Mfa Wo Ho Mfra Afoforo Bɔne Ahorow Mu
“Me ne nnipa huhuw antra, na me ne nyaatwomfo anhyia mu”—DWOM 26:4
1. Dɛn nti na Yuda sesaa adwene a na ɔde rekyerɛw krataa akɔma mfɛfo Kristofo no?
MFEHA dunkron a atwam ni no, na osuani Yuda adwene ne sɛ ɔbɛkyerɛw mfɛfo gyidifo afa ‘nkwagye a ɛyɛ wɔn nyinaa de’ no ho. Nanso ohui sɛ ɛho hia sɛ ɔbɛka akyerɛ wɔn ma ‘wɔapere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho.’ Dɛn ntia? Efisɛ na “amumɔyɛfo” bi awiawia wɔn ho aba asafo no mu na na “wɔdan yɛn Nyankopɔn dom ahohwi.”—Yuda 3, 4.
2. Ɛwom sɛ ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛka nkwagye no ho asɛm de, nanso ɛtɔ bere bi a dɛn na ɛsɛ sc esusuw ho wɔ mpaebɔ mu?
2 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛka nkwa a ɛyɛ yɛn nyinaa de no ho asɛm! Saa asɛm no a wosusuw ho de akomatɔyam kɛse ba, na yɛn ani gye bere a yɛhwɛ saa nkwagye no nhyira ahorow kwan no. Nanso mmere bi wɔ hɔ a sɛ́ anka yɛbɛka nkwagye no ho asɛm no, yehu sɛ ɛho hia sɛ yesusuw nsɛm afoforo a anibere wom ho mmom. Sɛ wɔanni eyi ho dwuma a, ebetumi asɛe yɛn gyidi na ama nkwa ho ammirikatu no abɔ yɛn. Sɛnea na Yuda kɔkɔbɔ a etia nneyɛe bɔne no ano yɛ den na tumi wom no, saa ara na nnɛ nso ɛtɔ bere bi a ɛsɛ sɛ yɛde mpaebɔ susuw Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛyɛ tẽe na ɛka biribi pɔtee ho asɛm no ho.
Yɛn Ankasa Bɔne Ahorow
3. Dɛn nti na yehia nteɛso, na ɛsɛ sɛ yegye tom dɛn?
3 Odwontofo Dawid kae sɛ: “Wɔwoo me amumɔyɛ mu, na bɔne mu na me nã nyinsɛn me.” (Dwom 51:5) Wɔwoo yɛn nyinaa sɛ abɔnefo. (Romafo 5:12) Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛka sɛ yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokware no nni yɛn nu.” (1 Yohane 1:8) Sɛ́ abɔnefo no, ɛtɔ bere bi a yehia nteɛso na ama yɛn akwan ateɛ. Nteɛso a ɛte sɛɛ fi Yehowa hɔ denam n’Asɛm Bible no ne n’ahyehyɛde no so. Ne nteɛso boa yɛn ma yɛnantew ɔkwan a ɛteɛ so wɔ n’anim. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no: “Na asotwe biara asotwe, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde, nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no.” (Hebrifo 12:11) Esiane asomdwoe aba a ntɛm a ɛte sɛɛ sow nti, ɛsɛ sɛ yɛde aseda gye.
4. Bere bɛn na wobetumi de nteɛso ama, na dɛn na ebetumi afi mu aba?
4 Wobetumi de nteɛso a efi Yehowa hɔ ama bere a afei ara na yɛafi ase refa ɔkwan bi a ebetumi ama yɛayɛ bɔne kɛse so no. (Galatifo 6:1) Ebia ɛtɔ bere bi a nteɛso no bɛba bere a yɛde yɛn ho ahyɛ bɔneyɛ bi mu kɛse no akyi. Ebia ɛbɛyɛ nea ɛho hia sɛ nteɛso a ɛte sɛɛ mu yɛ den, te sɛ bere a ɔsomafo Paulo hyɛɛ Korintofo no denneennen sɛ wɔnyɛ ade ntia oguamammɔfo bi a ɔwɔ asafo no mu no. (1 Korintofo 5:1-5) Wɔ emu biara mu no, nea enti a wɔde nteɛso ma ne sɛ ɛbɛma ɔdebɔneyɛfo no asakra n’adwene, wadan ne ho, na wafa ɔkwan a ɛbɛma watwe ne ho afi akɔnnɔ bɔne ahorow a ɛde bɔneyɛ a anibere wom ba no ho. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 3:19 ho.) Yehowa asomfo de aseda ma wɔ nteɛso a ɛte sɛɛ ho te sɛ nea onii a wɔkaa n’anim wɔ tete Korinto no nyaa mu mfaso a ɛda adi sɛ wɔsan gyee no baa ɔdɔ fekubɔ mu wɔ asafo no mu no.—2 Korintofo 2:5-8.
5. Kristofo a wɔde wɔn ho hyɛ bɔneyɛ a anibere wom mu no taa yɛ dɛn?
5 Wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no mu fã kɛse no ara hu hia a ɛho hia sɛ wɔbɛnantew ɔkwan a ɛteɛ so wɔ Onyankopɔn anim no. Sɛ wɔyɛ bɔne a anibere wom a, wɔdan fi ɔkwammɔne no so ntɛm ara na wɔkɔ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no nkyɛn na wɔda adanse a ɛkyerɛ nokware ahonu adi. (Yakobo 5:13-16) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ afe biara Yehowa Adansefo kakra bi na wotu wɔn no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wokyi bɔne na ɛyɛ wɔn pɛ sɛ wɔbɛyɛ nea eye.—Dwom 34:14; 45:7.
Afoforo Bɔne Ahorow
6, 7. Ɔkwan bɛn so na adebɔneyɛfo binom bɔ mmɔden sɛ wobenya afoforo so nkɛntɛnso?
6 Nanso ɛte sɛ nea ebinom a ɛda adi sɛ wɔdɔ nea ɛteɛ ama kwan ma wɔn koma adaadaa wɔn, efisɛ wɔnyɛ wɔn a wokyi bɔne. (Dwom 97:10; Amos 5:15) Esiane eyi nti wɔyɛ nneɛma ahorow a ɛyɛ bɔne na wonkura nea ɛteɛ a wɔbɛyɛ ho akodi no mu. Ebia ɛtɔ bere bi a wɔbɛkɔ so ahwehwɛ sɛ wɔde afoforo bɛka ho wɔ ɔkwammɔne a wɔnam so no mu. Hwɛ hia ara a ɛho hia sɛ yɛbɛpow adwen horow a ɛte sɛɛ!—Fa toto Mmebusɛm 1:10-15 ho.
7 Ɛtɔ bere bi a wɔn a ɛda adi sɛ wonkyi bɔne no ka adɔkɔdɔkɔsɛm araa ma ebia ɛbɛma wɔn a wotie no kɔn adɔ bɔneyɛ wɔ wɔn komam. Ebia wɔbɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔbrasɛe anaa nneyɛe bi a ɛde obi bɛn abrabɔ a ɛnsɔ Onyankopɔn ani ho mu. Anaasɛ ebia wɔbɛka akyerɛ obi sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ tebea bi a ebetumi ayɛ nea asiane wom wɔ honhom mu mu. Enti ebia wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa afoforo yi bɛka sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn a ohu yɛn mmɔbɔ bere a yɛyɛ bɔne no. Koma mu nnaadaa a ɛte sɛɛ betumi asɛe ade kɛse. (Yeremia 17:9; Yuda 4) Ampa, ɛsɛ sɛ ‘yɛtwe yɛn nan fi wɔn sa so’!—Mmebusɛm 1:15.
Afoforo Bɔne Ahorow Mu Kyɛfa A Wonya
8. Nsemmisa bɛn na ɛho hia sɛ yesusuw ho?
8 Na sɛ yehu sɛ adeyɛ bi a wɔrehyɛ ho nyansa nye nso ɛ? So pow a yɛpow no bɛma yɛade yɛn ho afi asɛm no ho asɛyɛde foforo ho? Sɛ yenim sɛ wɔn a wɔrehyɛ bɔneyɛ ho nyansa no reyɛ saa ankasa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
9. Dɛn nti na ebia ebinom bɛpow sɛ wɔbɛda afoforo bɔne adi, nanso dɛn nti na eyi yɛ aniberesɛm?
9 Ebia ebinom a wonim afoforo bɔne ho asɛm renka ho hwee nkyerɛ wɔn a ɛyɛ wɔn asɛyɛde titiriw sɛ wɔbɛma asafo no ho atew no. Dɛn ntia? Ebia wɔmpɛ sɛ wɔbɛka sɛ wɔn na wɔabɛka wɔn ho asɛm. Anaasɛ, ebia esiane nokwaredi a ɛnteɛ ho adwene nti, wɔbɛka wɔn ano atom wɔ asɛm no ho, anaasɛ ebia wɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn bɔ sɛ wɔrenka nkyerɛ obiara no. Eyi yɛ aniberesɛm kɛse. Dɛn ntia? Efisɛ ebetumi ama obi anya afoforo bɔne mu kyɛfa.
10, 11. (a) Dɛn na ɔsomafo Yohane kae wɔ afoforo bɔne fafafo a yɛbɛyɛ ho? (b) Sɛ yɛte bɔneyɛ a ɛfa asafo no muni bi ho a, dɛn na yebetumi abisa yɛn ho?
10 Ɔsomafo Yohane kyerɛ sɛ obi betumi anya onipa foforo bɔne mu kyɛfa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Obiara a ɔfom so na ɔntra Kristo kyerɛ no mu no, onni Nyankopɔn. . . . Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura kyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fi, nso munnkyia no! Na nea okyia no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafo. (2 Yohane 9-11) Obi a wawae afi “Kristo kyerɛ” no ho renyɛ obi a ɔfata sɛ wɔne no bɔ, na kyia a Kristoni nokwafo renkyia no no remma ɔnyɛ ne nnwuma bɔne no fafafo.
11 Esiane sɛ saa na asɛm no te wɔ ɔwaefo ho nti, ɛda adi sɛ yɛrempɛ sɛ yɛbɛyɛ wɔn a yɛte wɔn ɔbrasɛe ho asɛm no nnebɔne no fafafo. Ɛnde sɛ yehu sɛ asafo no muni bi abɛyɛ ɔkorɔnfo anaasɛ ɔsabofo a, dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ yɛanhyɛ oniiko no nkuran ma wanhwehwɛ Yehowa hɔ fafiri, anka ne bɔne ankyerɛ mpanyimfo no a, so ɛyɛ nea yɛn ho nni asɛm biara? Dabi, efisɛ yɛwɔ asɛyɛde a anibere wom.
Ahotew Ne Ahobammɔ Ho Hia
12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma asafo no honhom mu ahotew ho asɛm hia yɛn?
12 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ma asafo no honhom mu ahotew ho asɛm hia no. Hwɛ si ara a wosii eyi so dua yiye bere a Yudafo nnomumfafo rebefi Babilon wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no! Ahyɛde a Onyankopɔn de mae ne sɛ: “Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi [Babilon] mu, montew mo ho, mo a mosoa [Yehowa] nnwinne no.”—Yesaia 52:11.
13. Ɔkwan bɛn so na Yuda kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa nkurɔfo ho ban a wɔbɛbɔ wɔ adebɔneyɛfo ho no ho asɛm hia yɛn?
13 Ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa nkurɔfo a wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wɔdaadaa wɔn ma wɔayɛ bɔne ho no ho asɛm nso hia yɛn. “Amumɔyɛfo” a na wɔwɔ Yuda bere so no pɛe sɛ ‘wɔdan yɛn Nyankopɔn dom ahohwi,’ nanso osuani nokwaredifo yi bɔɔ mfɛfo gyidifo kɔkɔ na ɔnam saa yɛ so bɔɔ wɔn ho ban. Ɔkaee wɔn kɔkɔbɔ nhwɛso a ɛfa nokware a Israelfo anni, abɔfo asoɔdenfo no, ne afoforo ho no. Kenkan ne krataa a efi honhom mu yi na wubehu sɛ ɛnyɛ nea Kristofo anokwafo betumi atra hɔ ahwɛ bere a asafo no ahotew yɛ nea ɛda asiane mu, anaasɛ, bere a ɛho hia sɛ wɔbɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban wɔ nnipa a wɔn bra asɛe na wɔwɔ adwene a ɛho ntew ho no.
14. Sɛ ɔdebɔneyɛfo bi pow sɛ ɔbɛka ne bɔne akyerɛ mpanyimfo no a, ɔkwan bɛn so na Dwom 26:4 betumi aboa yɛn ma yɛasi gyinae wɔ nea yɛbɛyɛ ho?
14 Nanso fa no sɛ yɛahyɛ ɔdebɔneyɛfo bi nkuran sɛ ɔnhwehwɛ Yehowa hɔ fafiri na ɔnka ne bɔne nkyerɛ mpanyimfo no, nanso ɔkɔ so ara tu eyi hyɛ da anaasɛ onhu hia a ɛho hia sɛ ɔyɛ eyi. So yebetumi agyae asɛm no mu ama aka? Ebia ebinom bɛka sɛ wɔrempɛ sɛ wɔde wɔn ho behyem. Ebia wɔrempɛ sɛ wɔne nea wayɛ bɔne no adamfofa bɛsɛe. Na ebia wɔrempɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔda kokoam nsɛm adi denam mpanyimfo no a wɔbɛbɔ wɔn amanneɛ no so. Nanso eyi yɛ adwene a ɛnteɛ. Odwontofo Dawid kae sɛ: “Me ne nnipa huhuw antra, na me ne nyaatwomfo anhyia mu.” (Dwom 26:4) Ɛnde ɛyɛ ampa sɛ yɛrempɛ sɛ yɛyɛ “nyaatwomfo” nnamfo anaa wɔn aboafo.
15. Ɔkwan bɛn so na Leviticus 5:1 kyerɛ asɛyɛde a yɛwɔ bere a yɛama ɔdebɔneyɛfo bi bere a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ sɛ ɔnkɔka ho asɛm nkyerɛ mpanyimfo no akyi no?
15 Enti bere a yɛama ɔbɔnefo no bere a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ sɛ ɔnkɔka ne bɔne nkyerɛ mpanyimfo akyi no, ɛyɛ yɛn asɛyɛde wɔ Yehowa anim sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ne bɔne no fafafo. Ɛho hia sɛ yɛbɔ ahwɛfo a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no amanneɛ sɛ onipa no ada bɔneyɛ a anibere wom a ɛho hia sɛ wɔhwehwɛ mu adi. Eyi bɛyɛ nea ɛne Leviticus 5:1 hyia, a ɛhɔ ka sɛ: “Na sɛ obi yɛ bɔne sɛ wate ntanka nne na ɔne ɛho dansefo, sɛ ohui oo, ɔtee oo, na wanka a, ɔbɛsoa ne mmusu.” Ɛwom, ɛnsɛ sɛ yɛde ahopere gyina bɔneyɛ a wɔde adwene na abu so yɛ ade.
16. Dɛn na ɛho hia kɛse sen nokware a yebedi ama adamfo a ɔpow sɛ ɔbɛka ne bɔne a anibere wom ho asɛm akyerɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no?
16 Wɔ ɛnnɛ wiase yi mu no, afoforo bɔne so a wɔkata yɛ ade a wɔtaa yɛ. Pii ka wɔn ano tom denneennen wɔ afoforo bɔneyɛ a wɔbɛda no adi akyerɛ wɔn a ɛsɛ sɛ wɔte no ho. Egye Kristofo nipasu a ahoɔden wom na wɔde aka ɔyɔnko gyidini bɔne a anibere wom ho asɛm akyerɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no. Nanso sɛ yebenya Yehowa dom a, ɛnde ɛnsɛ sɛ yɛma adamfofa ho asɛm fura yɛn ani wɔ onipa foforo bɔneyɛ ho. Yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho hia yɛn kɛse sen nokwaredi ma adamfo a wadi bɔne a anibere wom ho fɔ na ɔpow sɛ ɔbɛda asɛm no adi akyerɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no.
Ɔhaw A Ɛsɛ Sɛ Yɛn Nyinaa Susuw Ho
17. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛho hia sɛ mmofra a wɔwɔ yɛn mu no binom hwɛ yiye wɔ afoforo bɔne mu kyɛfa a wobenya ho?
17 Ɔhaw a ɛfa afoforo bɔne mu kyɛfa a wonya ho no yɛ nea ɛtɔ bere bi a ɛwɔ mmofra a wɔwɔ yɛn mu no nso mu. Ebia wɔbɛka wɔn ano atom bere a afoforo yɛ nneɛma a ebetumi akã asafo no wɔ ɔkwan a enye so na ɛde Yehowa abufuw aba no a wɔnka nkyerɛ wɔn a ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ wɔn no. Afoforo bɔne a wɔkata so yɛ nea abu so wɔ wiase no sukuu ahorow mu. Nanso sɛ saa adwene yi trɛw du asafo no mu a, ebetumi de ɔhaw pii aba. Amanneɛbɔ ahorow mpo kyerɛ sɛ mmofra binom ka bom de wɔn ho hyɛ abrabɔ bɔne mu na wɔka wɔn ho wɔn ho ntam sɛ wɔremma mpanyimfo no anaa wɔn awofonom nte ho hwee. Nhyɛso a efi mfɛfo a wogyaa ho mu ma ne pɛ a obi bɛpɛ sɛ wogye no tom wɔ kuw bi mu de awerɛhow pii brɛ mmofra yi, wɔn awofonom ne afoforo wɔ asafo no mu bere a wɔn bɔneyɛ no ada adi no. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ biribiara nni hɔ a ahintaw a ɛrenna adi, na yɛn asɛyɛde atitiriw wɔ Yehowa anim no biako ne sɛ yɛbɛboa ma n’ahyehyɛde no ho akɔ so atew.—Luka 8:17.
18. Ɛsɛ sɛ Kristofo awofo yɛ dɛn bere a wɔn mma yɛ bɔne no?
18 Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo nyinaa hwɛ yiye sɛ wɔrennya afoforo bɔne ahorow mu kyɛfa. Awofo binom bɔ mmɔden sɛ wobeyi wɔn mma ano wɔ abrabɔ bɔne ho na wɔbɔ mmɔden sɛ wobegye wɔn ti. Nanso ɛnsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo nya adwene sɛ obiara mpɛ wɔn mma no asɛm bere a wɔayɛ bɔne no. Mmom no, ɛsɛ sɛ awofo a wosuro Nyankopɔn boa wɔn mma a wɔyɛ bɔne no ma wogye nteɛso biara a ɛho hia a wɔada no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no tom na ama ɛho aba wɔn mfaso.
19. (a) Ɛdefa bɔneyɛ a anibere wom ho no, dɛn na ɛho hia sɛ Kristofo awarefo hwɛ yiye wɔ ho? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ bere a wɔn mu biako anaa asafo mu ɔsomfo yɛ bɔne a anibere wom no?
19 Ɛho hia sɛ Kristofo awarefo nso hwɛ yiye sɛ wɔremmu Onyankopɔn mmara so denam wɔn mu biara bɔne a anibere wom a wɔbɛkata so no so. Ɛsɛ sɛ wɔkae Anania ne Safira a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkata bɔne a anibere wom so nanso anyɛ yiye asɛm no. (Asomafo no Nnwuma 5:1-11) Saa ara na ɛsɛ sɛ mpanyimfo nso ma wɔn ani da hɔ sɛ wɔrenkata wɔn ho wɔn ho anaa asafo mu asomfo nsɛm so, bere a wɔn mu bi ayɛ bɔne a anibere wom a ebetumi ama wɔatu no no. Ɛsɛ sɛ wodi nnyinasosɛm a Paulo daa no adi no akyi, ɔkyerɛwee sɛ: “Mfa wo nsa ngu obi so ntɛm, nanso mfa wo ho mfra ebinom bɔne mu.”—1 Timoteo 5:22.
Nyansa A Ɛwom Sɛ Yɛbɛkɔ So Ayɛ Nnipa A Wɔn Ho Nni Asɛm
20. Sɛ́ yɛbɛkata afoforo bɔne a anibere wom so anaasɛ yɛde yɛn ho bɛfra mu mmom no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
20 Ɛnsɛ sɛ Yehowa asomfo de wɔn ho hyɛ wiase yi akwammɔne a wɔnam so no mu anaasɛ wosuasua wɔn. Bere a ɔsomafo Yohane rekyerɛw akɔma Gaio no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Nea ɔyɛ papa no fi Nyankopɔn mu, na nea ɔyɛ bɔne no nhuu Nyankopɔn ɛ.” (3 Yohane 11) Hwɛ oye ara a eye sɛ Onyankopɔn Asɛm a edi mũ no bɛkyerɛ wo kwan na ama woayɛ nea eye! Enti, sɛ́ yɛbɛkata afoforo bɔne ahorow a anibere wom so anaasɛ yɛde yɛn ho bɛfra mu mmom no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛhyerɛn sɛ akanea na yɛayɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm a wɔyɛ kronn. (Filipifo 2:14, 15) Ɛyɛ Onyankopɔn somfo biara asɛyɛde sɛ ɔbɛma asafo no ho atew na wakɔ so ara ayɛ obi a ne ho nni nkekae. (2 Petro 3:1-4) Na sɛ biribi a wunim a ɛfa nea obi ayɛ ho haw wo nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ wo ne mpanyimfo no bɛkasa na woanya akwankyerɛ a ɛfa ɔkwan a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ wofa so ho.
21. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a Kristo wɔ ma n’asafo no yɛ nhwɛso ma yɛn? (b) Ɛdefa afoforo bɔneyɛ ho no, asɛyɛde bɛn na ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma?
21 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ahyehyɛde no yɛ nea yɛde suasua ɔdɔ a Yesu Kristo wɔ ma ne honhom mu ayeforo a ɛyɛ asafo no. Ná Yesu “dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no, sɛ ɔde nsu aguare no bɛtew ne ho wɔ asɛm no mu ayɛ no kronkron, na ɔde asafo no asi hɔ anuonyam mu a nkekae anaa mpomponoe anaa eyinom biara nni ho na mmom ayɛ kronkron a dɛm nso nni ho.” (Efesofo 5:25-27) Saa ara na ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ahyehyɛde no ka yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi de ma ɛho tew. Mommma yɛnnyɛ biribi a ebegu Onyankopɔn anaa n’ahyehyɛde no ho fi na saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛkata afoforo bɔne so wɔ asafo no mu. Mmom no, momma yɛnhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no nkuran ma wɔmma wɔn abrabɔ nteɛ na wɔnhwehwɛ mpanyimfo no hɔ mmoa. Sɛ wɔanyɛ eyi wɔ bere a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ mu a, momma yenni yɛn asɛyɛde ho dwuma na yɛnkɔbɔ ahwɛfo a wɔapaw wɔn no amanneɛ. Wɔ saa kwan yi so no, yɛrenyɛ afoforo bɔne ahorow fafafo na wɔn abrabɔ bɔne no ho asodi bi renyɛ nea ɛda yɛn so.
22. (a) Sɛ yebenya nkwagye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Nsemmisa bɛn na aka a ɛsɛ sɛ yesusuw ho?
22 Nkwagye a ɛyɛ yɛn nyinaa de no yɛ ademude a ɛso bi nni. Sɛ yɛn nsa bɛka a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nantew ɔkwan a ɛteɛ so wɔ Yehowa anim. Enti momma yɛmmoa yɛn ho yɛn ho ma yɛnyɛ saa a yɛmfa yɛn ho mfra afoforo bɔne ahorow mu. Yehowa fi ɔdɔ mu ayɛ nhyehyɛe wɔ n’ahyehyɛde no mu na aboa yɛn wɔ mmɔden a yɛbɔ yi mu, na mpanyimfo a wɔapaw wɔn no di dwuma titiriw wɔ eyi mu. Nanso ɔkwan bɛn so na wosuasua Yehowa ne ne Ba, Oguanhwɛfo pa, no? Mmoa bɛn na mpanyimfo betumi de ama yɛn wɔ ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so? Adesua a edi hɔ no bɛma nsemmisa yi ho mmuae.
Wubetumi Akae?
◻ Ɛsɛ sɛ wubu nteɛso dɛn?
◻ Sɛ wo yɔnko gyidini ka kyerɛ wo sɛ wayɛ bɔne a anibere wom a, dɛn na ɛsɛ sɛ woka kyerɛ no ma ɔyɛ?
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ bere a wunim sɛ ɔdebɔneyɛfo bi nkaa ne bɔne nkyerɛɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no?
◻ Sɛ́ yɛyɛ mpanyimfo, aware mu ahokafo, anaa mmofra no, ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati yɛn ho a yɛde bɛfra afoforo bɔne mu no?
[Kratafa 23 mfoni]
Ɔsomafo Yohane bɔɔ kɔkɔ wɔ afoforo bɔne fafafo a yɛbɛyɛ ho