Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 6/1 kr. 8-13
  • Biribi Pa Ho Asɛmpa A Wɔka Kyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Biribi Pa Ho Asɛmpa A Wɔka Kyerɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wo Nyankopɔn Di Hene!”
  • Onyankopɔn Ahyehyɛde No Redi Dwuma
  • Ntrɛwmu Kɛse!
  • “Mommom Nto Anigye Dwom”!
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
  • Adansedi De Ahenni Nkɔso Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Yehowa ‘Yɛ No Ntɛm’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Ahenni Ɔsɛmpɔw No Akyi A Wogyina Wɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 6/1 kr. 8-13

Biribi Pa Ho Asɛmpa A Wɔka Kyerɛ

“Sion, nyan ɛ, nyan ɛ! Hyɛ w’ahoɔden!”​—YESAIA 52:1.

1. (a) Ɔkwan bɛn so na wiase atesɛm nkrataa adi nkogu? (b) Dɛn na nsɛm Fibea a onim nyansa sen biara no da no adi?

SAA nteɛm yi bae wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mfitiase hɔ. Na dɛn ntia? Efisɛ na bere adu sɛ wɔka biribi a eye ma adesae mma ho asɛmpa kyerɛ. So yɛkenkan saa asɛmpa yi wɔ wiase atesɛm nkrataa mu? Dabi, efisɛ atesɛm nkrataa ahorow no ani gye mmom sɛ ɛbɛbɔ ahodwiriwde a ɛrekɔ so wɔ wiase ho amanneɛ, anaasɛ ɛbɛbɔ nsɛmmɔnedi ne ɔbrasɛe a ɛrekɔ anim no ho dawuru. Nanso, wontumi nkyerɛ nea ɛbɛma afi hɔ. Nnɛ, nnipa pii suro ɔsɛe a asiane kɛse bi de bɛba, sɛ ebia nuklea ɔtopae horow a nnipa ankasa ayɛ a ebia wɔbɛtow. Nanso Obi a onim nyansa kɛse sen ɔdesani ara kwa no ka kyerɛ yɛn sɛ, sɛ wiase yi awiei ba a, ebefi Beae foforo koraa. Ɛbɛyɛ Onyankopɔn ankasa atemmu ho dwumadi wɔ nnipa bɔne ne aman a wodi nsɛmmɔne so. (Dwom 110:5, 6) Saa nsɛm Fibea yi ka mfirihyia apem a ɛyɛ nwonwa a wɔde bɛyɛ nsiesie adwuma nso ho asɛm, bere a wɔde yɛn asase yi so tebea horow ne adesamma a wɔwɔ so no bɛba pɛyɛ tebea a anuonyam wom mu no. Ɛno yɛ asɛmpa ampa!​—Adiyisɛm 20:6; Dwom 72:16, 18, 19; Romafo 8:21.

2. Asɛm a ɛho hia bɛn na wɔteɛm ka mprempren, na ɛsɛ sɛ wogye so dɛn?

2 Yesaia teɛm sɛ, ‘Nyan ɛ, nyan ɛ!’ Dɛn nti na ɛho hia saa? Wiɛ, Bible nkɔmhyɛ a anya mmamu kɛse fi afe 1914 reba da no adi sɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛnam Yesu Kristo so, “Onyankopɔn teasefo kurow, ɔsoro Yerusalem,” redi tumi wɔ ɔsoro mprempren. Ɛsɛ sɛ Sion, Onyankopɔn soro ahyehyɛde, no ananmusifo a wɔwɔ asase so no nyan na wɔyɛ adwuma denneennen. Ɛsɛ sɛ wɔde ahoɔden a Onyankopɔn de ma wɔn a wotie no sɛ sodifo no ka asɛmpa yi.​—Hebrifo 12:22; Asomafo no Nnwuma 5:32.

3. Hena na Yesaia kasa kyerɛ no, na dɛn na ɔka kyerɛ no sɛ ɔnyɛ?

3 Yesaia toa so sɛ: “Yerusalem, kurow kronkron, hyɛ w’anuonyam atade! Na momonotoni ne nea ne ho ntew bi renkɔ so nhyɛn wo mu bio. Yerusalem, poroporow wo ho mfutuma gu, sɔre, tra ase! Sion babea a wɔafa wo dommum, sansãn wo kɔn mu nkyehama!”​—Yesaia 52:1, 2.

4. Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ no anya afeha a ɛto so 20 mmamu?

4 Saa nkɔmhyɛ yi anya mmamu a ɛyɛ nwonwa wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu! Wɔ 1914-18 Ɔko Kɛse no mu no, Kristofo a wɔasra wɔn no bɛyɛɛ honhom mu nkoa, na wɔde binom koguu afiase ankasa, a na Ɔwɛn Aban Asafo no mu mpanyimfo ka ho. Nanso 1919 mu no woyii wɔn. Sɛ wɔn a wogyina ɔsoro Sion ananmu no, saa Kristofo yi hyehyɛɛ wɔn “ntade” a ɛyɛ fɛ wɔ Onyankopɔn anim​—nea ɛma wɔda nsow sɛ amansan nyinaa Sodifo no nkoa no. Wɔtwee wɔn ho fii abrabɔ fam ne honhom fam afide nyinaa ho.​—Fa toto 2 Korintofo 6:17 ho, faako a ɔsomafo Paulo de asɛm a ɛwɔ Yesaia 52:11 di dwuma no.

5. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo adi Yesaia frɛ ne Yesu nhwɛso no akyi?

5 Enti Onyankopɔn ankasa nkurɔfo twee wɔn ho koraa fii atoro nyamesom nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe ho. Bere a wɔresuasua nhwɛso a Yesu yɛe bere a ɔwɔ asase so no, wɔn nso wɔdaa wɔn ho adi sɛ “wɔnyɛ wiase no fã,” a n’amammui a aporɔw ne basabasayɛ a ɛrekɔ so kɛse no ka ho. (Yohane 18:36; Adiyisɛm 18:2, 4) Nanso bere a wɔsɔre fii wɔn tebea a na ɛba fam no mu na wobenyaa gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim no, na ɛsa sɛ wodi wɔn Wura no anammɔn akyi yiye, sɛnea yebehu afei no.​—1 Petro 2:21.

“Wo Nyankopɔn Di Hene!”

6. Hena “anan” na ɛde asɛmpa ba nnɛ, na atirimpɔw bɛn nti na ɔba nnɛ?

6 Tie nsɛm a edi so a odiyifo no kae no yiye: “Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara! ɔka asomdwoesɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagye asɛm, na ɔka kyerɛ Sion sɛ: wo Nyankopɔn di hene!” (Yesaia 52:7) Saa asomdwoe Bɔfo yi nyɛ onipa foforo biara sɛ Ɔhene Yesu Kristo. Bere a ɔwɔ asase so no, wɔde Onyankopɔn honhom sraa no sɛ ɔnka asɛmpa nkyerɛ ahiafo, wɔn a wɔn koma abubu. Nanso afei, bere a ‘amanaman no bere adu’ wɔ 1914 mu no, ‘ɔba n’anuonyam mu a n’abɔfo ka ne ho’ sɛ obedi hene na wabu aman ne nnipa a wɔwɔ asase so no atɛn.​—Luka 4:18; 21:24; Mateo 25:31, 32.

7. Asɛm bɛn na Ɔbɔfo no de ba?

7 Yɛ Ɔbɔfo yi ho mfonini, sɛnkyerɛnne kwan so, bere a ohuruw fi bepɔw biako so kɔ foforo so, a ne ho pere no sɛ ɔbɛka nneɛma pa ho asɛmpa akyerɛ wɔn a wɔhwehwɛ Onyankopɔn no. Hwɛ sɛnea ‘n’anan’ yɛ fɛ fa! Wɔ ahoɔhare mu no ɛde no kɔ n’asomdwoe adwuma no yɛ so. Nnamyɛ so no, ɔpae mu ka nkwagye kyerɛ “Sion babea,” honhom mu Israelfo 144,000 no nkaefo a wɔagyae wɔn no a bere bi a atwam no na wɔafa wɔn nnomum no, na eyi akyi ɔpae mu ka kyerɛ ‘nnipakuw kɛse a wofi aman nyinaa mu’ a obi ntumi nkan wɔn no.​—Adiyisɛm 7:4, 9, 10.

8. Dawurubɔ a ɛkanyan adwene bɛn na wɔda no adi nnɛ, na dɛn ntia?

8 Asomdwoe asɛm ne asɛmpa a wɔka kyerɛ no gyina asɛm a ɛne sɛ: “Wo Nyankopɔn di hene!” no so. Hena ne Onyankopɔn yi, na ɔkwan bɛn so na ɔba bɛyɛ Ɔhene? Ɔno ne Onyankopɔn a wobu ne din animtiaa na wɔntaa mmɔ wɔ Kristoman asɔre horow no mu, a ɔne Ɔsorosoroni Awurade YEHOWA no. Ɔno na ɔka wɔ nkyekyem ahorow a edi anim wɔ Yesaia 52 no mu sɛ: “Wɔka me din ho abususɛm daa yi, daa adesae. Ne saa nti me man behu me din.” Afei de ɛsɛ sɛ wɔsan saa din a din biara ne no nsɛ no ho, efisɛ n’atemmu bere ma amanaman no adu. Ɛsɛ sɛ eyinom nso suro no sɛ “amanaman Hene.”​—Yesaia 10:7; Adiyisɛm 14.:7.

9. (a) Dɛn ne “yɛn Awurade” ne “ne Kristo” no dibea horow nnɛ? (b) Dɛn na Onyankopɔn ayeyifo nyinaa betumi ada ho ase?

9 Saa Ɔhene kɛse yi ne Awurade a nne akɛse a efi soro kaa ne ho asɛm wɔ nneɛma a esisii wɔ 1914 mu ne akyi no mu no, sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne [ne] Kristo no de, na obedi hene daa daa.” Eyi akyi nso Onyankopɔn asomfo afoforo nso de ayeyisɛm ka ho sɛ: “Yɛda wo, [Yehowa], ade nyinaa so tumfoɔ a wowɔ hɔ dedaw, na wowɔ hɔ no ase, sɛ woafa wo tumi kɛse, na woadi hene. Na amanaman no bo afuw, na w’abufuw . . . bere no adu.” Ahenni bere yi mu no, Kristo Yesu ne n’agya, Awurade Yehowa, a obu atɛn trenee mu no di Hene.​—Adiyisɛm 11:15, 17, 18; 12:10; Yohane 5:30.

10. Bere a ɔde Yoel 2:32 ne Yesaia 52:7 redi dwuma no, dɛn na Paulo kyerɛe?

10 Ɛnyɛ saa Ɔhene a ɔsan yɛ ɔsomafo yi nkutoo na ɔka asomdwoe asɛm. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ nea enti, na ɔde asɛm a ɛwɔ Yoel 2:32 no di dwuma sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no benya nkwa.” Afei Paulo bisabisa nsɛm ahorow na ɔde asɛm a ɛwɔ Yesaia 52:7 no si so sɛ: “Na afei ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ nea wonnye no nni? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi? Nanso sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte? Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛka asɛm? Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ dɛn ara!”​—Romafo 10:13-15.

11. Ɔkwan bɛn so na pii akyerɛ nnɛ sɛ wɔwɔ ‘anan a ɛyɛ fɛ’?

11 Enti afoforo nso wɔ ‘anan a ɛyɛ fɛ.’ Eyinom atie asɛmpa a Onyankopɔn Bɔfo no ka kyerɛ no. Na wɔn nso wɔaba abɛyɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo​—Ahenni no ho asɛnkafo dɔm. Na nnɛ wɔn dodow adu bɛyɛ ɔpepem abien ne fã, a wɔyɛ mmarima, mmea ne mmofra a wofi adesamma aman nyinaa mu! Hokwan bɛn ara na ɛyɛ wo de sɛɛ, sɛ woka eyinom ho, reka ‘biribi pa ho asɛmpa’! Na w’anan ankasa nso som bo, sɛ ɛtaa de wo kɔ afie afie bere a wokɔka nkwagye asɛm no a! Efisɛ saa kwan yi so no worenya kyɛfa wɔ Dwom 19:4 mmamu mu, nea Paulo fa hɔ asɛm ka wɔ Romafo 10:18 no, sɛ: “Wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duu wiase ano.” Hwɛ Dwom 99:1-3; 148:12, 13 nso.

Onyankopɔn Ahyehyɛde No Redi Dwuma

12. (a) Eyi yɛ bere a ɛho hia kɛse ma dɛn? (b) Nokware atitiriw bɛn na wɔdaa no adi wɔ 1925 mu?

12 Yiw, ‘Onyankopɔn ayɛ ɔhene!’ Enti nnɛ ne bere a eye sen biara a ɛsɛ sɛ wudi ahurusi wɔ Yehowa, ateasefo Nyankopɔn no din mu, na wokamfo no kyerɛ sɛ Amansan Hene. Wɔ 1920 mfe no mu no, Onyankopɔn nkoa a wɔasra wɔn nkaefo no ani gyei kɛse sɛ hann a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no kɔɔ so ‘hyerɛn maa atreneefo.’ Engiresi Ɔwɛn-Aban, March 1, 1925, a wotintimii no daa biribi titiriw adi. Emu asɛm titiriw a wɔtoo din “Ɔman no Awo,” no daa nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛkyerɛ sɛ ná wɔawo Onyankopɔn Ahenni a wɔahyɛ ho bɔ no wɔ ɔsoro 1914 mu, ne sɛ na Mesia Hene no atow Satan ne n’abɔfo no agu asase so, ne sɛ ɛsɛ sɛ ɔko bi ba Onyankopɔn ahyehyɛde no ne Satan ahyehyɛde no ntam no adi.​—Dwom 97:12; Adiyisɛm 12:1-12.

13. (a) Nkɔso bɛn na Yehowa nkurɔfo nyae de besi 1938? (b) Dɛn na ɛbae wɔ mmere a ɛsɛ mu wɔ 1938?

13 Bere a honhom mu akodi yi kɔɔ anim no, wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no afã no nyaa ahoɔden denam Bible mu ntease a wɔkɔɔ so nyae no so, na wɔn dodow kɔɔ so nyinii, kosii sɛ wɔ 1938 mu no, nnipa 50,769 buu Ahenni adwuma ho akontaa wɔ amanaman ntam adansedi bere no mu. Nkɔso ntɛmntɛm a ɛbae no hwehwɛe sɛ wɔyɛ nhyehyɛe pa, na Yehowa de ɛno mae wɔ bere pa mu! Ɔwɛn-Aban abien a wotintimii, June 1 ne 15, 1938 de no, fae sɛ wɔn adesua asɛmti: “Ahyehyɛde.” Wɔ July ne August mu no wɔde asɛmti “Ne Ko,” a na ekura afã horow anan toaa so. Wɔde teokrase nhyehyɛe ankasa baa Yehowa Adansefo mu, na eyi hyɛɛ wɔn den maa honhom fam akodi kɛse. Sɛnea na Yesaia nkɔmhyɛ no ada no adi wɔ ti 60, nkyekyem 17 ne 22 no, na nkɔso a aba wɔ Onyankopɔn nkurɔfo tebea mu no bɛma Yehowa Ahenni adwuma akɔ so ntɛmntɛm.

14. (a) Dɛn na akɔ so wɔ yɛn bere so a ɛne Salomo adansi nhyehyɛe no di nsɛ? (b) Ne saa nti asɛm bɛn na wobisa?

14 Ɔwɛn-Aban mu nsɛm ahorow yi a ɛfa “Ahyehyɛde” ho no de Salomo ahenni wɔ afeha a ɛto so 11 A.Y.B. reba mu no ne Yesu a wɔde no asi ahengua so, fi 1914 Y.B. mu no totoo ho. Salomo fii n’adansi adwuma no ase wɔ ne tumidi afe a ɛto so anan no mu. Egyee mfe 7 na ɔde sii asɔredan no, na egyee mfe 13 bio na ɔde wiee ahemfie no. Saa nso na, ɛda adi sɛ Awurade Yesu Kristo yɛɛ adansi adwuma, titiriw nea ɛfa nokware som a wɔbɛsan de asi hɔ ne ‘Onyankopɔn honhom mu fi’ a wobesi wɔ 1918-38 mu no ho. (1 Petro 4:17) Ɔwɛn-Aban a etwa to a ɛfa “Ahyehyɛde” ho no de saa asɛm yi baa awiei:

“Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ, Salomo adansi a yɛaka ho asɛm wɔ atifi ha no akyi mfe aduonu no ofii adansi adwuma bi ase wɔ ɔman no nyinaa mu. (1 Ah. 9:10, 17-23; 2 Be. 8:1-10) Afei Seba hemmaa no ‘fi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa.’ (Mateo 12:42; 1 Ah. 10:1-10; 2 Be. 9:1-9, 12) Eyi de asemmisa no ba sɛ: Dɛn na daakye a enni akyiri de bɛbrɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ asase so? Yɛde ahotoso bɛtwɛn, na yebehu.”

Na, dɛn na yehu nnɛ, bɛyɛ mfe 46 akyi?

Ntrɛwmu Kɛse!

15. (a) Nnɛyi “Seba hemmaa” bɛn na apue? (b) Ahyehyɛde mu nhyehyɛe horow bɛn na aboa saa kuw yi, na wɔ ɔkwan bɛn so?

15 Nnɛyi “Seba hemmaa” kuw, Awurade “nguan foforo” no fi asase ano nohɔ ba yuu betie Yesu Kristo, a wɔde no asi ahengua so no nyansa. Nokware mu no ɔyɛ “nea ɔsen Salomo.” Ɛdenam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw”​—saa Kristofo a wɔasra wɔn kuw a Owura no ahyehyɛ wɔn de dwumadi ahyɛ wɔn nsa wɔ asase so no​—so no, akɔ so de honhom fam aduan pa ama. (Mateo 12:42; 24:45-47) Na bere a Wiase Nyinaa Ko II rekɔ so denneennen mpo no, saa “akoa” yi yɛɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaka asɛmpa no akɔ akyiri kɛse. Wɔ 1943 mu no, wobuee Gilead Ɔwɛn Aban Bible sukuu no ano wɔ South Lansing, New York, U.S.A. Wɔtetee asomfo a wɔn ho akokwaw ma wɔbɛyɛɛ asɛmpatrɛwfo, asram asia biara na wɔsomaa nnipa bɛyɛ ɔha a wɔawie adesua no kɔɔ wiase nyinaa.

16. (a) Dɛn na nkontaabu a ɛka ho yi da no adi wɔ ntrɛwmu a aba fi 1943 no ho? (b) Dɛn na aba wɔ mfe du a etwaam no mu?

16 So Yehowa ahyira adwuma a n’adansefo no reyɛ no so anaa? Nkontaabu a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 11, a ɛkyerɛ Ahenni adawurubɔfo dodow a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wobuu Yehowa som adwuma ho akontaa mfe du biara fi 1943 no, de mmuae no ma. Nkɔso a aba wɔ mfe du a atwam yi mu no yɛ nea yɛn ani gye ho kɛse mprempren. Na eyinom yɛ sɔhwɛ ne nhuwso bere, bere a ebinom a wonwiinwii na wɔwae fii gyidi no ho fii ahyehyɛde no mu no. Na ayɛ mfe a ɛyɛ nwonwa a wɔde ayɛ adansi ne nhyehyɛe ahorow, ne anuanom a wɔbɛhyɛ wɔn den ama dwumadi a ɛda yɛn anim no. Efisɛ akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ “nguan” no anoboaboa no kɔ so bio ansa na ‘nkurow adan akurofõ.​—Yesaia 6:11; Fa toto Luka 22:31, 33; Mateo 25:31-33 ho.

17. Dɛn nti na Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa ani betumi agye?

17 Wɔ 1983 mu nso Ahenni adwuma no kɔɔ so kɛse. Wiase nyinaa no, ɛkame ayɛ sɛ ɔman biara fii ase buu adawurubɔfo dodow a ɛkɔ soro sen biara wɔ asɛnka adwuma no mu ho akontaa. Adaka a ɛwɔ nkyɛn ha no mu nsɛm no da anigye a anuanom renya bere a Yehowa ma saa nkɔso yi ba no adi. Nkɔso kɛse bae wo fefɛw bere ne ahohuru bere asram no mu, na wiase nyinaa no, yenyaa adawurubɔfo dodow a ɛkɔ soro sen biara 2,652,323​—na eyi boro 1982 dodow a ɛkɔ soro sen biara no so 174,715 wɔ nsase ahorow 205 so. Yeyi Yehowa ayɛ wɔ saa nhyira yi ho!​—Malaki 3:10; Deuteronomium 28:12, 13

18. Ɛsɛ sɛ asubɔ ahorow ho amanneɛbɔ no kanyan yɛn ma yɛyɛ dɛn?

18 Hwɛ anigye ara a ayɛ nso sɛ yehu nnipa pii a wɔreyɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne denam nsu mu asubɔ so! Wɔ “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam horow a wɔyɛe 1983 mu no ase no, afoforofo pii nam saa kwan yi so baa Kristofo biakoyɛ mu wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu. Wɔbɔɔ nnipa dodow 161,896 asu wɔ 1983 mu, eyi boro afe a etwaam de no so ɔha biara mu 17. Yɛsrɛ sɛ Yehowa bɛma ‘yɛayi nam’ pii bio wɔ 1984 mu! (Yeremia 16:16) Bere a yehu wɔn a wɔfata no, momma yɛmfa Onyankopɔn Asɛm a yɛde bedi dwuma yiye no so mma wɔn aduan, na yɛmfa nhoma fɛfɛ abien yi, Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ne United in Worship of the Only True God nni dwuma.​—Mateo 10:7, 11.

19. Dɛn na 1983 Nkaedi ho amanneɛbɔ no kyerɛ?

19 Nea ɛyɛ anigye sen biara ne Nkae a wodii March 29, 1983, anwummere wɔ asafo horow bɛyɛ 46,235 no mu wɔ wiase nyinaa ho amanneɛbɔ no. Nnipa 9,292 pɛ na wɔkyerɛe sɛ wɔwɔ ɔsoro anidaso denam abodoo no bi a wodii ne nsa no bi a wɔnomee no so, na ɛda adi sɛ na “nguan foforo” no mufo na wɔyɛ nnipa 6,767,707 a wɔbae no fã kɛse no ara​—dodow a ɛboro 1982 de no so 514,920. Hwɛ ahobrɛasefo nnipakuw kɛse a wɔrekyerɛ anigye wɔ Yehowa Ahenni atirimpɔw ahorow no ho!

20. Mmoa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma nnipa afoforo a wɔabɛka yɛn ho, ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw no, na dɛn ntia?

20 Wɔ Onyankopɔn honhom akwankyerɛ ase no, Ɔhene Dawid kae sɛ: “Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:11; hwɛ Mateo 5:5 nso.) Ma Yehowa Adansefo a wɔwɔ babiara mmɔ mmɔden mmoa ahobrɛase a wɔne wɔn bɔ fekuw, te sɛ wɔn a wɔba nkaedi ase no, na wɔmfa honhom mn mmoa mma wɔn a na anka wɔka wɔn ho a wɔayɛ mmerɛw no. Wɔn nkwa som bo ma Yehowa. (Mateo 18:14) Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu no, ɛsɛ sɛ eyinom ‘horo wɔn ntade ma ɛhoa wɔ oguammaa no mogya mu,’ na wɔkɔ so ma ɛyɛ fitaa. Ɛsɛ sɛ “nnipakuw kɛse” no mufo dodow kɔ anim bere nyinaa, bere a ahobrɛasefo pii da wɔn ho adi sɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so na wɔde anigye ne ne nkurɔfo nya ‘biribi a eye kyɛn so ho asɛmpaka adwuma’ no mu kyɛfa no.​—Adiyisɛm 7:9, 14.

Anka wobɛma mmuae dɛn?

□ Yesaia 52:1, 2 anya nnɛyi mmamu a ɛyɛ nwonwa dɛn?

□ Ɔkwan bɛn so na Yesaia 52:5-7 fa Ahenni adawurubɔfo ho?

□ Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam siesiee ne nkurɔfo maa daakye ntrɛwmu?

□ Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ Yehowa nhyira horow wɔ mfe dudu a atwam no mu, titiriw wɔ 1983 mu?

[Kratafa 12 adaka]

kontaabu ahorow a yɛn nsa kae wɔ afe 1983 mu fii Boa Dwumadibea ahorow nkyɛn no mu binom ni:

▪ Canada: Wɔanya dodow nkɔanim a ɛsen biara ahorow pii wɔ afe no mu a adawurubɔfo dodow 77,003, a ɛboro afe a etwaam dodow a wonyae ɔsram biara no so ɔha biara mu 13 ka ho.

▪ Chile: August mu no adawurubɔfo dodow a ɛkɔ soro sen biara a yenyae no yɛ 21,344, ɔha biara mu nkɔanim 25; 70,522 baa Nkaedi no ase.

▪ El Salvador: Efi January besi August no, yɛanya adawurubɔfo dodow a ɛkɔ anim sen biara nnidiso, na 12,008 bu akontaa, na ɛyɛ ɔha biara mu nkɔanim 25, na 44,967 baa Nkaedi no ase.

▪ Ireland: Yenyaa adawurubɔfo dodow foforo a ɛsen biara 2,215 August mu; 127 a wogyee asubɔ no yɛ ɔha biara mu nkɔanim 17.

▪ Israel: Adawurubɔfo 297 a ɛyɛ nea ɛkɔ soro sen biara a yenyae wɔ April mu no yɛ ɔha biara mu nkɔanim 14.

▪ Philippines: Ɔmantam nhyiam horow a yɛyɛe wɔ 1982 mu akyi no, adawurubɔfo no dodow fii 60,000 kɔɔ bɛboro 70,000.

▪ Sri Lanka: Yɛbɔɔ adawurubɔfo dodow a ɛkɔ soro sen biara nnidiso anum ho amanneɛ, a nea ɛkɔ soro sen biara wɔ May mu no yɛ 764​—ɔha biara mu nkɔanim 14.

▪ Afrika man bi a wɔabara adwuma no wɔ hɔ: Nnipa 25,430 a wɔkɔɔ Nkaedi no ase a ɛyɛ nwonwa no yɛ bɛyɛ adawurubɔfo a wɔwɔ ɔman no mu mmɔho abien ne fã.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 11]

(wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Ahenni Nkɔso Wɔ Mfe Dudu Ntam

Adawurubɔfo Dodow a Wobuu Akontaa

1943 109,794

1953 468,106 Nkɔanim: 358,312

1963 956,648 Nkɔanim: 488,542

1973 1,656,673 Nkɔanim: 700,025

1983 2,501,722 Nkɔanim: 845,049

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena