Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 5/1 kr. 20-22
  • Bere A Ɔhokafo Anni Nokware

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere A Ɔhokafo Anni Nokware
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Ankasa Nhwɛso
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wunya Mmɔborohunu?
  • Nhyira Horow Ma Mmɔbobohunufo
  • Gyinae A Wofi Mpaebɔ Mu Si
  • Di “Nea Onyankopɔn Aka Abom No” Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Hosea Nkɔmhyɛ No Boa Yɛn Ma Yɛne Onyankopɔn Nantew
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • So Aware Betumi Agyina Wɔ Awaresɛe Akyi?
    Nyan!—1997
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 5/1 kr. 20-22

Bere A Ɔhokafo Anni Nokware

NA ƐYAW no mu yɛ den dodo. Ná ɔbea no ne ne kunu wɔ ɔba ketewaa biako, na na ɔyem nea ɔto so abien. Afei wahu sɛ ne kunu akɔ ɔbea foforo ho. Wasɛe aware! Bere a ne werɛ ahow kɛse na wayɛ basaa no, onhu nea ɔnyɛ.

Nea ɛyɛ awerɛhow no, eyi nyɛ nea ɛntaa mma. Amanneɛbɔ a efi aman horow so da no adi sɛ awarefo pii nni wɔn ahokafo nokware nnɛ, na ɛde ɔhaw pii ba wɔn aware mu. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni a ohu sɛ n’aware mu ɔhokafo nni no nokware no yɛ?

Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛsɛ sɛ wosusuw nea Yesu kae wɔ asɛm no ho no ho: “Mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware foforo a, na wasɛe aware.” (Mateo 19:9) Dɛn na eyi kyerɛ? Sɛ aguamammɔ (a Bible mu no awaresɛe ne animguasede te sɛ ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da ka ho no) betumi agu aware. Wɔ Kyerɛwsɛm mu no, ɔhokafo a ne ho nni asɛm no wɔ hokwan sɛ ogyaa nea wayɛ bɔne no na ɔware foforo, a ɔnyɛ bɔne wɔ Onyankopɔn anim.a

Nanso, so ɛsɛ sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no yɛ eyi?

Onyankopɔn Ankasa Nhwɛso

Nhwɛso bi a efi tete Israel nna no mu boa yɛn ma yebua eyi. Onyankopɔn diyifo bi a wɔfrɛ no Hosea waree ɔbea a wɔfrɛ no Gomer na ɔne no woo babarima. Akyiri yi, Gomer sɛee aware na ɔne mmarima afoforo woo mma baanu. Ɛda adi sɛ ogyaa Hosea kodii n’adɔfo no akyi. Nanso Hosea yii mmɔborohunu kɛse adi. Akyiri yi ɔsan gyee Gomer, ɛwom mpo sɛ na ɛsɛ sɛ otua sika bi na ɔde agye no de. (Ɛda adi sɛ na n’adɔfo no agyaw no ma ɔwɔ ohia ne nkoasom mu.) Enti sɛ anka ɔne ne yere bedi no sɛnea mmara kyerɛ no, Hosea yii mmɔborohunu adi kyerɛe.

Wɔde saa mmɔborohunu a Hosea yii adi kyerɛe yi dii dwuma wɔ Bible mu sɛ mmɔborohunu kɛse a woyi adi kyerɛ ɔyere a wafom ho nhwɛso. Yehowa Nyankopɔn de ɔne Israel abusuabɔ too okunu ne ɔyere de ho. Ɔkae bere bi sɛ, ‘Me ankasa mene wɔn wura.’ (Yeremia 31:32) Nanso, te sɛ Hosea yere no, Israelfo anni nokware. Mpɛn pii no wɔsom atoro anyame na wɔnam saa yɛ so sɛee aware honhom mu. (Hosea 6:10; 7:4) Sɛnea n’ankasa ne mmara te no, anka Onyankopɔn betumi ‘agyaa’ wɔn, atow wɔn agu. Dɛn na ɔyɛe?

Te sɛ Hosea no, ɔkyerɛe sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛsan agye ne “yere” a wafom no, sɛ obegyae n’abrabɔ bɔne no a. Ɔhwɛɛ bere a “Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ [Yehowa] wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba [Yehowa] ne ne papa ho, nna a edi akyiri no mu.”​—Hosea 3:5.

So Kristoni betumi ayi bɔne fafiri a ɛte saa a efi ɔdɔ mu adi akyerɛ ne hokafo a wafom?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wunya Mmɔborohunu?

Yiw, na nokwarem no, pii ayɛ saa. Awarefo a wɔsɛe aware no de wɔn daakye hyɛ wɔn ahokafo a wɔn ho nni asɛm no nsam. Nanso mpɛn pii no eyinom ahu sɛ ɛyɛ wɔn ahokafo no pɛ sɛ wɔde befiri. Dɛn nti na wɔyɛ saa?

Ade biako ne sɛ, wɔkaee sɛ aware yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn nkyɛn na ɛnsɛ sɛ wogu no basabasa. Wɔasusuw mmɔborohunu kɛse a Onyankopɔn ayi adi akyerɛ yɛn nyinaa no ho na wɔakae sɛnea n’ani gye kɛse bere a yeyi mmɔborohunu adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho no. Yesu kae sɛ: “Nhyira ne mmɔborohunufo, na wɔn na wobehu wɔn mmɔbɔ.”​—Mateo 5:7.

Mmɔborhunu betumi ayɛ yiye, titiriw bere a nea wafom no di bɔne a wayɛ no ho awerɛhow kɛse na ɔde nokwaredi nu ne ho wɔ ho no. Wɔ asɛm a ɛte saa mu no, ɔhokafo a ne ho nni asɛm no betumi ate nka sɛ ɛho hia sɛ ɔbɔ mmɔden di yaw a asɛm no yɛ no so na ɔbɔ mmɔden boa ɔbɔnefo no ma ɔsakra. Bɔne fafiri a ɛte saa a efi ɔhokafo a ɔwɔ ɔdɔ nkyɛn no betumi aboa ɔbɔnefo a wanu ne ho no ma wahu ɛbo a aware som no asen biara na ama wayere ne ho sɛ ɔremfa saa kwan no so bio.

Kae nso sɛ ɛtɔ da bi a tebea a anigye nni mu wɔ fie na ɛde awaresɛe ba​—nanso ɛnyɛ bere nyinaa. So ɛno bɛma aniberesɛm a awaresɛe yɛ no ano abrɛ ase? Dabida! Nanso kae a ɔbɛkae sɛ na tebea bi a ɛte saa wɔ hɔ no betumi aboa nea ne ho nni asɛm no ma wahu nea obetumi ayɛ de aboa ɔhokafo a ɔyɛ bɔne no na wamfom kwan bio.

Sɛ nhwɛso no, ebia okunu de nnɔnhwerew pii bɛyɛ adwuma anaasɛ wɔ biribi foforo a ɛho hia akyidi mu. Ebia ɔno ankasa ani begye yiye, na ɔyere a ogyaw no wɔ fie no nso ɛ?

Anaa susuw okunu a na ofi adwuma ba fie a wabrɛ, na ɔmmɛto obiara wɔ fie, wonsiesiee aduan biara na ntade ɛ ayɛ fĩ sum fam hɔ no ho. Ná ɔyere yɛ nnwuma afoforo wɔ baabi a akyinnye biara nni ho sɛ ɛho hia na ɛfata, nanso nea ɛde bae ne sɛ okunu no tee nka sɛ wobu ani gu ne so na ne ho nhia. Enti ɔdan n’adwene kɔɔ ɔbea foforo so. Bere a asɛm no puei no, ɔsrɛɛ bɔne fafiri na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔrenyɛ saa bɔne yi bio. Nanso ɔyere no yɛe sɛ obegyaa no, a ampa nso na ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ saa, efisɛ ne kunu ayɛ bɔne kɛse. Nanso so ɔyere no betumi aka sɛ onni sõ koraa wɔ aware tebea bɔne a ɛma ɔkɔbɔɔ aguaman no ho anaa?

