Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 7/1 kr. 25-31
  • Nniso A Ɛyɛ Nea Nnipa Ntumi Nyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nniso A Ɛyɛ Nea Nnipa Ntumi Nyɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ogyefo Ho Nnyinasosɛm No
  • Ntetee Wɔ Nhyehyɛe Foforo No Mu
  • Paradise A Wɔrekyekye
  • Wiase Nyinaa Abusua A Wɔyɛ Biako
  • Wɔboaboa Wɔn Ano Ma Nokware Som
  • “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
    “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
  • Nokware Ahofadi​—Wɔ Ahenni No Nniso Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Onyankopɔn Ahenni Nniso Ɛwɔ Hɔ Ankasa Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Onyankopɔn “Ɔman A Ɛyɛ Den” A Ɛyɛ Biako A Ɛbɛyɛ Asase So Ma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 7/1 kr. 25-31

Nniso A Ɛyɛ Nea Nnipa Ntumi Nyɛ

“Mommra mɛhwɛ Onyankopɔn nneyɛe, n’ade a ɔyɛ de di nnipa mma so yɛ hu.”​—DWOM 66:5.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na amansan a aniwa hu no da Ɔbɔadeɛ no tumi a ɛyɛ nwonwa no adi? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye nea Yehowa nkɔmhyɛ Asɛm no ka wɔ yɛn bere yi ho no di?

YEHOWA wɔ tumi a ɔde bɛyɛ nea onipa ntumi nyɛ. Sɛ nhwɛso no: Nnipa ho dwiriw wɔn wɔ sɛnea nuklea ɔtopae ano yɛ den no ho; nanso ahoɔden kɛse a ɛwɔ yɛn owia yi mu no ma n’ahoɔden no yɛ ketewaa bi. Na owia yɛ nsoromma bɛyɛ ɔpepepem 200 a ɛwɔ yɛn Milky Way nsoromma-kuw no nkutoo mu no biako. Ɔsoro abɔde ho adenimfo bu akontaa sɛ wɔ amansan yi nyinaa mu no, ebetumi aba sɛ nsoromma-kuw ɔpepepem 100 na ɛwɔ hɔ a nsoromma ɔpepepem pii wɔ emu biara mu. Hwɛ tumi kɛse ara a egyei ma wɔde bɔɔ ɛnonom nyinaa! (Yesaia 40:26) Ɔbɔadeɛ no tumi a ɛyɛ nwonwa yi ma onipa tumi a ɔwɔ no yɛ ketewaa bi a ɛnsɛ hwee.​—Yesaia 40:15.

2 Enti ɛnsɛ sɛ obiara adwene mu yɛ no naa sɛ ebia Yehowa betumi ayɛ nea ɔka sɛ ɔbɛyɛ no. (Yesaia 46:9, 10; 55:11) Sɛ ne nkɔmhyɛ Asɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛrebɛn bere a wɔahyɛ a ɔde ama nnipa kwan sɛ wɔnyɛ ade wɔ wɔn ankasa kwan a wɔpɛ so no awiei a, ɛsɛ sɛ yegye di. Abakɔsɛm da no adi sɛ nea nkurɔfo ayɛ wɔ onipa ne aboa nkwa ne afei asase no ankasa ho no yɛ animguase, nea ɛde ahohorabɔ ba Onyankopɔn amansan no so. Enti, Yehowa di bem koraa sɛ ɔbɛpopa ahohorabɔ yi afi hɔ koraa.​—Hosea 4:1-3; Yuda 14, 15.

3. Dɛn na Bible nkɔmhyɛ ka wɔ daakye a enni akyiri no ho?

3 Nea ɛrekɔ so wɔ wiase no mu nnɛ no di adanse pefee sɛ nneɛma nhyehyɛe yi wɔ “nna a edi akyiri” a wɔkaa ho asɛm too hɔ wɔ 2 Timoteo ti 3 no fã a etwa to mu ampa. Ɛrenkyɛ Yehowa beyi nhyehyɛe yi afi hɔ na wakyekyere nea odi so, Satan Ɔbonsam. Nea ebedi ɛno akyi aba ne nneɛma nhyehyɛe foforo koraa wɔ asase so a ɔsoro nniso a Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae bere a ɔkae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no di so no.​—Mateo 6:10; Daniel 2:44; Romafo 16:20.

