Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 5/1 kr. 15-20
  • Ɔsom Adwuma A Etu Mpɔn A Ɛde Asuafo Pii Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Adwuma A Etu Mpɔn A Ɛde Asuafo Pii Ba
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Egyina Dɛn So? Na Asɛm No Ne Dɛn?
  • So Wokasa Tia Wɔn Anaasɛ Woma Wɔn Ani Gye Ho?
  • Ɔkwan A Wobɛfa So Adu Koma No Mu
  • Hena Asuafo?
  • Ɔkwan A Yɛbɛfa So Ayɛ Asomfo A Wɔn Ho Akokwaw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • So Ɛsɛ Sɛ Nokware Kristofo Nyinaa Yɛ Asomfo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • “Wie Wo Som No Koraa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 5/1 kr. 15-20

Ɔsom Adwuma A Etu Mpɔn A Ɛde Asuafo Pii Ba

“Eyinom ne n’akyɛde horow: ebinom ayɛ . . . asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, ma wɔasesɛw Onyankopɔn nkurɔfo ama adwuma wɔ ne som mu.”​—EFESOFO 4:11, 12. The New English Bible.

1. Kristo tee nka dɛn wɔ nkurɔfo ho?

NÁ KRISTO Yesu nyɛ obi a ɔtwe ne ho fi nnipa ho. Ne som adwuma no yɛ nea ɔyɛɛ ne nyinaa wɔ nnipa mu. Wɔ Nsɛmpa anan kyerɛwtohɔ no mu no, ɛkame a yɛ sɛ wohu Yesu bere nyinaa sɛ nnɛ nkurɔfo di nkitaho. Wɔ n’akwantu ahorow no mu no, ohuu tebea ankasa a wɔwom na ne yam hyehyee no kɛse maa wɔn. Sɛ woyɛ Kristoni ɔsomfo a, so wo yam hyehye wo ma nnipa a wuhyia wɔn no?​—Mateo 9:35, 36.

2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo suasua Yesu nhwɛso no?

2 Ɛsɛ sɛ Kristofo som adwuma a wɔyɛ nnɛ no nso yɛ nea ɛfa nnipa ho. Esiane sɛ wɔn ani da hɔ wɔ saa nokwasɛm no ho nti, Yehowa Adansefo wɔ ɔkwan a eye a wɔfa so wɔ wɔn som ma Onyankopɔn no mu. Wɔ wiase nyinaa no wotumi hu wɔn sɛ wɔrekasa akyerɛ nkurɔfo​—wɔ mmorɔn so, wɔ afie mu, wɔ aguadibea ahorow a adagyew nni hɔ, wɔ lɔre ne keteke gyinabea ahorow, wɔ mfiridwuma ahorow mu ne mmeae a nnwuma afoforo wɔ. Baabiara a wubehu nnipa no ná Adansefo no wɔ hɔ a wɔresom sɛ asɛmpakafo. Dɛn ntia? Efisɛ Engiresi asɛmfua ma asɛmpaka a ɛne “evangel” no fi Hela asɛmfua evaggelion a ase kyerɛ “asɛmpa” no mu. Te sɛ Kristo no, ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔyɛ ɔdansefo ma Yehowa biara yɛ asɛmpa no ho somfo, ɔsɛmpakafo. Enti ɛsɛ sɛ ɔdansefo biara nso ne nkurɔfo di nkitaho.​—2 Timoteo 4:5; Efesofo 4:11, 12.

3. Dɛn ne ɔkwan a etu mpɔn sen biara wɔ Kristofo som adwuma no mu?

3 Ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛmpaka adwuma yi wɔ ɔkwan a etu mpɔn bɛn so? So radio ne TV a nyamesom ahorow pii nam so di dwuma no ne ɛho mmuae ankasa? Wiɛ, bisa wo ho sɛ, so radio ne TV no betumi abua wo nsemmisa ahorow no wɔ hɔ ara? Dabi​—wɔ ɔkwan bi so no, ɛnonom nyɛ nnipa a wɔne wɔn di nkitaho. Ɔsom adwuma a etu mpɔn sen biara da so ara yɛ ɔkwan a Yesu ne n’asuafo faa so no a wɔne wɔn a wɔhwehwɛ nokware no hyiae anim ne anim no. Nanso egye bere ne mmɔdenbɔ a ɛno na Paulo de nhwɛso tiawa bi daa no adi no: “Miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔma enyinii. Enti ɛnyɛ nea odua, na ɛnyɛ nea ogugu so nsu na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔma enyin no.”​—1 Korintofo 3:5-7.

4. Ɔsom adwuma a etu mpɔn gye adeyɛ ahorow abiɛsa bɛn?

4 Saa asɛm yi kyerɛ adeyɛ ahorow abiɛsa wɔ Kristofo som adwuma no mu​—dua a wodua, ɛho adwuma a wɔyɛ ne ne twa. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan no, dua a wobedua no wɔ hɔ a ɛne Ahenni ho asɛmpa no a wɔde kɔ obi nkyɛn nea edi kan no. Afei na aka ɛho adwumayɛ a nea wɔadua no a wobegugu so nsu ka ho. Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ ɛno? Ɛdenam nkɔmmɔ foforo a mobɛkɔ so abɔ na woabua nsemmisa ahorow, adi adwenem naayɛ ahorow so no so. Mpɛn pii eyi kowie Bible adesua a wɔyɛ no daa a ɛma Bible mu nokware no ase tim wɔ onipa no adwene ne ne komam so; na sɛ Onyankopɔn nhyira bɛka ho a, ɛma enyin. Awiei koraa no nea efi mu ba ne Kristo Yesu suani, ɔsomfo foforo a ɔyɛ nnam a wonya. Afei ɔkwan bɛn so na yɛn nyinaa sɛ́ asomfo no betumi anya nhyira a ɛyɛ anigye yi a ɛne osuani foforo a wobenya no?

5. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ asomfo a wɔn ho akokwaw?

5 Sɛnea yɛn adesua a na edi eyi anim no kyerɛe no, Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no ɔkwan a eye a wɔbɛfa so ayɛ wɔn som adwuma no. Na Paulo kaa ‘n’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu’ ho asɛm. (1 Korintofo 4:17) Asafo ahorow pii a ɔboa ma wɔhyehyɛɛ wɔ Asia Kumaa ne Hela no yɛ yiye a odii no ho adanse. Yɛaka ɔno (ne Yesu) akwan horow a wɔfaa so no ho asɛm dedaw, nanso so pii wɔ hɔ a yebetumi de adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so nnɛ?

Egyina Dɛn So? Na Asɛm No Ne Dɛn?

6. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn som adwuma no tweatibo?

6 Ɛsɛ sɛ Kristofo asɛm no yɛ nea egyina dɛn so? Nea egyina nnipa nyansa so? Paulo krataa a ɔde kɔmaa Timoteo no ma mmuae a emu da hɔ: “Na wo de, tra nea woasua na woahu mu nokware no mu wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu. Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ.” Ɛda adi sɛ Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ Bible no na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn som adwuma no tweatibo.​—2 Timoteo 3:14-17.

7, 8. Ɔkwan bɛn so na Yesu ne Paulo yɛɛ nhwɛso wɔ kyerɛw nsɛm a wɔde di dwuma mu?

7 Kristo Yesu yɛɛ nhwɛso wɔ eyi mu​—ná ɔfa Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ka bere nyinaa; ɔsomafo Paulo nso yɛɛ saa. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔwɔ Tesalonika no, so ɔdan kɔɔ Helafo nyansapɛ nkyerɛkyerɛ no so? Dabi, efisɛ sɛnea kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn no: “Na sɛnea Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda abiɛsa ne wɔn kɔkaa kyerɛw nsɛm na ho asɛm; ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanse sɛ etwa sɛ Kristo no hu amane, na ɔsɔre fi awufo mu.”​—Asomafo no Nnwuma 17:1-3.

8 Dɛn na efii mu bae? “Wɔn mu binom gye dii.” Enti, bere a yɛfa Paulo kwan no so no, ɛsɛ sɛ asɛnka adwuma a yɛyɛ nnɛ no yɛ nea egyina Onyankopɔn Asɛm no so. Ɛno nti na yɛwɔ Bible mu asɛmti ma nkɔmmɔbɔ a wɔhyɛ ho nyansa wɔ yɛn som adwuma no mu no. Wɔ saa kwan no so no, Onyankopɔn Asɛm mu nokware no betumi akã wɔn a honhom mu nneɛma ho hia wɔn no ma wɔatie.​—Asomafo no Nnwuma 17:4.

9, 10. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn asɛnka no ti nnɛ? (b) Fi Paulo som adwuma no mu ma nhwɛso.

9 Afei asemmisa a edi hɔ ne, Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛka? Wiɛ, ná Kristo som adwuma no ti ne dɛn? Ná Yesu nim adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa no yiye, efisɛ ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa mekyerɛ nkurow foforo nso; efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.” Ɔreka yɛn mprempren nhyehyɛe yi nna a edi akyiri ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”​—Luka 4:43; Mateo 24:14.

10 Yehu sɛ Paulo si asɛm koro no ara so dua wɔ n’asɛnka adwuma no mu. Sɛ nhwɛso no, “ɔde nnam kaa asɛm, na asram abiɛsa na ɔkasa, na ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm” kyerɛɛ Yudafo wɔ hyiadan mu. Ɛdefa wɔn a wɔwɔ Roma no ho no, ‘ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn ase dii Onyankopɔn ahenni ho adanse.’ Enti “Onyankopɔn ahenni” no na ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea yɛn Kristofo som adwuma no gyina so nnɛ.​—Asomafo no Nnwuma 19:8; 28:23, 31.

So Wokasa Tia Wɔn Anaasɛ Woma Wɔn Ani Gye Ho?

11. Nkurɔfo taa yɛ wɔn ade dɛn bere a wɔahyia Ɔdansefo no, na ɔkwan bɛn so na yebetumi adi ɛno so? (Asomafo no Nnwuma 17:17, 18)

11 Wɔ afeha a edi kan no mu no, na nyamesom, mmusua ne ɔmampɛ ama nnipa no mu apaapae sɛnea ɛte nnɛ no ara. (Asomafo no Nnwuma 2:7-11) Ɛno kyerɛ sɛ nnipa pii wɔ adwene horow a ɛnteɛ dedaw, sɛ ɛba nsɛm a ɛfa nyamesom ho mu a. Mpɛn pii sɛ wohyia ɔdansefo a, wosuro na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde anoyi bɛma wɔ wɔn nyamesom ho. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asakra ɛno? Ɛdenam ayamye, anifere ne nsɛm mu adannan a yɛde bedi dwuma no so.

12, 13. Ɔkwan bɛn na Paulo faa so kasa kyerɛɛ abosonsomfo a wɔwɔ Atene no? Wɔyɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

12 Hyɛ sɛnea Paulo dii tebea a ɛte saa ho dwuma wɔ Atenefo a wɔyɛ abosonsomfo mu no nsow. Bere a ohuu anyame ahorow pii no nea edi kan no ne bo fuwii. Bere a ɔsɔre gyinaa hɔ sɛ ɔrebɛkasa wɔ Areopago no, so ɔkasa tiaa ahoni ahorow a wɔsom no wɔ hɔ ara? Ne nnianim asɛm ne sɛ: “Atene mmarima, mahu sɛ nneɛma nyinaa mu mopɛ abosonsom papa. Efisɛ meretwam na mehwɛɛ nneɛma a mosom no, mihuu afɔremuka bi nso a wɔakyerɛw so sɛ: Onyame a wonnim no dea. Enti nea munnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi.”​—Asomafo no Nnwuma 17:16-23.

13 So saa Paulo nnianim asɛm no maa n’atiefo no twee wɔn ho? Dabida. Ɔfaa anifere kwan so, wannyɛ katee. Wankasa antia wɔn, ɛwom mpo sɛ wɔ Onyankopɔn fam no, ná wɔn som no yɛ nea mfaso nni so de. Ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔka Ahenni ho asɛm no akyerɛ wɔn, wankɔ sɛ ɔrekɔkasa atia wɔn. Ohuu nyamesom mu nkate a ano yɛ den a wɔwɔ no na ogyinaa eyi so dan kɔɔ n’asɛmti a ɛne nokware Nyankopɔn no ne Ne nanmusifo, Yesu Kristo a wɔanyan no no so. Dɛn na efii anifere kwan a ɔfaa so yi mu bae? Ɛwom sɛ ebinom dii fɛw de, nanso “ebinom kae sɛ: Yebetie wo asɛm yi ho bio.” Yiw, wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ sankɔhwɛ!​—Asomafo no Nnwuma 17:22-32.

14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Paulo nhwɛso no adi dwuma wɔ yɛn som adwuma no mu?

14 Ɔkwan bɛn so na yebetumi de saa kwan yi adi dwuma wɔ yɛn som adwuma mu nnɛ? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛhwɛ sɛnkyerɛnnede ahorow a ɛma wohu onipa no adwene wɔ nyamesom ho​—ebia denam nyamesom nneɛma a ɛda ne kɔn mu anaasɛ esi ne pon ano anaasɛ ɛwɔ n’asa so wɔ fie hɔ no so. Enti, sɛnea Paulo yɛe no, yebetumi anya onipa foforo no nyamesom nsusuwii no ho adwempa mpɛn pii. Eyi boa ma yɛde nnianim asɛm a ɛyɛ adamfofa kwan so de, nea ɛkanyan anigye nanso ɛnyɛ nea ɛma akyinnye sɔre ma. Kae sɛ atirimpɔw titiriw nti a worekɔ onipa no nkyɛn ne sɛ wobɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm​—ɛnyɛ sɛ wobɛka ne nyamesom nkyerɛkyerɛ ho asɛm wɔ hɔ ara. Yɛpɛ sɛ yɛn nsa ka nnipa no, na ɛnyɛ sɛ yebegye akyinnye ara kwa.​—Fa toto 2 Timoteo 2:23-26 ho.

15. Asuade foforo fɛfɛ bɛn na yebetumi anya wɔ Yesu som adwuma no mu? (Luka 10:38-42)

15 Dɛn bio na yebetumi asua afi Kristo nhwɛso no mu? Sɛ yɛhwehwɛ ne som adwuma no mu a, yehu ne gyidi ne ɔkwan tiaa a ɔfaa so no. Tebea biara amma wansuro na mmom ɔkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ tebea horow nyinaa mu, sɛ́ ɛyɛ nea eye anaa nea enye. Ná otumi ka asɛm wɔ afi mu anaasɛ ɔsɔre gyina nnipakuw anim na ɔkasa kyerɛ wɔn​—a onkura kratasin a nsɛm wɔ so, Bible anaa akasam afiri! Ná ɔno nso wɔ nneɛma a ɔka ho asɛm ma ɛkã nkurɔfo koma. Nnipa a wɔba fam no tee nka sɛ wobetumi aba ne nkyɛn. Ɔkaa nneɛma a wonim te sɛ mfuw ne afumduan, asawu ne namyi ho asɛm. Ná ne mfatoho ahorow no yɛ nea emu da hɔ yiye, ɛwom mpo sɛ nea na ɛkyerɛ no mu dɔ de. So yɛda su horow a ɛte saa ara adi wɔ yɛn som adwuma no mu?​—Mateo 4:18-25; 13:1-33; Luka 5:1-3.

Ɔkwan A Wobɛfa So Adu Koma No Mu

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw?

16 Egye bere ne adesua pa na ama obi abegye Bible mu asɛm a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no adi. Ɛno nti na yɛwɔ nhyehyɛe a ɛne sɛ yɛne obiara a ɔpɛ sɛ ɔhwehwɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow denam Kristo so no mu no bɛyɛ ofie Bible adesua daa a yennye ho hwee no. Adesua horow yi yɛ nea wɔyɛ no bere tenten bi na ɛyɛ nea ɛfa nsɛmpɔw ne nsemmisa ahorow pii ho. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw. Nanso dɛn na ɛwɔ ɔkyerɛkyerɛ mu ankasa?​—1 Timoteo 4:16.

17. Dɛn ne ɔkwan biako a Yesu faa so duu nkurɔfo komam?

17 Yɛsan dan kɔ Yesu so bio kɔhwehwɛ ho mmuae. Ɔkwan bɛn na ɔfaa so kyerɛkyerɛe? Yɛsrɛ wo, hwehwɛ kyerɛw nsɛm a edidi so yi mu hwɛ sɛ wubehu ɔkwan tiawa a Yesu faa so kyerɛkyerɛɛ afoforo no: Luka 6:9, 32-34, 39-42. Ɛne dɛn? Obisaa nsɛm a ɛda nhumu adi. Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa n’atiefo no ma wɔasusuw nsɛm ho na wɔagyina ne nkyerɛkyerɛ no so ahwehwɛ wɔn ho mu. Ne nsemmisa no ma ɔnam anifere kwan so duu wɔn komam. Ná ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’akyidifo ampa anaasɛ adwene a wɔde tiei no yɛ aniani de.​—Mateo 13:10-17; Marko 8:34-38.

18. (a) Dɛn nti na Yehowa Adansefo de nsemmisa di wama mpɛn pii wɔ wɔn nhoma ahorow mu? (b) Nhwɛso bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛde di dwuma mpɛn pii bere a yɛkyerɛkyerɛ afotufo no?

18 Ɛkame ayɛ sɛ Bible adesua nhoma ahorow a Yehowa Adansefo de di dwuma wɔ wɔn som adwuma mu no nyinaa yɛ nea nsemmisa wɔ nkyekyem biara a wɔde rekyerɛkyerɛ nsɛm mu no ase. Eyi yɛ ɔkyerɛkyerɛ nhoma a ɛboa wɔn a wɔresua Bible no ma wɔde wɔn ankasa nsɛm ma mmuae. Afei ɛma emu bɛda hɔ sɛ ebia ɛyɛ nea onipa no te nea ɔresua no ase anaasɛ dabi. Nanso, ɛwom sɛ Yesu bisaa nsɛm mpɛn pii de, nanso wamma annan biribi te sɛ agoru a wɔbɔ tirim ma mmuae denam mmuae no nsɛmfua anaa ne fã bi a obedi kan abɔ din no so. So ɛtɔ bere bi a wuhu sɛ woreyɛ saa wɔ wo Bible adesuafo no bi fam? Dɛn nti na ɛnyɛ ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wode di dwuma bere nyinaa? Efisɛ Onyankopɔn ne Kristo ho nimdeɛ a ɛde nkwagye ba no yɛ nea egyina ntease ne nyansa so, ɛnyɛ biribi a wɔbɔ tirim ka ara kwa.​—Yohane 17:3; 1 Yohane 5:20.

Hena Asuafo?

19, 20. Ahwɛyiye bɛn na ɛho hia wɔ ha? Dɛn ntia?

19 Ahwɛyiye ho hia wɔ ha. Sɛ yɛka asɛm na yɛkyerɛkyerɛ wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ asasesin a ɛsow aba mu a, awiei koraa no yɛyɛ asuafo. Nanso hena asuafo na wɔyɛ? So ɛsɛ sɛ yesusuw sɛ wɔyɛ “me nguan”? Na sɛ́ asomfo no, so ɛsɛ sɛ yɛma kwan ma wɔsom yɛn? Hyɛ sɛnea Paulo ne Barnaba yɛɛ wɔn ade bere a nnipa a wɔwɔ Listra no pɛe sɛ wɔyɛ wɔn sɛ anyame no nsow. Wɔteɛɛm ka kyerɛɛ nkurɔfokuw no sɛ: “Mmarima, adɛn na moyɛ eyinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnan mfi ahuhude yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn.”​—Asomafo no Nnwuma 14:14, 15.

20 Paulo ne Barnaba ammɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe adwene aba wɔn so. Ɛwom sɛ Paulo tuu Kristofo fo sɛ wonsuasua no sɛnea osuasuaa Kristo no de, nanso wampɛ sɛ wɔbɛyɛ n’akyidifo. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma a yɛyɛ no yɛ nea ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam bere nyinaa na ɛnyɛ nnipa.​—1 Korintofo 3:6, 7; 11:1.

21. Dɛn nti na asuafo no nso ba bɛyɛ asomfo?

21 Ɛnkyɛ na asuafo no nso abɛyɛ asomfo. Dɛn nti na ɛba saa? Wiɛ, dɛn na ɛba bere a yɛwɔ asɛmpa bi ka kyerɛ no? So yebetumi de ahyɛ yɛn tirim? Nea ɛne eyi bɔ abira no, yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛka akyerɛ obi foforo. Sɛnea Yesu kae no: “Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi ade pa adi, . . . nea ayɛ koma ma aboro so no mu na n’ano ka.” Saa ara na ɛte wɔ Ahenni ho asɛmpa no ho. Osuani a akã ne koma no bɛpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ afoforo na ofi ne pɛ mu de ne ho hyɛ ɔsom adwuma no mu bere nyinaa. Ahosohyira ma Onyankopɔn ne asubɔ di akyi ba. Enti yɛkɔ so nya asomfo afoforo bere nyinaa ma ɛne nnyinasosɛm a ɛwɔ Paulo afotu a ɔde kɔmaa Timoteo no mu no hyia: “Saa nneɛma yi ara na fa hyɛ nnipa anokwafo afoforo a wɔn nso wɔbɛfata yiye sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo no nsa.”​—Luka 6:45; 2 Timoteo 2:2, NW.

22. (a) Dɛn nti na Yehowa ama wɔanya akyerɛkyerɛfo ne asɛmpakafo ahyehyɛde? (b) Daakye adwuma bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ?

22 Ɛnnɛ, wɔ asase so nyinaa no, Yehowa Nyankopɔn wɔ ahyehyɛde a anya ntetee a eye sen biara a afeha a ɛto so 20 yi mu akyerɛkyerɛfo, asɛmpakafo, ne asomfo wom. Wɔn mu dodow a wɔboro 2,800,000 renya adanse a etwa to a wɔredi ansa na awiei no aba nhyehyɛe bɔne yi so no mu kyɛfa. Nanso wɔresiesie nnipadɔm a wɔn dodow rekɔ anim yi ama adwuma kɛse a ɛsen saa mpo​—nnipa ɔpepepem pii a wɔbɛsan aba nkwa mu wɔ owusɔre no mu a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn. So woasiesie wo ho sɛ wubenya hokwan a ɛyɛ nwonwa yi mu kyɛfa? So wo som adwuma no yɛ nea ɛsow aba mprempren? Momma ɛnyɛ yɛn mpaebɔ sɛ yɛbɛma yɛn kanea ahyerɛn de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam bere a yɛsom sɛ asomfo a wɔn ho akokwaw no.​—Mateo 5:16; Yohane 5:28, 29.

Nsɛm a Woasusuw Ho

◻ Ɔkwan a etu mpɔn sen biara a wɔfa so ka asɛmpa no ne nea ɛwɔ he?

◻ Ɛsɛ sɛ yɛn nkyerɛkyerɛ yɛ nea egyina dɛn so? Dɛn ne asɛm a yɛka no?

◻ Su horow bɛn na ɛho hia na ama nkurɔfo atie yɛn?

◻ Ɔkwan bɛn na Yesu faa so duu n’atiefo koma mu?

◻ Ahwɛyiye bɛn na ɛho hia wɔ afoforo a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no mu?

[Kratafa 20 adaka]

“Mone asase so nkyene. Na sɛ nkyene dɛw yera a, dɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene? Enye mma hwee bio, gye sɛ wohwie gu, na nnipa tiatia so. Mone wiase hann. Kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw. Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.”​—Mateo 5:13, 14, 16.

[Kratafa 16 mfoni]

Yehowa Adansefo ka asɛm wɔ baabiara a wobehu nnipa

[Kratafa 17 mfoni]

Sɛ yɛredi adanse a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma ahorow a ɛkyerɛ onipa no nyamesom

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena