Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 6/1 kr. 13-18
  • Nea Ɛsen Biara A Yɛbɛyɛ De Aka Asɛmpa No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛsen Biara A Yɛbɛyɛ De Aka Asɛmpa No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nea Onyankopɔn Dɔ Kyerɛ”
  • “Odwumayɛni A Ɛnsɛ Sɛ N’ani Wu Biribiara Ho”
  • Nteɛso Ne Ho A Wɔde Bɔ Afɔre Ho Hia
  • Kɔ So Wɔ Nea Ɛsen Biara A Yɛyɛ No Mu
  • Yɛ Nea Ɛsen Biara Denam Bere Nyinaa Som Adwuma Mu Kyɛfa a Wubenya So
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • So Woreyɛ Nea Wubetumi Nyinaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Bere Nyinaa Asomfo A Wɔwɔ Anigye
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 6/1 kr. 13-18

Nea Ɛsen Biara A Yɛbɛyɛ De Aka Asɛmpa No

“Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfra, odwumayɛni a ɛnsɛ sɛ n’ani wu biribiara ho.”​—2 Timoteo 2:15, New World Translation.

1, 2. Bere nyinaa asomfo no dodow nkɔso bɛn na wɔahu? Dɛn na ama aba saa?

ƆKWAMPAEFO, anaa bere nyinaa ɔsomfo, bi a ɔwɔ Japan kyerɛwee sɛ: “Mfe kakraa bi a atwam mu no, na yɛn mu pii susuw sɛ wɔn a wɔwɔ tebea titiriw bi mu nkutoo na wobetumi ayɛ akwampae adwuma. Ɛte sɛ nea yedii mfomso. Yɛrehu sɛ ɛyɛ wɔn a wɔwɔ tebea titiriw bi mu no nkutoo na wontumi nyɛ akwampae adwuma.

2 Saa adwempa no ama yɛanya nkɔso kɛse a ɛsen biara no mu biako wɔ nnipa dodow a wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma mu no mu wɔ nnansa yi mfe no mu. Wɔ Japan nnɛ no, ahenni adawurubɔfo baanum biara mu baanu de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no fã bi mu. Nanso saa nnamyɛ honhom yi nyɛ nea ɛda adi wɔ Japan nkutoo. Wɔ ɔsom afe a etwaam no mu no, adawurubɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa no dodow kɔɔ soro ɔha biara mu 5, bere a bere nyinaa asomfo no dodow kɔɔ soro ɔha biara mu 22. Ɛda adi sɛ Yehowa nkurɔfo atie ɔsomafo Paulo asɛm no, sɛ: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfra, odwumayɛni a ɛnsɛ sɛ n’ani wu biribiara ho.” (2 Timoteo 2:15, NW) So saa na ɛte wɔ wo fam?

“Nea Onyankopɔn Dɔ Kyerɛ”

3. Tumi bɛn na ɛkanyan wɔn a ɛde nkɔso yi aba no?

3 Sɛ wobisa akwampaefo nea enti a wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu a, akyinnye biara nni ho sɛ mmuae a wɔma ne sɛ ɛyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa Nyankopɔn nti. (Mateo 22:37, 38) Na, ampa, ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɛno ntia, efisɛ sɛ ɛnyɛ ɔdɔ ne adwempa na wɔde yɛ a, mmɔden biara a wɔbɔ no bɛyɛ ɔkwa. (1 Korintofo 13:1-3) Ɛyɛ anigye ampa sɛ yɛn mfɛfo Kristofo no mu pii​—nokwarem no, sɛ wɔkyekyem a, adawurubɔfo a wɔn dodow boro baason wɔ asafo biara mu wɔ wiase nyinaa​—ayɛ nsakrae ahorow wɔ wɔn asetra mu de ada ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no adi wɔ saa kwan yi so.

4. Ɔkwan bɛn so na yɛba bɛdɔɔ Onyankopɔn? (Romafo 5:8)

4 Ɛwom, yɛn a yɛahyira yɛn nkwa so ama Yehowa no nyinaa yɛɛ saa esiane sɛ yɛdɔ no nti. Bere a yesuaa ɔdɔ a Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo wɔ ma yɛn, ne nhyira ahorow a ɛyɛ nwonwa a n’Ahenni no de bɛba no ho ade no, ɛkaa yɛn koma maa yɛn nso yenyaa ɔdɔ maa no. Ɔsomafo Yohane ka no sɛɛ sɛ: “Yɛdɔ, efisɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kan.” (1 Yohane 4:19) Yɛyɛ yɛn ade wɔ ho wɔ saa kwan yi so efisɛ saa na wɔyɛɛ yɛn. Nanso so nea ɛka ɔdɔ ma Onyankpɔn ho ara ne saa nkate a emu yɛ hyew a ɛwɔ yɛn koma mu no?

5. Dɛn na ɔdɔ ma Onyankopɔn no kyerɛ? (1 Yohane 2:5)

5 Dabi, ɔdɔ ma Onyankopɔn kyerɛ pii. Ɔsomafo Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ ni, sɛ yenni n’ahyɛde so; nanso n’ahyɛde nyɛ ɔhaw.” (1 Yohane 5:3, NW) Yiw, te sɛ nokware gyidi no, wɔnam nneyɛe so na ɛda nokware dɔ adi. (Fa toto 2 Korintofo 8:24 ho.) Ɔdɔ pɛ sɛ ɛsɔ nea oyi adi kyerɛ no no ani na ogye no tom nso. Ɔkwan a eye sen biara bɛn ara na wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu no apaw sɛ wɔbɛfa so ada ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne Yesu Kristo no adi sɛɛ yi!

6. (a) Nnipa ahorow bɛn na wɔatumi ayɛ akwampae adwuma? Dɛn na ɛma wotumi yɛe? (b) So wunim eyi ho nhwɛso ahorow bi?

6 Ɛsono ankorankoro biara nsɛm tebea, na ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ wosusuw ho. Nanso sɛ yɛhwɛ wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu no a, yehu sɛ nnipa a wɔwɔ tebea horow nyinaa mu ka ho​—mmofra ne mpanyin, ahokwafo ne awarefo, wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne wɔn a wonni ahoɔden, wɔn a wɔwɔ mmusua asɛyɛde ahorow ne wɔn a wonni bi, ne nea ɛkeka ho. Nea ɛyɛ soronko wɔ wɔn ho ne sɛ, sɛ́ anka wɔbɛma tebea horow yi asiw wɔn kwa no, wɔasua sɛ wɔbɛyɛ anaasɛ wɔbɛtra mu wɔ tebea a ɛte saa mu te sɛ ɔsomafo Paulo. (2 Korintofo 11:29, 30; 12:7) Sɛ nhwɛso no, susuw abusua yi ho.

Eiji yɛ ɔpanyin wɔ n’asafo mu. Ɔne ne yere abom ayɛ akwampae adwuma mfe 12 bere a wɔwɔ mma baasa no. Ɔkwan bɛn so na wotumi yɛe? Eiji se, “na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn asetra ba fam koraa.” Ná ɛsɛ sɛ mmofra no mpo hu sɛ nneɛma a wɔpɛ no mu pii wɔ hɔ a wɔn nsa renka. “Ɛwom sɛ tebea no mu yɛɛ den wɔ mmere bi mu de, nanso Yehowa ma yɛn nsa ka nea yehia bere nyinaa.”

So mmɔden ahorow a wɔabɔ yi fata? Eiji se, “Ansa na yebedum yɛn kanea anadwo biara no, mihu sɛ me yere kyerɛw nnɔnhwerew dodow a ɔde yɛɛ asɛnka adwuma wɔ da no mu no. Sɛ mihu m’abusua no sɛ ɛde honhom mu nneɛma di kan sɛɛ a, mete nka sɛ sɛnea ɛsɛ sɛ nneɛma kɔ no ara na ɛrekɔ no, na ɛma mete akomatɔyam nka. Minhu nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛbom yɛ akwampae adwuma.” Ne yere te nka dɛn wɔ ho? Ose, “Eiji ahwɛ yɛn yiye. Sɛ mihu sɛ honhom mu nneɛma ama onni adagyew a, ɛma mete akomatɔyam kɛse nka. Mewɔ anidaso sɛ yebetumi akɔ so ara ayɛ.”

Tumi bɛn na agya ne ɛna nyinaa a wɔde bere pii a ɛte sɛɛ yɛ asɛnka adwuma da biara no anya wɔ mmofra no so? Mprempren wɔn ba anyin no wɔ beae a Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea no reyɛ ɔdansi adwuma a ebegye mfirihyia anan no. Wɔn babea no yɛ daa ɔkwampaefo, na nea ɔda so ara kɔ sukuu no de reyɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo titiriw. Ɛyɛ wɔn nyinaa anigye sɛ wɔn awofo yɛ akwampaefo.

7. (a) Ma nhwɛso ahorow a ɛfa nnipa a wunim wɔn a wodii akwanside ahorow so na wɔde wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma mu ho. (b) Bible mu afotu bɛn na wɔatie?

7 Wotumi hu mmusua a ɛte sɛɛ wɔ Yehowa Adansefo mu wɔ aman ahorow pii so wɔ wiase nyinaa. Wɔbɔ mmɔden ankasa sɛ wobenya nea ɛsen biara wɔ wɔn nsɛm tebea mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu na wɔakɔ so atra mu. Wɔnam wɔn nneyɛe so da nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ ma wɔn ankasa no adi. Wɔde nnamyɛ retie Paul afotu no, sɛ: ‘Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfra, odwumayɛni a ɛnsɛ sɛ n’ani wu biribiara ho.”​—2 Timoteo 2:15, NW.

“Odwumayɛni A Ɛnsɛ Sɛ N’ani Wu Biribiara Ho”

8. Dɛn nti na Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ‘ɔmmɔ mmɔden’ no, na dɛn na ɛno kyerɛ?

8 Bere a Paulo kyerɛw saa asɛm no kɔmaa Timoteo wɔ bɛyɛ 65 Y.B. mu no, na ɛyɛ nea asɛyɛde kɛse hyɛ Timoteo nsa dedaw wɔ Kristofo asafo no mu. Paulo frɛɛ no sɛ “Kristo Yesu sraani pa” na ɔkɔɔ so ara kaee no asɛyɛde a ɔwɔ wɔ afoforo a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn na wɔatu wɔn fo no mu no. (2 Timoteo 2:3, 14, 25; 4:2) Nanso ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfra.” Wɔkyerɛɛ asɛm “bɔ mmɔden” no ase fii Hela asɛm a nea ɛkyerɛ ne sɛ “ma wo ho nyɛ hare” no mu.’ (Hwɛ Kingdom Interlinear Translation mu.) Wɔ ɔkwan foforo so no, na Paulo reka akyerɛ Timoteo sɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ nea ɔfra wɔ Onyankopɔn anim no, ɛho hia sɛ ɔyere ne ho wɔ n’adwuma no mu, ɛwom sɛ asɛyɛde a emu yɛ duru da no so dedaw de. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ “odwumayɛni a ɛnsɛ sɛ n’ani wu biribiara ho.”

9. Yesu bɛ bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛate Paulo asɛm a ɛfa “odwumayɛni a ɛnsɛ sɛ n’ani wu biribiara ho” no ase?

9 Saa asɛm a etwa to yi kae yɛn nkoa baasa a wɔwɔ Yesu bɛ a ɛfa talente ho no mu a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Mateo 25:14-30 no. Bere a wɔn wura no san bae no, na bere adu sɛ wɔde wɔn adwuma a wɔayɛ no brɛ wɔn wura no na wapene so. Owura no kamfoo nkoa a ɔmaa wɔn talente anum ne abien no wɔ nea wɔde nea ɔde hyɛɛ wɔn nsa no yɛe no ho. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wɔnkɔ wɔn wura anigye mu. Nanso ohui sɛ akoa a ɔmaa no talente biako no yɛ obi a ɔmfra. Ogyee nea ɔwɔ no fii ne nsam, na nea ɛyɛ aniwu ne sɛ wɔtow no kyenee “akyirikyiri sum no mu.”

10. Dɛn nti na wɔmaa akoa a wɔmaa no talente biako no ani wui na wɔtwee n’aso?

10 Nkoa baanu a wodi kan no yɛɛ adwumaden na wɔmaa wɔn wura no nneɛma no bu bɔɔ no. Ná wɔyɛ adwumayɛfo a ‘ɛnsɛ sɛ wɔn ani wu biribiara ho’ ampa. Nanso dɛn nti na woguu akoa a ɔto so abiɛsa no anim ase na wɔsan twee n’aso nso bere a nea wɔde maa no no amfi ne nsa no? Efisɛ wamfa anyɛ biribi pa biara. Sɛnea ne wura no daa no adi no, anyɛ yiye koraa no anka obetumi de sika no akɔto sikakorabea. Nanso nea na enye wɔ ho ankasa ne sɛ na onni ɔdɔ ankasa mma ne wura no, ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, “misuroe, na mede wo talente no kosiee fam.” (Mateo 25:25; fa toto 1 Yohane 4:18 ho.) Obuu ne wura no sɛ ɔyɛ katee, ‘onipa a ɔyɛ den,’ ne n’adwuma no sɛ ɛyɛ adesoa. Ɔyɛɛ kakraa bi a obetumi a ɛbɛma ne ho atɔ no mmom sen sɛ ‘ɔbɛbɔ mmɔden’ na ama ne wura no agye no atom.

11. Ɔkwan bɛn so na saa bɛ no fa yɛn ho nnɛ?

11 Saa bɛ no renya ne mmamu nnɛ. Owura, Yesu Kristo, asan aba na ɔrehwɛ adwuma a “akoa kuw” no ne wɔn nnamfo, “nnipakuw kɛse” a wɔte sɛ nguaten no ayɛ no. (Mateo 24:45-47; Adiyisɛm 7:9, 15) Dɛn na wɔn wura no hu? Sɛ yɛma kakraa bi a yɛyɛ no ara dɔɔ yɛn so a, ɛnde ebetumi aba sɛ wobehu yɛn sɛ yɛka wɔn a wogu wɔn anim ase na wɔtow wɔn kyene “akyirikyiri sum no mu” no ho. Ɔkwan foforo so no, sɛ ‘yɛbɔ mmɔden’ na yɛma ‘yɛn ho yɛ hare’ wɔ yɛn adwuma no mu de di gye a bere no gye ntɛmpɛ no ho dwuma a, wobegye yɛn atom sɛ ‘adwumayɛfo a ɛnsɛ sɛ wɔn ani wu biribiara ho’ na yebenya ‘yɛn wura no anigye’ no mu kyɛfa bi.

Nteɛso Ne Ho A Wɔde Bɔ Afɔre Ho Hia

12. Su ahorow bɛn na ama adawurubɔfo a wɔwɔ Japan no mu pii atumi de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma mu no?

12 Nnipa pii a wɔkɔ so ara de wɔn ho hyɛ akwampae adwuma no mu wɔ aman ahorow pii so wɔ wiase nyinaa no di adanse pefee sɛ Yehowa nkurɔfo, sɛ́ kuw no, ‘rebɔ mmɔden’ de ada wɔn ho adi sɛ ‘adwumayɛfo a ɛnsɛ sɛ wɔn ani wu biribiara ho.’ Nanso so woasusuw nea enti a wɔ aman binom so no, anuanom dodow a wotumi de wɔn ho hyɛ bere nyinaa som adwuma no mu no dɔɔso kɛse sen aman afoforo so de no ho pɛn? Asɛm a ɛyɛ anigye yi yɛ nea wobisaa akwampaefo a wɔwɔ Japan no binom. Susuw mmuae ahorow yi ho:

Betel odwumayɛni bi a ɔde mfe bɛyɛ 30 atra bere nyinaa som adwuma no mu kae sɛ, “Minnye nni sɛ ɛkyerɛ sɛ Adansefo a wɔwɔ Japan no gyidi anaa wɔn dɔ yɛ kɛse sen wɔn nuanom a wɔwɔ aman afoforo so no de. Nanso migye di sɛ ebia sɛnea Japanfo nipasu te no nso ka ho bi. Wɔ ne nyinaa mu no, Japanfo yɛ osetie; wogye nkuranhyɛ tom ntɛm ara.”

Ɔpanyin bi kae sɛ, “Esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ akwampaefo pii wɔ asafo biara mu nti, adwene a wɔanya ne sɛ obiara betumi ayɛ bi.” Japanfo pɛ nneɛma a wɔyɛ bom sɛ kuw. Wɔwɔ kuw a eye honhom a ɛyɛ anigye.

Eyinom yɛ nsɛm a ɛkanyan adwene ampa, na sɛ yɛn ani abere adwuma a yɛyɛ ma Yehowa no a yɛbɛma anya nkɔso mu a, ɛnde nsɛm atitiriw bi wɔ hɔ a ɛfata sɛ yesusuw ho yiye.

13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mfaso wɔ asɛm a ɛfa osetie a yɛbɛyɛ ne nkuranhyɛ a yebegye atom ntɛm ara no mu?

13 Nea edi kan no, osetie a wɔbɛyɛ ne nkuranhyɛ a wobegye atom ntɛm ara ho asɛm no wɔ hɔ. Sɛ akwankyerɛ ne nkuranhyɛ no ba fi beae pa a, ɛnde ɛyɛ nea ɛteɛ sɛ yebegye atom ntɛm ara. Enti sɛ anka yebebu su ahorow yi sɛ ɛyɛ ɔman bi mufo su ara kwa no, eye sɛ yɛbɛma Yesu asɛm yi atra yɛn adwene mu mmom, sɛ: “Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi.” (Yohane 10:27) Yɛkae nso sɛ “nyansa a efi soro” no ade biako ne sɛ “ɛwɔ asoɔmmerɛw.” (Yakobo 3:17) Eyinom yɛ su a wɔhyɛ Kristofo nyinaa nkuran sɛ ɛsɛ sɛ wonya bi. Esiane baabi a obi fi ne ntetee a onyae nti, ebia ebinom bɛma ahofadi adwene ne ahopɛ ho kwan asen afoforo. Ebia eyinom yɛ nneɛma a ɛho hia sɛ yɛteɛ yɛn ho so wom na ‘yɛyɛ yɛn adwene foforo’ na ama yɛatumi ahu “nea Onyankopɔn pɛ” no mu yiye kɛse.​—Romafo 12:2.

14. Ɔfrɛ bɛn na Kristofo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa agye atom, na dɛn na eyi kyerɛ?

14 Sɛ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no, yɛagye Yesu ɔfrɛ no so sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛndua so, na onni m’akyi.” (Mateo 16:24) Sɛ́ obi ‘bɛpa’ ne ho akyi’ no kyerɛ sɛ ‘ɔbɛpow ne ho koraa’ na afei yɛafi yɛn pɛ mu agye atom sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo mfa yɛn nyɛ wɔn de na yɛama wɔadi yɛn asetra so na wɔakyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ. Ɔkwan pa bɛn na ɛwɔ hɔ a yɛbɛfa so ada no adi sɛ yɛapa yɛn ho akyi sen sɛ yebedi Yesu Kristo anammɔn akyi wɔ bere nyinaa som adwuma no mu?

15. (a) Ɔkwan bɛn so na honam fam nneɛma kakraa bi a obi wɔ a ɔbɛma n’ani asɔ no fa Yesu akyi a wobedi ho? (b) Asuafo a wodi kan no gyee nsa a Yesu to frɛɛ wɔn sɛ wommedi n’akyi no so dɛn?

15 Afei honam fam nneɛma kakraa bi a yɛwɔ a yɛbɛma yɛn ani asɔ ho asɛm no nso wɔ hɔ. Ɛda adi sɛ eyi ne nea ɛrekɔ so wɔ wiase no mu no bɔ abira, efisɛ nea ɛhyɛ ho nkuran ne “honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa.” (1 Yohane 2:16) Nanso Yesu sii so dua sɛ: “Mo mu biara a onnyaw nea ɔwɔ nyinaa ntumi nyɛ me suani.” (Luka 14:33) Dɛn nti na eyi te saa? Efisɛ sɛ wobɛyɛ Yesu suani no kyerɛ pii sen yɛ a wobɛyɛ obi a ogye di ara kwa. Bere a Yesu frɛɛ Andrea, Petro, Yakobo, Yohane ne afoforo sɛ wɔmmɛyɛ n’asuafo wɔ afe a ɛto so abien wɔ ne som adwuma no mu no, ɛnyɛ ka ara kwa na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnye nni sɛ ɔne Mesia no. Akyiri yi ɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wonni n’akyi na wɔnyɛ adwuma a ɔreyɛ no bi a ɛne bere nyinaa asɛnka adwuma no. Wɔyɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho? “Ntɛm ara wogyaw wɔn asawu no bedii n’akyi.” Yakobo ne Yohane mpo de, “wogyaw wɔn agya Sebedeo ne apaafo no ɔkorow no mu bedii n’akyi.” (Marko 1:16-20) Wogyaw wɔn adwuma no ne wɔn a na anka wɔne wɔn hɔ no hɔ na wɔde wɔn bere nyinaa bɛyɛɛ asɛnka adwuma no.

16. Sɛ́ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no, dɛn ho adwuma na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden yɛ? (Mmebusɛm 3:9)

16 Enti ɛnyɛ den sɛ yebehu nea enti a yɛn ani a yɛbɛma asɔ nneɛma kakraa bi no yɛ ade a ɛho hia wɔ nea ɛsen biara a yɛbɛyɛ wɔ Yehowa som mu no mu no. Sɛ honam fam nneɛma anaa asɛyɛde ahorow pii ba bɛyɛ adesoa ma yɛn a, ebia yɛbɛyɛ te sɛ aberante ɔdefo a ɔyɛ sodifo a ɔpow nsa a Yesu to frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ n’akyidini a na ɛnnyɛ sɛ ɔrentumi nyɛ nti na mmom esiane sɛ na ɔmpɛ sɛ obegyaw “ahonyade bebree” a ɔwɔ no nti no. (Mateo 19:16-22; Luka 18:18-23) Enti sɛ anka yɛbɛsɛe yɛn bere ne yɛn ahoɔden de adi nneɛma a ɛrenkyɛ ‘ebetwam’ akɔ’ no akyi no, yɛpɛ sɛ yɛde ade a ɛsom bo yi di dwuma na ɛho aba yɛn mfaso daa.​—1 Yohane 2:16, 17.

17. Kuw adeyɛ honhom no betumi ayɛ nkɛntɛnso pa akodu he?

17 Nea etwa to no, kuw adeyɛ honhom ho asɛm no nso wɔ hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ Andrea, Petro, Yakobo, ne Yohane nyaa wɔn ho wɔn ho so tumi wɔ gyinae a wosii sɛ wobegye Yesu nsa a ɔto frɛɛ wɔn sɛ wommedi n’akyi no so no mu. (Yohane 1:40, 41) Saa ara na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛn nuanom no mu pii ntumi nya bere wɔ wɔn asetra a adagyew nnim no mu de wɔn ho hyɛ bere nyinaa som adwuma no mu no ka yɛn ma yesusuw yɛn tebea a yɛwom no ho anibere so. Wɔ ɔkwan foforo so no, wɔn a wɔwɔ yɛn mu a wɔanya saa hokwan yi dedaw no betumi aka wɔn osuahu ahorow a ɛyɛ anigye no ho asɛm akyerɛ afoforo na wɔnam saayɛ so ahyɛ eyinom nkuran ma wɔn nso abɛka wɔn ho. Na, ampa, bere nyinaa asomfo betumi ahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran ma ɛho aba wɔn nyinaa mfaso.​—Romafo 1:12.

18. Ɔkwan bɛn so na yɛn nyinaa betumi aboa ama akwampae honhom no akɔ so?

18 Wɔn a wɔn mprempren nsɛm tebea mma wɔn kwan mma wɔnnyɛ bere nyinaa som adwuma no mpo betumi ayɛ pii de ama akwampae honhom no anya nkɔso. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam wɔn a wɔreyɛ akwampae adwuma no a wɔbɛboa wɔn na wɔahyɛ wɔn nkuran no so, ne afei wɔn a wobetumi ayɛ bi no a wɔbɛkyerɛ wɔn ho anigye ankasa, ne anyɛ yiye koraa no, wɔn abusua muni biako a wɔbɛyɛ nhyehyɛe ma wayɛ akwampae adwuma, akwampaefo aboafo adwuma no a wɔde wɔn ho bɛhyɛ mu bere biara a ɛbɛyɛ yiye, ne bere nyinaa som adwuma a wɔde wɔn ho bɛhyem ntɛm ara sɛnea ebetumi ho adwuma a wɔbɛyɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn nyinaa betumi akyerɛ sɛ yɛreyɛ ‘nea ɛsen biara’ de asom Yehowa, sɛ́ ɛyɛ nea mprempren yɛwɔ bere nyinaa som adwuma no mu anaasɛ dabi no.

Kɔ So Wɔ Nea Ɛsen Biara A Yɛyɛ No Mu

19. Esiane bere no nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ?

19 Ampa, bere a Yehowa rema adwuma no akɔ ntɛmntɛm no, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ ‘yɛbɔ mmɔden’ na ama yɛayɛ ‘adwumayɛfo a ɛnsɛ sɛ wɔn ani wu biribiara ho.’ Sɛ́ Yesu Kristo asraafo pa no, ɛho hia nso sɛ yɛtow nnesoa a ɛho nhia nyinaa gu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asom wɔ ɔkwan a etu mpɔn so na ama wagye yɛn atom. (2 Timoteo 2:3-5) Bere a yɛyɛ adwumaden de trɛw yɛn kyɛfa wɔ Ahenni adwuma no mu no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebenya yɛn mmɔdenbɔ no so akatua kɛse. (Hebrifo 6:10; 2 Korintofo 9:6) Enti, sɛ́ yebegyina baabi te sɛ bɛhwɛadefo no, momma yɛnkɔ so nyɛ nea ɛsen biara mfa nka asɛmpa no mmom na yɛde agye odwontofo no ɔfrɛ no so, sɛ: “Momfa anigye nsom [Yehowa], na momfa ahurusi dwom mmra n’anim.”*​—Dwom 100:2.

Ntĩmu Adaka

◻ Dɛn na ɔdɔ ma Onyankopɔn no kyerɛ?

◻ Ná akoa a ɔto so abiɛsa wɔ Yesu bɛ a ɛfa talente ho no mu no asɛm ankasa ne dɛn?

◻ Dɛn na yɛn ho akyi a yɛbɛpa no kyerɛ?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo ‘gyaw nea wɔwɔ nyinaa’?

◻ Ɔkwan bɛn so na yɛn nyinaa betumi aboa ama akwampae honhom no akɔ so?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

‘Monkɔtow akoa a ne ho nni mfaso no nkyene’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena