Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 6/1 kr. 8-10
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yenya Odwo Su?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yenya Odwo Su?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti A Ɛho Hia Kɛse
  • Ɔkwan A Yɛbɛfa So Ada No Adi
  • Odwo Yɛ Su Pa
  • Sɛnea Odwo Su Boa Yɛn Wɔ Da Biara Da Asetra Mu
  • Kɔ So Yi Odwo Su Adi
  • Odwo—Ɛboa Yɛn Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Odwo—Kristofo Su A Ɛho Hia Paa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Hyɛ Odwo!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Munyi “Odwo Nyinaa Adi Nkyerɛ Nnipa Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 6/1 kr. 8-10

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yenya Odwo Su?

ƐYƐ nea yɛkyerɛ obu ma na yɛn ani sɔ. Ɛboa yɛn ma yekwati ntawntawdi. Wɔtaa bu no sɛ ɛkyerɛ mmerɛw a obi yɛ, nanso ɛyɛ den kɛse sen dade. Ɛne odwo su!

Wɔ Bible mu no, wɔde odwo su bata ahobrɛase ho. Hela asɛmfua a wɔde gyinaa hɔ ma no kyerɛ ahobrɛase, ‘odwo ne adamfofa su; ɛne basabasayɛ, bo bɔne, boasetɔ a wonni ne kateeyɛ bɔ abira.’ Nanso, wɔde nneyɛe na ɛda odwo su adi kɛse sen nsɛm a wɔka.

Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya odwo su? Na ebetumi aboa yɛn wɔ ɔkwan bɛn so?

Nea Enti A Ɛho Hia Kɛse

Ɛsɛ sɛ Kristofo yi odwo su adi kyerɛ efisɛ ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani. Bible no tu yɛn fo sɛ yɛnnantew “ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu.” Ɛsɛ sɛ Kristofo mmea nya “honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim.” (Efesofo 4:1-3; 1 Petro 3:3, 4) Ɔsomafo Paulo hyɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran ma ɛfata sɛ: “Enti, sɛ nnipa a Onyankopɔn apaw mo, ahotefo ne adɔfo no, monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre.”​—Kolosefo 3:12, NW.

Mfaso wɔ odwo su a yebenya so efisɛ ebetumi abɔ yɛn ho ban. Ɛdenam odwo su a yebenya so no, sɛ asɛm bi a emu yɛ den sɔre a, yebetumi ama nea yɛafom no no abufuw agyae na ama asomdwoe aba yɛn ntam. Ampa, “mmuae bɔkɔɔ sianka abufuw.” (Mmebusɛm 15:1, NW) Bio nso, odwo su boa yɛn ma yetumi gyina da biara da asetra mu ɔhaw ahorow a emu yɛ den ano na etumi ma tebea horow a emu yɛ den a ɛsɔre wɔ adwuma anaa sukuu mu ano ano brɛ ase na ɛma asomdwoe ne biakoyɛ nya nkɔso na ɛboa ma yenya asetra a asomdwoe, ahotɔ ne anigye wom. (Mmebusɛm 14:30) Enti ntease pa wɔ hɔ nti a ɛsɛ sɛ yenya odwo su.

Ɔkwan A Yɛbɛfa So Ada No Adi

Ebia ɛte sɛ nea odwo su a yebeyi adi yɛ den, nanso yebetumi ayi su yi adi akyerɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa a. Dɛn ntia? Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so. (Genesis 1:26) Yehowa yɛ odwo su ho nhwɛso. Odwo su a ɔwɔ no da adi wɔ ɔkwan a ɔfa so ne adesamma abɔnefo di no mu. “Onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu.”​—Dwom 103:10.

Odwo su ka Onyankopɔn honhom aba no ho. (Galatifo 5:22, 23) Sɛ yɛte nka sɛ yɛn ankasa hia odwo su a, yebetumi abɔ mpae asrɛ honhom kronkron a ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi ada su yi adi no.​—Luka 11:13.

Esiane sɛ odwo yɛ Onyankopɔn honhom aba nti, ɛyɛ Kristofo nipasu no fã a ɛho hia. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ ahyehyɛde a ɛma wohu yɛn sɛ Kristofo no fã. Yiw yebetumi, na ɛsɛ sɛ ‘yenya odwo su,’ akyɛde a efi Yehowa hɔ a ne honhom ne ne nhyira ma yenya no.

Odwo Yɛ Su Pa

Yesu Kristo a n’ani gye adetrenee ho kɛse no yii odwo su adi kyerɛe. Ɔkaa wɔn a wodwo ho asɛm sɛ wɔwɔ anigye. Bio nso, Yesu kyerɛɛ nnyinasosɛm a ɛne sɛ ‘obi bɔ w’asom a dan foforo no ma no’ a ɛkyerɛ sɛ yɛrenyɛ biribi ntua afoforo bɔne so ka bere a wɔhyɛ yɛn abufuw no. (Mateo 5:5, 39; 21:5) Ebinom kyerɛ sɛ wɔrentumi mfa eyi nni dwuma wɔ akansi wiase yi mu. Nanso ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛka sɛ Kristofo su a ɛne odwo kyerɛ ehu anaasɛ nipasu a ɛyɛ mmerɛw. Nea ɛka su a ɛte sɛɛ ho ne gyidi, ɔdɔ ma Yehowa ne anisɔ a wɔwɔ ma ne trenee akwan. Enti, ɛyɛ su a tumi anaa ahoɔden kɛse wom.

Wɔ Bible abakɔsɛm mu nyinaa no, mmarima ne mmea a wosuro Onyankopɔn yɛɛ odwo su ho nhwɛso ahorow. Sɛ nhwɛso no, na “Mose de, odwo [ɔwɔ odwo su kɛse] sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” (Numeri 12:8) Nanso hena na ɔbɛka sɛ na ɔwɔ nipasu a ɛyɛ mmerɛw anaasɛ ɔyɛ ohufo?

Sɛ wode toto “ɔhonam nnwuma” ho a, ɛda adi sɛ odwo su ye sen no. (Galatifo 5:19-23) Sɛ nhwɛso no, sɛ wode toto abufuw a wontumi nni so ho a, odwo su ye. Romani anwensɛm kyerɛwfo Horace kae sɛ: “Abufuw yɛ bere tiaa mu adammɔ, enti di wo nkate so na anni wo so.”

Ade a yɛbɛyɛ ma ɛne “odwo a nyansa wɔ mu” ahyia no kyerɛ yɛ a yɛbɛyɛ ade ma ɛne Yehowa nipasu, di a ɔne yɛn di ne n’akwan ahorow ahyia. Sɛ nhwɛso no, ɛho hia sɛ ɔbarima a ɔfata sɛ ɔkyerɛkyerɛ mfɛfo gyidifo no dwo, ɔyɛ obi a ɔpɛ asomdwoe, na ɔbrɛ ne bo ase, na ɛnyɛ obi a ɔyɛ katee ne ahantan. (1 Timoteo 1:6, 7; 2 Timoteo 2:24, 25) Nanso odwo su betumi aboa yɛn kɛse nso wo asetra mu nneɛma afoforo mu.

Sɛnea Odwo Su Boa Yɛn Wɔ Da Biara Da Asetra Mu

Sɛ ɛba sɛ nsɛnnennen sɔre wo yɛne yɛn afipamfo ntam a, odwo su betumi aboa yɛn. Ɛboaa Cathy. Bere a ɔne ne nnamfo bi yɛɛ piknik wɔ ne fi no, mmofra no mu biako foroo ofipamfo bi gya a waboaboa ano fɛfɛɛfɛ no. Abofra no dwiriw ogya no bi gui bere a na ofipamfo no abegyina ne mfɛnsere mu rehwɛ no. Esiane sɛ ne bo afuw nti, ofii adi na ɔyeyaw abusua a woanya ahɔho no, abofra a wafom no ne n’awofo. Nanso, sɛ anka wɔne no bɛham mmom no, wɔyɛɛ nea wobetumi de brɛɛ n’abufuw no ase. Wobuaa no wɔ odwo mu. Ade kyee no, Cathy too paanoo maa n’abusua no na ɔtoo sebow abien maa ofipamfo no ne ne yere. Ná ayamye su yi ne asɛm a esii a wɔde odwo su dii ho dwuma a wanka ho asɛm bio no ne nea ɛho hia na ama ntawntawdi no abrɛ ase na wɔasan anya abusuabɔ pa.

Wɔka sɛ, sɛ nneɛma kɔ yiye a, ɛho nkamfo kakraa bi na ɛka adwuma so panyin a ɔyɛ n’adwuma yiye no, na sɛ ankɔ yiye de a, ɔno na wɔkasa tia no kɛse. Don a ɔhwɛ adansi adwumayɛfo bi so no yi odwo su a ɛte saa adi. Ɛboa no. Da koro bi ɔdansi adwuma bi so panyin bo fuwii esiane ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ adwuma bi nti. Obisae sɛ: “Hena na ɔyɛɛ eyi?” Ɛwom sɛ odwumayeni foforo anni Don ahyɛde so de, nanso obuae sɛ: “Ɛyɛ me mfomso. Mankyerɛkyerɛ mu yiye sɛnea m’adwumayɛfo no bɛte sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no no ase.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ afoforo kamfo Don wɔ ɔdansi adwuma pa a wɔayɛ ho a, ɔka sɛ: “Mmarima yi na wɔfata nkamfo no.” Esiane Don odwo su ne ne mu ahotoso a wɔwɔ nti, n’adwuma mu mpanyimfo ne n’adwumayɛfo dɔ no na wɔkyerɛ obu ma no. Saa nnyinasosɛm ahorow yi ara ho hia bere a Yehowa Adansefo kɔ wɔn afipamfo nkyɛn bere a wɔyɛ asɛnka adwuma no. Ebinom ani nnye nsrahwɛ ahorow yi ho na wɔn bo betumi afuw mpo. Nanso, odwo su boa Adansefo a wɔresrasra afoforo no ma wokwati afiewuranom ho adwemmɔne a wobenya anaasɛ kasa a wobɛkasa atia wɔn kɛse. Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo kura adwempa de, nanso so nsrahwɛ no ma ofiewura no gyae biribi a na ɔrenya mu anigye no kakraa? So ɛma onyanee? Odwo su tumi boa ma wɔde ahwɛyiye di tebea horow a ɛte saa no ho dwuma.​—1 Petro 3:15.

Saa ara na sɛ obi ‘yɛ mfomso ansa na n’ani ba so mpo a,’ odwo su boa Kristofo mpanyimfo ma wɔkari pɛ bere a wɔretu no fo no. Ɛnyɛ wɔn atirimpɔw ne sɛ wɔbɛtwe n’aso na mmom sɛ ‘wɔbɛteɛ’ no so te sɛ nea oduruyɛfo yɛ brɛoo ka dompe a atere ho si anim no. Ampa, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔfata wɔ honhom mu no werɛ fi sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛteɛ onipa a wafom no so “odwo honhom mu.”​—Galatifo 6:1, NW.

Kɔ So Yi Odwo Su Adi

Ebia yebetumi de bo a odwo su som no atoto asase a ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wobetumi adua Onyankopɔn honhom aba afoforo no wɔ so na wɔahwɛ so no ho. Sɛ yɛwɔ odwo su a, yebegye Yehowa honhom akwankyerɛ atom ntɛm ara. Na sɛ yɛda odwo su adi a, Onyankopɔn behyira yɛn, efisɛ ɔdɔ ahobrɛasefo ne wɔn a wodwo.​—Yesaia 29:18-21.

Nnipa pii kɔɔ Yesu nkyɛn efisɛ na ‘odwo na ɔbrɛ ne ho ase koma mu.’ (Mateo 11:28, 29) Saa su no twetwe nnipa koma pafo te sɛ nea ahɔhodan a wɔasɔ gya wom twetwe akwantufo a wɔabrɛ anadwo a awɔw aba no. Ampa, onipa a odwo yɛ adamfo pa. Ɛnde hwɛ fata ara a ɛfata sɛ yebenya “odwo” su! (1 Timoteo 6:11) Yiw, momma yenya odwo su.

[Kratafa 9 mfoni]

Yesu Kristo yii odwo su adi. So woyɛ saa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena