Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa
Daa Nkwa—Wobenya Wɔ He?
NÁ YESU reka akyerɛ n’asuafo no wɔ ha sɛ: “Trabere pii wɔ m’agya ofi; . . . merekɔ makosiesie baabi mama mo. Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn.”—Yohane 14:2, 3.
Ná ɔsoro ne Yesu fie. Ná Onyankopɔn asoma no fi hɔ aba asase so. Afei de na Yesu rehyɛ n’asomafo no bo sɛ ɔbɛba abɛfa wɔn akɔ ne nkyɛn ma wɔne no akɔtra wɔ ɔsoro. Nanso dɛn na Yesu ne n’asuafo no bɛyɛ wɔ ɔsoro?
Yenim sɛ Onyankopɔn paw Yesu sɛ ɔnyɛ N’Ahenni no so Hene. Nanso na ɛsɛ sɛ afoforo ne Kristo di tumi wo Onyankopɔn soro nniso no mu. Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Sɛnea m’Agya ne me ayɛ apam ahenni ho no, saa ara na me nso me ne mo yɛ.” (Luka 22:29, NW) Ná Paulo ne Timoteo bɛba abɛka wɔn a wɔne Kristo di hene no ho. Ɛno nti Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Sɛ yɛto yɛn bo ase a, yɛne no bedi hene.”—2 Timoteo 2:12. Nanso henanom na wɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no mma wɔ asase so? Ɔbarima a ɔrebɔ Yesu asu no yɛ ne na nua ba a wɔfrɛ no Osuboni Yohane. Yesu kae wɔ ne ho sɛ: “Wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane suboni [no].” Ɛdenam nokwaredi a ɔde siesiee kwan mu maa Kristo no na ɔboboaa wɔn a akyiri yi wɔbɛba abɛyɛ Yesu asuafo a wodi kan no ano mpo so no, Yohane daa no adi sɛ ɔyɛ kɛse ampa. Nanso Yesu kae wo ne ho sɛ: “Nea ɔyɛ aketewa koraa ɔsoro ahenni mu no ye kɛse sen no.” (Mateo 11:11) Enti Yohane renka wɔn a wokɔ soro na wɔne Kristo kodi hene no ho. Wɔbɛkan no aka Ahenni no mma pii a wɔbɛtra asase so no ho.
Bible no kyerɛ sɛ nnipa kakraa, “kuw ketewa,” bi na wɔbɛka ɔsoro na wɔne Yesu Kristo akodi hene. Bible no kyerɛ sɛ wɔn dodow yɛ 144,000. Adesamma nkae a wɔyɛ anokwafo no bɛtra asase so sɛ ahene yi nkoa.—Luka 12:32; Adiyisɛm 14:1, 3.
Wɔ Onyankopɔn Ahenni no trenee nniso ase no, asase yi bɛyɛ Paradise te sɛ nea Onyankopɔn pɛe sɛ ɛyɛ mfitiase no bere a ɔde Adam ne Hawa kɔtoo Eden Paradise no mu no. Ɛno na Bible bɔhyɛ no bɛbam sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.