Nea Enti A Ɛsɛ Sɛ Wokɔ “Ɔsoro Asomdwoe” Ɔmantam Nhyiam No
Bere a nsɛmmɔnedi, ɔman anidan, ne akodi ne nea ɛrekɔ so nnɛ no, hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ ɛdefi ɔsram a ɛreba no wubetumi akɔ Yehowa Adansefo “Ɔsoro Asomdwoe” Nhyiam no ase! Ɛnyɛ Kristofo afotu a eye a ɛfa asomdwoe mu a wokura ho nkutoo na wubenya na mmom wubehu mpempem pii a wɔde afotu yi redi dwuma nso.
Bra hɔ fi bere a wobefi ase Yawda awia 1:30 no. Wobɛte nea wɔn a wɔde bere tenten abɔ asomdwoe ho dawuru no wɔ ka. Afei nso wubehu mfiri ahorow a ɛwɔ hɔ wɔ anigyede ahorow mu ne sɛnea wubetumi akwati. Na wɔ dwumadi no awiei no, wo nsa bɛka biribi a ɛnyɛ fɛ nko na ɛyɛ na mmom ɛho wɔ mfaso nso wɔ afoforo a yɛbɛsom wɔn no mu.
Fida anɔpa na wɔbɛma ɔkasa titiriw a ɛne “Ɔsoro Asomdwoe ma Wɔn a Yehowa Akyerɛkyerɛ Wɔn” no. Drama a ɛne “Nkwa So a Wɔkora wɔ Ɔkɔm Bere Mu” no bɛka wo koma kɛse. Mma ɛmpa wo ti so!
Memeneda ɔyɛkyerɛ ahorow, nsemmisa, ne nkɔmmɔbɔ ahorow no de akwankyerɛ a eye wɔ asomdwoe mu a wokura wɔ abusua no mu bɛma. Ɔkasa titiriw a ɛne “Wiase Nyinaa Ahotɔ wɔ ‘Asomdwoe Hene’ no Ase” na wɔde bewie dwumadi no.
Kwasida anɔpa drama a ɛyɛ nnɛyi de a ɛda nneɛma adi penpen ne wɔ ɔkwan a ɛyɛ tẽe so no besi hia a ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn trenee na wɔakora yɛn so no so dua. Baguam ɔkasa a ano yɛ hyew a ɛne “Asomdwoe Ba! —Bere a Onyankopɔn Kasa” no bɛyɛ nhyiam no fã titiriw.
Esiane sɛ nhyiam ahorow 10 na wɔayɛ ho nhyehyɛe wɔ ɔman yi mu nti, ebia na biako bɛn faako a wowɔ no. Bisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ mo hɔ no na wɔnkyerɛ wo bere ne beae a wɔbɛyɛ nea ɛbɛn wo no.