Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 6/1 kr. 3-4
  • So Wo Mma Ho Asɛm Haw Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wo Mma Ho Asɛm Haw Wo?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔba A Wayera
  • Maria Nyinsɛnee Nanso na Ɔnwaree
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Suaa Osetie
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • “Odwinnwen Ho Ne Koma Mu”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ɔyem Nanso Ɔnwaree
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 6/1 kr. 3-4

So Wo Mma Ho Asɛm Haw Wo?

NOKWAREM no ɛte saa! Ɔyare, nnubɔne a wɔde di dwuma, ne mmofra asoɔden yɛ nsɛnnennnen a ɛyɛ asiane ma wo ba no mu abiɛsa pɛ. Ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ ɛsɛ sɛ awofo dwen wɔn mma ho​—wɔma wɔn ho asɛm haw wɔn mpo.

Sɛnea Bible kyerɛ no, saa na awofonom pii ate nka wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Kae sɛ Yakob somaa Yosef sɛ ɔnkɔhwɛ sɛnea ne nuanom ho te efisɛ na Yakob dwen wɔn ho. (Genesis 37:13, 14) Hiob nso maa ne mma ho asɛm haw no, ɛwom sɛ na ne mmabarima no anyinyin a wɔn ankasa wowɔ wɔn mmusua de. Osusuwii sɛ: “Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn koma mu.”​—Hiob 1:4, 5.

Ɛdɛn, na Yosef ne Maria dwen wɔn ba Yesu a ɔyɛ pɛ no ho! Nokwarem no, bere a na Yesu adi mfe 12 no akyi mpo no, da bi ne ho asɛm haw wɔn kɛse efisɛ wohui sɛ wayera. Nanso, na wɔn ba Yesu hyɛ wɔn anuonyam, na na wɔrentumi nnu wɔn ho wɔ ne ho. Ma yɛnhwɛ asɛm pɔtee a esii saa da titiriw no na yensusuw asuade a nnɛyi awofonom betumi afa afi mu no ho.

Ɔba A Wayera

Sɛ woyɛ ɔwofo a, ebia wubetumi ate Maria ase wɔ sɛnea ɔtee nka bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ Yesu wɔ animka kwan so no ho sɛ: “Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyeraw ahwehwɛ wo.” Ná Yosef ne Maria ne Yesu ntam atew nnansa. Wubetumi ate nea enti a na wɔn ho pere wɔn sɛ wobehu faako a wɔn ba a na wadi mfe 12 no wɔ no ase.​—Luka 2:48.

Ɛyɛɛ dɛn na Yesu fii Yosef ne Maria nsa? Nkyerɛkyerɛmufo bi a wagye din kasa tiaa wɔn wɔ eyi ho, na ɔkyerɛwee sɛ: “Bere a wonim ade a ɛsom bo a wɔwɔ yi no, dɛn nti na wɔma ɛkyɛe saa ansa na wɔrehwehwɛ no? Ɛhe na na ɛna no nsono mu yaw ne ɔdɔ nkate no wɔ?” Nanso nokwarem no, sɛnea yebehu no, asɛm no mu yiye a wɔpɛɛpɛe da no adi sɛ wɔrentumi nnunu Yosef ne Maria anibere so biara.

Nokwasɛm ne sɛ Bible no kyerɛ sɛ na Maria yɛ ɔbea pa ne ɛna a oye. Bere a ɔbɔfo Gabriel bɛhyɛɛ Yesu awo ho bɔ no, ɔkae sɛ na “woanya Onyankopɔn hɔ dom.” (Luka 1:28, 30) Ofi ne pɛ mu gyee adwuma a ɛne sɛ ɔbɛwo saa ɔbabanin titiriw yi no, a na asɛyɛde a emu yɛ duru a ɛne sɛ ɔbɛtete no no ka ho no toom. Ná ɔyɛ ɔbea a ɔwɔ ahobrɛase a na ne gyidi wɔ Onyankopɔn mu no mu yɛ den. Wɔ Yesu awo akyi no, ɔyɛɛ biribiara a Yehowa Mmara no hwehwɛ, ‘sɛnea wɔakyerɛw no pɛpɛɛpɛ.’​—Luka 1:38, 45-48; 2:21-23, 39.

Ná Yosef a ɔwaree Maria a ɔfaa Yesu sɛ n’ankasa ba no nso yɛ onipa trenee a na ɔne Yehowa bɔfo akasa mpɛn anan. (Mateo 1:19, 20; 2:13, 19, 22) Kae sɛ, ɛyɛ Yehowa na ɔpaw Yosef ne Maria sɛ wɔnyɛn ne Ba a ɔwoo no koro a na ɔsom bo ma no no. So ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ anka Yehowa rempaw nnipa baanu a wobetumi aboa saa ɔba yi ma wanyin wɔ ɔsoro nyansa mu?

Nokwarem no, ɛda adi sɛ awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ mma ho asɛm haw wɔn esiane nneɛma a atwa wɔn ho ahyia a ɛde asiane ne asoɔdenyɛ ba a wɔte mu no nti. Na wonim sɛ wɔn mma no nyɛ pɛ sɛnea na Yesu yɛ no. Nanso, yebetumi anya Yosef, Maria, ne Yesu nhwɛso no mu mfaso ara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena