Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 9/1 kr. 5-8
  • So Wiase Yi Betumi De Biakoyɛ Aba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wiase Yi Betumi De Biakoyɛ Aba?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amammui Kyerɛwtohɔ
  • Sikasɛm Nhyehyɛe Mu Basaayɛ
  • Asetra Mu Nsɛm A Ɛhaw Adwene Kɔ Anim
  • Ɛhe Na Yebetumi Ahu Biakoyɛ Wɔ Wiase A Nitan Apaapae Mu Yi Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nnɛ Bere Mu Sikasɛm Ho Nhyehyɛe No Awiei
    Nyan!—1980
  • Adesamma A Wɔaka Abom​—Nea Ebetumi Akyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Ahenni Biakoyɛ, Ɛwɔ Hɔ Ankasa Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 9/1 kr. 5-8

So Wiase Yi Betumi De Biakoyɛ Aba?

SO WIASE yi biakoyɛ ho adaeso no betumi aba mu denam wiase yi mmɔdenbɔ ahorow so anaa? So ebetumi aba sɛ nhyehyɛe titiriw a ɛwɔ hɔ wɔ wiase nsɛm mu no betumi akyerɛ adesamma kwan akɔ saa botae no ho?

Wiase yi anya mfe mpempem pii de asɔ nniso horow, ne sikasɛm ne asetra mu nhyehyɛe ahorow ahwɛ. So emu bi atumi de biakoyɛ aba? So emu bi betumi asakra tebea a ɛyɛ hu a adesamma abusua yi wom no anaa? Sɛ saa, nea ɛwɔ he na ebetumi ayɛ saa?

Amammui Kyerɛwtohɔ

Tumi a ano yɛ den wɔ adesamma nsɛm mu ne amammui nniso. Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow no, abakɔsɛm da no adi pefee sɛ eyi nyɛɛ tumi a ɛka nnipa bom. Mmom no, mfe mpempem a wɔde asɔ amammui nhyehyɛe horow a ɛwɔ hɔ nyinaa ahwɛ akyi no, wiase no mu apaapae asen bere biara. Mprempren no, ahofadi aman ne amammui nhyehyɛe horow a ɛwɔ hɔ no dɔɔso sen bere biara wɔ abakɔsɛm mu.

Sɛ nnipa nniso betumi de wiase biakoyɛ aba a, anka besi saa bere yi ɛsɛ sɛ ada no adi. Mmom no, afeha biara yɛ nea akodi ahorow mu mogya a wohwie gu ayɛ no ma​—akodi mpempem pii. Na nea ɛmmaa biakoyɛ biara a ɛbɛba nkakrankakra wɔ yɛn bere so nyɛɛ yiye no, yɛn afeha a ɛto so aduonu yi ada adi sɛ nea ɛde mpaapaemu kɛse aba asen biara. Na wɔako wiase ko akɛse abien a ɛyɛ hu wɔ mu, na wɔakunkum nnipa bɛboro ɔpepem 70. Te sɛ nea ɛno nnɔɔso no, nnansa yi nhoma a wɔfrɛ no War in Peace no kyerɛ sɛ efi Wiase Nyinaa Ko II so no, wɔadi ako bɛboro 130 wɔ bɛboro aman ɔha so na wɔakunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 35. Susuw ho hwɛ! Wɔ bere a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ asomdwoe bere mu.

Ade titiriw a ɛde saa tebea a ɛyɛ awerɛhow yi aba ne nokwaredi ma amammui ne aman ahorow mu a adesamma kura no. Eyinom apaapae adesamma abusua no mu koraa na ama wɔsɔre tia wɔn ho wɔn ho. Ɛno nti na abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold Toynbee kae sɛ ɔman ho dɔ “na ayɛ ɔsom titiriw ankasa,” esiane sɛ nnipa pii de ɔsom mu osetie ma ɛno nti no. Toynbee kae sɛ saa aman a wɔsom wɔn yi ma emufo ko tia wɔn ho wɔn ho “efisɛ saa ɔsom yi da pɛsɛmenkominya adi.” Na ɔtee nka sɛ saa “pɛsɛmenkominya yi na ɛde akodi nyinaa ba.”

Amammui kwan so mpaapaemu yɛ hu kɛse nnɛ efisɛ adesamma wɔ nuklea bere mu. Wosuro nuklea akodi wɔ ɔman biara mu, titiriw sɛ wosusuw tumi a nuklea akode wɔ nnɛ no ho a. Wɔ nhoma, The Fate of the Earth mu no, Jonathan Schell kyerɛw sɛ: “Nea ɛbae wɔ Hiroshima no nnu ɔsɛe a nnɛyi nuklea akode betumi de aba no nkyem ɔpepem mu biako mpo.”

Schell de kaa ho sɛ: “Enti amansɛmdi yɛ nea nneyɛe a ntease nni mu ahyɛ no ma, efisɛ ɛde nsa biako yɛ nsiesiei ma daakye na ɛde nsa foforo no asiesie ne ho sɛ ɛbɛsɛe no. Bere biara a ɔmanyɛfo bɛma ne nne so aka sɛ ɔbɛma wiase ayɛ yiye ama yɛn mma ne yɛn mma nananom no . . .ɔsɛe a ɛyɛ hu no wɔ hɔ, na yebetumi aka ɔsɛe no ho asɛm akyerɛ no: Nanso ebia yɛrennya mma ne mma nananom biara.”

Nea ɛkaa saa tebea yi ara ho asɛm sɛ ɛbɛba wɔ yɛn bere yi so ne Yesu Kristo nkɔmhyɛ asɛm a ɛwɔ Luka 21:25, 26 no: “Amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkye a ɛrehuru nti; na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw.” Adesamma nnɛyi tebea a emu apaapae yi ho kyerɛwsɛm a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ bɛn ara ni!

Bere a ade a ɛyɛ hu sɛɛ wɔ yɛn anim no, yebetumi abisa sɛ: Esiane sɛ amammui nhyehyɛe biako biara nni hɔ a ebetumi aka adesamma abusua no abom nti, so Amanaman Nkabom no betumi ayɛ saa? Ɛsɛ sɛ mmuae no yɛ dabi. Dɛn ntia? Efisɛ, nokwarem no, Amanaman Nkabom no yɛ yɛn wiase a ɔhaw ahyɛ no ma no nsusuwso. Amanaman Nkabom no kyerɛwfo panyin no gye toom sɛ: “Nokwarem no yɛawae afi Amanaman Nkabom nhyehyɛe no ho koraa.” Ɔkyerɛe sɛ kuw no tirimbɔ ahorow “yɛ nea wɔn a wɔte nka sɛ wɔn ho yɛ den sɛnea ɛsɛ no bu no animtiaa bere nyinaa.” Ne saa nti, ɔde baa awiei sɛ: “Yɛabɛn amanaman ntam basabasayɛ kɛse.” Enti, sɛ wohwɛ ne kyerɛwtohɔ a, sɛ́ Amanaman Nkabom no betumi aka adesamma abom no yɛ nea emu mpanyimfo ankasa mpo nnye nni.

Sɛ yɛde nokwaredi susuw nokwasɛm ahorow no ho a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ abakɔsɛm kyerɛwtohɔ da no adi sɛ adesamma a wɔnyɛ pɛ no amammui nhyehyɛe biara nni hɔ a ebetumi aka adesamma abom, a ɛmfa ho sɛ amammui mpanyimfo no kura adwempa. Nea ɛfata no, Onyankopɔn Asɛm tu fo wɔ Dwom 146:3 sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.”

Sikasɛm Nhyehyɛe Mu Basaayɛ

So yebetumi ahwɛ wiase yi sikasɛm nhyehyɛe bi sɛ ɛde biakoyɛ bɛba, ma adesamma abusua no nyinaa atumi anya tumi a asase yi wɔ sɛ ɛbɛbɔ aduan mmoroso no ho mfaso? Bio no, abakɔsɛm kyerɛwtohɔ bua sɛ dabi. Onipa sikasɛm nhyehyɛe horow biara nni hɔ a ɛde biakoyɛ nhyehyɛe bi a ebetumi adi adesamma nyinaa yiyedi ho dwuma ama. Sikasɛm nhyehyɛe biara de adwenemhaw ne ahokyere kɛse abrɛ nnipa ɔpepem pii.

Mfe kakraa bi mu no, ɔhaw ahorow pii aba wɔ wiase sikasɛm mu. Ɛka a aman a wonnyaa nkɔso pii de no akɔ soro kɛse, nanso ahoɔden a wɔwɔ sɛ wɔde betua no nkɔɔ anim. Na ɛka a aman a wɔanya nkɔanim no pii de no yɛ hu mpo. Ohia abu so. Ɔpepem pii nnya adwuma nyɛ. Afe biara ɔkɔm ne nyarewa a aduan pa a wonnya nni de ba kɔ so kunkum ɔpepem pii. Wɔ ahiafo pii a wɔwɔ asase so nyinaa no fam no, nokware a Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 6:6 yɛ no ada adi: “Da mu nyinaa akatua tɔ awi susukora biako.” (The New English Bible) Yiw, wɔ mmeae horow pii no da mu nyinaa akatua ntumi ntɔ abodoo sebɔw biako pɛ mpo.

Nkɔso kakra a ebia ɛba wɔ ahokyere kɛse nyinaa akyi no, sikasɛm nhyehyɛe no kɔ so yɛ te sɛ nea The New York Times bɔɔ ho amanneɛ no: “Wiase sikasɛm nhyehyɛe no rehyia tebea a emu yɛ den wɔ ne nkɔso ne yiyedi wɔ ɔko akyi mu. Nneɛma bo a ɛkɔ anim, ahokyere, adwuma a pii nnya nyɛ ne aguadi mu nneɛma ahorow a ɛhaw adwene rema amanaman ntam sikasɛm mu nkitahodi ayɛ basaa yiye.” Na Franse atesɛm krataa mu sɛnkyerɛwfo panyin André Fontaine kae sɛ: “Minhu Nniso biara wɔ wiase nnɛ a ɛte sɛnea ɛretumi adi yɛn bere so sikasɛm mu ɔhaw atitiriw no ho dwuma. Nea enti a ɛte saa ne sɛ ne nyinaa yɛ wiase nsɛm a emu yɛ den, na ɔman biara nni hɔ a ɛno nkutoo betumi adi ho dwuma.”

Ɛno ne asɛm no ankasa. Wiase sikasɛm mu nsɛm a emu yɛ den hwehwɛ sɛ aman nyinaa bom di ho dwuma. Nanso pɛsɛmenkominya adwene a wokura no dɔɔso araa ma ɛyɛ den sɛ saa wiase yi mpanyimfo yi betumi ayɛ ho biribi titiriw biara.

Asetra Mu Nsɛm A Ɛhaw Adwene Kɔ Anim

Asetra mu nsɛm ahorow nso da mpaapaemu a ɛrekɔ anim ara wɔ adesamma mu no adi. Nitan ne afoforo ho adwemmɔne, nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ, amumɔyɛ ne akodi​—wɔ asase nyinaa so​—yɛ wiase a ɛyare ho sɛnkyerɛnne. Asetra wɔ nkurow akɛse pii mu abɛyɛ nea asiane wom titiriw. Enti bere a polisini bi a ɔwɔ Italy bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ deduani bi nkuran nam ka a ɔbɛka akyerɛ no sɛ ɛrenkyɛ wobeyi no so no, ɔdeduani no mmuae a ɛyɛ ahodwiriw, a La Nazione bɔɔ ho amanneɛ ne sɛ: “Me ho mpere me sɛ mefi ha. Eyi yɛ mmere a emu yɛ den. Mepɛ sɛ meda afiase ha mmom. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobekum wo wɔ kurom.”

Ɔdesani mmerɛwyɛ ahorow nso wɔ hɔ a ɛpaapae mmusua mu na ɛsɛe asetra mpo wɔ amammui nhyehyɛe biara mu. Ɛkame ayɛ sɛ awaregu rekɔ anim wɔ baabiara; wɔ mmeae horow bi no ɛkame ayɛ sɛ aware horow foforo nyinaa fã ba awiei wɔ saa kwan no so. Asanom bebrebe nso a nkurɔfo susuw sɛ ɛma wɔn werɛ fi wɔn haw ahorow no kɔ so wɔ Apuei fam ne Atɔe fam nyinaa. Ade biako a ɛde ba ne sɛ da biara da no nnipa a wɔka mfiri ahorow bere a wɔanom nsa no de bi ka nnipa bɛyɛ 300,000 a wokunkum wɔn afe biara no ho.

Nnubɔne a nkurɔfo fa ma ɛka wɔn hɔ no nso de awerɛhow abrɛ ɔpepem pii. Aguamammɔ a abu so no de babaso nyarewa ahorowa ɛyɛ hu kɛse aba, na ebinom yɛ nea aduru biara ntumi no nnɛ. Na nea ɛka ɛno nso ho ne nyinsɛn ahorow a wɔmpɛ ne yafunu a wotu gu.

Tebea no te sɛ nea Bible nkɔmhyɛ dii kan kae wɔ saa bere yi ho no, bere a ɛkae sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba” no. Saa nkɔmhyɛ yi bɔ tebea horow din a ɛte sɛ nea wobɛkenkan afi wo daa atesɛm nkrataa mu. Ɛkaa sɛ nnipa bɛyɛ ‘ahopɛfo, sikapɛfo, ahantanfo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.”​—2 Timoteo 3:1-5.

Asetra mu nneɛma a ɛhaw adwene akɔ anim kɛse esiane dɔla ɔpepepem 800 a wɔde yɛ akode ahorow afe biara nnɛ no nti. Ɛno yɛ bɛboro dɔla ɔpepepem abien da biara! Nanso, mmofra ɔpepem pii wuwu afe biara esiane aduan pa a wonnya nni nti, na mpanyimfo pii nso wuwu. Enti, yɛrentumi nkwati nokware a ɛwɔ asɛm no mu no: Asetra mu nsɛm a emu yɛ den ne sen a ebinom sen afoforo no rekɔ anim. Nnipa ɔpehaha a wɔn werɛ ahow na wɔhyɛ wɔn so no hu sɛ wonni anidaso biara. Na wiase yi mu asetra nhyehyɛe biara nni hɔ a ebetumi ayi saa nsɛm a emu yɛ den yi afi hɔ, esiane sɛ wɔmfa biakoyɛ nni ho dwuma nti.

Nokwarem no, ebedu saa bere yi de ada adi sɛ wiase yi amammui, sikasɛm anaasɛ asetra mu nhyehyɛe biara nni hɔ a ebetumi aka adesamma abom. Na wiase yi nyamesom ahorow no nso ɛ? So yebetumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛka adesamma abom? Nokwarem no, dɛn koraa na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛbɛka adesamma abusua a wɔn ntam apaapae ma ayɛ awerɛhow yi abom? Nsɛm abien a edi so no bɛkyerɛkyerɛ nsemmisa ahorow yi mu.

[Kratafa 7 mfoni]

Mprempren adesamma wɔ nea wobetumi de asɛe nkwa a ɛwɔ asase so nyinaa

[Kratafa 8 mfoni]

Ɔkɔm de ɔpehaha pii

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena