Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 8/1 kr. 24-28
  • Nnansa Yi Ban Ma “Nguan Foforo”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnansa Yi Ban Ma “Nguan Foforo”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Odwanhwɛfoɔ Pa No ne Nnwammuo No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nguanhwɛfo A Wɔwɔ Ɔdɔ, Nguan A Wɔwɔ Ahotoso
    Nyan!—1988
  • Nnipakuw Kɛse a Wɔyɛ Nokware Asomfo—Ɛhe na Wofi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nguannan no ne Oguanhwɛfo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 8/1 kr. 24-28

Nnansa Yi Ban Ma “Nguan Foforo”

“Mewɔ nguan foforo a womfi bon yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.”​—YOHANE 10:16.

1. Henanom na wɔde wɔn baa honhom mu Israel nguannan no mu wɔ 36 Y.B. mu?

BERE a wɔde honhom fam Israel nguannan foforo no sii hɔ wɔ Pentekoste da afe 33 Y.B. mu no, honam fam Yudafo kan nguannan a ɛwɔ Mose Mmara apam no ase no twaam, bere a na awie n’adwuma no. Mfe abiɛsa ne fã akyi no, Roma asraafo ha so panyin Kornelio ne ne fifo gyidifo ne ne nnamfo nyaa adwensakra na wɔbɔɔ wɔn asu, na wɔde honhom kronkron sraa wɔn wɔ Kaesarea. Enti wɔde Amanaman mufo a wɔnnan mmɛyɛɛ Yudafo a wɔyɛ momonotofo no baa nguannan a Yesu Kristo yɛ “ɔpon no” mu. (Asomafo no Nnwuma ti 10) Saa kuw yi ne “Onyankopɔn Israel,” Israelfo wɔ honhom mu anaasɛ honhom mu Israel. So wobetumi aka eyinom mu bi​—Yudani anaasɛ Amanaman muni​—ho asɛm sɛ “womfi ban yi mu”​—kuw a wɔaboaboa wɔn ano sɛnea apam foforo no nhyehyɛe no te no? Dabida!​—Galatifo 6:16; Yohane 10:16.

2. Ɔkwan bɛn so na Yesu da so ara resom sɛ Oguanhwɛfo Pa ma wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu no?

2 Wɔ nnɛ bere yi mu no, Onyankopɔn Israel no nkaefo da so ara wɔ asase so, na saa nokwasɛm yi da no adi sɛ Yesu Kristo, a ɔyɛ apam foforo no Ntamgyinafo no yɛ Ɔnokwafo ne Oguanhwɛfo Pa. Enti ɛnnɛ mpo, wɔ bɛboro mfeha dunkron akyi no, Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no betumi aka nea ɔkae ansa na ɔrewu na wɔanyan no no ama afata a ɛnyɛ sɛ ɔrehoahoa ne ho, na yɛkenkan eyi wɔ Yohane 10:14, 15 sɛ: “Mene guanhwɛfo pa no; na minim me de na me de nso nim me, sɛnea agya no [Oguanhwɛfo Panyin no] nim me, na me nso minim agya no; na mede me kra meto hɔ mema nguan no.”

3, 4. Dɛn nti na wɔbɛma asono “nguan foforo” no wɔ “kuw ketewa” no ho?

3 Wɔ ha no, Yesu kɔɔ so kaa asɛm titiriw bi a ɛkyerɛ mmɔborohunu kɛse: “Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.” (Yohane 10:16) Henanom na ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ “nguan foforo” no?

4 Esiane sɛ saa “nguan foforo” yi mfi “ban yi” mu nti, na wɔremfa wɔn nka Onyankopɔn Israel a emufo no benya honhom mu anaasɛ ɔsoro akatua no ho. Aboro so koraa no, saa honhom mu Israelfo yi bɛyɛ “kuw ketewa” bi, efisɛ Yesu ka kyerɛɛ asuafo a wɔrebehwie honhom kronkron agu wɔn so wɔ Pentekoste da no sɛ: “Kuw ketewa, munnsuro efisɛ ɛyɛ mo agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.” (Luka 12:32) Nguankuw ketewa a wɔde ɔsoro Ahenni no bɛma wɔn a wɔne Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo bedi hene wɔ saa Ahenni no mu no dodow bɛyɛ honhom mu Israelfo 144,000.​—Adiyisɛm 7:1-8; 14:1-5.

5. Ɔkwan bɛn so na wubetumi de Adiyisɛm 14:4 adi dwuma de akyerɛ sɛ nguan foforo no wɔ anidaso a ɛyɛ soronko wɔ kuw ketewa no de no ho?

5 Adiyisɛm 14:4 ka sɛ: “Eyinom na wɔatɔ wɔn afi nnipa mu ayɛ wɔn mmakan ama Onyankopɔn ne oguammaa no.” Ɛbɛyɛ dɛn na saa 144,000 honhom mu Israelfo no atumi abɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so mmakan a wofi adesamma mu, sɛ wɔrennya nnipa afoforo, nnipa a wɔbɛba wɔ eyinom akyi a? Ɛnde, wɔ 144,000 honhom mu Israelfo, a wɔyɛ nguankuw ketewa adedifo a wɔwɔ apam foforo nguannan no mu akyi no, ɛsɛ sɛ wonya nguan foforo a wɔbɛboaboa wɔn ano akyiri yi. Na saa na aba, so ɛnte saa?

6, 7. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 22:17 renya mmamu, na henanom na wɔnto nsa mfrɛ wɔn wɔ ha sɛ “bra”?

6 Wɔ Adiyisɛm 22:17 no, wɔka too hɔ sɛ “honhom no ne ayeforo no se: Bra! Na nea otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” Ɛnyɛ sɛ na Kristo honhom mu ayeforo no reto nsa afrɛ ne ho sɛ “Bra!” a ɛkyerɛ sɛ ɔrekasa akyerɛ wɔn a Yehowa Nyankopɔn behia wɔn ma wɔabɛka ayeforo kuw no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn dodow no bedu 144,000 no. Na ɛyɛ saa “nneɛma nhyehyɛe yi awiei” a efii ase wɔ 1914 mu no mu na yɛate sɛ “ayeforo” no ne Oguanhwɛfo Panyin no honhom kronkron no reto nsa afrɛ afoforo.​—Mateo 24:3.

7 Saa asɛm yi yɛ nea wɔde frɛ adesamma a wɔwɔ asase yi so ha a wɔpɛ sɛ wonya ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ wɔ Onyankopɔn suban ne ne sɛso so wɔ Paradise a Onyankopɔn Ahenni nam Kristo so de bɛba asase so bio no mu no. Ɛnnɛ, wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi awiei mu no, wɔn a wɔafrɛ wɔn no ne “nguan foforo” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yohane 10:16 a na ne mmamu wɔ akyiri no mu no. Womfi “ban yi” a Oguanhwɛfo Pa Yesu ka ho asɛm wɔ hɔ no mu. Wɔnam “nguan” yi a wofi “ban yi” mu no so na wɔto nsa frɛ wɔn, na wɔde wɔn ho abɔ honhom mu nkaefo no ho wɔ nsa a wɔkɔ so ara to frɛ afoforo kosi sɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei bɛba no mu.

8. Nguan foforo no ho adwene bɛn na wonyae wɔ 1905 mu?.

8 Wɔ Zion’s Watch Tower a ɛbae March 15, 1905 no mu no, wotintim asɛm bi a ne ti ne “Nokware Guanhwɛfo, Nokware Nguan, Nokware Ban.” Ɛdaa nsonsonoe a ɛda nguan a wofi “ban yi” mu ne nguan foforo no ntam no adi. Esii so dua sɛ saa “ban yi” fa Kristofo a wɔrepaw wɔn no asafo wɔ bere a wɔtoo din “Asɛmpa yi bere” no mu no ho. Wɔ nsɛmti nketewa a, ɛne “Nguan Foforo a Wɔyɛ Nguankuw Foforo” ne “Mfɛfo Adedifo wɔ Bɔhyɛ Koro Mu” ase (nkratafa 89, 90) no, wɔkae sɛ:

“Nguan a na Awurade reboaboa wɔn ano afa wɔ bere a obuu bɛ yi mu no nyɛ honam fam Israel, na mmom honhom mu Israel. . . . Enti adwene a ebinom anya sɛ yɛn a yɛyɛ Amanaman mufo anaa ‘nguan foforo’ a wɔaka wɔn ho asɛm no yɛ wɔn a wɔde wɔn reba kuw biako no mu mprempren no yɛ nea ɛnteɛ. Ɛda adi sɛ ‘nguan foforo’ a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ bɛ yi mu no ne wɔn a wɔbɛba abɛyɛ Awurade no nguan bere a mprempren ‘kuw ketewa’ no awie du no.”

9, 10. (a) Dɛn nti na nguanten ne mpapo ho bɛ no rentumi nnya ne mmamu wɔ Mfirihyia Apem no mu? (b) Bere bɛn na wɔbɛboaboa nguan foforo no ano?

9 Wɔ saa asɛm no nkyekyem bi a edi akyiri mu no, wɔde “nguan foforo” no totoo “nguanten” a Yesu kaa wɔn ho asɛm wɔ nguanten ne mpapo ho bɛ no mu no ho, sɛnea wɔada no adi wo Mateo 25:31-46 no. Wɔ afe 1905 mu no wosusuwii sɛ saa bɛ no benya ne mmamu wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu wɔ “Onyankopɔn Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” wɔ Harmagedon akono no akyi. (Adiyisɛm 16:14-16) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ ná nguanten ne mpapo ho bɛ no yɛ Yesu asɛm a ɔde buaa n’asuafo no asemmisa a ɛkyerɛ sɛ dɛn na ɛbɛyɛ ne “ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe yi awiei” ho sɛnkyerɛnne no fã a etwa to. (Mateo 24:3, NW) Enti ɛsɛ sɛ saa bɛ yi nya mmamu wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei a efii ase wɔ afe 1914 mu no mu.

10 Enti yɛahu sɛ Oguanhwɛfo Pa Yesu Kristo ammoaboa “nguan foforo” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yohane 10:16 no ano wɔ afeha a edi kan no mu bere a Samariafo twetiafo no fii ase bɛyɛɛ Kristofo no. Na wanyɛ saa nso bere a Romafo asraafo ha so panyin, Amanaman muni Kornelio a ontwaa twetia no nyaa adwensakra wɔ bɛyɛ afe 36 Y.B. mu no. Wiɛ, ɛnde bere bɛn na Oguanhwɛfo Pa no fii ase boaboaa ne nguan foforo no ano? Mfehaha pii akyi, yiw, sɛnea nokwasɛm ahorow a ɛwɔ asɛm no mu kyerɛ no, ofii ase wɔ saa afeha a ɛto 20 yi mu.​—Asomafo no Nnwuma 8:4-17; 10:9-48.

11. Dɛn na honhom mu Israelfo no de wɔn adwene sii so de besii 1935?

11 Yehu sɛ ansa na afe 1935 fefɛw bere rebedu no, honhom mu Israelfo nkaefo a wofi “ban yi” mu no de wɔn adwene nyinaa sii wɔn a wotwa to a wohia wɔn ma wɔanya honhom mu Israelfo dodow a wɔhwehwɛ a ɛyɛ 144,000 no ano a wɔbɛboaboa aba saa ban, anaasɛ nguannan no mu no so. Eyinom ne wɔn a wotwa to a wɔde wɔn bɛba apam foforo a Oguanhwɛfo Pa, nea owui sɛ Onyankopɔn Guammaa de “daa apam no mogya” mae no yɛ ntamgyinafo no mu. (Hebrifo 13:20; Dwom 50:5) Ɛnde afei, dɛn na ɛbae wɔ 1935 mu?

12. Ade soronko bɛn na wɔyɛe wɔ 1935 nhyiam no ho?

12 Wɔtoo nsa frɛɛ Bible Asuafo a wosuro Nyankopɔn a wɔte sɛ Yonadab a ɔnyɛ Israelni no titiriw ma wɔkɔɔ nhyiam bi a Yehowa Adansefo nyinaa boom yɛe wɔ United States, Amerika kuropɔn Washington, D.C., mu no ase. Wɔ nhyiam no da a ɛto so abien, May 31 no mu no, nea na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no titrani saa bere no kasa a ɛfa Adiyisɛm 7:9-17 ho a ɛka “nnipadɔm kɛse” ho asɛm no maa wɔn a wɔkɔɔ nhyiam no ase no ani gyei. (Adiyisɛm 7:9, Authorized Version) Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ “nguan foforo” a wɔde Yonadab, anaasɛ Yehonadab, ɔbarima a na ɔnyɛ Israelni a ɔkaa Israel hene Yehu ho wɔ nnamyɛ a woyii adi maa Yehowa de tiaa wɔn a na wɔsom Baal atoro nyame no mu no ho mfonini no na wɔbɛyɛ “nnipadɔm kɛse” a wɔkaa wɔn ho asɛm too hɔ yi. (2 Ahene 10:15-28; Yeremia 35:6-19) Enti Yehu “annya asi a wɔne Yehowa di ho koma,” anaasɛ sɛnea Authorized Version kyerɛ no “ɔtwee ninkunu maa Awurade.”​—2 Ahene 10:16.

13, 14. (a) Henanom na wɔbɛyɛɛ nnɛyi Yonadabfo no? (b) Dɛn na na ɛfata sɛ wɔyɛ, na dɛn ntia?

13 Wɔn a wɔpɛe sɛ wɔyɛ te sɛ Yonadab na wɔka Oguanhwɛfo Pa no “nguan foforo” no ho no mu ɔhaha pii tiee nsa a wɔto frɛɛ wɔn no na wɔkɔɔ Washington nhyiam no ase. Sɛ wɔbɛyɛ nnɛyi sɛnkyerɛnne kwan so Yonadabfo a, ɛnde na Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ sɛ wohyira wɔn ho so koraa ma Yehowa Nyankopɔn denam ne Guanhwɛfo Pa no so na wɔde nsu mu asubɔ yɛ wɔn ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne sɛnea nguan a wofi “ban yi” mu no ayɛ no. Enti Memeneda, June 1, 1935 no, wɔbɔɔ nnipa a wɔbaa nhyiam no ase no mu 840 asu wo nsu mu, na na eyi te sɛ nnipa pii a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Pentekoste da afe 33 Y.B. mu wɔ Yerusalem no. Hwɛ ɔkwan pa a na Oguanhwɛfo Pa no nam so de akyerɛ sɛ w’asiesie ne ho sɛ ɔbɛhwɛ nguan foforo a wobetie ne nne sɛ wɔn Guanhwɛfo a wɔpɛ no no so. Hwɛ anigye ara a na eyi bɛyɛ ama no! Wɔ 1935 Washington nhyiam no akyi no, wotintim ɔkasa a wɔde kyerɛkyerɛɛ Adiyisɛm 7:9-17 mu no wɔ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no mu wɔ August 1 ne 15 1935 de no mu a ekura asɛmti “Nnipadɔm Kɛse No” (Afã 1 ne 2) .

14 Akenkanfo mpempem pii huu hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛba abɛyɛ Oguanhwɛfo Pa no nguan foforo ankasa na wɔde wɔn akɔ ban anaasɛ nguannan ankasa no mu no. Esiane eyi nti wɔma wɔbɔɔ wɔn asu ntɛm de yɛɛ wɔn ahosohyira a nyansa wom ma Oguanhwɛfo Panyin no denam ne Guanhwɛfo Kumaa, Yesu Kristo so no ho sɛnkyerɛnne. Esiane sɛ wonim sɛ Yehowa Guanhwɛfo Kumaa no de ne desani kra too hɔ maa nguan no nyinaa nti, wɔn nso, “wɔahohoro wɔn ntade” a wɔde hu wɔn no “ama ahoa” wɔ saa Onyankopɔn “Guammaa” no “mogya” mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfata ama nkwagye bere a wɔde ɔsoro atemmu ba no.

15. Nguan foforo no dodow akodu ahe, na eyi di dɛn ho adanse?

15 Nneɛma, nhyehyɛe yi bere a etwa to a efii ase wɔ Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu no amma awiei wɔ 1935 esiane si a Oguanhwɛfo Pa no de n’adwene sii nkwagye a ɔwɔ ma nguan foforo no so no nti. Ɛwom sɛ akɔ so ara abedu 1984 afe yi mu de, nanso awiei no bɛba bere a wɔaka Ahenni no ho asɛmpa no awiei no. Wɔ Awurade Anwummeduan afahyɛ no ase no, wɔn a wɔreda wɔn ho adi mprempren sɛ wɔwɔ nguan foforo no ban no mu no dodow yɛ ɔpepem pii, na afoforo a wontumi nkan wɔn nam kwan so reba ban no mu. Wɔn dodow aboro 144,000 a wɔapaw wɔn a wɔn na wɔde wɔn aba “ban yi” a ɛwɔ hɔ ma honhom mu Israelfo a wɔne Oguanhwɛfo Pa no yɛ yɔnko adedifo wɔ ne soro Ahenni no mu no mu no so dedaw. Saa nokwasɛm yi yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ womfi Oguanhwɛfo Pa no “kuw ketewa” no “ban yi” mu.​—Luka 12:32.

16, 17. (a) Abusuabɔ bɛn na ɛda nguan foforo no ne kuw ketewa no ntam? (b) Yesu asɛm a ɛfa “kuw biako” a wɔbɛyɛ ho no anya mmamu bɛn?

16 So nsonsonoe a ɛwɔ anidaso a wɔwɔ no mu​—ɔsoro anidaso ma nguan a wɔwɔ “ban yi” mu ne asase so anidaso ma nguan foforo a wofi ban foforo a wɔayɛ no mu no​—ama wɔn mu apaapae a wɔnyɛ biribiara mmom anaa? Nneɛma a akɔ so fi afe 1935 bua sɛ Dabi! Yesu, Oguanhwɛfo Pa no ka too hɔ sɛ ɛremma saa, efisɛ ɔkɔɔ so kae sɛ: “Wɔbɛyɛ kuw biako.” (Yohane 10:16) Yehu sɛ wanka sɛ, “Kuw biako wɔ ban biako mu.” Ɛwom sɛ wɔbɛyɛ nguankuw abien de, nanso wobenya “oguanhwɛfo biako” a ɔno ne Oguanhwɛfo a ɔyɛ Ɔhene a ɔredi tumi wɔ soro fi Amanaman Mmere no awiei wɔ afe 1914 mu no. Nea ɛne saa nokwasɛm yi hyia no, “nguan” no wɔ adwuma biako a ɛsɛ sɛ wɔbom yɛ, ‘ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka de adi amanaman nyinaa adanse,’ ansa na saa wiase dedaw yi nneɛma nhyehyɛe no aba awiei.​—Mateo 24:14.

17 Nguan foforo no nte nka wɔ ɔkwan biara so sɛ wɔatew wɔn afi nguankuw ketewa no ho. Wɔn nyinaa na wɔka bom yɛ Oguanhwɛfo Pa no nguan a wɔyɛ kuw biako no. Nguan foforo no ani gye fekubɔ pa a wɔne kuw ketewa no wɔ no ho, na wobu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse a wɔanya sɛ wɔne saa daakye ahene ne asɔfo a wɔbɛyɛ wɔn nkoa wɔ Mfirihyia Apem Ahenni no mu no bɛbom asom wɔ bere bi mu.

18. (a) Dɛn na ɛbɛba apam foforo no ne nguan a wɔasra wɔn a wɔwɔ “ban yi” mu no so daakye? (b) Akwanhwɛ bɛn na nguan foforo no wɔ?

18 Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu, bere a honhom mu Israelfo no wie wɔn asase so adwuma na wokonya wɔn soro akatua no, apam foforo a na egyina Ntamgyinafo, a ɔyɛ Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo so no begyae adwuma yɛ bere a awie n’adwuma no. Eyi bɛma Awurade Anwummeduan a wodi no afe biara wɔ Twam Da no agyae. Afei nso, saa honhom mu Israelfo nguankuw “ban yi” rentra hɔ bio. Nguan foforo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ no bɛka asase yi so na wɔanya nhyira a Ahenni a ɛyɛ Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo, ne ne mfɛfo asɔfo ne ahene 144,000 de no behwie agu wɔn so no. Nguankuw a wɔbɛka asase a wɔatew so no so ne nguan foforo a wɔyɛ biako no. Wɔbɛkɔ so atie wɔn Oguanhwɛfo a ɔyɛ Ɔhene no nne na eyi bɛma wɔanya daa nkwa wɔ ɔdesani pɛyɛ mu wɔ Paradise asase so.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

□ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nguan foforo no yɛ soronko wɔ wɔn a wɔwɔ kuw ketewa no mu no ho?

□ Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 22:17 renya mmamu nnɛ?

□ Bere bɛn ne ɛhe na wofii ase huu nguan foforo no?

□ Esiane sɛ nguan foforo no wɔ nguannan foforo mu wɔ wɔn a wɔasra wɔn de no ho nti, ɔkwan bɛn so na wɔyɛ kuw biako?

[Kratafa 25 mfoni]

Asɛm “Nnipadɔm Kɛse” a wotintimii wɔ 1935 mu no boa ma wohuu “nguan foforo” no

[Kratafa 27 mfoni]

Bere a “kuw ketewa” no anoboaboa no bɛnee n’awiei no, Yesu boaboaa “nguan foforo” kuw no ano

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena