Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma
Yehowa Som Ho Mmɔdenbɔ
BERE a Yesu kɔɔ Kana ayeforohyia no ase akyi no, ɔkɔɔ Kapernaum, kurow bi a ɛbɛn Galilea Po no mu. Ná wɔn a wɔka ne ho ne n’asuafo no, ne na, ne ne nuanom a wɔne Yakobo, Yosef, Simon, ne Yuda. Nanso, ansa na wɔretu saa kwan yi no, ɛbɛyɛ sɛ wodii kan faa Yesu fi a ɛwɔ Nasaret no mu sɛnea ɛbɛyɛ a n’abusuafo no betumi afa wɔn nneɛma ahorow bi a ɛho behia wɔn.
Wɔ bere a Yesu de traa Kapernaum no mu no, ɔyɛɛ anwonwade ahorow sɛnea n’ankasa dii ho adanse asram bi akyi no. Nanso ankyɛ na Yesu ne n’ahokafo no sii kwan so bio. Ɛyɛ asusow bere, na wɔrekɔ Yerusalem akodi Twam no wɔ afe 30 Y.B. mu. Bere a wɔwɔ hɔ no, Yesu asuafo no hu biribi wɔ ne ho a ɛbɛyɛ sɛ wonhuu da.
Sɛnea Onyankopɔn Mmara kyerɛ no, ɛsɛ sɛ Israelfo no de mmoa bɔ afɔre. Enti, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn ho ankyere wɔn pii no, aguadifo a wɔwɔ Yerusalem no tontɔn mmoa ne nnomaa a wɔde di saa atirimpɔw yi ho dwuma. Nanso wɔretɔn wɔn wɔ asɔrefi hɔ pɛɛ, na wosisi nkurɔfo esiane aboɔden a wɔde gye no nti.
Bere a abufuw ahyɛ Yesu ma no, ɔde nhama yɛ mpire na ɔpam adetɔnfo no fi adi. Ɔka sikasesafo no sika nyinaa gu fam na obutubutuw wɔn apon no. Ɔka kyerɛ wɔn a wɔretɔn mmorɔnoma no sɛ: “Momfa eyinom mfi ha, monnyɛ m’agya fi aguadi fi!”
Bere a Yesu asuafo no huu eyinom no, wɔkaee Onyankopɔn Ba no ho nkɔmhyɛ bi a ese: “Wo fi ho mmɔdenbɔ amene me” no. Nanso Yudafo no bisa sɛ: “Sɛnkyerɛnne bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ eyinom?” Yesu bua sɛ: “Munnwiriw asɔredan yi na mede nnansa bɛma so bio.”
Yudafo no fa no sɛ Yesu reka asɔredan bi ankasa ho asɛm, nanso na ɔreka ne nipadua ho asɛm. Na wɔ mfe abiɛsa akyi no, n’asuafo no kae ne nsɛm yi a ɔkae no bere a wonyan no fii awufo mu no. Yohane 2:12-22; Mateo 13:55; Luka 4:23.
◆ Wɔ Kana ayeforohyia no akyi no, mmeae horow bɛn na Yesu tuu kwan kɔe?
◆ Dɛn nti na Yesu bo fuwii, ne dɛn na ɔyɛe?
◆ Bere a wohuu nea Yesu ayɛ no, dɛn na n’asuafo no kaee?
◆ Dɛn na Yesu ka faa “asɔredan yi” ho, na na dɛn na ɔkyerɛ?