‘Migyina Awɛnee Ha Ara’
“Na ɔteɛɛm sɛ gyata sɛ: O [Yehowa], migyina awɛnee ha ara adesae, na migyina m’ahwɛe ara anadwo nyinaa.”—YESAIA 21:8.
1, 2. (a) Botae bɛn na na Charles T. Russell wɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na na nhoma ahorow a ɛfa Bible no ho bɛboa ma wadi ne botae no ho dwuma?
NÁ ƆBARIMA a wadi mfe 21 a osuro Onyankopɔn a ɔwɔ United States kusuu fam apuei hɔ baabi no wɔ dwuma bi a ɛsɛ sɛ odi. Ná ne botae ne sɛ ɔbɛpa atoro som nkyerɛkyerɛ a na ɛwɔ hɔ wɔ ne bere so, ne titiriw, nkyerɛkyerɛ a ɛfa daa ayayade ne nkrabea ho no ho ntama. Afei nso, na ɔpɛ sɛ ɔma nokware a ɛfa agyede ne ɔkwan a Yesu bɛfa so asan aba ho no da adi. Ɔkwan bɛn so na na obetumi ayɛ eyinom nyinaa? Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron, no hann no a ɔbɛma ada adi wɔ nyamesom gyidi ahorow so no so.—Dwom 43:3; 119:105.
2 Ná saa ɔbarima no ne C. T. Russell, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan no, na osii gyinae wɔ 1873 mu sɛ ɔbɛkyerɛw nyamesom nkrataa ahorow sɛ nea ɔnam so bɛda Bible mu nokware hann no adi. Wɔ akenkanfo anokwafo fam no, na saa nhoma ahorow yi bɛda atoro a Kristoman gyidi ahorow no yɛ no adi. Ná Bible mu hann a ano yɛ den no bɛma nkyerɛkyerɛ mu sintɔ biara a ahintaw no ho ada hɔ. (Efesofo 5:13) Bere koro no ara mu no, ná nhoma ahorow yi de ‘ɔkyerɛ pa’ bɛma na ama n’akenkanfo gyidi ayɛ den. (Tito 1:9; 2:11; 2 Timoteo 1:13) So na Bible mu nokware ho mmɔdenbɔ a ɛkaa Russell yi ho nhwɛso bi wɔ hɔ?—Fa toto 2 Ahene 19:31 ho.
Tete Kristofo: Wɔn A Wodii Onyankopɔn Asɛm Mu Akoten
3. Ɔkwan bɛn so na Kristo Yesu yɛɛ nokware no mu akoten a wodi ho nhwɛso?
3 Afeha a edi kan Kristofo no dii Onyankopɔn Asɛm no a wɔde dii dwuma wɔ Yudafo ne Amanaman mufo mu no mu akoten. Wogyinaa hɔ te sɛ nea wogyina awɛnee anaasɛ ɔwɛn aban so a, na wɔreka nokware no kyerɛ wɔn a wobetie nyinaa. (Mateo 10:27) Wɔn Kannifo, Yesu Kristo, na ɔbɔɔ ɔkwan no too hɔ. Ɔkae sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wiase sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yohane 18:37) Ɛwom sɛ na ɔyɛ pɛ de, nanso ɔpowee sɛ ɔde ne ho bɛto n’ankasa nyansa ne ne nsusuwii so. Mmom no, na ne nkyerɛkyerɛ fi ne Kyerɛkyerɛfo a Ɔsen Biara, Yehowa Nyankopɔn nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ Yudafo kuw bi sɛ: “Memmɔ m’ankasa me tirim menyɛ biribi, na sɛnea agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.” (Yohane 8:28; hwɛ Yohane 7:14-18 nso.) Sɛnea Asɛmpa no ho kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu asase so ɔsom adwuma ho no kyerɛ no, ɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm mu nhoma no mu nsɛm bɛyɛ fã kae (anaasɛ ɔkaa nsɛm a ɛne no hyia.)—Luka 4:18, 19 (Yesaia 51:1, 2); Luka 23:46 (Dwom 31:5).
4. Ma nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛnea Yesu de Onyankopɔn Asɛm no kyerɛkyerɛɛ nokware no mu.
4 Wɔ Kristo wu ne ne wusɔre akyi mpo no, na ɔda so ara de Bible no di dwuma de kyerɛkyerɛ nokware no. Sɛ nhwɛso no, bere a na Kleopa ne ne yɔnko no nam ɔkwan mu fi Yerusalem rekɔ Emaus no, Yesu boaa saa asuafo no ma wosusuw Kyerɛwnsɛm no ho. Amanneɛbɔ no se: “Na ofi Mose ne adiyifo nyinaa so kyerɛɛ wɔn kyerɛw nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase.” (Luka 24:25-27) Akyiri yi, wɔ saa da no ara mu no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asomafo 11 no ne asuafo no mu bi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhyɛ wɔn den. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Kyerɛwnsɛm no a ɔde bedi dwuma nnam so no so. Luka kyerɛw sɛ: “Ɛno na [Yesu] buee wɔn adwene mu ma wɔtee kyerɛw nsɛm no ase. Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ, Kristo no behu amane, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre afi awufo mu.”—Luka 24:45, 46.
5. Wɔ Pentekoste, afe 33 Y.B. mu no, ɔkwan bɛn so na Petro dii Yesu nhwɛso akyi wɔ Kyerɛwnsɛm no a wɔde di dwuma no mu?
5 Bere a Kristofo asafo no redi ne nhwɛsofo yi akyi no, ɛde Kyerɛwnsɛm no fii ne baguam ɔsom adwuma no ase wɔ afe 30 Y.B. mu. Beae no: wɔ petee mu wɔ ofi bi akyi wɔ Yerusalem. Bere a wɔtee “ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den” a ɛbɔ baa hɔ no nnyigyei no, nnipa mpempem a wɔyɛ Yudafo a wɔwɔ Yerusalem ne wɔn a wofi akwantu mu aba behyiaam wɔ hɔ. Petro ba n’anim—asomafo 11 a wɔaka no atwa ne ho ahyia—na ɔde nne kɛse fi ase kasa sɛ: “Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa, munhu eyi na momma me nsɛm yi nkɔ mo asom.” Afei bere a Petro ada “nea odiyifo Yoel kae” ne nea “Dawid aka” no adi no, ɔkyerɛkyerɛ anwonwade a na asi a ɛnkyɛe no mu, ne sɛ “Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛn no ayɛ Awurade ne Kristo.”—Asomafo no Nnwuma 2:2, 14, 16, 25, 36.
6. (a) Kyerɛkyerɛ nea esii wɔ afeha a edi kan sodikuw no nhyiam bi ase no mu. (b) Ɔkwan bɛn so na wɔnam bɔɔ sodikuw no gyinaesi no ho amanneɛ kyerɛɛ asafo ahorow no, na mfaso bɛn na efii mu bae?
6 Bere a na tete Kristofo no hia gyidi ne abrabɔ ho nsɛm mu nkyerɛkyerɛmu no, afeha a edi kan sodikuw no nso de Kyerɛwnsɛm no dii dwuma wɔ ɔkwan pa so. Sɛ nhwɛso no, wɔ nhyiam bi a sodikuw no yɛe wɔ afe 49 Y.B. mu ase no, ɔsomafo Yakobo, sɛ́ otitrani no, dan wɔn adwene kɔɔ kyerɛwsɛm a ɛwɔ Amos 9:11, 12 a na ɛfa nea wɔreka ho asɛm no ho pɔtee no so. Ɔkae sɛ: “Anuanom, muntie me! Simeon aka sɛnea Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no mu kankyerekyere paw ɔman bi fii wɔn mu maa ne din. Eyi so na adiyifo no nsɛm no si, sɛnea wɔakyerɛw no.” (Asomafo no Nnwuma 15:13-17) Kuw no mufo nyinaa penee nea Yakobo kae no so na afei wɔkyerɛw wɔn gyinaesi a egyina kyerɛwsɛm so no sɛ wɔmfa nkɔma asafo ahorow no nyinaa mma wɔnkenkan. Dɛn na efii mu bae? ‘Awerɛkyekye no nti Kristofo no ani gyei’ na “asafo no yɛɛ den gyidi mu, na wɔkɔɔ so dɔe daa.” (Asomafo no Nnwuma 15:22-31; 16:4, 5) Wɔ saa kwan no so no, tete Kristofo asafo no bɛyɛɛ “nokware dum ne nnyinaso.” Na ɛnnɛ nso ɛ? So na C. T. Russell ne n’ahokafo a wɔyɛ Bible asuafo no besuasua saa afeha a edi kan nhwɛso fɛfɛ yi? Ɔkwan bɛn so na na wobedi nokware no mu akoten?—1 Timoteo 3:15.
Nsɛmma Nhoma Ahorow A Ekura Adwene A Ɛkɔ Akyiri
7. (a) Ná Zion’s Watch Tower no atirimpɔw ne dɛn? (b) Hena nkyɛn na ɛhwehwɛɛ mmoa fii?
7 July 1879 mu na Russell adwinnade titiriw a ɛbɛma Bible no mu ada hɔ no puei—Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence. Nea wodii kan yɛe no daa nsɛmma nhoma no atirimpɔw a anuonyam wom no adi: “Sɛnea ne din no kyerɛ no, ɛde ayɛ ne botae sɛ ɛbɛbɔ nneɛma a ɛho bɛba ‘kuw ketewa’ no mufo mfaso no ho amanneɛ, ne sɛ́ ‘Kristo Ba no ho Dawurubɔ’ no, ɛbɛma ‘gyidi fifo’ no ‘aduan wɔ bere a ɛsɛ mu.’” Ná ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no mu ahotoso so na nsɛmma nhoma no gyina. Nea ɛto so abien a wotintimii no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yegye di sɛ, YEHOWA na ɔyɛ ‘Zion’s Watch Tower’ no kyigyinafo, na bere a eyi te saa no, ɛremma da sɛ ɛbɛsrɛ mmoa afi nnipa nkyɛn. Bere a ɛbɛba sɛ Onii a ɔka sɛ: ‘Mmepɔw mu sika ne dwetɛ nyinaa wɔ me’ no mfa sika a ehia no mma no, yɛbɛte ase sɛ bere adu sɛ yegyae nsɛmma nhoma no tintim.”
8. Fa asɛm a ɛwɔ Yesaia 60:22 ne Sakaria 4:10 no kyerɛkyerɛ sɛnea Ɔwɛn-Aban no anya nkɔanim no mu.
8 Wɔakɔ so atintim Zion’s Watch Tower, a mprempren wɔfrɛ no Ɔwɛn-Aban no ntoatoaso wɔ nea ɛboro mfe 107 mu. Akɔ soro fi nsɛmma nhoma a na wotintim mfuamfua 6,000 wɔ kasa biako pɛ mu ɔsram biara no so akodu mfuamfua 12,315,000 a wotintim ɔsram-fã biara wɔ kasa horow 103 mu so.—Fa toto Yesaia 60:22; Sakaria 4:10 ho.
9. Ɔkwan bɛn so na na asɛmti a ɛne Ɔwɛn-Aban no yɛ nea ɛfata?
9 N’atifi asɛm a ɛne, Ɔwɛn-Aban, no yɛ nea ɛfata a Russell pawee. Hebri asɛmfua a wɔtaa de gyina hɔ ma “awɛnee” [anaasɛ, “ɔwɛn aban”] no kyerɛ “ahwɛe” anaasɛ “adehwɛbea,” faako a na ɔwɛnfo betumi afi hɔ ahu atamfo a wɔwɔ akyirikyiri na wadi kan abɔ kɔkɔ wɔ asiane a ɛreba no ho. Enti, sɛnea ɛfata no, wɔ mfe 59 a edi kan a wɔde tintimii no mu no, na n’atifi asɛm no kura asɛm yi a efi Yesaia 21:11, 12, sɛ: “Ɔwɛnfo, Anadwo mu Dasu Bɛn Ni?” “Ade Rekye.”
10. Hena ne ɔwɛnfo a wɔka ne ho asɛm wɔ Yesaia 21:11 no, na asɛm bɛn ho amanneɛ na ɔbɔ?
10 Na Yesaia nkɔmhyɛ no mu ɔwɛnfo a ogyina n’awɛnee no rebɛkɔ n’anim bere tiaa bi. Wɔ asase so tebea bɔne a na ɛwɔ hɔ no mu no, na Russell de anigye aka “adekyee” a ɛreba no ho asɛmpa no. Ná Kristo Mfirihyia Apem Ahenni wɔ asomdwoe mu no ne kratawa bi a wogye toom no asɛmti. Nanso ansa na “adekyee” no bɛba no, na ɛsɛ sɛ ɔwɛnfo kuw—honhom mu Israel nkaefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no—de akokoduru bɔ “anadwo” a ebedu ne sum kabii wɔ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse mu ko” wɔ Harmagedon mu no ho kɔkɔ.—Adiyisɛm 16:14-16.
11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Yesaia 21:8 no kyerɛ sɛ ɔwɛnfo no yɛ ɔnokwafo na n’ani da ne ho so? (b) Hena so na nnɛyi amanneɛbɔ no nam ba, na ɔkwan bɛn so titiriw na wɔnam trɛw mu?
11 Wɔadi kan aka saa ɔwɛnfo nokwafo yi ho asɛm akyerɛ yɛn wɔ Yesaia 21:8 wɔ saa nsɛm yi mu sɛ: “Na ɔteɛɛm sɛ gyata sɛ: O [Yehowa], migyina awɛnee ha ara adesae, na migyina m’ahwɛe ara anadwo nyinaa.”
12 Yɛ ɔwɛnfo a ogyina abantenten so, a ɔhwɛ n’anim tẽẽ, ogyen n’ani hwɛ akyirikyiri awiabere, na obue n’ani yiye de hwɛ anadwo sum mu—a n’ani da ne ho so bere nyinaa—no ho mfonini wɔ w’adwene mu. Afei de woanya adwene pɔtee a ɛwɔ Hebri asɛmfua ma “awɛnee” (mits·pehʹ) wɔ sɛnea wɔde di dwuma wɔ Yesaia 21:8 no mu ntease. Esiane sɛ ɔwɛnfo no ani da hɔ saa nti, hena na n’adwene mu da hɔ a obegye n’amanneɛbɔ a egyigye no ho akyinnye? Saa ara na ɛte nnɛ nso sɛ, ɔwɛnfo kuw no amia ne ho denam Kyerɛwnsɛm no mu nhwehwɛmu so na wahu nea Yehowa wɔ ma saa nneɛma nhyehyɛe yi. (Yakobo 1:25) Enti saa ɔwɛnfo yi teɛm dennen de saa nkrasɛm no ma a onsuro, na ɔyɛ saa titiriw denam Ɔwɛn-Aban no so. (Fa toto Amos 3:4, 8 ho.) Saa nsɛmma nhoma yi remma ehu nka no wɔ nokware no mu akonten a obedi no mu da!—Yesaia 43:9, 10.
13. Nsɛmma nhoma no hokafo bɛn na epuei wɔ 1919 mu, na atirimpɔw a ɛte saa ara bɛn na ɛwɔ?
13 Wɔ October 1, 1919 no, wofii nsɛmma nhoma foforo tintim ase wɔ wiase: The Golden Age.a Na ɔwɛnfo kuw no de saa adwinnade yi bedi dwuma sɛ Ɔwɛn-Aban no hokafo. Ɛwom sɛ na emu nsɛm no rempɛɛpɛe Bible mu nsɛm mu kɛse te sɛ Ɔwɛn-Aban no de, nanso na ɛbɛma adesamma ani aba wɔn ho so wɔ anyamesom mu atoro nkyerɛkyerɛ, ɔsɛe a ɛreba mprempren nneɛma nhyehyɛe yi so, ne trenee asase foforo a ebedi akyi aba no ho. Yiw, na ɛno nso bedi nokware no mu akoten!
14. Ná Consolation a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Nyan! no atirimpɔw ne dɛn?
14 Wɔ mfirihyia dunwɔtwe akyi no wɔsakraa edin The Golden Age no yɛɛ no Consolation. Nea wotintimii wɔ October 6, 1937 mu no kae sɛ “edin foforo yi gyina hɔ ma nokware.” Ɛdefi nea wotintimii August 22, 1946 no so no, wɔsakraa Consolation no yɛɛ no Awake! (Nyan!) Ɛhyɛɛ bɔ wɔ saa nsɛmma nhoma no mu sɛ: “Nokware no mu kura na ɛbɛyɛ nsɛmma nhoma yi botae titiriw.” Na ɛde besi nnɛ no, akɔ so adi saa bɔhyɛ no so. Wɔ ɔkwan a ɛda nsow so no, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ama nokware no so sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi ahu. Wɔ saa yɛ mu no, nsɛmma nhoma ahorow yi fa ɔkwan a tete Kristofo asafo no bɔ too hɔ no so.—3 Yohane 3, 4, 8.
“Ɔwɛn-Aban” Ne “Nyan!” Edi Nokware No Mu Akoten
15. (a) Ɔkwan a wɔfa so de honhom mu aduan ma bɛn na ɛte sɛ tete Kristofo asafo no mu de no? (b) Wɔ Bible mu nsɛm a wɔfa ka asɛm akyi no, dɛn bio na ehia? Ma nhwɛso.
15 Ɛnnɛ, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw “ɔwɛnfo” no, de Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ Yehowa Adansefo Sodikuw no akwankyerɛ ase no di dwuma sɛ ɔkwan titiriw a ɛnam so de honhom mu “aduan ma wɔ ɛbere a ɛsɛ mu.” (Mateo 24:45) Eyi yɛ afeha a edi kan asafo a ɛma wɔkyerɛw gyidi ne abrabɔ ho nkyerɛkyerɛ no too hɔ na ama ‘wɔakenkan akyerɛ anuanom nyinaa’ nhwɛso no akyi a wodi. (1 Tesalonikafo 5:27) Efi Ɔwɛn-Aban no mfiase pɛɛ no, ayɛ nsɛmma nhoma a ɛde Bible no di dwuma na ɛkyerɛkyerɛ Bible no mu nsɛm nso. Sɛ nhwɛso no, Zion’s Watch Tower a edi kan a wotintimii no faa kyerɛw nsɛm bɛboro 200 a anyɛ yiye koraa no efi Bible mu nhoma ahorow 30 mu kaa asɛm. Nanso pii ho hia sen kyerɛw nsɛm ara kwa a wɔfa ka asɛm. Nnipa no hia mmoa na ama wɔate ase. Ɔwɛn-Aban no ama Bible no mu ntease anya nkɔso. Efi 1892 besi 1927 no, na nea ɛba no mu biara kura dapɛn dapɛn Bible akenkan ne kyerɛw nsɛm a wɔakenkan no mu nsɛntitiriw mu nkɔmmɔbɔ. Hwɛ asɛm a wɔahyehyɛ a wɔato din “Ɔwɛn-Aban mu Nsɛntitiriw wɔ Mfe Du Du no Mu” no mu na woanya ɛho nhwɛso afoforo.
16, 17. Dɛn na Ɔwɛn-Aban no samufo a odi kan no yɛe sɛnea ɛbɛyɛ a saa nsɛmma nhoma yi bɛkɔ so adi Bible mu nokware no mu akoten?
16 Ɔkwan bɛn so na na Ɔwɛn-Aban no bekura n’asɛm a wotintim no kronnyɛ no mu? Nsɛmma nhoma no samufo a odi kan, C. T. Russell, de akwankyerɛ ahorow fa na ɛbɛyɛ ahobammɔ a ɛbɛma wɔakɔ so atintim nsɛm a na wonim sɛ ɛne nokware saa bere no wɔ Ɔwɛn-Aban no mu no mae. Wohu saa akwankyerɛ yi mu biako wɔ ne samansew a ɔyɛe wɔ June 27, 1907 mu no mu. (Russell wui October 3, 1916.) Ne samansew no se:
“M’akwankyerɛ ne sɛ anuanom mmarima baanum na wɔnka mmom nyɛ ZION’S WATCHTOWER no samufo a wɔn na mitu wɔn fo sɛ wɔmfa ahwɛyiye kɛse ne obu nni dwuma wɔ nokware no ho na wonkura mu pintinn. Ɛsɛ sɛ biribiara a wɔbɛkyerɛw wɔ ZION’S WATCH TOWER mu no yɛ nea anyɛ yiye koraa no boayikuw a wɔn dodow yɛ baanum no mu baasa pene so koraa, na mehyɛ sɛ, sɛ ɛba sɛ wohu anaa wosusuw sɛ eyi ne boayikuw no mufo a wɔaka no mu biako anaa wɔn baanu no adwene nhyia wɔ nea baasa no gye tom no ho a, ɛnde wɔmfa saa asɛm no nto hɔ na wɔnnwene ho, mmɔ ho mpae asram abiɛsa ansa na wɔakyerɛw—sɛ ɛba saa a, wobekura gyidi biakoyɛ ne asomdwoe hama no mu wɔ nsɛmma nhoma no akyerɛwfo no mu.”
17 Sɛnea Russell samansew no kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ Samufo Boayikuw no muni biara di “nokware koraa wɔ Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛ ho” na ɛsɛ sɛ woyi su ahorow a ɛkorɔn wɔ “kronn a nkwa yɛ, nokware no a emu da hɔ fann, Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ, ɔdɔ ma anuanom, ne nokwaredi ma Ogyefo no” ho adi. Afei nso, Russell maa emu daa hɔ sɛ “ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛ onii a ɔkyerɛw nsɛm ahorow a ebepue wɔ nsɛmma nhoma no mu no wɔ ɔkwan biara so ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wohu nokware no na wɔkyerɛ ho anisɔ wɔ ne bo a ɛsom no ho, na wogye Awurade no tom sɛ ɔno na ɔyɛ asɔre no Ti ne nokware Fibea.
18. Dɛn nti na yebetumi de ahotoso akenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no?
18 Ɛde besi nnɛ no, Sodikuw no di akwankyerɛ ahorow a ɛte saa ara akyi. Sodikuw no mufo a wɔapaw wɔn hwehwɛ asɛm biara ne mfonini ahorow a epue wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu no mu yiye ansa na wɔatintim. Bio nso, wɔn a wɔboa wɔ Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm kyerɛw mu no yɛ Kristofo mpanyimfo a wobu aniberesɛm a ɛwɔ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no mu no. (Fa toto 2 Beresosɛm 19:7 ho.) Wɔde nnɔnhwerew pii yɛ Bible no ne nhoma afoforo mu nhwehwɛmu sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ nea wɔrekyerɛw no ne nokware no na ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia. (Ɔsɛnkafo 12:9, 10; 2 Timoteo 1:13) Ɛtaa ba sɛ nsɛmma nhoma no mu asɛm biako—ne ebia wode simma 15 bɛkenkan no—gye efi adapɛn abien kosi nea ɛboro ɔsram biako ansa na wɔasiesie awie.
19. Dɛn na wubetumi ayɛ de adi nokware ne mu akoten?
19 Enti, wubetumi de ahotoso akenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Nanso wubetumi ayɛ nea ɛsen saa. Wubetumi afi anigye mu de nsɛmma nhoma ahorow yi bi ama afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso betumi asua nokware no na wɔanya mfaso afi ‘ɔwɛnfo a ogyina awɛnee’ no nkrasɛm a wɔte no mu. (Yesaia 21:8) Yiw, wo nso wubetumi aka nnɛyi ɔwɛnfo no ho na woadi Bible mu nokware no mu akoten.
[Ase hɔ asɛm]
a Nea ɛyɛ nwonwa no, ná akenkanfo binom ani nnye sɛnea na woasiesie The Golden Age no akyi no ho mfiase no. Wɔ wɔn fam no, na mfonini a ɛwɔ akyi no yɛ nea abu so dodo. Wɔ ɛho mmuaema mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no afe afe amanneɛbɔ no kae sɛ: “Ɛdefa eyi ho no yɛbɛka sɛ bere a wofii The Golden Age kyerɛw ase no ara na nhoma tintimfo a wɔwɔ New York Kurom no tew atua. Nna kakraa bi ansa na eyi reba no, na wɔayɛ The Golden Age tintim ho nhyehyɛe na mmarima a wɔyɛ mfiri a ebetumi de nkrataa a wɔpɛ sɛ wɔde tintim no ne akyi asiesie no adi dwuma no antew atua no bi. Enti na ayɛ te sɛ nea wodii kan hu siei bere a wɔpaw akyi asiesie no ne nkrataa a wobetintim wɔ so no, ma enti sɛ ebia wɔpaw biribi foforo bi a, anka nsɛmma nhoma no tintim rentumi mfi ase koraa. Enti na ɛte sɛ nea Awurade no dom wɔ nsɛmma nhoma a ɛnkyɛe yi so.”
So Wokae?
◻ Dɛn nti na C. T. Russel fii ase tintim nhoma ahorow a ɛfa Bible ho no?
◻ Ɔkwan bɛn so na tete Kristofo no dii nokware no mu akoten?
◻ Dɛn nti na asɛm “Ɔwɛn-Aban” no ka nsɛmma nhoma yi asɛmti no ho?
◻ Hena ne nnɛyi ɔwɛnfo no, na adwinnade bɛn na ɔde redi dwuma na ama ne nne adu akyiri?
◻ Ɔkwan bɛn so na Ɔwɛn-Aban ne Nyan! di nokware no mu akoten?
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 22]
Ɔwɛn-Aban mu Nsɛntitiriw wɔ Mfe Du Du Mu
1879: “Onyankopɔn Yɛ Ɔdɔ”—dii Yesu ogye afɔrebɔ a adesamma nkwagye gyina so no mu akoten
1879: “Nea Enti a Wɔmaa Bɔne Ho Kwan”—kyerɛkyerɛɛ nea enti a Yesu ba no bɛyɛ nea aniwa nhu no mu
1880: “Nipadua Biako, Honhom Biako, Anidaso Biako”—de nsa kyerɛɛ 1914 so sɛ Amanaman Mmere no awiei
1882: “Bɔne so Akatua ne Owu”—daa no adi sɛ daa ayayadeyɛ ho nkyerɛkyerɛ no yɛ Onyankopɔn dɔ no a wɔpow
1885: “Adannandi ne Nimdeɛ Bere No”—daa no adi sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no yɛ atoro
1897: “Dɛn na Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ahonhonsɛmdi Ho?”—de adanse a ɛkyerɛ sɛ ahonhonsɛmdi fi adaemone mae
1902: “Onyankopɔn di Kan—Afei Wɔn a Wɔapaw Wɔn”—sii Onyankopɔn mmara a wobedi so wɔ abusua ne adwumayɛ mu nhyehyɛe mu no so dua
1919: “Nhyira ne Wɔn a Wonsuro”—de nkuranhyɛ foforo maa wɔn a wonsuro ahyehyɛde a na ɛrenyan bio no
1925: “Ɔman bi Awo”—maa nkɔmhyɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛ wɔwoo Onyankopɔn Ahenni no wɔ 1914 mu no mu daa hɔ
1931: “Edin Foforo”—efi saa bere yi na edin Yehowa Adansefo no maa nokware Kristofo daa nsow wɔ Kristoman a awae no ho
1935: “Nnipakuw Kɛse No”—kyerɛe sɛ wogu wɔn a wɔbɛtra asase so daa no anoboaboa no so
1938: “Ahyehyɛde”—de teokrase kwan so nhyehyɛe ankasa baa Yehowa Adansefo mu
1939: “Afã Biara a Wonni”—hyɛɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa den ma wogyinaa Wiase Ko II mu nhyɛso no ano
1942: “Hann Koro Pɛ No”—de asɛm a ɛkyerɛ sɛ wɔnkɔ so nni adanse akokoduru so mae
1945: “Munnhim wɔ Nokware Som Mu”—kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo twe wɔn ho fi mogya a wobegye agu wɔn mu ho
1952: “Ahyehyɛde no a Yɛbɛma Ɛho Atew”—kyerɛe sɛ tu a wotu obi fi asafo no mu no gyina Kyerɛwsɛm so
1962: “Ahobrɛase ma ‘Atumfoɔ’—Dɛn Ntia?”—de nea enti a ɛsɛ sɛ wɔde obu ma nnipa atumfoɔ wɔ nsɛso kwan so no mae
1973: “Onyankopɔn Asafo no a Wɔbɛma Ɛho Atew wɔ ‘N’atemmu Bere no Mu’”—hyɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi tawanom ho
1979: “Yehowa Fi ho Mmɔdenbɔ”—sii so dua bio sɛ afie afie asɛnka yɛ nea wɔde di asomafo no nhwɛso akyi
1982: “Adɔfo . . . Montra Onyankopɔn Dɔ Mu”—maa Kristofo ani baa wɔn ho so wɔ awaefo dwumadi ho
1983: “Onyankopɔn a Yɛne no Bɛnantew wɔ Wiase a Basabasayɛ Wom Mu”—su so dua sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo nya kyɛfa biara wɔ basabasayɛ mu
1984: “Nnansa Yi Ban ma ‘Nguan Foforo’”—maa emu daa hɔ sɛ wɔde saa asase so kuw yi ne wɔn a wɔwɔ apam foforo “ban” mu no ba biakoyɛ mu
1987: “Kristofo Ahosɛpɛw Afahyɛ no Ba Awiei wɔ Mfirihyia Apem no Mu”—kyerɛɛ sɛnea Kristofo a wɔyɛ nokwaredifo nyinaa nya ahofadi ne nkwa