Yehowa Adansefo Wɔ Asɛmpatrɛw Adwuma No Mu
WƆTAA bisa Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ Asia ne mmeae afoforo no sɛ: “Dɛn nti na munni Engiresi kasa mu adesua nhyehyɛe te sɛ asɛmpatrɛwfo afoforo no?” “So mowɔ sukuu ahorow a metumi de me ba akɔ hɔ anaa ayaresabea ma ayarefo?” Nokwarem no, mmuae no yɛ dabi. Nanso, dɛn ntia? Dɛn ne Adansefo no botae ankasa? Na dɛn na woayɛ ama saa aman yi mufo?
Nsusuwii mu Abirabɔ
Wɔrentumi nnye ho kyim sɛ Kristoman asɛmpatrɛwfo no anya nnipa pii esiane ɔman nnwuma a wɔyɛ no nti. Nanso esiane sɛ saa nnwuma no ma nnipa no nya nea wohia wɔ honam fam sen honhom mu de nti, saa asɛmpatrɛwfo yi antumi anyɛ nnipa no Yesu asuafo ankasa (Mateo 7:22, 23; 28:19, 20) Nea ehia titiriw no, wontumi nkyerɛɛ asetra mu ɔhaw ahorow a wɔpɛ sɛ wodi so no ano aduru a ɛtra hɔ daa.
Ɔkwan foforo so no, nea ehia Yehowa Adansefo ne ahyɛde a ɛho hia sen biara no, sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no. (Mateo 24:14) Ɛnyɛ sɛ ebia eyi te saa esiane sɛ wonhu adesamma amanehunu pii ne ntɛnkyea no anaasɛ ɛmfa wɔn ho ntia. Mmom no, wohu sɛ saa ɔhaw ahorow a anibere wom yi ano aduru koro a ɛwɔ hɔ no nni nnipa nsam, na mmom Onyankopɔn Ahenni no mu.—Dwom 146:3-10.
Ɛno pɛpɛɛpɛ ne nea Yesu ne n’asuafo no kaa ho asɛm wɔ afeha a edi kan no mu. Yesu kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔbɔɔ din somaa me.” (Luka 4:43) Yesu dan adwene kɔɔ Onyankopɔn Ahenni no so na ɔkaa ho asɛm sɛ ɛno nkutoo ne ano aduru koro pɛ a edi mu, efisɛ na onim sɛ wiase haw ahorow no dɔɔso dodo sɛ nnipa nkutoo behu ano. Ɛwom sɛ Yesu nam anwonwa kwan so saa nyarewa bebree de, nanso ɔhyɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔnhwehwɛ ahenni no ne [Onyankopɔn] trenee kan, na wɔde eyinom nyinaa bɛka wɔn ho.’—Mateo 6:33.
Akyiri yi bere a Yesu resoma—n’asuafo no, odii kan ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn.” Afei ɔde kaa ho sɛ: Monsa ayarefo yare, munyan awufo, moma akwatafo ho mfi, muntu ahonhommɔne.” (Mateo 10:7, 8) Ɛno de nea edi kan a ɛho hia ma Yesu Kristo nnɛyi asuafo no si hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔn nso de Ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka sɛ wɔn botae a edi kan no di nnwuma a wɔyɛ de boa wɔ honam fam no kan. Ɛno ne nea Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ.
Nkurɔfo Honhom Mu Ahiade a Wodi
Sɛ́ Kristofo kuw no, Yehowa Adansefo atu wɔn ho ama reyɛ Bible ntetee adwuma kɛse de aboa nkurɔfo. Sɛ́ asɛmpa no ho adawurubɔfo no, wɔn ani gye sɛ wɔbɛboa afoforo ma wɔanya Bible mu nyansa ne n’afotu mu mfaso mprempren ne daakye. (Dwom 68:11) Dɛn nti na eyi te saa?
Adansefo no hu sɛ, sɛ wɔboa nkurɔfo ma wɔte Bible no ase na wodi n’afotu akyi a, wɔbɛyɛ wɔn a wɔasiesie wɔn yiye a wotumi di asetra mu ɔhaw ne emu nhyɛso no ho dwuma. Ɔkwan foforo so no, wonya abrabɔ mu denhyɛ a ehia na ama wɔadi su horow a ɛde wɔn yɛ nkoa na epira wɔn te sɛ tawanom, nsa a wɔnom no pii, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, ahotew akyi a wonni, kyakyatow, ne mmarima ne mmea nna mu ɔbrasɛe so. Ɔkwan foforo so no, Bible mu nokware boa wɔn ma wɔyɛ wɔn adwene foforo, ɛma wonya atirimpɔw wɔ asetra mu ne daakye anidaso a edi mũ.
Enti, ɛdenam ntetee a ɛkorɔn sen biara a Yehowa Adansefo de nea—nea efi Onyankopɔn Asɛm mu—so no, wɔreboa ma nnipa a wɔte wɔn mu na wɔka asɛm kyerɛ wɔn no anya abrabɔ ne honam mu ahoɔden ankasa. Mpɛn pii no afoforo a wɔhwɛ ade kɔ akyiri no tumi hu eyi. Sɛ nhwɛso no, Dr. Bryan Wilson a ɔwɔ Oxford Sukuupɔn mu, a osuaa Yehowa Adansefo dwumadi ho ade wɔ Afrika no kae wɔ krataa bi a ɔde kɔmaa London Times no mu sɛ:
“Yehowa Adansefo yɛ adwumaden na wɔtaa yɛ wɔn a wɔde wɔn ahonim di dwuma na wɔyɛ nsi sen wɔn mfɛfo amanfo. Wɔn akannifo tu wɔn fo ma wotua wɔn tow ntɛm, wɔtwe wɔn ho fi basabasayɛ ho, na wɔpow sɛ wɔbɛyɛ afoforo bɔne. Wɔn ho tew, wodi nokware na wodwo. Saa su yi ho hia na ama Atɔe fam aman no anya asetra mu nkɔanim, na ɛrenyɛ nea wɔregugu mu sɛ wɔbɛka sɛ Yehowa Adansefo ka Afrika aman no mufo a wɔteɛ na wɔyɛ nsi no ho.”
Wɔ nsɛm a ɛte saa ara mu no, obi foforo nso kaa eyi wɔ South America atesɛm krataa bi samufo asɛm mu:
“Yehowa Adansefo no yɛ nkurɔfo a wɔyɛ adwumaden, wodi nokware na wosuro Onyankopɔn. Wokura wɔn atetesɛm mu na wɔn nyamesom no gyina Bible nkyerɛkyerɛ so.”
Enti bere a Yehowa Adansefo nsi nea wɔtaa frɛ no honam fam mmoa asɛmpaka no so dua no, wɔde adwumadenyɛ boa nnipa no yiyedi denam boa a wɔboa afoforo ma wɔn asetra bɛyɛ nea ɛne Bible gyinapɛn a ɛkorɔn no hyia no so. (Romafo 12:1, 2) Nea ehia titiriw no, wɔreboa nkurɔfo a wɔwɔ mmaa nyinaa nso ma wɔahwehwɛ nea ɛsen atɛnkyea ne nsisi a ɛwɔ saa nneɛma nhyehyɛe a ɛresɛe ntɛmntɛm yi mu no wɔ nhyehyɛe foforo a Onyankopɔn de bɛba nnansa yi ara no mu.—Adiyisɛm 21:5.
[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]
Asetra mu Ɔhaw Ahorow Ano Aduru a Onyankopɔn Ahenni no de Ma
Kenkan kyerɛw nsɛm a edidi so yi fi w’ankasa Bible mu na ma sɛnea Onyankopɔn bɔ a wahyɛ sɛ obeyi nnɛyi nsɛnnennen ne asetra mu ɔhaw ahorow afi hɔ a wuhu no nkyekye wo werɛ:
Akwahosan Yesaia 33:24; 35:5, 6; Adiyisɛm 21:4
Nhomasua Yesaia 11:9; Habakuk 2:14
Adwuma Yesaia 65:21-23
Aduan Dwom 67:6, 72:16; Yesaia 25:6
Atɛntrenee Yesaia 11:3-5; 32:1, 2