Enti, esiane nneɛma ahorow bi nti, ebia Kristoni bɛpaw sɛ obesuasua Onyankopɔn ankasa na ɔde ne hokafo a wafom no bɔne afiri no. Sɛ ɔyɛ saa a, ebetumi de nhyira horow aba. Nhyira horow bɛn?

Nhyira Horow Ma Mmɔbobohunufo

Nea edi kan no, bebree a wɔde wɔn hokafo a wanni nokware nanso wanu ne ho no bɔne firi no no atumi ama wɔn aware no asan ayɛ fɛfɛɛfɛ. Okunu, ɔyere ne mmofra no atumi anya ofie asetra a ɛyɛ anigye bio. Nokwarem no, eyi yɛ botae a ɛfata sɛ wɔyɛ ho adwuma.

Mpɛn pii no onii a wɔde afiri no no nya ne hokafo a ne ho nni asɛm no mmɔborohunu no ho anisɔ kɛse. Ebia obehu ahobrɛase ne ɔdɔ su horow a ne hokafo no wɔ a na onnim no yiye no, titiriw sɛ ohu tebea a enye koraa a ɔde baa ne hokafo no so no a.

Eyi na ɛbae wɔ abusua a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no fam. Ɛyɛ ampa sɛ ɔyere no werɛ howee kɛse bere a ohui sɛ ne kunu anni no nokware no. Na ɔwɔ Kyerɛwsɛm mu hokwan sɛ ogyaa no na ogu aware no. Nanso, anka eyi betumi ama ne mma no abɛyɛ mmofra a wonni agya na ɔno nso abɛyɛ ankonam.

Mmom no, osusuw ne ba ketewaa no ne foforo a ɔreba no ho. Osusuw awerɛhow kɛse a ne kunu dii no nso ho na osusuw ɔdɔ a bere bi a atwam no na anka ɛwɔ wɔn ntam no ho. Enti, ɔpawee sɛ obesuasua Yehowa Nyankopɔn na ɔde ne kunu a wanu ne ho no bɔne afiri no. Ne kunu ani gyei kɛse. Ɛdenam mmoa a ne yere fi ɔdɔ mu de mae no so no, wasan asi ne dedaw mu ma n’abusua no ne ne nnamfonom anya obu ama no bio. Saa asɛm no atwam. Saa abusua a anigye wom no aka abom na wɔde biakoyɛ reyɛ daakye ho adwuma.

Gyinae A Wofi Mpaebɔ Mu Si

Yɛrentumi mmu Onyankopɔn mmara so a wobu no adewa wɔ ɔkwan biara so. Wɔn a wonni wɔn aware mu ahokafo nokware no di fɔ wɔ Yehowa Nyankopɔn anim, Nea ɔhye hyɛɛ aware maa nnipa no. Sɛ abusua no mu tetew a, ɛsɛ sɛ wohu sɛ wɔn ankasa bɔne na ɛde aba. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan ne Onyankopɔn nya abusuabɔ na wɔde ahotoso hwɛ bɔhyɛ ahorow a ɔde ma yɛn no kwan a, ɛsɛ sɛ wonu wɔn ho na wɔsakra wɔn adwene ne wɔn abrabɔ bɔne no​—sɛ wɔn hokafo no de firi wɔn oo, wamfa amfiri wɔn oo.

Nanso, ɛnsɛ sɛ wobu ntetewmu sɛ nea ɛsɛ sɛ ɛba ɔkwan biara so. Sɛnea Hosea de firii Gomer, na Yehowa de firii Israelfo a wɔbɔɔ honhom fam aguaman mpɛn pii no, anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ ɔhokafo a onni fɔ no susuw aware no so a ebia wobetumi akora no ho na wosusuw ho mpaebɔ mu. Eyi betumi ayɛ ɔkwan a wɔnam so kyerɛ obu ma aware Hyehyɛfo no, na ebia abue kwan nso ama awarefo no ma wɔasan anya anigye wɔ wɔn aware mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban March 15, 1983, nkratafa 29, 30.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena