Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 2/1 kr. 8-9
  • Yesu Asuafo A Wodi Kan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Asuafo A Wodi Kan
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Fii Ase Pɛɛ Asuafo
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Wɔn a Wɔbɛyɛɛ Yesu Asuafo
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Yesu Yii Asomafo Dumienu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yohane Bɔ Yesu Asu
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 2/1 kr. 8-9

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Yesu Asuafo A Wodi Kan

BERE a Yesu adi nnafua 40 wɔ sare so no, ɔsan ba Yohane a ɔbɔɔ no asu no nkyɛn. Bere a ɔbɛn no no, Yohane ka sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni. Oyi ne nea mekae wɔ ne ho sɛɛ: Ɔbarima bi di m’akyi reba a wadi me kan, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.” Ɛwom sɛ Yohane anyin sen ne na nua ba Yesu de, nanso Yohane nim sɛ na Yesu wɔ hɔ sɛ honhom nipa wɔ soro ansa na ɔreba.

Ɛda a edi hɔ no na Yohane ne n’asuafo no baanu gyina hɔ. Bere a ohui sɛ Yesu reba no, ɔkae bio sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn guammaa no ni.” Eyi nti Osuboni Yohane asuafo baanu yi kodi Yesu akyi. Wɔn mu biako ne Andrea, na ɛda adi sɛ nea na ɔka ho no ne onipa a ɔkyerɛw ho asɛm yi too hɔ a wɔfrɛ no Yohane no. Sɛnea ɛda adi no, saa Yohane yi nso yɛ Yesu ne na nua ba a ne maame ne Maria nuabea Salome.

Bere a Yesu dan ne ho na ohu sɛ Andrea ne Yohane di n’akyi no, obisa wɔn sɛ: “Mohwehwɛ dɛn?”

Wobisa sɛ: “Rabi (a ne nkyerɛase ne kyerɛkyerɛfo), ɛhe na wote?”

Yesu bua sɛ, “Mommra mmɛhwɛ!”

Ɛbɛyɛ sɛ anwummere nnɔnan, na Andrea ne Yohane tra Yesu nkyɛn bere a aka no nyinaa. Akyiri yi Andrea ani gye araa ma ɔde ahoɔhare kɔhwehwɛ ne nua a wɔfrɛ no Petro no. Ɔka kyerɛ no sɛ: “Yɛahu Mesia no.” Na ɔde Petro kɔ Yesu nkyɛn. Ebia saa bere yi ara Yohane nso hu ne nua Yakobo na ɔde no ba Yesu nkyɛn; nanso sɛnea Yohane taa yɛ no, wanka nea ɛfa ne ho yi ho asɛm wɔ n’Asɛmpa no mu.

Ɛda a edi hɔ no, Yesu hu Filipo na ɔka kyerɛ no sɛ: “Di m’akyi.” Afei Filipo hu Natanael a ɔno ara na wɔfrɛ no Bartolomeo no, na ose: “Nea Mose, wɔ mmara no mu, ne adiyifo no kyerɛw ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ofi Nasaret.” Natanael nnye nni. Ose, “So biribi pa bi betumi afi Nasaret da?”

Filipo ka kyerɛ no sɛ, “Bra bɛhwɛ!” Bere a wɔbaa Yesu nkyɛn no, osee Natanael sɛɛ “Filipo nnya mfrɛɛ wo na wowɔ borɔdɔma no ase no na mihuu wo.”

Natanael ho dwiriw no. Obua sɛ, ‘Kyerɛkyerɛfo, wone Nyankopɔn ba no, wone Israel hene no.’

Eyi akyi no, ankyɛ na Yesu ne n’asuafo foforo a wanya wɔn no fii Yordan Bon no mu kɔɔ Galilea. Yohane 1:29-51.

◆ Henanom ne Yesu asuafo a wodi kan?

◆ Ɔkwan bɛn so na wɔde Petro, ne ebia Yakobo, kyerɛɛ Yesu?

◆ Dɛn na ɛmaa Natanael gye dii sɛ Yesu ne Onyankopɔn Ba no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena