Awofo Asɛm Ho Asoɔdenyɛ—Nna A Edi Akyiri Ho Sɛnkyerɛnne Anaa?
NNIPA bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wonhyira wɔn nã.” (Mmebusɛm 30:11) Eyi ka awo ntoatoaso a atra hɔ fi 1914 no ho asɛm yiye. Na so mmofra a aba fi saa bere no ayɛ soronko wɔ eyi fam anaa? Sɛ saa a, dɛn ntia?
Yɛn Wiase Yi A Ɛresakra
Mmere a atwam no mu no, na abusua no yɛ ɔdɔ ne mmoa fibea. Ná akyinnye biara nni emufo asɛyɛde ahorow ho. Ná mmarima ne akɔnhamabɔfo. Mmea dodow no ara traa fie hwɛɛ mmofra na wɔyɛɛ ofie nnwuma ahorow. Wɔboom kyerɛkyerɛɛ wɔn mma nneɛma horow a ɛho hia ne nnyinasosɛm ahorow. Mpɛn pii no na mmofra nni adagyew koraa a wɔreyɛ ofie nnwuma ahorow, enti na wonni bere a wɔde bɛkɔ akodi nsɛmmɔne a anibere wom.
Nsɛm a asisi fi Wiase Nyinaa Ko I wɔ 1914 mu reba no ama saa tebea yi asakra. Sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no, yɛn de yi ayɛ awo ntoatoaso a akokoakoko, amumɔyɛ ne ɔkɔm ahyɛ no ma. (Mateo 24:4-14) Dɛn na ɛde aba? Asakra yɛn asetra koraa. Ɛnnɛ akwantu bere yi ma mmusua horow mufo a wɔn nkutoo tutu akwan ntam tetew. Esiane sɛ mfiri ne nneɛma ahorow a wɔayeyɛ ama ofie adwumayɛ ayɛ mmerɛw kakra nti, mmea pii fi fie kɔyɛ adwuma. Sukuu akyerɛkyerɛfo ne mmofra ahwɛfo abɛyɛ awofo ananmusifo Bere a eletrik mfiri ahorow yɛ ofie nnwuma no, mmofra yɛ anihaw.
Saa nneɛma a aba nnansa yi no de adwenemhaw kɛse nso aba mmusua horow mu. Awaregu dodow akɔ anim kɛse. Na saa nso na mmea anaa mmarima a wɔn nkutoo ne wɔn mma te adɔɔso. Ɛnã bi a ɔno nkutoo ne ne mma te ka sɛnea ɛyɛ den sɛ ne nkutoo bɛtete abofra no ho asɛm: “Ansa na mefi adwuma mu abedu fie no, na me mma apɔn sukuu bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa. Ɔkwan biara nni hɔ a metumi afa so ahu nea wɔreyɛ. Migye di sɛ me babea a wadi mfe 16 no ne abarimaa bi a ɔne no gyina mangoo biako no da, ne sɛ me babarima a wadi mfe 13 no taa kogyinagyina baabi a wɔtow kyakya bere a wapɔn sukuu.”
Awo Ntoatoaso A Emufo Susuw Wɔn Nkutoo Ho Mu Asiane Horow
Ɛkame ayɛ sɛ awo ntoatoaso foforo biara nni hɔ a emufo si wɔn “hokwan ahorow” so dua kɛse te sɛ eyi. Ne saa nti, sɛnea adwene ho nimdefo bi a wagye din kae no, awofo “de nkakrankakra ma wɔn mma kwan ma wɔne wɔn gye akyinnye, da wɔn nkate ne wɔn adwenhorow adi, na wɔma wɔyɛ asoɔden kakraa mpo.” So eyi ye?
Robert Coles a ɔkyerɛw Pulitzer a egyee abodin no kae sɛ: “Awofo pii suro sɛ wɔn nkutoo bɛtete wɔn mma—sɛ wɔde wɔn ankasa gyidi horow ne nea wogye tom sɛ ɛyɛ abrabɔ pa no bɛtete wɔn. Abenfo a wɔkyerɛw nhoma horow a ɛfa abayɛn ho yi na wɔka nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ kyerɛ wɔn no hyɛ wɔn hu.” Sɛ́ wɔn a wɔahu abayɛn a ɛma mmofra yɛ nea wɔpɛ biara ho amane no, awofo hu sɛ wɔyɛ nea wɔn mma hwehwɛ mmom—na akyiri yi wohu nokware a Bible mu asɛm yi yɛ: “Nea ɔkokɔ n’akoa fi ne mmofraase no, akyiri no ɔbɛyɛ sɛ ɔba.”—Mmebusɛm 29:21.
Nea Television De Aba
Nnansa yi National Institute for Mental Health daa amanneɛbɔ bi adi a wɔato din “Television ne Abrabɔ.” Amanneɛbɔ no daa no adi sɛ basabasayɛ ne ɔbrasɛe a TV de hyɛ nkurɔfo adwene mu akyi no, ɛhaw abusua asetra wɔ akwan afoforo so. Sɛ nhwɛso no, “Wɔ mmeae horow pii a ɛyɛ nwonwa no, wogyaw TV so dwumadi a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no ho gyinaesi ma mmofra, a mpɛn pii no wɔkyerɛ nea ɛsɛ sɛ abusua no hwɛ; wɔabɛyɛ wɔn a wosisi gyinae ma abusua no.”
Nhoma a wɔfrɛ no Generation of Narcissus kyerɛ sɛ TV fã foforo a enye wɔ hɔ. Ɛkyerɛ se esiane TV nti, “mmofra hu nea wɔfrɛ no wiase ankasa wɔ ɔkwan foforo so. Ɛyɛ wiase a ɛte sɛ nea efi wɔn ankasa nipadua horow mu.” Yiw, ebetumi aba sɛ abofra a television anya no no nya asetra ho adwene a egyina ɔno ankasa so.
Eyinom nyinaa yɛ nneɛma a ahaw abusua asetra no kari a ɛkari pɛ no. Nanso so mmofra retew atua atia awofo tumidi esiane eyi nti anaa?
Asoɔdenyɛ—Nea Ɛda Adi Ne Nea Ɛnna Adi
‘Amumɔyɛ a ɛredɔɔso’ wɔ mmofra mfinimfini no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ mmofra binom retew atua atia awofo tumidi. (Mateo 24:12) Sɛ nhwɛso no, wɔbɔ amanneɛ sɛ “nsɛmmɔne akɛse a wodi wɔ London [England] no nkyem anan mu biako fi sukuu mmofra.” Wɔ Amerika no, “mmofra a wɔkyekyere wɔn wɔ nsɛmmɔnedi ho no . . . kɔɔ anim ɔha biara mu 293 wɔ 1960 ne 1975 ntam bɔ; na mmofra a wɔkyekyeree wɔn no nyinaa renya nkɔanim ɔha biara mu 10 afe biara—mpanyimfo de no mmɔho.” Amanneɛbɔ ahorow a efi China ka mmofra “awudi, odwotwa, korɔnbɔ, mmonnaato, nnubɔne a wɔtɔn ne apoobɔ” ho asɛm.
Saa nsɛmmɔnedi yi bi wɔ hɔ a wɔde kɔ wɔn awofo mpo so. Asetra mu nsɛm ho nimdefo Richard J. Gelles boa ma wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi a ɛdaa no adi sɛ wɔ Amerika no “amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, anyɛ yiye koraa no, mmofra a wɔadu mpanyin afe so ɔpepem 2-1/2 bɔ wɔn awofo pɛnkoro. Awofo a wɔwɔ mma a wɔadu mpanyin afe so bɛyɛ 900,000 no, . . . wɔbobɔɔ wɔn akutruku, kekaa wɔn, totow wɔn ntia, de nneɛma bobɔɔ wɔn, hwee wɔn, anaasɛ wɔde sekan anaa otuo hunahunaa wɔn anaasɛ wɔto bɔɔ wɔn ankasa.” Saa nneɛma a ɛyɛ hu yi si nea Bible ka siei sɛ nna a edi akyiri no mu no nnipa bɛyɛ wɔn a “wonni dɔ” no so dua. (2 Timoteo 3:3) Na nea egu awɔse mpo ne nea ɔde wiei sɛ ‘”ne nyinaa mu no, nkontaabu ne amanneɛbɔ ahorow no tew baabi a mmofra yɛ awofo ayayade kodu no so” no. (Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw ɔfã bi.)—The Urban & Social Change Review, Po 15, Number 1, 1982.
Aguamammɔ nso yɛ ɔkwan foforo a mmofra nam so sɔre tia wɔn awofo apɛde. Wɔ mmofra 160,000 a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ Amerika no mu no, ɔha biara mu 31 a na wɔadi efi mfe 13 kosi 15 no gye toom sɛ na wɔne obi ada pɛn. Efi mfe 16 kosi 18 no, na ɔha biara mu 58 ayɛ saa. Japan nso bɔ amanneɛ sɛ “mmabaa a wonnuu mpanyin afe so a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu no abu so kɛse wɔ mfe ason a atwam ni no mu.”
Mmofra a wɔrebɛn mpanyin afe so no nom nsa a ano yɛ den anaasɛ wɔfa nnubɔne kokoam. Bɛyɛ ɔha biara mu 43 kae sɛ na wɔnom marijuana anaasɛ wii. Wɔn a wɔyɛɛ nhwehwɛmu no hui sɛ marijuana yɛ ade a “mmofra a wɔrebɛn mpanyin afe so no pii nom no bere nyinaa.” Wɔn mu fã gye toom sɛ wodii atoro kyerɛɛ wɔn awofo, sɛ wobisa wɔn marijuana a wɔnom ho asɛm a.
Mmofra afoforo, a wɔn awofo ma wɔn ho hiahia wɔn denam nea wɔhwehwɛ fi wɔn nkyɛn nanso wɔmmoa wɔn ɔkwan biara so no tew atua denam mmɔden a wɔmmɔ wɔ sukuu mu so. Na afoforo nso yɛ asoɔdena denam wɔn awofo abrabɔ pa anaa nyamesom mu gyinapɛn ahorow akyi a wonni no so. Mmofra a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 53 pɛ na wɔkae sɛ wobedi wɔn awofo som akyi. Wɔn a aka no kae sɛ wɔrenyɛ saa anaasɛ wonnim. Wɔn mu ɔha biara mu 17 pɛ na wɔkae sɛ wɔpɛ wɔn awofo afotu wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho; wɔn mu kakraa bi nso na wɔbɛhwehwɛ wɔn awofo afotu wɔ nnuru ahorow a wɔfa ho. Adwenhorow a ɛbɔ abira yi de akasakasa ba afie pii mu.
Nea Wubetumi Ayɛ
Enti wobetumi aka no ahotoso mu sɛ yɛn de yi yɛ awo ntoatoaso soronko, a anyin wɔ tebea horow a ɛyɛ soronko mu. Asoɔdenyɛ a ɛrekɔ so wɔ wiase, a adanse afoforo ka ho no ma yetumi hu no pefee sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri no mu.
Nanso, Yehowa Adansefo ahu sɛ Bible no sua siesie wɔn ma wotumi di nnɛyi nsɛm a emu yɛ den ho dwuma—ɛnyɛ abayɛn ho adwenhorow a ebiara bɔ ne yɔnko abira no. Wohu ahyɛde a ɛwɔ Efesofo 6:1-4 no sɛ ɛyɛ nea nyansa wom na ɛho wɔ mfaso: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ. . . . Na mo agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” Enti, Adansefo no ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woafi Bible no sua ankasa ase.
Sɛ wonyɛ ɔwofo mpo a, Bible no a wubesua no ho bɛba wo mfaso kɛse. Onyankopɔn Asɛm no mu a wobɛkɔ so ahwehwɛ no bɛboa wo ma woahu Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow yiye. Eyi ne adeyɛ a nyansa wom, efisɛ Bible hyɛ nkuran sɛ: “Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase Ebia wɔbɛkora mo so [Yehowa] abufuw da no.”—Sefania 2:3.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hela asɛmfua ma “asoɔdenyɛ” no asekyerɛ ankasa ne “sɛ obi yɛ nea wontumi nsakra n’adwene.”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
‘Awofo bɛyɛ 900,000 a wɔwɔ mma a wɔadu mpanyin afe so no, wɔbobɔɔ wɔn akutruku, kekaa wɔn, totow wɔn ntia, de nneɛma bobɔɔ wɔn, hwee wɔn, anaasɛ wɔde sekan anaa otuo hunahunaa wɔn anaasɛ wɔtow bɔɔ wɔn ankasa’
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
Ɛnã bia a ɔno nkutoo ne ne mma te kae sɛ: “Ansa na mefi adwuma mu abedu fie no na me mma apon sukuu bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa. Ɔkwan biara nni hɔ a metumi afa so ahu nea wɔreyɛ.”
[Kratafa 6 mfoni]
Awofo a wɔadi abayɛn adwene a ɛma mmofra yɛ nea wɔpɛ biara akyi no taa nya abofra a ɔyɛ nhyɛso