Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 9/1 kr. 7
  • “Ahene Anim”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ahene Anim”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehuu ‘Ahene a Ne Bo Yɛ Den’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Me Papa Nhwɛso Pa no
    Nyan!—1994
  • Akannifo Pa a Wɔrehwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • So Wodɔ Yehowa Nkae Nsɛm Kɛse?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 9/1 kr. 7

“Ahene Anim”

ODWONTOFO a honhom kaa no no too dwom sɛ: “Mɛka w’adanse ho asɛm, ahene anim.” (Dwom 119:46) Esiane sɛ “ahenni no ho asɛmpa” no fa ɔsoro nniso ho nti, ɛnnɛ nso, ɛsɛ sɛ “ahene” anaa sodifo te Onyankopɔn adanse. (Mateo 24:14) So wɔte? Yiw. Amanneɛbɔ a edi so a efii Engiresini bi a na anka ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo nkyɛn no kyerɛ sɛnea wiase mpanyimfo mu biako tee:

“Da koro bi, wɔ 1940 mfe no awiei hɔ baabi no, na mereka asɛm afie afie wɔ Kent. Na merekasa akyerɛ ɔbarima bi wɔ akuraa bi ase na obi fi baabi baa hɔ. Ná ɛyɛ Owura Winston Churchill. M’asɛm no so twae, nanso Owura Winston huu Ɔwɛn-Aban no na ɔkamfoo me wɔ adwuma a mereyɛ no ho.

“Nna dodow bi akyi no na mereka asɛm bio na mekɔbɔɔ ofi kɛse bi pon mu. Ofie hɔ adwumayɛfo panyin buee pon no, na bere a mekae sɛ mepɛ sɛ mihu ofiewura no, obisae sɛ ebia minim nipa ko anaa. Na minnim. Ɔkae sɛ: ‘Ɛha yɛ Chartwell, Owura Winston Churchill fie.’ Saa bere no ara na Owura Winston puei. Ɔkaee me na ɔfrɛɛ me kɔɔ dan mu. Yɛbɔɔ nkɔmmɔ kakra, ogyee nhoma abiɛsa na ɔka kyerɛɛ me sɛ mensan mmra.

“Adapɛn abien akyi, awiabere bi no, mesan kɔe na ɔde me kɔɔ dan mu bio. Owura Winston maa me nsã dɔkɔdɔkɔ bi, na bere a yɛakyiakyia yɛn ho tiaa akyi no, ɔkae sɛ: ‘Mɛma wo dɔnhwerew fã ma wode aka nea wususuw sɛ Onyankopɔn Ahenni yɛ no ho asɛm akyerɛ me, na ɛno akyi no ɛsɛ sɛ woma meka nea migye di sɛ ɛyɛ no kyerɛ wo.’ Nea yɛyɛe nen. Ɔtee nka sɛ Onyankopɔn Ahenni nam aman mpanyimfo a wɔwɔ Onyankopɔn suro so na ɛbɛba, ne sɛ kosi sɛ nnipa besua sɛ wɔbɛtra ase asomdwoe mu no, ɛremma da. Mitumi kyerɛkyerɛɛ nea Bible ka wɔ Onyankopɔn Ahenni ne nhyira horow a ɛde bɛba ho no mu kyerɛɛ no. Owura Winston kyerɛɛ anigye ne obu maa yɛn adwuma no.

“Nea ɛyɛ awerɛhow no, mantumi anhyia no bio. Nanso na ɛyɛ nhyira ma aberante a wadi mfe 17 sɛ wɔde no bedi dwuma de adi no adanse saa pɛnkoro no mpo.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena