Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 12/1 kr. 3-4
  • Hena Na Obetumi Anya Gyidi Wɔ Adwenem Naayɛ Bere Yi Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Na Obetumi Anya Gyidi Wɔ Adwenem Naayɛ Bere Yi Mu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahotoso Wɔ Wiase A Akyinnyegye Ahyɛ No Ma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Mma Adwenem Naayɛ Nnsɛe Wo Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Munkura Gyidi A Ɛyɛ Den Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Fa Wo Ho To Yehowa Ne N’asɛm So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 12/1 kr. 3-4

Hena Na Obetumi Anya Gyidi Wɔ Adwenem Naayɛ Bere Yi Mu?

YƐN bere yi yɛ adwenem naayɛ bere. Nneɛma ho kyim a wogye abɛyɛ nea aba so. Ɛma yegye biribiara ho kyim​—amanne ahorow, adwen horow, abrabɔ pa ahorow nneɛma a woagye atom fi bere tenten ni sɛ eye, ne mpo wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ ne nokware a n’Asɛm Bible no yɛ.

Nnipa pii a wonnim Bible no ho asɛm pii adwenem yɛ wɔn naa wɔ ho. Wɔn adwenem a ɛyɛ wɔn naa no nyɛ nea egyina nea Bible no ankasa ka so na mmom nea ebinom aka sɛ ɛka so. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi anya adwene bi a eye wɔ nhoma bi a ɔnkenkanee da na onnim mu nsɛm ankasa ho? Wɔ ɛno akyi mpo no, hena na obetumi anya gyidi wɔ adwenem naayɛ bere yi mu?

Yehowa Adansefo no mu biako ka kyerɛɛ ɔbarima bi a na ne yere ani gye ho sɛ obesua Bible no sɛ: “Menhwɛ kwan sɛ wubegye biribi a ɛho hia titiriw yi adi esiane sɛ yɛasusuw ho dɔnhwerew biako pɛ a atwam yi ara nti. Nanso sɛ woba behu nea Bible no ka ankasa a, migye di sɛ wobɛte yɛ a ɛyɛ nokware no ase sɛnea mayɛ no.” Ɔbarima no penee so sɛ ɔbɛhwehwɛ asɛm no mu, wofii ofie Bible adesua ase, na wɔ bere tiaa mu no na ɔno nso rekyerɛkyerɛ afoforo. Yiw, onyaa nokware gyidi wɔ adwenem naayɛ bere yi mu.

Franseni ɔbea warefo bi a na wafi ase ne Yehowa Adansefo resua Bible no kae sɛ: “M’adwenem yɛ me naa, m’adwenem yɛ me naa. M’adwenem ga menam kɛse wɔ nneɛma ho!” Nanso ɔkɔe so ara suae. Bere a onyaa nkɔso wo nimdeɛ mu no, n’adwenem a na ɛyɛ no naa no fii ho, na nea ɛboro mfirihyia 20 no, mprempren ɔkyerɛkyerɛ afoforo nneɛma a ɛmaa ne gyidi yɛɛ den no.

Gyidi fi nimdeɛ a edi mũ a ɛma wunya nokwasɛm ahorow a wubegyina so asisi gyinae ahorow mu na ɛba. Sɛ nhwɛso no, bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa ne ne nkyerɛkyerɛ ho nimdeɛ maa nnipa koma pafo pii tumi ‘gyee ne din dii.’​—Yohane 2:23; 8:30.

Ɛte saa ara nnɛ. Bible mu nokware no mu da hɔ, sɛ wode nsɛm a ɛnyɛ nokware a ebia woate wɔ ho no to nkyɛn na wo ankasa wusua nea nhoma a ɛyɛ nwonwa yi kyerɛkyerɛ ankasa no a.

Sɛ nhwɛso no, Bible nkɔmhyɛ ahorow no yɛ nea na onipa anaa nnipakuw biara rentumi mmɔ wɔn tirim nkyerɛw. Nanso nkɔmhyɛ ahorow yi a emu bi yɛ nea wodii kan kyerɛwee bɛyɛ mfirihyia ɔhaha anaa mpempem mpo ansa no, abam wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so a ɛma wonya adanse a ɛyɛ nokware sɛ Bible no yɛ nea efi Onyankopɔn hɔ ne sɛ, nneɛma a ɛhyɛ ho bɔ no bɛbam.

Bere tenten a etwaam no mu, wɔ bere a na ɔde mfe pii anya Onyankopɔn akwan ho nimdeɛ no, Yosua a na wabɔ akora no ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.”​—Yosua 23:14.

Bio nso, bo a Bible no som da adi wɔ di a wɔde di dwuma no mu. Sɛ nkurɔfo de Bible afotu di dwuma a, ɛma wɔn asetra nya nkɔso na ɛsakra wɔn nipasu ahorow. Ɛboa nnipa basabasayɛfo ne atutupɛfo ma wonya odwo ne ahosodi su. Sɛ nnipa bi adwenem yɛ wɔn naa wɔ nokwasɛm no ho a, ɛsɛ sɛ wosua Bible no. Tumi a emu nokware no betumi anya wɔ wɔn asetra so no bɛyɛ wɔn nwonwa.​—Galatifo 5:19-23; Efesofo 4:20-32.

Sɛ́ anka wobɛba abɛyɛ okyinnyegyefo wɔ adwenem naayɛ bere yi mu no, wubetumi anya nokware gyidi mmom. Ampa, Bible no betumi aboa wo ma woanya gyidi a ɛyɛ den a ɛma nkwa. Nanso ɔkwan bɛn so na ebetumi ayɛ eyi?

[Kratafa 4 adaka]

Abusua No Wɔ Adwenem Naayɛ Wiase Mu

Bible no wɔ pii ka fa mmusua ho. Ɛka sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea egyina ɔdɔ so ne sɛ, nhyehyɛe a ɛtra hɔ daa a nnipa baanu ayɛ a wɔn mma ka ho ho asɛm wom. (Mateo 19:4-6) Wɔ nnipa a wonnim Bible no na wonni ne nnyinasosɛm ahorow akyi mpo mu no, nnipa osuahu wɔ mfirihyia 6,000 mu ama wɔahu bo a abusua no som.

Nanso mmerante ne mmabaa pii a wohu nea epue wɔ atesɛm nkrataa ne nhoma ahorow mu ne afei television so no adwenem abɛyɛ wɔn naa wɔ bo a aware som nnɛ no ho. Ebinom bu aware sɛ biribi a ɛde nhama ahorow kyekyere wo, na wosusuw sɛ sɛ́ wobedi nokware wɔ abrabɔ fam ama onipa foforo no to wɔn “ahofadi” ano hye. Esiane sɛ wɔn adwenem yɛ wɔn naa wɔ abrabɔ dedaw no ho nti, wogye abrabɔ “foforo” tom​—a nokwarem no, ɛnyɛ biribiara sɛ abrabɔ bɔne dedaw no a wɔama no din foforo. Wɔne onipa foforo tra nanso wɔmfa wɔn ho nhyɛ apam a ɛne sɛ wobenya ɔdɔ, ahotoso ne biakoyɛ wɔ wɔn asetra mu mu.

Bere twam. Wɔyɛ nnipa a wɔn mfe akɔ anim. Afei, bere a wohia nokwaredi ne mmoa ankasa a na anka ɛsɛ sɛ wonya no, mpɛn pii wohu sɛ wɔagyaw wɔn asi hɔ, wɔayɛ ankonam na wodi awerɛhow. Saa bere no na wohu sɛ onipa no nso anyɛ apam biara na ɛnyɛ n’adwene sɛ obenya bere, ɔdɔ ne ahofama ama no wɔ bere a ohia eyi ankasa no mu.

Onyankopɔn nim sɛnea ɔyɛɛ yɛn. Ɔno na onim nea eye ma yɛn. Wɔrentumi mmu wɔn ani ngu n’abrabɔ ho nnyinasosɛm ahorow no so anaasɛ wompia nto nkyɛn a ɛmfa ɔhaw ahorow a emu yɛ den mma. Eyi yɛ nokware, ɛmfa ho sɛ dɛn na ebia wiase a egye nneɛma ho kyim no bɛka.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena