“Asasesin Titiriw”
KRISTOFO mmofra pii anya adwene sɛ wɔde sukuu mu bɛyɛ wɔn “asasesin titiriw,” ma enti wɔma wɔn ani da hɔ wɔ hokwan biara a wobenya de adi akyerɛkyerɛfo ne mfɛfo sukuufo adanse no ho. Hwɛ nneɛma pa a efii mu ba maa Susan a ɔwɔ Canada a wadi mfirihyia 13 no.
“Wɔ December mu no yɛn kyerɛkyerɛfo no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ yɛn tirim nkyerɛw biribi mfa Buronya ho. Nea mede yɛɛ m’asɛm no ti ne ‘Amanneɛbɔ a Ɛfa Faako a Buronya Fi Ho.’ Bere a mayɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn sukuu no nhoma akɛse ne Nyan! mu akyi no, mitumi kyerɛw asɛm a ɛyɛ anigye.” Na ɔkyerɛkyerɛfo no susuw ho dɛn?
“Ɔkyerɛkyerɛfo no kaa asɛm a edi so yi wɔ m’amanneɛbɔ no awiei: ‘Ɛyɛ nea woakyerɛw no yiye, Susan! M’ani gye wo nokwaredi no ho na m’ani sɔ wo gyidi no nso. Esiane w’ani a ɛda hɔ ne ntease a wowɔ nti, wobebu wo bere nyinaa. Mewɔ anidaso sɛ daakye wobɛkɔ so akura su pa ahorow a wowɔ mprempren no mu. Nea etwa to no, ɛyɛ anigye kɛse na mfaso wɔ so nso sɛ wɔne obi a ɔte sɛ wo a wanya ne gyidi ho akokoduru na wakɔ so akura mu bɛkasa.’
“Bere a wakenkan amanneɛbɔ no awie no, ɔmaa akyerɛkyerɛfo a wɔaka no nyinaa kenkanee bi.
Enti edii wɔn nyinaa adanse! Ɛma minyaa akokoduru na misii me bo sɛ mɛka Bible mu nokware no ho asɛm akyerɛ afoforo wɔ sukuu.
“Me mfɛfo sukuufo no nyinaa nim sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na bere a wohuu nea mekyerɛwee no, wɔpɛe sɛ wɔn nso wɔkenkan. Wɔn ani gyee ho araa ma meka kyerɛɛ wɔn sɛ mede Awake! bi a ɛka Buronya ho asɛm bɛbrɛ wɔn mu biara. Ná ɛyɛ December 22, 1979 de no, na na ɛka ‘disko’ ho asɛm nso.
“Bere a mede saa Awake! no kɔɔ sukuu no, afoforo pii hui na wɔn nso kae sɛ wɔpɛ bi. Wɔn ani gyee asɛm a ɛfa ‘disko’ ho no ho araa ma mekae sɛ mede March 22, 1979, Awake! a ɛka ho asɛm pii no bi bɛbrɛ wɔn mu biara. Nea efii mu bae ne sɛ, memaa nsɛmma nhoma 26.
“Akyiri yi bere a sukuu no panyin biako yii sini bi a ɛfa nipadua mu onyin ho no, mede Your Youth—Getting the Best out of It nhoma no bi brɛɛ mfɛfo sukuufo pii. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ nhoma yi boaa me kɛse ma metee nsakrae ne ɔhaw ahorow a ɛbata onyin ho no ase.
“Bio, bere a mfɛfo sukuufo afoforo hui sɛ mmeawa yi rekenkan nhoma no na wɔrebɔ mu nkɔmmɔ no, wobisaa me sɛ wɔn nso wobetumi anya bi anaa—a mmarimaa no bi ka ho. Enti, wɔ ne nyinaa mu no mede Youth nhoma 17 mae saa bere no. . . .
“Bere foforo nso abeawa bi a ɔwɔ sukuu hɔ ka kyerɛɛ me sɛ ɔkɔɔ asɔre Kwasida na ɔkenkan Bible no nanso wante ase. Meka kyerɛɛ no sɛ mewɔ Bible a n’akenkan nyɛ den na m’ani begye sɛ mebrɛ no biako. Ɛnyɛ New World Translation no nko na mede kɔmaa no na mmom mede Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no biako kaa ho na mekyerɛɛ no sɛnea nhoma yi bɛboa no ankasa ma wate Bible no ase. N’ani gyee ho pii.”
Susan te nka dɛn wɔ sukuu mu adansedi ho? “M’ani gye ankasa sɛ medi me nnamfo adanse wɔ sukuu na mibu no sɛ ɛyɛ hokwan a manya sɛ mewɔ asasesin titiriw yi.”
So wowɔ sukuu? Dɛn nti na wonyɛ adwuma wɔ wo “asasesin titiriw” no mu?