Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 5/1 kr. 8-9
  • Wiase A Ná Yesu Remmɔ Mpae Mma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase A Ná Yesu Remmɔ Mpae Mma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wowɔ Satan Wiase Afã, Anaa Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo No Afã?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Adiyisɛm Nhoma No Mu Nsɛm—Ɛfa Onyankopɔn Atamfo Ho Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Asomdwoe, Ahotɔ, ne ‘Aboa no Honi No’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nkekaboa Abien a Wɔne Wɔn Di Asi
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 5/1 kr. 8-9

Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa

Wiase A Ná Yesu Remmɔ Mpae Mma

ANADWO ansa na ɔrewu no, Yesu bɔɔ mpae sɛ: “Meresrɛ mama wɔn [n’asomafo no], mensrɛ memma wiase.” (Yohane 17:9) Saa anadwo na ara no na Yesu odi kan aka “wi yi ase sodifo” ho asɛm. Bible no da saa sodifo yi adi sɛ ɔne Satan Ɔbonsam, “wi yi ase nyame [a ofura] wɔn a wonnye nni adwene ani” no.​—Yohane 16:11; 2 Korintofo 4:4.

Nanso dɛn ne saa wiase a Satan di so a na Yesu remmɔ mpae mma no? Ɛyɛ adesamma abusua a atew ne ho afi Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no ho no. Satan wiase ahyehyɛde no wɔ afã atitiriw abiɛsa a aka abom.

Nea edi kan no, atoro nyamesom a wɔyɛ ho mfonini wɔ Bible mu sɛ aguaman a odi mogya ho fɔ a wɔfrɛ no “Babilon Kɛse” no wɔ hɔ. Sɛ́ saa aguaman yi yɛ nyamesom nhyehyɛe no da adi wɔ Bible mu asɛm a ɛka sɛ “wɔde n’aduto [n’ahonhonsɛmdi, New World Translation] adaadaa amanaman nyinaa” no so. (Adiyisɛm 18:23) Wɔka ɔbea bɔne yi ho asɛm sɛ “ɔfe aboa kɔkɔɔ a . . . ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so.”​—Adiyisɛm 17:3.

Satan wiase ahyehyɛde no fã a ɛto so abien a ɛho hia ne amammui nniso horow a wɔde mmoa ahorow yɛ wɔn ho mfonini wɔ Bible mu no. (Daniel 8:20, 21) Sɛ́ wiase nniso horow a wɔte sɛ mmoa no nya wɔn tumi fi Satan nkyɛn no yɛ nea anisoadehu bi a ɔsomafo Yohane kyerɛwee no da no adi: “Mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree . . . na ɔtweasɛe [Satan Ɔbonsam] de ne tumi . . . maa no.”​—Adiyisɛm 13:1, 2; 12:9.

Satan wiase ahyehyɛde no fã titiriw a ɛto so abiɛsa ne adifudepɛ aguadi nhyehyɛe a ɛhyɛ afoforo so no. Wɔde “aguadifo” yɛ ɛho mfonini wɔ Bible mu. “Aguadifo” no gyina akyirikyiri na wosũ bere a wɔsɛe Babilon Kɛse no.​—Adiyisɛm 18:11, 15.

Nea ɛda Satan wiase no adi nso ne ɔbrasɛe ne abrabɔ bɔne a wohu wɔ hɔ no. Ne saa nti asomafo Paulo ne Petro nyinaa bɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi amanaman mufo no nneyɛe bɔne no ho. (Efesofo 4:17-19; 1 Petro 4:3, 4) Nneɛma a adesamma wiase nhyehyɛe yi mufo di ho dwuma titiriw ne “honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa.”​—1 Yohane 2:15, 16.

Nea ɛne asɛm a Yesu ka faa n’akyidifo ho sɛ “womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase” no hyia no, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛhwɛ yiye na wɔanyɛ Satan wiase no fã. (Yohane 17:16) Wɔremfa wɔn ho nhyɛ ne nyamesom ne n’amammuisɛm a aporɔw no mu, anaasɛ n’aguadi mu nneyɛe horow a nokwaredi nni mu no mu. Wɔbɛtwe wɔn ho afi n’abrabɔ bɔne no ho.

[Kratafa 9 mfoni]

Amammuisɛm a Aporɔw

Atoro Som

Adifudepɛ Aguadi

Abrabɔ Bɔne

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena