Fa Ahotoso Nantew Wɔ Yehowa Akanni Mu
“Monyɛ den na monyɛ nnam, munnsuro no mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, efisɛ [Yehowa] wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam; ɔrempa wo na ɔrennyaw wo.”—DEUTERONOMIUM 31:6.
1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa no adi sɛ ɔyɛ Israelfo no kannifo a obi ne no nsɛ?
YEHOWA daa no adi sɛ ɔyɛ ɔkannifo a obi ne no nsɛ bere a oyii Israelfo fii nkoasom mu wɔ Misraim no. Ɛnyɛ kyerɛ nko na ɔkyerɛɛ wɔn kwan wɔ sare no so na mmom ɔmaa wɔn aduan ne nsu na ɔde afotu a mfomso biara nni ho nso maa wɔn. Enti na Lewifo a wɔwɔ Nehemia bere so no betumi aka sɛ: “Wo [Yehowa Nyankopɔn] de, wo mmɔborohunu bebree nti woannyaw wɔn sare no so; omununkum dum no amfi wɔn so awia, sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan, ne ogya dum no nso anadwo, sɛ ɛbɛdɛw ama wɔn akyerɛ wɔn kwan a wɔmfa so. Na wode wo honhom pa no nso mae sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma ampa wɔn, na nsu nso womaa wɔn de kum wɔn sukɔm. Na wohwɛɛ wɔn mfirihyia aduanan wɔ sare no so: anhia wɔn, wɔn ntade ansusuw, na wɔn anan anhonhon.”—Nehemia 9:19-21.
2. Dɛn nti na na Mose betumi aka akyerɛ Israelfo no sɛ “monyɛ den na monyɛ nnam”?
2 Ɛdenam nteɛso a ɔde mae te sɛ agya a ɔwɔ ayamye so no, Ɔsoro Kyerɛkyerɛfo no kyerɛɛ Israelfo no nea sɛ́ obi bɛyɛ nea ɔteɛ ne ɔtreneeni no kyerɛ. Nea ɔyɛe biara yɛ wɔn yiyedi a ɛsen biara nti. Bere a wonwiinwii na wɔtew atua mpo no, onyaa abodwokyɛre ma enti wannyaw wɔn. Bere a atamfo dɔm a wɔdɔɔso kɛse sɔre hyɛ wɔn no titiriw na Yehowa ma ɛda adi sɛ ɔyɛ ɔkannifo a ne ho akokwaw na ɔsɛe atamfo a wɔsɔre hyɛ wɔn no. Mose kaa nokware bere a ɔde nsɛm yi hyɛɛ Israelfo nkuran no: “Monyɛ den na monyɛ nnam, munnsuro na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, efisɛ [Yehowa] wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam; ɔrempa wo na ɔrennyaw wo.” (Deuteronomium 31:1, 6) Ná Onyankopɔn ne wɔn ‘bɛnantew,’ sɛ wonya gyidi a. Ade a ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛde ahotoso bɛnantew wɔ Yehowa akanni mu bɛn ara ni!
Mmere A Atwam No Mu Kɔkɔbɔ Ahorow
3. Bere a woyii wɔn fii Misraim nkoasom mu akyi bere tiaa bi no, ɔkwan bɛn so na Israelfo no kyerɛe sɛ wonni ayɛ na wonni ahotoso wa Yehowa mu nso?
3 Nanso, Israelfo osuahu ahorow de kɔkɔbɔ ahorow ma yɛn. Ɛwom sɛ na woyii wɔn fii Misraim nkoasom mu nkyɛe de, nanso wɔkɔɔ so ara yɛɛ bɔne tiaa wɔn Kannifo a aniwa nhu no no. Bere a na Mose rekogye Mmara no wɔ Bepɔw Sinai so no, wɔkyerɛe sɛ wonni ayɛ wɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama wɔn no nyinaa ho. Wonyaa Aaron ma ɔde sika yɛɛ nantwi ba ma wɔsom no wɔ nea Aaron frɛɛ no “[Yehowa] afahyɛ” no mu. (Exodus 32:1-6) Akwansrafo 12 a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔhwehwɛ Kanaan asase no so no mu du daa no adi sɛ wonni gyidi, Yosua ne Kaleb nkutoo na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔmforo nkɔ nkɔfa asase no. Nanso Israel annya gyidi wɔ Onyankopɔn mu ma enti ɔhyɛe sɛ mmarima a “wɔadi mfe aduonu de rekɔ” no nyinaaa bewuwu wɔ mfirihyia 40 a wobedi wɔ sare no so no mu, gye sɛ Lewi abusua no ne anokwafo Kaleb ne Yosua na wɔnka ho. (Numeri 13:1-14:38; Deuteronomium 1:19-40) Ampa, ɛsɛ sɛ eyi nyinaa yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn ma yɛanyɛ bonniayɛ ne wɔn a wonni ahotoso wɔ Yehowa akanni mu saa ara!
4. Ɔkwan bɛn so na Israel abakɔsɛm kyerɛ sɛ amanehunu a ɛbaa Yuda, Yerusalem, ne asɔrefi no so wɔ 607 A.Y.B. mu no yɛ nea ɛteɛ?
4 Ɛwom sɛ Israelfo nantew sare no so mfirihyia 40 de, nanso Yehowa annyaw wɔn. Ɔkɔɔ so koo wɔn ko ahorow maa wɔn. Wɔ Mose ne Yosua wu akyi no, Onyankopɔn maa wɔn atemmufo ma wogyee ne nkurɔfo fii atamfo a wɔyɛ nhyɛsofo nsam. Nanso wɔ saa bere no mu no, Israelfo no yɛɛ nea ɛteɛ wɔ wɔn ankasa ani so, na amumɔyɛ, ɔbrasɛe ne abosonsom fii ase yɛɛ nea abu so. (Atemmufo 17:6-19: 30) Akyiri yi, bere a wɔpɛe sɛ wonya ɔdesani hene sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ te sɛ aman a atwa wɔn ho ahyia no, Yehowa yɛɛ wɔn abisade no maa wɔn nanso ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ nea ebefi mu aba no ho. (1 Samuel 8:10-18) Nanso, Dawid fi ahenni no mpo ansɔ ɔman no ani, na mmusuakuw du tew atua wɔ Rehabeam bere so. (1 Ahene 11:26-12:19) Adwene a ɛne sɛ wɔbɛma Yehowa adi wɔn anim no kɔɔ so ara fii dodow no ara adwene mu kɛse. Yerusalem ne asɔrefi no a wɔsɛee no, ne afei Yuda ahenni no a wotu gui wɔ Babilonfo nsam wɔ 607 A.Y.B. mu no de atemmu a ɛfata kɛse baa ɔman a wɔpowee sɛ wɔde ahotoso bɛnantew wɔ Yehowa akanni mu so. Hwɛ kɔkɔbɔ ara a ɛyɛ ma yɛn!
Yehowa Akanni Wɔ Ɔman Foforo So
5. Dɛn na Yehowa de mae wɔ Yesu mu, na na Yesu bɛyɛ dɛn?
5 Te sɛ tete Israelfo no, Yehowa asomfo a wɔbaa akyiri yi faa tebea horow a ɛsakrasakrae mu, nanso ɔkɔɔ so ara kyerɛɛ wɔn kwan a wannyae. Bere a Yesu a ofi Nasaret de ne ho ma maa nsu mu asubɔ wɔ 29 Y.B. mu no, Onyankopɔn de Odiyifo ne Ɔkannifo a ɔyɛ kɛse sen Mose mae. Sɛ Mesia no, na obedi nkurɔfo anim ma wɔafi wiase bɔne a ɛwɔ ɔbonsam tumi mu yi mu. (Mateo 3:13-17; Daniel 9:25; Deuteronomium 18:18, 19; Asomafo no Nnwuma 3:19-23; 1 Yohane 5:19) Nanso ɛyɛ nkurɔfo bɛn? Ɛdɛn, na ɛyɛ Yudafo ne afoforo a wobenya Mesia a ɔsoro Kannifo kɛse, Yehowa Nyankopɔn de no ama no mu gyidi no!
6. (a) Dɛn nti na Yesu akyidifo no tumi kaa asɛm na wɔhwɛɛ ahyehyɛde a na ɛrenyin no so? (b) Dɛn nti na ɛbɛdaa adi akyiri yi sɛ na Bible mu nokware hann no adum?
6 Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no Onyankopɔn nokware a ɛyɛ nwonwa no na ɔde ɔsom adwuma no ho akwankyerɛ a ɛho hia maa wɔn. (Luka 10:1-16) Enti bere a Kristo wiee ne som adwuma na ɔde ne ho mae de bɔɔ afɔre maa adesamma abɔnefo no, ogyaw akyidifo a watete wɔn a wɔbɛtoa asɛnka adwuma no so na wɔahwɛ wɔn a wogye no di ahyehyɛde a ɛrenyin no ho nsɛm so. Wɔ asomafo no bere so no, ɔtaa a ano yɛ den kɔɔ so. Nanso na Yehowa nsa wɔ ne nkurɔfo so, na wɔn a wogye dii no dodow a enyaa nkɔso kɛse no maa wɔn amanehunu no yɛɛ nea ɛnsɛ hwee. (Asomafo no Nnwuma 5:41, 42; 8:4-8; 11:19-21) Bere a Yesu asomafo no ne wɔn mfɛfo adwumayɛfo no wuwui no, wɔn a na wɔyɛ Kristo akyidifo no baa asɔfo ne ahemfo atirimɔdenfo ne ahantanfo tumidi ase. (Asomafo no Nnwuma 20:28-30) Esiane sɛ tebea yi kɔɔ so bɛyɛ mfeha 15 nti, na ɛte sɛ nea Bible mu nokware hann no adum.
7. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Yehowa san hyɛɛ n’akanni no mu den bio, na dɛn na ɔdaa no adi kyerɛɛ ne nnɛyi asomfo?
7 Nanso, afei te sɛ ‘ɛnne bi a ɛreteɛm wɔ sare so’ no, amanneɛbɔ no bae sɛ: ‘Ahenni no abɛn!’ (Fa toto Yesaia 40:3-5; Luka 3:3-6; Mateo 10:7 ho.) Wɔ afeha a ɛto so 19 no awiei mu hɔ no, Yehowa san kaa ne ho bio wɔ n’akanni no mu na ofii ase frɛɛ n’asomfo ankasa no fii wiase bɔne yi ne Babilon nyamesom nhyehyɛe ahorow no mu. (Adiyisɛm 18:1-5) Ɛdenam n’Asɛm a wɔakyerɛw no ne honhom kronkron so no, Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ ne nnɛyi asomfo no sɛ afe 1914 na ɛhyɛɛ amanaman no nniso a biribiara ammetwa mu no awiei ne afei nso Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam, nea Onyankopɔn apaw no sɛ ɔhene wɔ adesamma nyinaa so a wɔde no sii ahengua so wɔ soro no agyirae.—Luka 21:24; hwɛ 1975 Yehowa Adansefo Afe Nhoma no, nkratafa 34-37.
8. (a) Dɛn na wɔhyehyɛe akyiri yi? (b) Henanom na wɔabɛka Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no ho, na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ne Kristo akanni no ada adi?
8 Akyiri yi, wɔhyehyɛɛ ɔman foforo a emufo yɛ honhom mu Israelfo nkaefo a wɔanya Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho ntease foforo a wɔatete wɔn yiye ama ɔsom adwuma no. Akyiri yi nnipadɔm a wɔagye adi a wɔwɔ asase so anidaso bɛkaa Kristo akyidifo a wɔasra wɔn yi ho. Afei, Yehowa adansefo yi nyinaa de anigye abom rebɔ ne din ne Ahenni no ho dawuru de akɔpem asase ano. (Yesaia 66:7, 8; Galatifo 6:16; Adiyisɛm 7:4, 9, 10) Yehowa ne ne Ba a ɔyɛ ɔhene no akanni ada adi kɛse wɔ Adansefo no dwumadi a wɔayɛ ho nhyehyɛe no so, titiriw no wɔ nnipa koma pafo ɔpepem pii a wɔagye atom a wɔabɛyɛ Ahenni nniso no akyigyinafo a wɔyɛ den no so. So woka nnipadɔm a wɔwɔ anigye a wɔde ahotoso nantew wɔ Yehowa akanni mu no ho?—Mika 4:1, 2, 5.
9. Wiase nyinaa kuw bɛn na ayɛ nea ɛwɔ hɔ, na su bɛn na wɔwɔ wɔ Onyankopɔn akanni ne teokrase nniso ho?
9 Awiei koraa no, na ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo no yɛ n’adansefo “de akɔpem asase ano nohɔ.” (Asomafo no Nnwuma 1:6-8; Marko 13:10) Enti, mprempren Yehowa Adansefo rebɔ Ahenni no ho asɛmpa no dawuru wɔ asase nyinaa so, na wɔn a “wɔayi wɔn ama daa nkwa” no de anigye koma regye nokware no atom. Wɔreyɛ wiase nyinaa kuw a honhom mu anuanom mmarima ne mmea a wɔde anigye agye Onyankopɔn akanni atom na wɔde wɔn ho ahyɛ ne teokrase nniso ase no fã. (Asomafo no Nnwuma 13:48; 1 Petro 2:17) Te sɛ wɔn no, so wowɔ ahotoso koraa sɛ Yehowa ne ne Ba a ɔyɛ Ɔhene, Yesu Kristo rekyerɛ saa Ahenni adawurubɔfo ahyehyɛde yi kwan?
Hwɛ Yiye Wɔ Ahotoso A Wonni Ho
10. Kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ ɛkã Kristoni biara ma ɔhwehwɛ ne ho mu yiye hwɛ?
10 So wɔn a wɔanya nhyira ahorow nyinaa a efi Yehowa akanni mu ba no betumi atɔ afiri a ɛne gyidi ne ahotoso a wonni wɔ ne mu no mu? Yiw, efisɛ wɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛɛ “Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho. Na mmom muntutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ ‘ɛnnɛ’ no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma.” (Hebrifo 3:12, 13) Enti, ɛsɛ sɛ Kristoni biara hwehwɛ ne ho mu yiye hwɛ.
11. (a) Akwan horow bɛn so na obi ahonim betumi abɛyɛ nea apirim? (b) Dɛn na ɛbaa ebinom so wɔ afeha a edi kan Y.B. mu?
11 Obi ahonim betumi ayɛ nea apirim araa ma onhu mfomso a ɛwɔ adeyɛ bi a ɛne Kristosom honhom nhyia a ɛda gyidi ne ahotoso a wonni wɔ Yehowa mu adi no mu. Sɛ nhwɛso no, ebinom betumi atɔ afiri a ɛne honam fam nneɛma ne honam mu anigyede ahorow a wɔma ɛne ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no yɛ pɛ anaa wɔma edi ɛno anim mpo mu. Ebia afoforo bɛyɛ wɔn a wɔn bra asɛe anaasɛ ebia wɔbɛkasa atia mmarima a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu no. Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, na “amumɔyɛfo” a wɔawiawia wɔn ho aba asafo no mu no ‘gu ɔhonam ho fi, na wɔtew tumidi ahi, na wɔka anuonyamfo’ a asafo mu asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no “ho nsɛmmɔne.” (Yuda 4-8, 16) Na saa atoro Kristofo no ahwere nokware gyidi a wɔwɔ wɔ Yehowa ne n’akanni mu no. Mommma biribi a ɛte saa mma yɛn so!
12. (a) Ahofadi ne atuatew honhom bu ani gu dɛn so? (b) Abirabɔ bɛn na na ɛwɔ Kora ne Dawid su mu?
12 Mpɛn pii nea ɛka ‘tumidi ahi a wɔtew’ ho ne ahofadi ne atuatew honhom a ɛpow nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa rekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan no. Saa honhom yi maa nneɛma bɔne baa Kora ne afoforo a wɔkasa tiaa tumi a Onyankopɔn de maa Mose ne Aaron no so. (Numeri 16:1-35) Nanso hwɛ ade a ɛbɔ eyi abira a yehu wɔ Dawid ho! Esiane sɛ na ɔpene so sɛ ɔbɛtwɛn Onyankopɔn na wadi mfomso ahorow ho dwuma nti, Dawid ampɛ sɛ obekum ne tamfo, Ohene Saul, efisɛ na ɔyɛ obi a “ [Yehowa] asra no.” (1 Samuel 24:2-7) Yiw, Yehowa na ɔpaw Mose, Aaron, Saul, Dawid, Yesu Kristo, ne afoforo a wɔka ho. Saa ara na wɔ Yehowa ahyehyɛde mu nnɛ no, wɔpaw nkurɔfo ma ɔsom dwumadi ahorow a ɛne yɛn Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ahorow hyia ne wɔ Yehowa honhom kronkron no akwankyerɛ ase.—1 Timoteo 3:1-13; Tito 1:5-9; Asomafo no Nnwuma 20:28.
13. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde aseda ma wɔ Yehowa akanni no ho? (b) Ɛsɛ sɛ yɛnantew te sɛ henanom, na su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ saa?
13 Esiane sɛ ‘enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn’ nti, ɛsɛ sɛ yɛde aseda ma wɔ Yehowa akanni no ho. (Yeremia 10: 23) Abraham ne ne yere Sara a na ɔwɔ ahofama no tiee Onyankopɔn na wɔyɛɛ ade wɔ gyidi mu. Boas ne Rut yɛɛ ade sɛnea ɔsoro nhyehyɛe ahorow kyerɛ. Yiw, na mmarima ne mmea gyidifo afoforo pii de anigye gyee Yehowa akwankyerɛ toom. (Hebrifo 11:4-38; Rut 3:1-4:17) Te sɛ Onyankopɔn asomfo a wodii kan no, ɛsɛ sɛ yɛpow ahofadi honhom na yefi anigye mu ne Onyankopɔn teokrase ahyehyɛde no yɛ biako, na yɛde ahotoso a edi mu nantew wɔ Yehowa akanni mu.
“Dan W’Adesoa To [Yehowa] So” Wɔ Ahotoso Mu
14. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahwɛ yiye wɔ atuatew honhom ho?
14 Sɛ́ Yehowa nokware adansefo no, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahwɛ yiye wɔ atuatew honhom ho? Wiɛ, nea edi kan no, ɛho hia sɛ yebehu sɛ enye sɛ yɛbɛyɛ atuatewfo na yɛabu yɛn ani agu Onyankopɔn akwankyerɛ so wɔ ahantan mu. (Nehemia 9:16, 28-31; Mmebusɛm 11: 2) Yebetumi abɔ yɛn soro Agya no mpae sɛnea Dawid yɛe no, a ɔno na ɔsrɛe sɛ: “Bɔ w’akoa ho ban fi ɔboayɔ bɔne anaa ahantan ho, na anhyɛ me so. Ɛno na medi bem, na me ho afi amumɔyɛ kɛse ho.” (Dwom 19:13) Ɛbɛyɛ nea eye nso sɛ yɛbɛkae ɔdɔ kɛse a Yehowa ayi adi akyerɛ yɛn no. Ɛsɛ sɛ eyi ma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no nya nkɔso na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yegye n’akanni tom bere nyinaa.—Yohane 3:16; Luka 10:27.
15. Sɛ onua bi susuw sɛ wɔmpaw no sɛ asafo mu ɔsomfo anaa ɔpanyin esiane sɛ mpanyimfo no wɔ ne ho asɛm bi nti a, ɔkwan bɛn na wɔkamfo kyerɛ?
15 Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn rekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan no, ɛwom sɛ ebia ɛtɔ bere bi a ahotoso a yɛde bɛnantew wɔ Yehowa akanni mu no renyɛ mmerɛw de. Sɛ nhwɛso no: Fa no sɛ onua bi susuw sɛ wɔmpaw no sɛ asafo mu ɔsomfo anaa ɔhwɛfo esiane sɛ mpanyimfo no wɔ ne ho asɛm bi nti. Sɛ anka ɔbɛyɛ ade wɔ ɔkwan bi a ebetumi ahaw asafo no asomdwoe so no, ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ Yehowa na ɔrekyerɛ teokrase ahyehyɛde no kwan. Enti onua no betumi ahwehwɛ nkyerɛkyerɛmu bi wɔ ahobrɛase ne asomdwoe mu. (Hebrifo 12:14) Afei hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ nea nyansa wom ma no sɛ obegye mmerɛwyɛ ahorow biara a wɔbɛtwe n’adwene asi so no atom na wafi mpaebɔ mu abɔ mmɔden sɛ obenya nkɔso! Ɛno akyi no, obetumi de asɛm no ahyɛ Onyankopɔn nsa, na ɛne asɛm yi ahyia sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa] so.” (Dwom 55:22) Bere a ɛsɛ mu, ne sɛnea yɛfata wɔ honhom mu no, Yehowa bɛma yɛn pii ayɛ wɔ ne som mu.—Fa toto 1 Korintofo 15:58 ho.
16. Sɛ obi adi yɛn mfomso ankasa bi wɔ asafo no mu mpo a, ɔkwan bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛfa so, na dɛn ntia?
16 Sɛ ɛyɛ nea yɛahu amane ankasa bi wɔ onua anaa onuawa bi nsam mpo a, so ɛno bɛyɛ nea enti ɛfata sɛ yɛne asafo no begyae bɔ? So ɛno bɛma ayɛ nea ɛteɛ ma yɛn sɛ yebegyae ɔsom kronn a yɛde ma Yehowa no? Dabi, efisɛ ɔkwan a ɛte sɛɛ a yɛbɛfa so no bɛyɛ nokware a wonni mma Onyankopɔn ne bonniayɛ a wɔyɛ wɔ n’akanni no ho. Ɛbɛkyerɛ nso sɛ na yenni ɔdɔ mma yɛn mfɛfo gyidifo anokwafo a wɔwɔ asase so nyinaa no. (Mateo 22:36-40; 1 Yohane 4:7, 8) Bio nso, sɛ yegyae yɛn mudi ma Yehowa no mu a, ɛno bɛma Satan anya nea obegyina so abɔ Onyankopɔn ahohora—biribi a yɛmpɛ koraa!—Mmebusɛm 27:11.
17. (a) Dɛn na ɛse sɛ ɛboa yɛn ma yɛkɔ so nya ahotoso wɔ Yehowa akanni wɔ n’ahyehyɛde no so no mu? (b) Dɛn na wɔn a wɔkɔ so de ahotoso nantew wɔ Yehowa akanni mu no benya?
17 Enti afei, momma ‘yenhyira, [Yehowa] na mommma yɛn werɛ mfi Nea ɔde adɔe ne mmɔborohunu bɔ yɛn abotiri no.’ (Dwom 103:2-4) Sɛ yɛkae yɛn ɔdɔ Nyankopɔn no bere nyinaa na yɛyɛ ade ma ɛne n’Asɛm no hyia a, yɛbɛkɔ so anya ahotoso a emu yɛ den wɔ n’akanni a enni huammɔ no mu. (Mmebusɛm 22:19) Sɛ́ wobɛdan afi Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho, sɛ wobɛpow “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no akwankyerɛ na wode wo ho ato wo nkutoo Bible akenkan ne ne nkyerɛase so no bɛma woayɛ te sɛ dua koro a esi asase a akyen so. Nanso nea ɛne eyi bɔ abira no, obi a ɔwɔ yɛn Kannifo Kɛse, Yehowa mu ahotoso no ‘bɛyɛ sɛ dua a wɔatew asukɔn so na ne ntini tentene ka asu no ho; na sɛ ahohuru ba a, ɛnyɛ no hu, na ɛso ahaban bɛyɛ frɔmfrɔm.’ Bio nso, “osukɔm afe mu nso, ɛrempo, na ɛrennyae abasow” a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. (Mateo 24:45-47; Yeremia 17:8) Ɛno betumi ayɛ nhyira a wubenya, sɛ wobɔ wo tirim sɛ wobɛkɔ so de ahotoso anantew wɔ Yehowa akanni mu a.
Wubetumi Abua?
◻ Akwan horow bɛn so na Yehowa daa no odi sɛ ɔyɛ Israelfo no kannifo a obi ne no nsɛ?
◻ Ɛdefa Yehowa akanni ho no, kɔkɔbɔ ahorow bɛn na tete Israel de ma?
◻ Henanom na Yehowa redi wɔn kan nnɛ?
◻ Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahwɛ yiye wɔ ahotoso a wonni wɔ Yehowa akanni mu no ho?
◻ Sɛ obi di yɛn mfomso wɔ asafo no mu mpo a, su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ Yehowa akanni ho?
[Kratafa 15 mfoni]
Wɔ 607 A.Y.B. mu no, amanehunu baa wɔn a wɔamfa ahotoso annantew Yehowa akanni mu no so. Hwɛ nyansa ara a ɛwom sɛ yebetie kɔkɔbɔ no!
[Kratafa 17 mfoni]
Abraham, fi Sara, Dawid, Yesu, ne afoforo de ahotoso nantew wɔ Yehowa akanni mu. So saa na worenantew?