Nnwom Bɛn Na Wopɛ
SPANISHFO bɛ bi a akyɛ se: ‘Wɔ nnwom ne nnuru fam no, obiara nim kakra.’ Ampa, obiara betumi de ne mmenewa, n’ano anaa hwerɛma ato dwom. Yiw, nnwom ne ɛho anigye yɛ ɔdom akyɛde wɔ adesamma mu. Anwensɛm kyerɛwfo Longfellow kɔɔ so kae sɛ: “Nnwom yɛ amansan kasa.”
Yiw, onipa ate dwom fi n’asetra mfiase pɛɛ. Hena na ɔntee anomaa dwom a ɛyɛ dɛ? Ebia yɛn ho bedwiriw yɛn wɔ nnwom dɛdɛ a efi kanaf anaa akasanoma menem ba no, anaasɛ ebia yɛn ani begye nnwom ahorow a aserewa to, obireku sũ anaasɛ nnwom a ntakraboa afoforo to no ho.
Nkokoaa mpo ani gye nnwom a ɛyɛ dɛ a wɔto de deda wɔn no ho. Nokwarem no, nnansa yi ara wɔada no adi sɛ mmofra a wɔda yafunu mu mpo te nnwom. Ɛdenam wɔn ahokeka so no wɔkyerɛ sɛ ebia wɔn ani gye nea wɔte no ho anaasɛ ɛhaw wɔn.
Bere Bɛn Na Nneɛma Ahorow A Wɔde Bɔ Nnwom Fii Ase?
Wɔ wiase fam no, asɛm yi ho mmuaema nyɛ mmerɛw. Encyclopaedia Britannica, se:
“Sɛnea nneɛma ahorow a wɔde bɔ nnwom fii ase wɔ tete anibuei a na akɔ anim mu no da adi kɛse wɔ Asia ne Kusuufam Afrika. . . . Wɔde hama-sanku dii dwuma tete hɔ wɔ Mesopotamia [ne] Misraim.”
Nanso, Bible no ka no pefee sɛ Yubal, onipa a odi kan, Adam, asefo a wodi kan no mu biako “daa ne ho adi sɛ ɔno na ɔyɛ sankubɔfo ne mmɛnhyɛnfo nyinaa agya.” (Genesis 4:21) Ebetumi aba sɛ ɔno na ɔyɛɛ sanku anaa abɛn a edi kan, anaasɛ ɔno na ɔhyehyɛɛ nneɛma ahorow a ɛmaa dwonto nyaa nkɔanim—na eyinom nyinaa bae bɛyɛ mfe 5,000 a atwam ni!
Ná nnwom yɛ agyanom mpanyimfo asetra fã wɔ Noa bere so Nsuyiri no akyi. Sɛ nhwɛso no, Laban ka kyerɛɛ n’asew Yakob sɛ: “Ɛdɛn nti na woahintaw aguan . . . na woanka ankyerɛ me na mamfa anigye ne nnwom, mpintin ne asanku mannya wo kwan?”—Genesis 31:27.
Mfehaha bi akyi, wɔ Onyankopɔn som wɔ asɔrefi hɔ no mu no, ná ‘Lewifo mpemnan’ wɔ hɔ a wɔde nneɛma a Dawid ‘yɛ maa ayeyi’ no yii Yehowa ayɛ. (1 Beresosɛm 23:5) Ná Israel Hene Dawid ankasa yɛ sankubɔfo a ne ho akokwaw yiye wɔ sanku a nhama du gu so no bɔ mu, na ebetumi aba sɛ ɔyeyɛɛ nneɛma afoforo a wɔde bɔ nnwom nso.—Dwom 144:9; 2 Beresosɛm 7:6; 29:26, 27; Amos 6:5.
Nnɛyi Nnwom Ahorow
Ɛkame ayɛ sɛ nnwom abu so nnɛ asen bere biara. Wɔbɔ wɔ radio so, TV so, mpaawa so ne cassette so. Egu ahorow ahorow pii. Tete nnwom ahorow wɔ hɔ, asɔre nnwom ahorow, nea wɔtwetwe wɔ nhama so, nea wɔde saw asaw ahorow ahorow, nea emu yɛ hyew ne nea emu nyɛ hyew—ɛte sɛ nea ɛdɔɔso araa ma yɛrentumi mmobɔ ne nyinaa din, na kɔ ara na ɛkɔ so sakra. Bere a nea aba so no rekɔ fam no na afoforo nso reba.
Enti, nnwom bɛn na wopɛ? So nea wopɛ no fa ho? So ebetumi aka w’adwene—ne wo daakye?
[Kratafa 3 mfoni]
Nneɛma ahorow a wɔde bɔ nnwom—sɛnea anya nkɔso