Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 12/1 kr. 7
  • Nhoma A Ɛma Wonya Gyidi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhoma A Ɛma Wonya Gyidi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aba A Eye Sen Biara!
  • Nea Adiyifo no Nyinaa Dii Ne Ho Adanse No
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
    “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
  • Onyankopɔn Asɛm Ho Anigye a Yebenya So Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nya Yehowa Mu Ahotoso sɛ N’atirimpɔw Bɛbam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 12/1 kr. 7

Nhoma A Ɛma Wonya Gyidi

BIBLE no nyɛ nhoma a ɛma obi adwenem yɛ no naa, na mmom nhoma a ɛma wonya gyidi. Ɛmma nsemmisa ahorow nsɔre te sɛ, So Onyankopɔn wɔ hɔ? Anaasɛ, So Bible no yɛ n’Asɛm? Mmom no, ɛde asɛm yi na efi ase: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ.” Na Bible no hyɛ da ka sɛ: “Adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na Onyankopɔn nipa kronkron no, sɛnea honhom kronkron de wɔn rekɔ no na wɔkasae.”​—Genesis 1:1; 2 Petro 1:21.

Ɛwom, Bible kyerɛwtohɔ ahorow no pii yɛ tiaa. Enti ebia Bible no renka biribiara a yɛbɛpɛ sɛ yehu no nkyerɛ yɛn bere nyinaa. Nanso ɛde nsɛm a Onyankopɔn nim sɛ yebehia na ama yɛate wiase no ɔhaw tebea no ase, na yɛama yɛn asetra ne n’apɛde ahyia na yɛanya ne dom ne ne daa nkwa akyɛde no ma. Dɛn na ebetumi ayɛ nea ɛsom bo sen saa?

Wɔ Bible mu nsɛm no mfiase pɛɛ no yehu sɛ bere tenten bi a atwam mu no, ɔbɔfo tuatewfo bi sɔre tiaa teɛ a Onyankopɔn amansan tumidi teɛ no. Nanso ɛdaa no adi sɛ awiei koraa no, “aseni” bi bɛba na wama saa atuatew no aba awiei na watew Yehowa Nyankopɔn ho sɛ Amansan Hene. (Genesis 3:1-15; Hiob 1:6-12) Bible no kyerɛ anatõ a saa “aseni” no befi mu aba​—denam nnipa gyidifo te sɛ Abraham, Isak, Yakob ne Dawid so.​—Genesis 26:4, 5; 2 Samuel 7:12, 13; Mateo 1:1-16; Luka 3:23-38.

Nhoma a ɛyɛ nwonwa yi ka “aseni” titiriw, Yesu Kristo, no awo, n’asetra, ne wu ne ne wusɔre ho asɛm. Ɛka sɛnea Yesu ma wohuu ne soro Agya din Yehowa no, na ɔde agyede ma maa adesamma asoɔmmerɛwfo no.​—Galatifo 3:16; Yohane 17:6-8, 26; Mateo 20:28.

Bible no ka daa nkwa nso ho asɛm, ɛka awufo sɔre ho asɛm na ɛbɔ “ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu” a ɛyɛ anigye kɛse no ho dawuru. (2 Petro 3:13; Yohane 3:36; 5:28, 29) Afei nso ɛkyerɛ sɛ nhyira horow a ɛyɛ nwonwa yi abɛn, ne sɛ nnipa pii a wɔte ase nnɛ betwa mprempren wiase amanehunu ahorow no na wɔakohu!​—Mateo 24:3-14, 32-34.

Aba A Eye Sen Biara!

Yesu kae sɛ “dua pa biara sow aba pa.” (Mateo 7:15-20) Yiw, wubetumi ahu nnipa a wɔteɛ denam wɔn aba so. Bible nkyerɛkyerɛ no ma nnipa a wotumi kyerɛ wɔn ade sow aba a eye sen biara. Nhoma yi ma wonya nimdeɛ, ɛhyɛ gyidi den na ɛma wohu nyansa. (Yohane 17:3; Mmebusɛm 1:1-4) Ɛma yɛn gyinapɛn horow a eye a yebegyina so asi gyinae ahorow a ɛkã yɛn asetra.​—Romafo 12:2; Kolosefo 3:9, 10.

Bio nso, Bible no ka koma. Ɛkanyan nkurɔfo ma wɔma wɔn asetra ne Onyankopɔn akwan hyia na wɔsom no. Ne nkyerɛkyerɛ ahorow no ma wonya akomatɔyam, asetra a anigye wom, akwahosan, abrabɔ a ɛkorɔn ne aware mu ahokafo pa, awofo pa ne mmofra pa. Wɔn a wɔasua Kyerɛwsɛm no akwan horow no na wɔadi akyi nyinaa abɛyɛ wiase nyinaa anuanom a wɔwɔ ɔdɔ ma ɛne Yesu asɛm no hyia sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”​—Yohane 13:35.

Bo a Bible no som da adi wɔ wɔn a wɔde ne nnyinasosɛm di dwuma ankasa no da biara da asetra mu. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi adwenem yɛ no naa wɔ ne bɔhyɛ ahorow no ho? Sɛnea yebehu wɔ asɛm a edi so yi mu no, ebetumi ayɛ yiye sɛ wobɛyɛ den wɔ gyidi no mu a w’adwenem nyɛ wo naa koraa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena