Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 8/1 kr. 7-10
  • Nnɛyi Nnwom Ahorow​—So Ebetumi Adan W’adwene

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnɛyi Nnwom Ahorow​—So Ebetumi Adan W’adwene
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnwom Ne Ahonhonsɛmdi
  • Nnwom Ne Ɔbrasɛe
  • Nnwom Ne Wɔn A Wɔn Ani Afi
  • Dɛn Na Kristoni Betumi Ayɛ
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom A Ɛsɛe Ɔbra Pa Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom a Ɛmfata Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nnwom​—So Ebetumi Ayɛ Nea Ɛsɛe Ade?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • So Nnwom Betumi Apira Me Ankasa?
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 8/1 kr. 7-10

Nnɛyi Nnwom Ahorow​—So Ebetumi Adan W’adwene

NA NNƐYI nnwom ahorow​—nea wɔfrɛ no rock, punk ne ahorow ahorow pii a wɔbɔ nnɛ no nso ɛ? Sɛ́ nsɛm ka ho anaa nsɛm nka ho no, so ebetumi anya w’adwene so tumi anaasɛ asɛe wo honhom mu yiyedi?

Bill Mullane a na anka ɔyɛ rock dwontofo a ofi New Jersey, U.S.A. no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a na mebɔ sanku kɛse no wɔ rock kuw bi mu no, na ɛwosow me nipadua. Sɛnea ɛbobom na egyigye denneennen no kɔ wo mu yiye. Sɛ́ odwontofo no, mebɛyɛɛ ne fã. Afei, bere a mihuu nea atiefo yɛ na wofii ase wosow wɔn ho no, mepɛe sɛ mekanyan wɔn kɛse mpo. Ɛyɛ nnyigyei a ɛte saa. Ɛkyekyere wo. Ampa, saa bere no mpɛn pii no na manom nnuru bi ma aba m’ani so, sɛnea na pii a wɔwɔ atiefo mu no nso ayɛ no. Enti nkate no mu yɛ den. Wunim, ɛte sɛ anohyeto nyinaa a woyi fi hɔ. Wubetumi ayɛ biribiara a womfɛre hwee koraa bio.

“Migye di sɛ ɛno nti na mmerante ne mmabaa ani gye nnwom ahorow a aba nnansa yi ho no. Wɔde wɔn ho hyɛ nnwom no ne emu nsɛm mu. Bere a misusuw ho no mitumi hu sɛ ɛda sɛnea wɔte nka wɔ wiase yi ne nnɛyi asetra ho no adi. Efisɛ mprempren nuklea ɔsɛe ho hu wɔ adesamma so. Hena na onim bere tenten a ebia yɛbɛkɔ so atra ase? Ne saa nti adwene a wonya ne sɛ ‘Gye w’ani bere a wubetumi. Nya asetra mu nea wubetumi nyinaa.’”

Nea wɔka fa wɔn ho a wɔde hyɛ nnwom no mu no de yɛn kɔ asɛm no fã a ɛho hia so. (Fa toto 1 Korintofo 15:32 ho.) So ɛsɛ sɛ nokware Kristoni de ne ho hyɛ nnɛyi nnwom horow no dodow no ara mu? Nnansa yi no, Toronto Star, Canadafo atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔbarima ne ɔbea nna ne amumɔyɛde pue wɔ Tubes [San Francisco agoromma bi] agodi mu.” Ɔkyerɛwfo no kɔɔ so kae sɛ: “Nea ɛyɛ anigyede ma The Tubes [agoromma] no betumi ayɛ amumɔyɛ, ahohwibɔ, ahuhubra ne aniwude ama onipa foforo biara.” Ayɔnkofa bɛn na Kristosom ne eyi betumi anya?

New York Post daa asɛmti bi adi a wɔtoo din “Rolling Stones Satan Wiase No.” Ná ɛyɛ nnubɔne a kuw no de di dwuma ho nsɛm a egyee kratafa biako nyinaa. Saa nnwontofo kuw, The Rolling Stones, yi adwene wɔ nnubɔne, ahohwibɔ ne Satan ho no daa adi pefee wɔ wɔn nnwom ahorow mu. So wubetumi agye adwene a ɛte saa atom na woaka sɛ wo ne Kristo wɔ abusuabɔ.​—2 Korintofo 6:14, 15.

Nnwom Ne Ahonhonsɛmdi

Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛnyɛ eyinom nko ne asiane ahorow a ɛwɔ nnɛyi nnwom ahorow mu a ɛsɛ sɛ Kristoni a n’ani da hɔ susuw ho. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo sɛ: “Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe [n’anifere nneyɛe] adi asi, efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom.” (Efesofo 6:11, 12) Ɛnsɛ sɛ yɛde saa kɔkɔbɔ yi di agoru. Adaemone nkɛntɛnso abu so, na ɔkwan bɛn ara na obetumi afa so adaadaa nnipa, titiriw awo ntoatoaso a asi so nnɛ yi, sɛ ɔnam nnwom so bɛyɛ saa?

Mprempren ɛda adi sɛ nnɛyi akuw ahorow no bebree de wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi ne asumansɛm mu denneennen. Ebinom nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ Apueifam nyamesom ne nyansapɛ ho nkuran denam wɔn nnwom so. Sɛ nhwɛso no:

Robert Palmer, obi a ɔtaa kyerɛw jazz ho nsɛm rekyerɛw ama New York Times wɔ asɛmti “Abayisɛm Hyɛn Jazz Nnwom Mu” ase no, ɔka faa Abibifo jazz kuw bi a wɔfrɛ wɔn The Art Ensemble of Chicago no ho sɛ: “The Art Ensemble of Chicago” kuw yi mufo botae ne ‘Abibifo Nnwom Atitiriw​—Efi Tete Kosi Daakye’ . . . Nanso nea ɛsen ade tuntum biako wɔ ha. Abayisɛm a ɛkɔ so ɔdasu mu no wɔ ha. Ɛwom sɛ wonni bɔne ankasa wɔ dwom no mu de, nanso eyi nyɛ dwom a obi bɛbɔ wɔ apontow ase. . . . Ɛte sɛ honhom mu kwan a wotu kɔ sum kabii mu.” Sɛ́ Kristo suani no, so wobɛpɛ nnwom a ɛtete saa wɔ nnwom a woboaboa ano mu anaa?

Esiane nea ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Efeso no wɔ ahonhommɔne dɔm ho no nti, so ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ nnɛyi Kristoni benya nnwom ahorow a wɔakyere agu mpaawa so a ɛhyɛ adaemonesɛm ne ahonhonsɛmdi ho nkuran wɔ mpaawa ahorow a ɔwɔ mu anaa? Sɛ onim sɛ akuw ahorow bi wɔ hɔ a wɔde wɔn ho hyɛ nneyɛe horow a ɛyɛ ahonhonsɛmdi mu denneennen a, so ɛbɛyɛ papa sɛ obesusuw sɛ wɔn nneyɛe no renna adi wɔ nnwom ahorow a wɔbɔ ne mfonini ahorow a ɛwɔ wɔn mpaawa akyi no mpo mu anaa?

Sɛ́ mfatoho no, kuw biako bɔɔ dwom bi a wɔfrɛ no “Owura Crowley.” Hena ne Owura Crowley? Afeha a ɛto so 20 yi mu Satan akyidifo ne obi a ɔhyɛ nnɛyi abayisɛm ho nkuran! Mpɛn pii no apaawa no akyi biako a Yehowa dansefo Kristoni bɛhwɛ no bɛma watumi asi gyinae sɛ ebia ɔbɛtɔ apaawa no anaasɛ ɔrentɔ, titiriw bere a abayisɛm ne adaemonesɛmdi anaasɛ abosonsom ne asumansɛm ho nsɛnkyerɛnne ahorow wɔ so no.

Obi a na anka ɔtaa goru wɔ anadwo agodibea ahorow, Gordon Grant, a bere bi a atwam no na jazz ne rock nnwom na ɔbɔ wɔ Los Angeles, U.S.A., de didi no kae sɛ: “Akuw ahorow a mede me ho bɔɔ wɔn no nyinaa de wɔn ho hyɛɛ ahonhonsɛmdi mu koduu baabi. Sɛ wohyia obi foforo a, nea wodi kan bisa no ne sɛ ‘Dɛn ne wo sɛnkyerɛnne?’ Ná wɔfa nsoromma mu hwɛ aniberesɛm, na na wo nsoromma sɛnkyerɛnne ho hia.” So wopɛ sɛ wode wo ho hyɛ nsoromma mu hwɛ ne adaemone nneyɛe horow mu anaa?​—Deuteronomium 18:10-13.

Nnwom Ne Ɔbrasɛe

Ɔsomafo Paulo de afotu a ɛyɛ tẽe mae wɔ ne nhoma a ɔde kɔmaa Efesofo no mu a yebetumi de adi dwuma nnɛ ne wɔ nnwom ahorow fam. Otuu fo sɛ: “Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere [a ɔbarima ne ɔbea nna ho anibere ka ho] de, mommma wɔmmmɔ din mpo wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo; ne aniwude . . . anaa asereseresɛm.”​—Efesofo 5:3-5.

Mo awofo ne mmofra: So moahwɛ nsɛm a ɛwɔ mpaawa ahorow a wɔretɔn no binom so no​—anaa nea ebia mowɔ wɔ fie dedaw no so no? Ebia mususuw sɛ dwom no yɛ dɛ, anaa ebia sɛnea egyigye no yɛ wo dɛ. Mfiase no wunsusuw emu nsɛm no ho na ɛnkyɛ wuhu sɛ woreto wɔ wo menem. Ebinom mpo to nnwom a ɛtete sɛɛ de di agoru. So ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ Yehowa Adansefo bɛbom ato nnwom a ɛtete saa wɔ agodi mu? Ebia wubebisa sɛ, ‘Na asiane bɛn na ɛwɔ eyi mu?’

Wɔ wɔn nnwom mu no, akuw ahorow a wɔagye din rekyerɛ sɛ aguamammɔ ne nnubɔne a wɔnom yɛ asetra kwan. Wɔn nnwom ahorow no da wɔn abrabɔ adi. Nnwom ahorow bi a wɔyɛe nnansa yi mu nsɛm no bi ne sɛ: “Mepɛ sɛ mihu sɛnea wote wɔ mpa so,” ne “Ne mu yɛ hyew, ne ho yɛ akɔnnɔ.” Odwontofo bi a wagye din yiye da n’adwene adi wɔ apaawa nnuraho no akyi pɛɛ, sɛ: “Minhu mfomso biara a ɛwɔ ɔbea ne ɔbarima a wɔn nyinaa pene so no nna ho. . . . Minnye katee a wɔyɛ wɔ abrabɔ pa ho nni.” Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo adwene ne su ahorow a wɔda no adi wɔ nnwom a ɛtete sɛɛ mu no betumi ahyia? So ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo gye ‘adwene a akyea’ yi tom?​—Efesofo 4:18; fa toto Genesis 39:7-12 ho.

Nnwom Ne Wɔn A Wɔn Ani Afi

Ɛyɛ mmerɛw ma wɔn a wɔn ani afi no sɛ wobesusuw sɛ eyi nyinaa fa mmerante ne mmabaa ne wɔn nnwom ahorow ho. Nanso mfe 20 ne 30 nnwom a saafo yi da so pɛ no nso ɛ? Borɔfo dwom bi a wɔfrɛ no “Big Spender” daa ɔbea aguaman bi a na ɔrebɔ mmɔden “atu” ɔbarima bi adi. Nea wɔfrɛ no “Fever” ka ɔbea ne ɔbarima nna ho akɔnnɔ a emu yɛ den ho nsɛm a wɔadan ani kakra. Ná “Never on Sunday” nso yɛ aguaman dwom. Baahe na wɔn ani gyee nnwom a ɛtete sɛɛ ho saa bere no, a wɔansusuw nea ɛfa ho no ho?

Yebetumi akɔ so de mfatoho pii ama de akyerɛ anifere akwan horow a Satan nam so rebɔ mmɔden sɛ ɔde adwenhorow a anka yɛbɛpow no ntɛm ara no begyigye yɛn ani denam nnwom so. Dɛn na eyi kyerɛ? Sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa, mmofra ne mpanyin, hwɛ nnwom a yɛn ani gye ho no yiye. Bere a ebia yenhu mpo no, ebia na ɛyɛ yɛn ho a yɛde rehyɛ wiase yi “sakasaka dontori” no mu.​—1 Petro 4:4.

Bibiri wɔ ha a ɛsɛ sɛ Kristoni biara susuw ho​—sɛ woyɛ ɔpanyin wɔ asafo mu oo, woyɛ ɔwofo oo, woyɛ aberante anaa abofra oo. Yɛrentumi nna adanse ahorow a ɛwɔ hɔ a ɛfa sɛnea nnɛyi nnwom ahorow tumi sɛe abrabɔ pa ho no nyinaa adi. Nanso ɛbɛyɛ papa sɛ Kristoni biara a n’ani da hɔ no pɛɛpɛɛ nnwom ahorow a ɔpɛ ne mpaawa biara a ebia ɔwɔ no mu hwɛ na ɔyɛ ade ma ɛne adwene a emu da hɔ a egyina Kyerɛwsɛm so hyia.

Dɛn Na Kristoni Betumi Ayɛ

Bere a Paulo kaa asɛm wɔ Efeso no ne som adwuma no nyaa nkɔso araa ma bebree a na wɔyɛ asumanne no gyee Kristosom toom na wodii dwuma de bɔɔ wɔn daakye honhom mu yiyedi ho ban. Kyerɛwtohɔ no se: “Na wɔn a wɔyɛ asumanne no bebree de wɔn [ahonhonsɛmdi] nhoma bae bɛhyewee wɔ nnipa nyinaa anim; na wobuu ne bo ano hui sɛ esi nnwetɛbona ɔpeduonum. Sɛnea [Yehowa] asɛm nam ahoɔden so nyinii na ɛyɛɛ den ne no.”​—Asomafo no Nnwuma 19:18-20.

So Yehowa Asɛm no bɛkɔ so anyin na ayɛ den wɔ wo fam? Sɛ ɛho hia a, so wobɛyɛ nsakrae na wɔatumi aka sɛ woyɛ Yehowa “ahotefo” no mu biako? (Efesofo 5:3) Nnansa yi ara, bere a wɔde saa asɛm yi too kuw kɛse a wɔyɛ Yehowa nkoa a wɔde bere nyinaa som anim no, wɔde nkyɛnsee a wɔde wura gu mu a mpaawa ayɛ no amama pii bae bɛsɛee no esiane emu nsɛm a ɛhyɛ ahohwibɔ, adaemonesɛm ne wiase yi brasɛe ho nkuran no nti. Ɛnyɛ nea na ɛho hia ne mpaawa no bo a ɛsom wɔ sika fam, na mmom sɛnea ebetumi ahaw honhom mu yiyedi no.

Ebia ebinom bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ da bobɔ nnɛyi nnwontofo akuw bi anaasɛ nnwom ahorow bi din tẽe. Nanso ɔsomafo Paulo se: “Aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin honhom fam a anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.” (Hebrifo 5:14) Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma Kristoni a ne ho akokwaw no sɛ obehu nnwom a ɛfata, denam n’ahonim a wɔde Bible atete no no a ɔde bedi dwuma no so. Yehowa Adansefo nhia ahyɛde ahorow a wɔakyerɛw no tenteenten na akyerɛ wɔn abrabɔ kwan anaasɛ wonhia nnwom ahorow a wɔabara ho “nhoma.” Ma obiara mfa nhumu nni dwuma bere a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ ne soro Agya no ani wɔ ade nyinaa mu, a nnwom ahorow a ɔpaw ka ho no.​—Efesofo 5:18-20; Filipifo 1:9-11.

[Kratafa 9 mfoni]

So mpaawa a wowɔ no hyɛ ahonhonsɛmdi, nnubɔne a wɔnom ne ɔbrasɛe ho nkuran?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena