho hia?
21 Mmu ani ngu mmoa a wunya wɔ w’abusua mu no so. Mmebusɛm se: “Me ba, bu w’agya mmaransɛm, na ntow wo nã kyerɛ nkyene. Wonam a, ma enkogya wo, woda a, ɛnhwɛ wo so, na wunyan a, ɛnyɛ wo sɛmɔdɛbɔ.” (Mmebusɛm 6:20-22) Eyi te saa titiriw sɛ w’awofo yɛ Onyankopɔn asomfo a. Nanso sɛ wɔnyɛ gyidifo mpo a wɔahu nneɛma pii a wunnya nhui, na wɔn akwankyerɛ betumi ayi wo afi ɔhaw pii mu.
22. (a) Dɛn na wobetumi aka wɔ hia a ɛho hia sɛ woka w’ahiasɛm kyerɛ w’awofo bere a worebɛn mpanyin afe so no ho? (b) Dɛn na wubetumi asua afi Hebrifo 12:11 ne Mmebusɛm 4:10-13.
22 Ɔkwan biara so no mma mmerantebere—bere a obi rebɛn mpanyin afe so no—ntwe wo mfi w’awofo ho, sɛnea mmofra pii ayɛ no. Ebia wubesusuw sɛ w’awofo ayɛ ntetekwaa, anaasɛ “wonnim nea ɛrekɔ so.” Nanso wobetumi aboa wo ma woakari pɛ wɔ saa bere a nsakrae rekɔ so wɔ wo mu yi mu. Wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Bɔ mmɔden sɛ wubenya wɔn ma wɔatie wo nsɛm a emu yɛ den. Ɛnyɛ wɔn adwene ne sɛ wɔbɛhaw wo wɔ asetra mu. Na mmom wɔpɛ sɛ wɔboa wo ma w’asetra kɔ so yiye. Ɛyɛ ampa sɛ mmofra pɛ sɛ wɔyɛ nneɛma wɔn ankasa kwan so, na mpɛn pii no wɔmpɛ afotu; nanso ahobrɛase a wobenya no betumi aboa kɛse. Obi a ɔwɔ ahobrɛase nim sɛ ɔyɛ mfomso ahorow, na n’ani sɔ mmɔden a afoforo bɔ sɛ wɔbɛboa no. Mmebusɛm se: “Ka onyansafo anim [anaa, teɛ no so], na ɔbɛdɔ wo.”—Mmebusɛm 9:8, 9; Hebrifo 12:11; Mmebusɛm 4:10-13.
23. Wɔ wo fam no, dɛn ne nsɛntitiriw a ɛwɔ saa adesua yi mu?
23 Enti, ɔsoro nyansa ho kwan wɔ hɔ ma mmofra nnɛ. Sɛ wunni nimdeɛ mpo a, wubetumi asua na woate ase. Nyansa teɛm frɛ wo. Ɛka “nsɛm a emu da hɔ,” na “afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho.” (Mmebusɛm 8:6, 11) Sɛnea ɛbɛyɛ na woanya nimdeɛ na wo nyansa akɔ anim no, ɛsɛ sɛ wusua na wobɔre hwehwɛ sɛnea wobɛyɛ wɔ akorade bi a ɛsom bo ho no. “Nea ohu me [nyansa] no hu nkwa, na onya [Yehowa] hɔ anisɔ.”—Mmebusɛm 8:35.
Bere a woakenkan saa asɛm yi no, ebia wobɛpɛ nso sɛ wokenkan Mmebusɛm, ti 1 kosi 9, a ɛno so na egyina no.
So Wokae Nsentitiriw Yi?
□ Mmoa bɛn na Mmebusɛm nhoma no de ma nnɛyi mmofra?
□ Dɛn nti na nnipa pii pow saa mmoa no?
□ Ɛsɛ sɛ nyansa ho kwan a ɛwɔ hɔ no ka w’asetra dɛn?
□ Sɔhwɛ bɛn, a abu so wɔ nnɛyi nkurow akɛse mu, na Mmebusɛm bɔ ho kɔkɔ?
□ Dɛn nti na afotu a Bible de ma wɔ aguamammɔ ho no nyɛ adesoa?
□ Mmoa bɛn na mmofra betumi anya afi wɔn mmusua nkyɛn?
[Kratafa 11 adaka]
NIMDEƐ, NYANSA NE NTEASE
Mmebusɛm nhoma no wɔ pii ka wɔ nsɛmfua abiɛsa yi ho. Nsonoe bɛn na ɛwɔ mu?
NIMDEƐ yɛ nokwasɛm ahorow a wunim, a ebia wonam adesua, adehwɛ anaasɛ biribi a wo ankasa wuhyiae so hui. Onyansafo “kora nimdeɛ” na ɔwɔ pii a otumi de di dwuma.—Mmebusɛm 10:14.
NYANSA ka nimdeɛ ne atɛmpa bom. Ɛno ne tumi a obi wɔ sɛ ɔde nimdeɛ bedi dwuma ɔkwan pa so, de adi nsɛm a emu yɛ den ho dwuma na wakwati asiane ahorow. Ɛyɛ nimdeɛ ne ntease a ɛma obi tumi sisi gyinae pa anaa obu atɛmpa. Sɛ wowɔ nimdeɛ nanso wunnim sɛnea wode bedi dwuma a, worenhu nyansa. “Nyansa ne ade titiriw,” efisɛ sɛ enni hɔ a nimdeɛ ho nni mfaso titiriw biara.—Mmebusɛm 4:7
NTEASE Afei woate nsonoe a ɛda nimdeɛ ne nyansa ntam no ase—wutumi kyerɛkyerɛ mu. Wubetumi ayɛ biribi efisɛ Onyankopɔn ahyɛ saa, nanso sɛ wote nea enti ɛsɛ sɛ woyɛ saa, atirimpɔw pa a edi ho dwuma ne mfaso a ɛde ba no ase a, wo mmɔdenbɔ no mu yɛ den kɛse. Mmebusɛm kura nsɛm a ɛho wɔ mfaso a ɛnyɛ nea ɛteɛ anaa ɛnteɛ ho ntease nko na ɛbɛboa wo ma woanya, na mmom ɛbɛma woate nea enti a ɛte saa no nso ase.