Ogyefo Ho Nnyinasosɛm No

4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ogye ho nyinasosɛm no dii dwuma wɔ tete Israel?

4 Nnipa nniso horow rentumi nyi bɔne, ɔyare, ne owu mfi hɔ. Nanso, Onyankopɔn nniso bɛyɛ nea nnipa ntumi nyɛ. Yenya ɔkwan a eyi bɛfa so aba no ho ntease bi denam sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo a na wɔwɔ tete Israel dii no mu a yɛbɛhwehwɛ no so. Saa bere no, Onyankopɔn de ogyefo, anaa agyede ho nnyinasosɛm no dii dwuma. Sɛ nhwɛso no, sɛ Israelni ba bɛyɛ ohiani a, obetumi atɔn ne ho sɛ akoa ama obi a ɔnyɛ Israelni. Nanso obusuani a ɔbɛn betumi agye no, sɛ ɔwɔ sika a ɛfata a ɔde begye no a.​—Leviticus 25:47-49.

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na ogye ho nnyinasosɛm no di dwuma wɔ adesamma a wogye wɔn fi bɔne a wonya fii awo mu no mu? (b) So obiara de ne ho wɔ bɔne ho wɔ ɔkwan biara so?

5 Saa ara na Onyankopɔn ama wɔanya nea wɔde begye adesamma afi bɔne nkoasom mu. Ɛsɛ sɛ ɛho bo a wotua no ne nea ɛyerae no yɛ pɛ. (Deuteronomium 19:21) Adam yeraa ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ a ebetumi atra hɔ daa. Esiane sɛ biribiara nni hɔ a nnipa a wɔyɛ abɔnefo wɔ a ɛsom bo te sɛ ɛno nti, wɔrentumi ‘nnye onua mpo.’ (Dwom 49:7) Nanso, Bible no kaa nea obetumi ayɛ saa no ba a ɔbɛba ho asɛm too hɔ. Ɛbɛdaa adi sɛ saa onii no ne Yesu Kristo. Wɔdaa no adi sɛ na Yesu adi kan atra ase wɔ soro. Nanso wɔnam Yehowa tumi so yii ne nkwa bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu. Wɔnam saa kwan yi so woo no sɛ onipa. Nanso esiane sɛ na Onyankopɔn ne n’Agya nti, wannya bɔne a akyekyere adesamma nkae a wɔaka nyinaa no bi.​—Mateo 1:18-21; Yohane 1:1, 14; 1 Petro 2:22.

6 Enti, na Yesu na ɔwɔ ade biako pɛ a ɛne ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ som bo pɛ no​—ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ foforo. Nanso Yesu a na ɔnyɛ ɔsoɔdenfo te sɛ Adam no kɔɔ so yɛɛ osetie maa Onyankopɔn. Na bere a ɔde ne nkwa ma maa adesamma abusua no, Yehowa penee so sɛ ogye bo a ɛfata. (Galatifo 1:4) Nanso so eyi kyerɛ sɛ obiara bɛde ne ho afi bɔne ase na wabɛyɛ pɛ wɔ Ahenni no nniso ase wɔ ɔkwan biara so? Dabi, efisɛ Yohane 3:16 ka sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” Sɛ yegye ogye nsiesiei no tom na yɛyɛ ho biribi nkutoo a na yebehu yɛn nipadua ne yɛn adwene a wɔbɛsan ama ayɛ foforo na adu pɛyɛ mu wɔ Paradise no.​—Adiyisɛm 21:4.

Ntetee Wɔ Nhyehyɛe Foforo No Mu

7, 8. Ade a onipa adwene no betumi asua daakye bɛn ho akwanhwɛ na ɛwɔ hɔ?

7 Wɔ sintɔ tebea a onipa wom mprempren no mu mpo no, adwene no tumi sua nneɛma ahorow pii. Nanso eyi yɛ nea ebetumi asua wɔ Nhyehyɛe Foforo no mu, faako a bɔne rensiw ne dwumadi kwan no nkyekyem ketewaa bi pɛ. Wɔ The Brain Book mu no, ne kyerɛwfo no ka sɛ: “Yɛn tirim na afiri a ɛyɛ nwonwa sen biara wɔ amansan a yenim yi mu wɔ. Tumi a ɛwɔ ne dwuma a edi sen computer biara a onipa ayɛ pɛn.” Ɔde ka ho sɛ: “Wɔtaa ka sɛ yɛn adwene tumi no nyinaa mu ɔha biara mu 10 pɛ na yɛde di dwuma. Ɛda adi mprempren sɛ eyi yɛ akontaabu a ɛtra so. Ebetumi aba sɛ yɛmmfa ɔha biara mu 1 mpo nni dwuma​—ebia ɛbɛyɛ ɔha biara mu 0.1 anaa nea ennu saa.”

8 Susuw nea adwene no bɛma nnipa atumi ayɛ bere a adu tumi a ɛwɔ no ho koraa wɔ Nhyehyɛe Foforo no mu no ho. Susuw nneɛma ahorow nyinaa a ɛyɛ anigye a Yehowa ama aba yɛn asase yi so a yebetumi asua ho ade, te sɛ emu mmoa, mpataa, ne afifide, no ho. Susuw amansan a ɛyɛ nwonwa yi ne ne nsorommakuw ɔpepepem pii ho ade a wubesua no nso ho. Susuw yɛn ho a ebetumi akokwaw wɔ adwinni, nnwonto, nsaanodwuma, ne nneɛma afoforo pii mu no ho.

9. Ntetee bɛn na ɛde mfaso kɛse bɛba wɔ Nhyehyɛɛ Foforo no mu?

9 Ntetee foforo nso wɔ Nhyehyɛe Foforo no mu a ɛde mfaso a ɛsen biara bɛba. Yesu kae sɛ: “Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn.” (Yohane 6:45) Eyi yɛ ntetee a ɛkɔ soro sen biara. Na wɔbɛma ayɛ nea Onyankopɔn Ahenni no mma nyinaa nsa betumi aka a wɔn a wobenya nkwa wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei mu no ka ho. (Adiyisɛm 7:9, 14) Wohu Ahenni no mma afoforo nso wɔ Yohane 5:28, 29, faako a Yesu kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi” no. Awufo ɔpepepem pii a wobenyan wɔn​—biribi a nnipa rentumi nyɛ da​—yi bɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ntetee adwuma kɛse bi wɔ wɔn ho.

10. Ɔkwan bɛn so na wɔbɛtete nkurɔfo wo Nhyehyɛe Foforo no mu?

10 Ɛnnɛ ntetee ho nhyehyɛe ahorow a ɛne ne ho bɔ abira pii na ɛwɔ hɔ. Nanso wɔ Nhyehyɛe Foforo no mu no, Onyankopɔn soro nniso no bɛma wɔanya ntetee ho nhyehyɛe biako wɔ wiase nyinaa ma wɔde akyerɛkyerɛ nnipa no nokware a ɛfa Onyankopɔn ho no wɔ biakoyɛ mu. Eyi fã biako bɛyɛ kyerɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo onipa ne ne yɔnko ntam abusuabɔ pa. Wɔrenkyerɛkyerɛ abusua, ɔman, anaa asetra ho gyinapɛn ho ahantan biara wɔ hɔ. Mmom, asase sotefo besua sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho wɔn ho na wɔanya obu ama wɔn ho wɔn ho. Ntetee a ɛte saa nso bɛma nipasu foforo a wobenya aba ma ɛne Yehowa su horow a ɛkorɔn no ahyia.​—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; Kolosefo 3:9-12.

11, 12. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu ampa sɛ ntetee a ɛte sɛɛ wɔ Nhyehyɛe Foforo no mu bedi n’atirimpɔw ho dwuma?

11 So ntetee a ɛte sɛɛ betumi ayɛ yiye ankasa? Yegye di sɛ ebetumi ayɛ yiye na ɛbɛyɛ yiye nso. Nea enti a ɛte saa biako ne sɛ Yehowa a ontumi nni atoro no se ɛbɛyɛ yiye. (Tito 1:2) Bio nso, ntetee a ɛte sɛɛ yi reyɛ adwuma mpremprem! Yehowa wɔ wiase nyinaa ɔkyerɛkyerɛ ahyehyɛde dedaw a ɛrekyerɛkyerɛ nnipa ɔpepem pii n’Ahenni nniso no ne nneɛma ahorow a ɛhwehwɛ ho ade. Eyi aba saa efisɛ Ahenni no nniso adi dwuma fi bere a “nna a edi akyiri” no fii ase wɔ 1914 mu no.

12 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo ti 25 no anya mmamu fi saa bere no. Ɛkyerɛ sɛ Yesu ba Ahenni tumi mu bere a Onyankopɔn atamfo da so ara wɔ asase so. Nkyekyem 32 se: “Wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu.” Yehowa nam n’ahyehyɛde a aniwa hu a ɛrenya nkɔso no so rekyerɛkyerɛ wɔn a wɔte sɛ nguanten yi. Esiane sɛ wɔn ani sɔ nea wosua no nti, wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya nipasu foforo wɔ Onyankopɔn suban so. Na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ntetee yi reka nnipa ɔpepem pii wɔ ɔkwan pa so mprempren no yɛ adanse ankasa a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ saa wɔ ɔkwan a ɛso so wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no mu.

Paradise A Wɔrekyekye

13. Adwuma kɛse bɛn na wɔbɛyɛ wɔ Ahenni no nniso ase?

13 Adwuma foforo a wɔbɛyɛ wɔ Ahenni no nniso ase ne asase yi a wɔbɛma adan paradise. Na Paradise rentumi nyɛ nea efĩ anaa ohia wɔ hɔ. Nnipa pɛ afie a emu tew ne asase bi a nnua, nhwiren ne nturo ahorow wɔ so. Ɛno ne nea wɔn a wɔpɛ sɛ Onyankopɔn kyerɛkyerɛ wɔn no benya. Yesaia 65:21 ne 22 ka too hɔ sɛ: “Na wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, . . . na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.”

14, 15. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa nkoa betumi ama wɔanya paradise?

14 Mma w’adwenem nyɛ wo naa wɔ nea Yehowa bɛyɛ denam ne nkurɔfo a wɔwɔ koma a ɛpɛ no nsa so wɔ Nhyehyɛe Foforo no mu no ho. Ɛnnɛ mpo adansifo a wɔwɔ wiase no mu ho dwiriw wɔn wɔ nea Yehowa Adansefo tumi yɛ wɔ adan ahorow a wosi, te sɛ Ahenni Asa ahorow a wosisi wɔ bere tiaa mu no ho. Bere a wɔasi eyinom mu biako awie wɔ United States no, atesɛm krataa samufo asɛm bi kae sɛ: ‘Saa nnipa 2,000 a wɔatu wɔn ho ama no yɛ biribi a ɛsom bo kɛse sen adansi. Ɛsɛ sɛ aban mpanyimfo hwɛ nea wɔyɛe dapɛn awiei a etwaam no yiye. Biribi a ɛyɛ nwonwa fii anigye, ahofama ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobedu botae ho mu no bae. Sɛ akuw ahorow a ɛwɔ kurow no mu betumi ayɛ ade koro no ara a, anka botae biara​—sɛ ɛyɛ adwuma koro no ara, nsɛmmɔnedi ano a wosiw, anaa ɔman nkɔso-dwuma​—yɛ nea wobetumi adu ho. Adwumayɛfo dɔm no ma wohuu nea ɔkra no betumi ayɛ bere a nnipakuw bi yɛ biako no. Yegye di sɛ Ahenni Asa no yɛ beae a Adansefo asafo no nya denhyɛ. Wɔ a ɛwɔ hɔ no ayɛ denhyɛ ama yɛn nyinaa dedaw.’

15 Ɔpɛ a Yehowa asomfo wɔ ne wɔn ho a ɛrekokwaw kɛse yi yɛ nea wɔde bedi dwuma ma ɛho aba mfaso kɛse wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no mu. Na hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ wɔde afie a ɛyɛ fɛ besisi mmeae horow a yɛmpɛ ananmu! Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ wubehu sɛ da biara, mmɔden ahorow a wobɔ no ma asase bɛn wiase nyinaa paradise ho da koro!

Wiase Nyinaa Abusua A Wɔyɛ Biako

16. Dɛn nti na basabasayɛ ho hu renka Nhyehyɛe Foforo no mufo?

16 Na saa ara na nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, anaa akodi remma Nhyehyɛe Foforo no mufo nsuro. Dwom 46:9 se: “[Onyankopɔn] ma akodi gyae kosi asase ano.” “Asomdwoe hene,” Yesu Kristo, bɛma wiase nyinaa asomdwoe no mu ayɛ den, efisɛ “n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.” (Yesaia 9:6, 7) Bere a nokware asomdwoe wɔ hɔ, na wɔatete adesamma abusua no nyinaa wɔ gyinapɛn koro no ara a ɛkorɔn mu no, wɔn nyinaa bɛyɛ biako wɔ ɔdɔ hama a emu ntumi ntetew mu. Enti, aman ahye ahorow a ɛde mpaapaemu ba bɛyɛ nea enni hɔ bio.

17. Asomdwoe ne biakoyɛ a Yehowa nkoa wɔ mprempren mpo no mu trɛw kodu he?

17 So bɔhyɛ ahorow yi yɛ nea ɛyɛ dɛ dodo sɛ ebetumi ayɛ nokware? Dabi, efisɛ asomdwoe ne biakoyɛ akɔ so ankasa dedaw wɔ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ Ahenni no nniso ase nokwaredi mu no mu! Susuw eyi ho: Yehowa Adansefo a wɔn dodow boro ɔpepem abien ne fã wɔ asase so nyinaa. Nanso, wɔama Yesaia 2:4 anya mmamu dedaw, a ɛhɔ ka sɛ: “Na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” Tebea biara nni hɔ a ɛbɛma Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman ahorow so akunkum wɔn nuanom, anaa obi foforo bi, wɔ asase bi so. Sɛnea Italifo nhoma Il Corriere di Trieste kae no: Wɔasiesie wɔn ho sɛ wobewu mmom sen sɛ wobebu ahyɛde titiriw . . . NNI AWU no so!” Esiane sɛ Yehowa Adansefo di Onyankopɔn gyinapɛn ahorow akyi nti, wɔwɔ asomdwoe ne biakoyɛ ankasa a ɛyɛ den sɛ wiase yi betumi anya no. Na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔn mu ɔpepem pii wɔ anigye tebea a ɛte sɛɛ mu wɔ wiase a nitan apaapae mu yi mu no di nea ɛbɛba bere a Onyankopɔn Ahenni bedi wiase nsɛm nyinaa so no ho adanse.​—Yohane 13:34, 35; 1 Yohane 3:10-12.

18, 19. Mfaso afoforo a wɔn a wɔde wɔn ho fam Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn ho nya no bi ne nea ɛwɔ he?

18 Nea ɛka amanaman ntam asomdwoe ne biakoyɛ yi ho no, wɔn ho a wɔde fam Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn ho no ma wonya nnipa a wosusuw wɔn afipamfo ne wɔn afipamfo nneɛma ho. Enti, ‘wɔbɔ wɔn bra yiye ade nyinaa mu.’ (Hebrifo 13:18) Ɛdefa eyi ho no, Canada-Fransefo nsɛnkyerɛwfo bi rekyerɛw wɔ Le Journal de Montreal mu no, ɔka faa Yehowa Adansefo ho sɛ: “Sɛ wɔn nkutoo ne nnipa a wɔwɔ wiase yi mu a, anka ɛho renhia sɛ yɛde nsafe bɛtoto yɛn apon mu anadwo na yɛasan de akorɔnfo kɔkɔbɔ abɛn aka ho.”

19 Nsɛmmɔnedi nyɛ nea ɛkɔ so wɔ Onyankopɔn nniso no mma anokwafo yi mu, bere a ɛyɛ nea wontumi nyɛ ho hwee wɔ wiase no mu no. Afei nso, esiane sɛ wɔde wɔn ho fam Bible no abrabɔ ho nnyinasosɛm a ɛkorɔn no nti, mmaninyare ahorow anaa nyinsɛn a woyi gu a ayɛ ɔyaredɔm wɔ ɔman biara mu no nkãa wɔn. Na Yehowa nkoa wɔ obu kɛse ma aware nhyehyɛe no, bere a wɔ wiase no mu no obiara wɔ adwene a ɔpɛ wɔ aware nhyehyɛe no ho no. Dɛn nti na Yehowa Adansefo tumi kura gyinapɛn a ɛte sɛɛ mu? Efisɛ Yehowa rekyerɛ n’asomfo anokwafo kwan, na “Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ.”​—Mateo 19:26.

Wɔboaboa Wɔn Ano Ma Nokware Som

20. Dɛn ne adeyɛ titiriw a ɛsen biara wɔ yɛn bere yi mu?

20 Sɛ́ ɛyɛ nea nkurɔfo hu anaasɛ wonhu no, nnipa a wɔte sɛ nguanten a wɔreboaboa wɔn ano wɔ wiase nyinaa aba Yehowa ahyehyɛde no mu no yɛ adeyɛ titiriw a ɛsen biara wɔ yɛn bere yi mu. Eyi rema nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ Yesaia 2:2, 3 no anya mmamu: “Na nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɔnkɔ [Yehowa] bepɔw so na ɔnkyerɛkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnantew n’atempɔn so.”

21. Dɛn na wɔhyɛ nnipa koma pafo nkuran sɛ wɔnyɛ?

21 Yɛhyɛ nnipa koma pafo nyinaa nkuran sɛ wɔmmɛyɛ wiase nyinaa kuw a ɛyɛ anigye a wɔde rekɔ nokware som ne trenee nniso ho yi mufo. Nya nhyira a efi nnipa a wɔrekyerɛkyerɛ wɔn wɔ Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow mu a wɔne wɔn bɔ mu ba mprempren no bi. Fi nokwaredi mu fa wo ho hyɛ Ahenni nniso a ɛrenkyɛ ebefi ase ama asase yi adan paradise no ase. Nya saa Ahenni no mu ahotoso, na ɛnyɛ wiase yi nhyehyɛe ahorow no, efisɛ Dwom 127:1 ka sɛ: “Sɛ [Yehowa] ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa.” Gye nsa a wɔreto afrɛ wo wɔ Dwom 66:5 no so: “Mommra mmɛhwɛ Onyankopɔn nneyɛe, n’ade a ɔyɛ de di nnipa mma so yɛ hu.” Enti bra Onyankopɔn a ɔhyɛ nniso a eye sen biara ma adesamma ho bɔ, nniso a ɛbɛyɛ nea onipa ntumi nyɛ, nniso a ɛrenkyɛ koraa ɛbɛyɛ biako pɛ a wiase yi benya no, nkyɛn.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Yehowa betumi adi n’atirimpɔw ahorow ho dwuma?

◻ Ɔkwan bɛn so na ogye ho nyinasosɛm no di dwuma wɔ gye a wobegye obi afi bɔne mu no mu?

◻ Ntetee ne adwumayɛ kɛse bɛn na ɛbɛkɔ so wɔ Nhyehyɛe Foforo no mu?

◻ Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ mprempren a ɛkyerɛ sɛ asomdwoe, biakoyɛ, ne ɔdɔ bɛba wɔ asase nyinaa so wɔ Nhyehyɛe Foforo no mu?

[Kratafa 27 mfoni]

Wɔ Ahenni no nniso ase no, nnipa a wɔdɔ nokware “nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn”

[Kratafa 29 mfoni]

Asomdwoe ne biakoyɛ ankasa aba dedaw wɔ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ahenni no nniso ase no mu

August Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena