Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 11/1 kr. 13-18
  • Yɛasi Yɛn Bo Sɛ Yɛde Koma Mũ Bɛsom Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛasi Yɛn Bo Sɛ Yɛde Koma Mũ Bɛsom Yehowa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnnya Koma Fã Anaa Koma Nta
  • Koma Mũ A Yebenya
  • Kɔ a Wobɛkɔ So Anya Koma Mũ
  • Nya Koma A Yehowa Pɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Bɔ Wo Koma Ho Ban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Fa Koma A Edi Mũ Som Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Wowɔ ‘Koma a Wode Behu’ Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 11/1 kr. 13-18

Yɛasi Yɛn Bo Sɛ Yɛde Koma Mũ Bɛsom Yehowa

“Fa wo koma mũ ne wo kra anisɔ som no, na [Yehowa] pɛɛpɛɛ koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu.”​—1 BERESOSƐM 28:9.

1. Nsemmisa bɛn na 1 Beresosɛm 28:9 ma ɛsɔre?

KYERƐWSƐM a ɛwɔ atifi hɔ no ma nsemmisa bi sɔre a ɛfa koma no ho. Sɛ koma ankasa no ho asɛm na ɛreka de a, ɔkwan bɛn so na obi betumi de koma n ɛnyɛ mũa atra ase? Sɛ nhwɛso no, so obi betumi de koma fã atra ase? So Yehowa, hwehwɛ koma ankasa no mu mfomso ahorow te sɛ nea koma ho abenfo a wɔwɔ hɔ nnɛ,no yɛ no? Ɛdefa adwene ne nsusuwii ho no, so yɛn koma no mu na adwene no wɔ? Ɛte sɛ nea saa na Bible mu nsɛm binom kyerɛ, na ɛka ‘koma mu adwene mu nsusuwii’ ho asɛm. (Genesis 6:5; 1 Beresosɛm 29:18) So Yehowa hwehwɛ yɛn koma ankasa no mu de hu yɛn adwene? Dɛn na sɛ́ ‘wɔde koma mũ bɛsom no’ no kyerɛ ankasa?

2. Adwen horow a ɛfa koma no ho bɛn na na tete Misrifo, Babilonfo, ne Helani nyansapɛfo Aristotle wɔ?

2 Ná tete Misrifo no gye di sɛ koma ankasa no mu na nyansa ne nkate ahorow wɔ. Ná wosusuw nso sɛ ɛno ankasa wɔ n’apɛde. Babilonfo nso kae sɛ koma no mu na nyansa ne ɔdɔ te. Ná Helani nyansapɛfo Aristotle susuw sɛ emu na nkate ahorow nyinaa te na ɛno na ɛhwɛ ɔkra no so. Nanso bere a bere kɔɔ so na nimdeɛ dɔɔso no, woyii saa adwene horow yi fii hɔ. Awiei koraa no, wobehuu nea koma no yɛ ankasa, biribi a ɛbɔ mogya kɔ nipadua no nyinaa mu.

3. Nokwasɛm ahorow bɛn na ɛma koma no yɛ biribi a ɛyɛ nwonwa?

3 Yiw, n’adwuma titiriw ne sɛ ɛbɔ mogya, nanso hwɛ nwonwa ara a ɛyɛ, bere a ɛbɔ nkwa nsu kɔkɔɔ yi wɔ yɛn asetra mu anibu biara mu a ennyae no! Onipa koma a ɛso sen twɛre kakraa bi a emu duru nnu nkaribo biako no bɔ mpɛn 100,000 da biara, na ɛde nkwa mogya​—mogya bɛyɛ galon 2,000 da biara, a ɛyɛ galɔn ɔpepem du du pii wɔ obi asetra mu​—kɔ nipadua no ntini a ne tenten bɛyɛ akwansin 60,000 no mu. Nkwa mmoawa bi na ɛma koma no fi ase bɔ, ɛno na ɛkyerɛ sɛnea ɛbɔ no kwan, na ɛno ara nso na ɛkanyan no na ɛkyerɛ mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ ɛbɔ. Ɛnam nkwaadɔm a ɛwɔ nipadua mu no mu biara nni hɔ a ɛyɛ adwumaden, wɔ bere tenten mu, pɛpɛɛpɛ, wɔ mfe dudu pii mu, sen koma no. Sɛ biribi haw no anaasɛ ɛyɛ adwumaden a, etumi bɔ ntɛmntɛm sen sɛnea ɛyɛ no mpɛn anum. Yi koma no fi nipadua no mu na ɛbɛkɔ so abɔ akosi bere bi. Nkwa mmoawa a wotwa fi koma no ho mpo bɛkɔ so ayɛ saa wɔ tebea horow a eye mu. Amemene no nkutoo na ehia nnepa ne mframa pa sen koma no.

4, 5. (a) Su horow bɛn na Kyerɛwsɛm no kyerɛ sɛ efi koma no? (b) Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no nkate ahorow bɛn na ɛwɔ koma no mu?

4 Onyankopɔn Asɛm no ka koma no ho asɛm bɛyɛ mpɛn apem. Emu kakraa bi na ɛyɛ nea ɛka koma ankasa no ho asɛm. Kakraa bi nso yɛ nea ɛkyerɛ biribi mfinimfini anaasɛ emu, te sɛ “bosonopo yam [anaasɛ, “komam,”NW]” ne “asase komam.” (Hesekiel 27:25-27;Mateo 12:40) Nanso wɔ nsɛm afoforo bɛyɛ apem no mu no wɔde koma no di dwuma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Kittel Theological Dictionary of the New Testament no hyehyɛ kyerɛw nsɛm pii wɔ “koma” ase de ma nsɛmti ahorow a edidi so yi mu biara: “Koma no mu na nkate ne akɔnnɔ ahorow wɔ.” “Koma no mu na ntease wɔ, nsusuwii ne nwenhosɛm fibea.” “Koma no mu na apɛde fi ba, ɛyɛ tirimbɔ fibea.” “Enti koma no ne ade titiriw biako wɔ onipa mu a Onyankopɔn dan kɔ so a ɛno mu na obi nyamesom asetra ase tim wɔ a ɛno na ɛkyerɛ obi abrabɔ kwan.”

5 Sɛnkyerɛnne kwan so koma yi mu na nkate ahorow wɔ. Sɛnea kyerɛw nsɛm ahorow pii kyerɛ no, koma no ani tumi gye, emuna, ɛhaw, edi ahurusi, ɛyɛ basaa, nea wɔde ho to so, ɛtɔ piti, epirim. Abufuw tumi ma ehuru, na ehu tumi ma ɛnane, etumi yɛ ahantan ne ahomaso, na etumi dwo na ɛbrɛ ne ho ase, ɔdɔ tumi hyɛ no ma na nitan nso tumi hyɛ no ma, emu tumi tew, na saa ara na etumi di awaresɛe ho fɔ. Ɛkom kɔ bɔne so, nanso ebetumi aka yɛn ma yɛayɛ ade pa.

Nnnya Koma Fã Anaa Koma Nta

6, 7. (a) Nnipa bɛn na na odwontofo no kyi wɔn no, na nneyɛe a na ɛwɔ Israel ne Yuda nyinaa bɛn na wɔde yɛ tebea yi ho nhwɛso? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ koma fã som yɛ nea Yehowa ani nnye ho?

6 Koma ankasa no de, ɛsɛ sɛ ɛyɛ mũa ansa na atumi ayɛ adwuma nanso sɛnkyerɛnne kwan so koma no de, wotumi paapae mu. Odwontofo a ɛda adi sɛ na ɔyɛ ɔbarima a ne koma di Onyankopɔn akyi no fi honhom mu kyerɛwee sɛ: “Mikyi koma fã-fãfo.” (Dwom 119:113, NW) Eyinom mu binom ne Israelfo a Elia kaa eyi kyerɛɛ wɔn no, sɛ: “Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi? Sɛ [Yehowa] ne Nyankopɔn a, munni n’akyi; sɛ Baal nso a, munni n’akyi.” (1 Ahene 18:21) Wɔde koma fã ‘hinhimii wɔ nsɛm abien ntam.’

7 Saa ara na bere a Yuda san baa Yehowa nkyɛn kakra no, wɔkyerɛwee sɛ: “Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre sorɔnsorɔmmea no so, nso na [Yehowa] wɔn Nyankopɔn nko na wɔbɔ ma no.” (2 Beresosɛm 33:17) Wɔde koma a emu apaapae kae sɛ wɔsom Yehowa nanso wɔyɛɛ saa wɔ ɔkwan a wɔpɛ so ne wɔ beae a na kan wɔsom Baal no. Yesu kae sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu.” (Mateo 6:24) Saa bere no na nkoa te sɛ agyapade bi. Ná da biara wɔsom wɔn wura nnɔnhwerew 24. Ná ɛnyɛ nea wobetumi akyɛ wɔn bere mu ama awuranom baanu​—wɔde fã ama oyi na wɔde fã nso ama oyi. Nea na Yesu reka ni: wɔrentumi mfa koma fã nsom Yehowa!

8. Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, ɔkwan bɛn so na onipa biako betumi anya koma abien, na kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ saa?

8 Koma ankasa no biako pɛ na ɛwɔ obiara mu, nanso wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, onipa biako betumi anya koma abien. Dawid kaa saafo no ho asɛm sɛ: “Ano fremfrem ne koma nta [“koma abien,” Ref. Bi. asehɔ asɛm] na wɔde kasa.” (Dwom 12:2) Wɔde koma no biako yɛɛ guasode, na wɔde biako a aka no nso hwehwɛɛ pɛsɛmenkominya mfaso wɔ sum ase. Wɔka anim-dua abien anaasɛ koma nta, nneyɛe yi ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu: “Na sɛnea odwen ne mu no, sɛ ɔte ne no, ose wo sɛ: Didi, nom! Nanso ne koma nni wo ho.” “Sɛ ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm a, nnye no nni, na akyide ason wɔ ne komam.”​—Mmebusɛm 23:7; 26:25; Dwom 28:3.

9. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔ Yeremia ne Yesu nyinaa bere so no na koma ntanta som wɔ hɔ?

9 Nnipa ntam abusuabɔ mu nyaatwomyɛ a ɛte sɛɛ nye, nanso sɛ wogu eyi wɔ Yehowa som mu a, wotwa ɔhaw. “Mommfa mo ho nnto atosɛm so sɛ: [Yehowa] asɔrefi, [Yehowa] asɔrefi, [Yehowa] asɔrefi ni! Hwɛ mode mo ho to atosɛm a enye mma hwee no so. So mobɛbɔ korɔn, adi awu, asɛe aware, akeka ntanhunu, akɔhyew aduhuam ama Baal, akodi anyame foforo a munnim wɔn akyi, ansa na moaba abegyina m’anim ofi yi a wɔde me din ato no yi mu na moaka sɛ: wɔayi yɛn afi mu! nea ɛbɛyɛ na moakɔ so ayɛ akyide yi nyinaa anaa?” (Yeremia 7:4, 8-10) Yesu kasa tiaa koma ntanta ne nyaatwom yi a na ɛwɔ kyerɛwfo ne Farasifo no mu no, sɛ: “Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ: Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.”​—Mateo 15: 7, 8.

10, 11. Sɛ Yehowa ne Kristo Yesu rebu obi atɛn a, ɛhe na wɔhwɛ, na dɛn ntia?

10 Wɔ eyi nyinaa mu no, yehu nea enti a Yehowa kaa eyi kyerɛɛ Samuel no: “Menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa] de, ɔhwɛ komam.” (1 Samuel 16:7) Enti sɛ Yehowa hwehwɛ obi mu a, ɛnyɛ nea egyina adanse a ɛyɛ aniani so; ɔpɛɛpɛe asɛm no koma mu ankasa. Kristo Yesu kyerɛe sɛ koma no ne nkate tumi a ɛhyɛ yɛn nneyɛe akyi, sɛ́ ɛyɛ nea eye anaa nea enye, sɛ: “Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adepa adi, na onipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adebɔne adi; na efi nea ayɛ koma ma aboro so no mu na n’ano ka.” Afei nso, “Koma mu na adwemmɔne, ne awudisɛm, ayerefasɛm, aguamansɛm, awifosɛm, adansekurum ne abufusɛm fi.”​—Luka 6:45; Mateo 15:19.

11 Kristo Yesu a wɔde atemmu ahyɛ ne nsa no nso hwɛ faako a Yehowa hwɛ no ara: “Mene nea ɔhwehwɛ asaabo [“nkate a emu dɔ” Ref. Bi, asehɔ asɛm] ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.” (Adiyisɛm 2:23) Esiane eyi nti, “kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe [nkwa, NW] nyinaa fi.”​—Mmebusɛm 4:23.

12. Dɛn nti na koma nyinaa a yɛde bɛsom Yehowa no gye mmɔdenbɔ kɛse?

12 Ɛnsɛ sɛ Yehowa a yɛsom no no yɛ nea efi koma fã anaa koma ntanta mu, ɛsɛ sɛ efi koma mũ mu. Eyi gye mmɔdenbɔ kɛse wɔ yɛn fam. Dɛn ntia? Efisɛ koma yɛ okontomponi na ɔyɛ ɔdaadaafo nso. Sɛnea ɛde ahokokwaw ma bɔne a ɛtwetwe yɛn honam a ahwe ase no yɛ te sɛ nea ɛnyɛ hwee no yɛ hu. Bere a ebia ɛbɛdaadaa yɛn na ama yɛn nkate ahintaw a yenhu no, Yehowa de ohu sɛnea ɛte. Ɔda eyi adi kyerɛ yɛn sɛ: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye? Me, [Yehowa], na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ, na mɛma obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsɛnnii aba no te.”​—Yeremia 17:9, 10.

Koma Mũ A Yebenya

13. Dɛn na Yesu kae wɔ ne bere so nyamesomfo binom ho, na esiane ɛno nti, dɛn na efii mu bae?

13 Ɛdefa nyamesomfo a na wɔwɔ Yesu bere so no ho no. Yesu kae sɛ: “Ɔman yi koma apirim, na wɔn aso ayɛ den, na wɔamuamua wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho, na mansa wɔn yare.” (Mateo 13:15) Esiane adwene a ɛfa nyamesom ho a na wɔadi kan anya nti, womuamuaa wɔn ani, wosisiw wɔn aso na wopirim wɔn koma wɔ Yesu nkyerɛkyerɛ no ho. Esiane sɛ wɔpow animka nti wɔanya nyansa koma: “Nea otie animka no hu nyansa [“ɔrenya adwempa,” Ref.Bi., asehɔ asɛm].” (Mmebusɛm 15:32) Ná wɔka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔyɛɛ wɔn “trenee” no wɔ nnipa anim.​—Mateo 6:1, 2, 5, 16.

14. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛnea nokware no wura yɛn mu na ɛtra yɛn mu no?

14 Hwɛ sɛnea eye sɛ yɛbɛyɛ sɛ Yuda Hene Yehosafat a ‘osiesiee ne koma de hwehwɛɛ nokware Nyankopɔn’ no. (2 Beresosɛm 19:3) Ahosiesie a eye sen biara wɔ Onyankopɔn a wobɛhwehwɛ no no mu ne mpaebɔ a efi koma mu. Bere a Hana a na wahaw no bɔɔ Yehowa mpae denneennen no, ‘ɔkasae ne koma mu,’ na obuaa ne mpaebɔ no. Nea ehia nso ne ɔpɛ a yebenya sɛ yebetie. Yesu ne na tiei: “Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee ne komam.” Ofii ase dwenee ho ne koma mu,’ na ɔbɛyɛɛ Yesu suani nokwafo. Yehowa boa wɔn a wofi koma pa mu hwehwɛ no no. Lidia a na osuro Onyankopɔn no tiee Paulo “na [Yehowa] buee ne komam sɛ ontie nea Paulo ka no.” Wɔbɔɔ no asu. (1 Samuel 1:12, 13; Luka 2:19, 51; Asomafo no Nnwuma 16:14, 15) Bere nyinaa ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so koma no​—nkate ahorow ne adwempa​—na ɛma kwan ma nokware no hyɛn obi mu na ɛtra ne mu.

15. Sɛ yebenya koma a edi mũ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ?

15 Sɛ yebenya koma a edi mũ a, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yebeyi adwene horow a enye a yɛadi kan anya no afi hɔ na yɛanya ɔpɛ sɛ yɛbɛma Onyankopɔn ayɛ ɔnokwafo, sɛ ɛyɛ nea ɛma adwen horow a yɛn ani gye ho anaasɛ nkyerɛkyerɛ a yɛpɛ no bi yɛ nea ɛsɛ sɛ efi hɔ mpo a. (Romafo 3:4) Ɛsɛ sɛ yeyi pɛsɛmenkominya adwene fi hɔ na ama yɛn koma agye Yehowa apɛde ne n’akwan atom. Wɔ bere bi mu no, Yehowa kyerɛw ne mmara wɔ ɔbo so, nanso akyiri yi ɔkyerɛw mmara no wɔ nnipa koma so. Ɔsomafo Paulo nso kyerɛw guu akoma so. Na wo nso, wubetumi ‘akyerɛw [adɔeyɛ ne nokware] wo koma pon so.’​—Mmebusɛm 3:3; Hebrifo 10:16; 2 Korintofo 3:3.

16. Nsemmisa bɛn na esi nea ɛsɛ sɛ obi yɛ na wanya koma a edi mũ ama Yehowa no so dua?

16 So wo koma no yɛ nea ɛfata a ɛso ye sɛ wɔbɛkyerɛw Yehowa nnyinasosɛm ne n’ahyɛde ahorow wɔ so? So wubeyi adwen horow a enye a woadi kan anya no afi mu ma emu atew ama ɔsoro nokware no? Ɛno akyi no, so wobɛkɔ so asua ade, ayi nipasu dedaw no afi hɔ na woahyɛ foforo a, wɔbɔɔ no Onyankopɔn suban so no? So wobɛbɔ mmɔden ayɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ?​—Romafo 12:2; Kolosefo 3:9, 10; 2 Timoteo 2:15.

Kɔ a Wobɛkɔ So Anya Koma Mũ

17. Dawid tuu ne ba Salomo fo dɛn, na dɛn nti na Salomo antumi anni n’afotu no akyi‘?

17 Dawid ka kyerɛɛ Salomo sɛ: “Na wo, me ba Salomo, hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mũ ne wo kra anisɔ som no, na [Yehowa] pɛɛpɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu.” Salomo fii ase de koma mũ somee, nanso bere a bere kɔɔ so no, wankɔ so anyɛ saa: “Na Salomo nkwakoraabere mu no, ne yerenom kom ne koma kodii anyame foforo akyi na ne koma anni mũ [Yehowa] ne Nyankopɔn ho sɛ n’agya Dawid koma.​—1 Beresosɛm 28:9; 1 Ahene 11:4.

18, 19. (a) Akwan horow bɛn na Satan bɛfa so na amma woantumi ankɔ so anya koma a edi mũ? (b) Sɛ Satan nnɛɛdɛe yi anyɛ yiye a, ɔkwan bɛn bio na ɔbɛfa so?

18 So wubetumi adi nkonim wɔ baabi a Salomo dii nkogu no? Bere a woahyira wo ho so sɛ Yehowa ɔdansefo, na woayi koma fã anaa koma nta afi wo som mu na woatie Yesu asɛm a ose “dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu” no, so afei wubesi wo bo sɛ wobɛkɔ so ama wo koma ayɛ nea wode asi hɔ ama Yehowa som koraa? (Mateo 22:37) Satan rempɛ, na ɔyɛ ɔtamfo a n’ani atew nso. Ɔde n’ani besi wo koma so. Onim kõm a ɛkõm kɔ bɔne so no, na sɛ wobrɛ wo nsa ase a, obetumi adidi akɔ mu. So ‘wamfa anhyɛ Yuda Iskariot koma mu amma wanyi Yesu amma’? (Yohane 13:2) Sika, honam fam ade dodowpɛ, anigyede, ahantan, honam fam nnwuma, asetra mu ahohoahoa, ɔhonam akɔnnɔ​—onim faako a yɛyɛ mmerɛw wɔ na ɛhɔ na ɔtow ne gya bɛmma no kɔ. So wode gyidi kyɛm no bedum ne nyinaa? ​—Efesofo 6:16; 1 Yohane 2:15-17.

19 Na sɛ saa nnɛɛdɛe yi nyinaa anyɛ yiye a, onnyae. Ɔba sɛ gyata a ɔrebobom a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛmene Yehowa nokware adansefo denam nnipadɔm basabasayɛ, ɔhwe, afiasenna, ne owu mpo so. Nanso Yehowa bɛhyɛ wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no den wɔ ne nyinaa mu.​—Yakobo 4:7; 1 Petro 5:8-10; Adiyisɛm 2:10.

20, 21. (a) Nsɛm bɛn na yebetumi abisa bere a yɛhwehwɛ koma ankasa no mu no? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsemmisa koro no ara ahwehwɛ sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu?

20 Koma ankasa no hia sɛ eti bere kɔ bere mu no wobehu sɛnea ɛyɛ adwuma. So enya nnepa a ɛsɛ wɔ bere a ɛsɛ mu? So sɛnea ɛbɔ no ye na ɛwɔ ahoɔden anaasɛ ɛmmɔ yiye na ɛyɛ mmerɛw? So ahoɔden a ɛde bɔ mogya no ye? So enya apɔw-mu-teɛteɛ a ehia? (So koma no benya ahoɔden a, ɛho hia sɛ ɛpɔmpe denneennen wɔ bere tenten mu.) So etumi sakra ɔkwan a ɛfa so bɔ no sɛnea ɛho hia? So ɛwɔ tebea bi a ɛma ɛtɔ piti kɛse mu?

21 Sɛ ɛho hia sɛ wobehu sɛnea koma ankasa no yɛ adwuma a, hwɛ sɛnea ɛte saa kɛse wɔ sɛnkyerɛnne kwan so koma no ho! Yehowa hwehwɛ mu; ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa. So enya honhom mu aduan a ɛdɔɔso denam kokoam adesua a wɔyɛ daa ne nhyiamkɔ so? (Dwom 1:1, 2; Mmebusɛm 15:28; Hebrifo 10:24, 25) So ne nkate horow a emu dɔ ka yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma nnam so​—a ebia ɛtɔ bere bi a ɛma yɛyere yɛn ho denneennen de yɛ akwampaefo boafo adwuma? (Yeremia; 20:9; Luka 13:24; 1 Korintofo 9:16) Na tebea a ɛwom nso ɛ? So koma afoforo a ɛyɛ biako na edi mũ a ɛwɔ nkate koro no ara na atwa ho ahyia? ​—2 Ahene 10:15, 16; Dwom 86:11; Mmebusɛm 13:20; 1 Korintofo 15:33

22. Dɛn na ɛbɛma yɛadi nkonim wɔ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛde koma mũ bɛsom Yehowa no mu?

22 Sɛ nhwehwɛmu a woyɛ no ma wutumi bua nsemmisa a ɛwɔ atifi hɔ no sɛ yiw a, ɛnde na worebɔ wo sɛnkyerɛnne kwan so koma no ho ban. Ɛbɛma wo ne Adansefo anokwafo afoforo a wɔasi wɔn bo sɛ wɔde koma mũ bɛsom Yehowa no adi nkonim. Saafo no nyinaa wɔ awerɛhyem yi: “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”​—Filipifo 4:7.

So Wokae?

◻ Su ahorow pii a efi sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu no bi ne nea ɛwɔ he?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati koma nta a yebenya?

◻ Dɛn nti na sɛ Yehowa ne Kristo Yesu rebu atɛn a wɔhwɛ koma no mu?

◻ Ɔkwan bɛn na yebetumi anya koma mũ na yɛama ayɛ saa ara?

[Kratafa 15 mfoni]

So wowɔ animdua abien?

[Kratafa 16 mfoni]

Lidia

Yehosafat

Hana

Maria

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena