Harmagedon—Nea Ɛnkyerɛ
Faako a worekɔ no bɛn Haifa. Wɔ Apuei Fam Mfinimfini awia a ɛrebɔ no mu na mo kar no nam na ɛde n’ani kyerɛ Kishon asubɔnten a ɛwowãn no kesee fam kosi baabi a obon no yɛ ketewaa no. Mofa ɔkwan ketewaa a ɛda Karmel bepɔw ne Galilea nkoko no ntam no mu kosi sɛ mpofirim ara muhu sɛ obon no da mo anim kɛse—Esdraelon Tataw so nen. Monam tataw no so wɔ kesee fam bere a muhu koko bi a n’atifi trɛw kɛse no. Eyi ne nea morehwehwɛ no! Megido dɔte anaa abo kuw no, faako a wonyaa asɛmfua Harmagedon fi no.
WƆDE ahintasɛm ne adwen horow a ɛmfata abata Harmagedon ho. Adwen horow a ɛfa nea ɛkyerɛ ho no dɔɔso pii. Nanso asɛmfua Harmagedon no yɛ nea wonya fii Har-Magedon, anaa Bepɔw Megido mu. Ɛyɛ asɛmfua a efi Bible mu a wohu wɔ Adiyisɛm 16:16, a ɛka sɛ: “Na ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon [anaa, Armagedon].”
Henanom na wɔboaboa wɔn ano kɔ Harmagedon, na dɛn ntia? Adiyisɛm 16:14 ma mmuae sɛ: “Wiase nyinaa ahene” hyiam “ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no.”
Saa mmuae no ma nsemmisa afoforo pii sɔre. Hena na “ahene” no ne no ko, na ɔsɛmpɔw bɛn nti? Ɛhe na wɔbɛko? So wɔde nuklea akode bedi dwuma? So wobetumi asiw ɔko no ano? Nokwarem no, Harmagedon yɛ dɛn?
Ɛnyɛ Asase So Beae Bi
Harmagedon rentumi nyɛ asase so beae bi. Bepɔw biara nni hɔ a wɔfrɛ no saa ankasa—ɛwom sɛ abo kuw bi a wɔfrɛ no Megido da so ara wɔ hɔ besi nnɛ de. Harmagedon nkyerɛase ankasa de yɛn san akyi wɔ abakɔsɛm mu kɔ akodi ahorow a ɛkɔɔ so wɔ saa beae a wɔfrɛ no Megido no so.
Wɔ Mfinimfini Apueifo abakɔsɛm mu no, Megido ayɛ beae a wɔako ɔko ahorow a ɛyɛ hu sen biara no bi, na wɔadi nkonim ahorow wɔ hɔ. Ne nyinaa fii ase wɔ mfirihyia mpem abien A.Y.B. mu, bere a Misriam hene Thutmose III dii Palestina ne Siria ahemfo so nkonim no, na ɛkɔɔ so ara wɔ mfehaha no mu besii afe 1918 mu bere a Britaniafo sahene panyin Viscount Allenby dii Turkifo so nkonim kɛse no.
Nanso nea ɛho hia kɛse ma Bible asuafo no, Megido na Israel asraafo dɔm a ɔtemmufo Barak di wɔn anim dii Ɔhene Yabin ne ne Kanaanfo asraafo dɔm a wɔyɛ den a ɔsahene panyin Sisera di wɔn anim so nkonim kɛse no.Yehowa Nyankopɔn de ne ho gyee mu na ɔmaa Israelfo no dii nkonim kɛse.—Atemmufo 4:7, 12-16, 23; 5:19-21.
Enti, Harmagedon fii ase ba bɛyɛɛ ɔko a emu yɛ den a obiako pɛ na odi nkonim koraa.
Ɛnyɛ Asase So Aman Ntam Ko
Ɔsɛmpɔw a ɛfa Harmagedon ko ho—wiase nyinaa tumidi—no yɛ ɔsɛmpɔw kɛse nnɛ. Na, ɛwom sɛ wiase tumi abien a wɔsɔre tia wɔn ho no repere wiase nyinaa tumidi ho mprempren de, nanso Harmagedon renyɛ wiase nyinaa ko a ɛma wɔn mu biako sɔre tia ɔfoforo. Ampa, wiase no wɔ akodeyɛ ho akansi a emu yɛ den sen biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu mu a ama asɛm a India Today ka ne sɛ: “Eyi nyinaa repia okyinsoromma no wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so ma abɛn Harmagedon—ɔko a awiei koraa no ɛba wɔ amanaman no ntam.” Nanso Adiyisɛm 16:14 kyerɛ sɛ “wiase nyinaa ahene” boaboa wɔn ho ano “ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no.”
Enti, Harmagedon nyɛ onipa ko. Ɛyɛ Onyankopɔn ko. Harmagedon bɛyɛ asase so aman nyinaa a wɔbom ko tia ‘dɔm a wɔwɔ soro’ a ɔsahene a ɔyɛ “ahene’ mu hene ne awuranom mu awurade,” Kristo Yesu di wɔn anim no. Ɔno na ɔwɔ hokwan sɛ odi wiase nyinaa so, efisɛ Onyankopɔn nso ‘de ade nyinaa ahyɛ [Kristo] nan ase.’—Adiyisɛm 19:14, 16; Efesofo 1:22.
Ɛnyɛ Nuklea Ɔsɛe
Wɔ nnipa pii fam no, nuklea ɔko yɛ hu dodo sɛ wobesusuw ho. Nhwehwɛmu bi a nyansahufo 40 boom yɛe wɔ 1983 mu bu akontaa sɛ wɔ wiase nyinaa akodi mu no, nnipa dodow a wɔwɔ wiase nyinaa no mu nkyem abiɛsa mu biako kosi nkyem abien mu biako bewu amonom hɔ ara. Wɔn amanneɛbɔ no a wotintimii wɔ Science nsɛmma nhoma mu no ka daakye a ɛyɛ hu a ɛbɛwɔ hɔ ama wɔn a wobenya nkwa no ho asɛm. Ɛbɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔ nuklea akodi a emu yɛ den a ɛbɛkɔ so wɔ tumi akɛse no ntam biara mu no, wim tebea a ɛbɛsakra wɔ wiase a ɛbɛma afifide ne mmoa ahorow a wɔwɔ asase so fã kɛse no ara ase atɔre bɛba. Wɔ ɛno mu no, ba a ebetumi aba sɛ nnipa ase bɛtɔre no yɛ nea yɛrentumi nyi mfi mu.”
So Ade Nyinaa so Tumfoɔ Yehowa Nyankopɔn no bɛma biribi a ɛyɛ hu a ɛte sɛɛ ho kwan? Dabi! Wammɔ asase no “hunu” na mmom sɛnea osi so dua kyerɛ yɛn no, “ɔnwenee sɛ wɔntra so.” (Yesaia 45:18) Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔasɛe asase no’ wɔ Harmagedon, na ɛnyɛ sɛ wɔbɛhyew asase no wɔ nuklea ɔsɛe mu.—Adiyisɛm 11:18.
Ɛnyɛ Papa Ne Bɔne Ntam Akodi A Ɛkɔ So Bere Nyinaa
Asɔfo binom gye di sɛ Harmagedon yɛ papa ne bɔne ntam apereperedi a ɛkɔ so bere nyinaa, sɛ́ ɛyɛ wiase nyinaa de anaasɛ wo adwene no mu. “Harmagedon rekɔso wo wiase no fã bi da biara,” saa na Bible asekyerɛ nhoma bi ka. Ɔkwan bɛn so na eyi betumi ayɛ yiye bere a Bible no hyɛ bɔ sɛ Harmagedon de ɔsɛe bɛba aman ne nnipa a wɔyɛ bɔne nyinaa so ntɛm ara no? Sɛ́ Onyankopɔn Hene a wɔasra no no, Kristo de “dade poma bebubu wɔn, na [wabobɔ] wɔn sɛ ɔnwenfo ahina” wo Harmagedon.—Dwom 2:9; hwɛ Mmebusɛm 2:21, 22; Adiyisɛm 19:11-21 nso.
Ɛnyɛ Wiase Sikasɛm Nhyehyɛe A Ɛsɛe Koraa
Wiase nniso ahorow a ɛyɛ den sen biara no suro sɛ akaw ahorow a Wiase a Ɛto So Abiɛsa no ntumi ntua no bɛma wiase sikasɛm tebea no akɔ nea Business Life nsɛmma nhoma frɛ no “Sikasɛm Nhyehyɛe Harmagedon” no mu. Wiase sikakorabea nhyehyɛe ahorow no a ɛbɛsɛe koraa bɛyɛ hu ampa, nanso ɛrenyɛ Harmagedon. Bible mu Harmagedon no yɛ wiase nyinaa tebea a ɛfa ɔko ho, ɛnyɛ nea ɛfa sikasɛm nhyehyɛe ho. Odiyifo Yeremia kyerɛkyerɛ mu wɔ mfonini kwan so sɛɛ se: “ [Yehowa] ne amanaman reham; ɔreba honam nyinaa atɛn; ɔde abɔnefo ato afõa ano.”—Yeremia 25:31.
Ɛnyɛ Ɔko A Ɛkɔ So Wɔ Apuei Fam Mfinimfini
“Wɔ bere no mu baabi no, ntawntawdi a etwa to no bɛkɔ so wɔ Apuei Fam Mfinimfini,” saa na ɔsɛnkafo Billy Graham a wagye din wɔ wiase nyinaa no ka. Ɛdefa asɛm yi ho no, ɔda adwene a ne mfɛfo asafo pii kura adi. Graham gye di nso sɛ wobetumi atwentwɛn Harmagedon ase kakra. Ose, “Migye di sɛ wiase no de n’ani akyerɛ Harmagedon mprempren, na sɛ yɛamma yɛn ani amma yɛn ho so wɔ honhom mu na yɛannan amma Onyakopɔn nkyɛn a, wiase no betumi ahyia ne Harmagedon wɔ mfe du yi mu.”
“Asase so ahene ne wɔn dɔm” no nyinaa dɔɔso dodo sɛ wobenya kwan wɔ beae a Megido wɔ no. (Adiyisɛm 19:19) Enti, so eyi remma wɔn a wɔfa nea Bible ka biara sɛ saa na ɛte nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Harmagedon bɛyɛ wiase ko a wɔbɛko wɔ Megido tataw so ankasa no nyɛ nea entumi nyɛ yiye? Odiyifo Yeremia kyerɛ sɛ Harmagedon kɔka “asase ano ano” na wobehu wɔn a wɔawuwu no “afi asase awiei akosi asase awiei.”—Yeremia 25:32, 33.
Na esiane sɛ Harmagedon kyerɛ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” nti, obiara rentumi nsiw ano. Biribiara nni hɔ a nnipa betumi ayɛ de atwentwɛn ase. Yehowa wɔ “bere a wɔahyɛ” a ɔko no befi ase. “Ɛrenka akyiri.”—Adiyisɛm 16:14; 11:18; Habakuk 2:3.
Nea Wogyina So Nya Anidaso
Ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔdɔ trenee suro Harmagedon. Wɔ ɔkwan foforo so no, ebetumi ayɛ nea wogyina so nya anidaso. Bible no se: “Na mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no, wɔfrɛ no nea ɔsɛ gyidi no nokwafo, na obu atɛn na otu sa trenee mu.” (Adiyisɛm 19:11) Harmagedon ko no bɛpopa nsɛmmɔnedi nyinaa afi asase so na abɔ kwan ama tebea horow a trenee wom a wɔbɛsan de aba.—Yesaia 11:4, 5.
Wɔ nea ɛboro mfirihyia ɔha no, wɔate Yehowa Adansefo nne sɛ wɔrebɔ nkonim a Onyankopɔn bedi daakye wɔ nhyehyɛe yi atumfoɔ a wɔasɛe a wɔmmrɛ wɔn ho ase so no ho dawuru. Efi afe 1925 titiriw no, Adansefo no ahu nea Harmagedon yɛ pefee na wɔpow sɛ wɔbɛka wɔn ano atom wɔ ho. Nea wɔpɛ ne sɛ wɔbɛboa nkurɔfo ma wɔatwa Harmagedon, na ɛnyɛ sɛ wobewuwu. Enti wɔka kyerɛ wɔn a wotie nyinaa sɛ wonni Yoel 2:31, 32 afotu no akyi, a ɛhɔ na ɛka ‘[Yehowa] da kɛse e ɛyɛ hu no ba’ ho asɛm no, na ɛde ka ho sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no, wobegye no nkwa.”
Nanso ebia ebinom bɛkɔ so ara abisa sɛ: Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ betumi ama Harmagedon ho kwan? Kenkan Ɔwɛn-Aban a ebedi eyi akyi aba no, na ebebua saa asemmisa no.
[Kratafa 6 adaka]
Harmagedon Yɛ Dɛn?
Harmagedon NYƐ. . .
◆ beae bi wɔ asase so
◆ amanaman ntam akodi
◆ nuklea ɔsɛe
◆ wiase sikasɛm nhyehyɛe a ɛsɛe koraa
◆ papa ne bɔne ntam apereperedi
◆ ntawntawdi wɔ Apuei Fam Mfinimfini
Harmagedon YƐ. . .
◆ wiase nyinaa tebea a asase so aman bɛko atia Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, ne n’abɔfo dɔm wɔ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” no mu
[Kratafa 4 mfoni]
[Kratafa 7 mfoni]
Onyankopɔn Hene; Yesu Kristo, ‘de dade poma bebubu aman a wɔyɛ bɔne no nyinaa na wabobɔ wɔn sɛ ɔnwenfo ahina’ wɔ Harmegedon.—Dwom 2:9.