‘Me Som Ye Ma Me!’
SO WOAKA asɛm a ɛte sɛɛ bi pɛn bere a Yehowa Adansefo no mu biako baa wo fi no? Ebia wode kaa ho sɛ: ‘Na eye ma m’awofo ne me nananom. Enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ mehaw me ho wɔ ɔsom foforo bi ho?’
Ɛwom, yenya mfaso kɛse wɔ yɛn awofonom nyansa ne osuahu mu. Nanso so ɛno yɛ nea nyansa wom a wogyina so de di nyamesom bi akyi ankasa? Ɛyɛ nea ɛda adi sɛ yensuasua yɛn awofonom ne yɛn nenanom wo biribiara a yɛyɛ mu. Dɛn ntia? Efisɛ yɛanya nkɔso wɔ nimdeɛ ne ntease mu.
Sɛ nhwɛso no: Wɔ bɛboro mfirihyia 40 a atwam no mu no, sɛ nkurɔfo yare a, ebia wowuwu esiane sɛ aduruyɛ a na ɛwo ho no yɛ nea enni mũ ara kwa nti. Efi afe 1943 no, yɛanya nnuru a ekum mmoawa a wɔde nyarewa ba no na agye nnipa pii nkwa. So yɛpow sɛ yebesusuw nnuru a ɛte sɛɛ ho esiane sɛ na yɛn nenanom nnim ho hwee ara kwa nti? Dabi, yenya adwene a emu da hɔ na yɛkari mfaso ahorow a ɛwɔ nneɛma afoforo a aba so no hwɛ. Su a ɛte saa ara a yebenya wɔ nyamesom ho yɛ nea nyansa wom. Ɔsomafo Paulo asɛm no yɛ nhwɛso foforo a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ nea ɛda adi sɛ wɔn a wodii yɛn kan no nyamesom yɛ nokware som a ɛsɔ Onyankopɔn ani ankasa. Ansa na Paulo resakra aba Kristosom mu no, ɔyɛɛ ade wɔ ɔkwammɔne so ma ɛtraa so wɔ Kristofo “Kwan” no ho, efisɛ ‘ɔtaa Onyankopɔn asafo ma ɛtraa so, na ɔsɛee wɔn.’ Nanso dɛn nti na ɔyɛɛ saa? Efisɛ na ‘ɔbɔ n’agyanom atetesɛm ho mmɔden.’ Mmɔdenbɔ a ɔde kuraa ne kan som no mu no amma wannye nokware a ɛfa Yesu Kristo ho no antom—na na ɛno rentumi nyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani.—Asomafo no Nnwuma 9:1, 2; Galatifo 1:13, 14.
Wo Som—Nea W’ankasa Na Wopawee Anaasɛ Wobɛtoe
Wɔ nsɛm pii mu no, obi som yɛ nea ɔbɛtoe ara kwa. Dɛn nti na ɛte saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ ebia wɔwoo wo Katolekni, Protestantni , Hinduni, Taoni, anaa Buddani efisɛ ɛno ne asɔre a w’awofo kɔ. Nanso fa no sɛ wɔwoo wo wɔ ɔman anaasɛ abusua foforo mu. Ebia anka woreka no denneennen mprempren sɛ woyɛ nyamesom foforo muni. Enti, so ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛka sɛ ɔsom a wɔwoo wo toom no ara ne nokware no?
Sɛ́ ɛyɛ nea wɔwoo wo too wo som a wowom no mu anaasɛ ɛnte saa no, ebia wobɛte nka ara sɛ ɛyɛ nea eye ma wo. Nanso so ɔsom a ɛteɛ yɛ asɛm a ɛfa obi adwene anaa nea n’ani gye ho ho? So ɛno yɛ akwankyerɛ a wobetumi de ho ato so?
Ebia yebetumi de aduan ayɛ eyi ho mfatoho. Bisa abofra ma ɔnkyerɛ wo emu nea ɔpɛ—keeki sin anaa ɛfan abom. Ɛda adi kɛse sɛ ebia ɔbɛfa keeki no. Nanso so ɛno ne nea ahoɔden wom kɛse? Saa ara na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ w’ani gye ɔsom bi ho no nyɛ nea ɛkyerɛ sɛ ɛne nea eye ma wo kɛse wɔ honhom mu ankasa.—Fa toto Romafo 10:2, 3 ho.
Nyamesom nyɛ asɛm a ɛfa nea obi adwene kyerɛ no ho ara kwa. Ɛyɛ nea ɛfa Onyankopɔn som ho, enti ɛsɛ sɛ ɛsɔ n’ani. Enti ɛnyɛ asemmisa a ɛho hia no ne, So me som ye ma me? Mmom no, ɛne, So me som no sɔ Onyankopɔn ani ankasa?