Mpaebɔ Hwehwɛ Nnwuma
“[Yehowa] ne abɔnefo ntam kwan ware, no treneefo mpaebɔ de, otie.”—MMEBUSƐM 15:29.
1. Sɛ Onyankopɔn betie yɛn mpaebɔ a, dɛn ne ade biako a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma?
YEHOWA ahwehwɛde nyinaa yɛ nea nyansa, atɛntrenee, ne ɔdɔ wom. Ɛnyɛ den wɔ ɔkwan biara so. (1 Yohane 5:3) Nea ɛka ɛno ho ne n’ahwehwɛde a ɛfa mpaebɔ ho a emu biako ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ bra a ɛne yɛn mpaebɔ hyia no. Ɛsɛ sɛ yɛn asetra kwan sɔ Yehowa Nyankopɔn ani. Sɛ anyɛ saa a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ɔdom susuw yɛn adesrɛ ne nkotɔsrɛ ahorow ho?
2, 3. Sɛnea yehu wɔ Yesaia, Yeremia, ne Mika nsɛm no mu no, dɛn nti na Yehowa ammua Israelfo mpaebɔ no?
2 Eyi yɛ mpaebɔ mu ade a wɔn a wɔwɔ Kristoman mu no pii bu wɔn ani gu so, te sɛ nea Israelfo awaefo a na wɔwɔ Yesaia nna no mu no buu wɔn ani guu so no. Enti na Yehowa maa ne diyifo no sii n’ananmu na ɔkaa eyi no: “Nso sɛ moma mpaebɔ dɔɔso mpo a, me de, mmerentie . . . Munguare, munnwira mo ho. Munyi mo nneyɛe mu bɔne mfi m’ani so, munnyae bɔneyɛ. Munsua papayɛ.” (Yesaia 1:15-17) Yiw, sɛ ná saa Israelfo no pɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ade wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Sɛnea wɔaka no yiye no: “Sɛ Onyankopɔn betie wo mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ wutie No bere a Ɔkasa no.”
3 Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn huu mpɛn pii sɛ ɛho hia sɛ ɔkaakae ne nkurɔfo a wɔne Israelfo no wɔ saa nokware ahorow yi ho. Enti yɛkenkan sɛ: “Nea oyi n’aso fi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyide” ma Onyankopɔn. “[Yehowa] ne abɔnefo ntam ware, na treneefo mpaebɔ de, otie.” (Mmebusɛm 28:9, 15:29) Esiane eyi nti, Yeremia twaa adwo sɛ: “Wo [Yehowa] de omununkum kataa wo ho, na mpaebɔ ammfa mu annu.” (Kwadwom 3:44) Ampa, kɔkɔbɔ ‘a wɔde honhom kaa Mika ma ɔde mae no baa mu: “Ɛno ansa na wobesu afrɛ [Yehowa], na ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim behintaw wɔn bere no mu, sɛnea wɔmaa wɔn nsenni yɛɛ bɔne no.”—Mika 3:4; Mmebusɛm 1:28-32.
4. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔ Yehowa nkurɔfo mu mpo no, ebinom nhu hia a ɛho hia sɛ wɔma wɔn nnwuma ne wɔn mpaebɔ hyia no?
4 Enti ɛho hia sɛ yɛtra ase ma ɛne yɛn mpaebɔ hyia. So ɛho hia sɛ wosi saa nokwasɛm yi so dua nnɛ? Nokwarem no ɛte saa, na ɛnyɛ tebea a ɛwɔ Kristoman mu no nko, na mmom esiane Yehowa nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so no mu binom tebea a wɔwom nti. Wɔ asɛmpa no ho adawurubɔfo bɛboro 3,000,000 a na wɔwɔ hɔ wɔ afe a etwaam no mu no, wotuu bɛboro 37,000 esiane abrabɔ a ɛmfata Kristofo nti. Ɛno yɛ bɛyɛ nnipa 80 biara mu biako. Ɛda adi yiye sɛ anyɛ yiye koraa no, na eyinom mu pii bɔ mpae wɔ bere ne bere mu. Nanso so na wɔyɛ ade ma ɛne wɔn mpaebɔ hyia? Dabi! Mpanyimfo binom a wɔde mfe du du pii ayɛ bere nyinaa som adwuma no mpo ka wɔn a wɔde nteɛso bi maa wɔn no ho. Hwɛ awerɛhow ara a ɛyɛ! Ampa, “nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ no nhwɛ yiye na wanhwe ase,” na wanyɛ ade wɔ ɔkwan a ɛremma ne Bɔfo ntie ne mpaebɔ so.—1 Korintofo 10:12.
Nea Enti A Mpaebɔ Hwehwɛ Nnwuma
5. Sɛ Yehowa bebua yɛn mpaebɔ a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛda yɛn nokwaredi adi?
5 Sɛ Yehowa Nyankopɔn betie yɛn mpaebɔ a, ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho tew wɔ abrabɔ ne honhom mu nko na mmom ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nokwaredi a ɛwɔ yɛn mpaebɔ mu no denam nea yɛbɔ ho mpae no ho adwuma a yɛbɛyɛ so. Mpaebɔ nkutoo nyɛ ade a wɔde si mmɔdenbɔ a efi nokwaredi ne nyansa mu no ananmu. Yehowa renyɛ nea yɛn ankasa betumi ayɛ denam afotu a ɛwɔ n’Asɛm no mu a yɛbɛbɔ mmɔden de adi dwuma na yɛadi ne honhom kronkron no akwankyerɛ akyi no so no mma yɛn. Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ eyi mu sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nea obegyina so abua yɛn mpaebɔ ahorow no. Enti, sɛnea obi ka ma ɛfatae no, ‘ɛnsɛ sɛ yɛsrɛ ma ɛboro nea yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ ho adwuma no so.’
6. Ntease ahorow abien bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae?
6 Nanso, ebia wobebisa sɛ: ‘Sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛbɔ ho mpae no ho adwuma de a, ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae? Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae esiane ntease pa ahorow abien nti. Nea edi kan no, ɛdenam yɛn mpaebɔ so no yegye tom sɛ nnepa nyinaa fi Onyankopɔn ho. Ɔno na ɔyɛ akyɛde pa ne nea ɛyɛ pɛ nyinaa Mafo—owia a ɛhyerɛn, osu a ɛtɔ, bere a aduan ba, ne nneɛma afoforo pii! (Mateo 5:45; Asomafo no Nnwuma 14:16, 17; Yakobo 1:17) Nea ɛto so abien no, sɛ́ mmɔden biara a yɛbɔ no yɛ yiye anaa dabi no gyina Yehowa nhyira so. Sɛnea yɛkenkan wɔ Dwom 127:1 no: “Sɛ [Yehowa] ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa. Sɛ [Yehowa] anwɛn kurow no a, ɔwɛnfo si ho pɛ kwa.” Nea esi asɛm koro no ara so dua ne ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 3:6, 7 no: “Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔma enyinii. Enti ɛnyɛ nea odua, na ɛnyɛ nea ogugu so nsu na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔma enyin no.”
Tete Nhwɛso Ahorow Bi
7, 8. (a) Asɛm a esii wɔ Yakob asetra mu bɛn na ɛkyerɛ sɛ ohui sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nwuma ka mpaebɔ ho? (b) Nhwɛso bɛn na Ɔhene Dawid yɛe wɔ eyi mu?
7 Kyerɛwnsɛm no bɔ nsɛm pii a ɛkyerɛ sɛ Yehowa asomfo anokwafo yɛɛ nea wɔbɔɔ ho mpae no ho adwuma ho amanneɛ. Ma yensusuw eyinom ho nhwɛso kakraa bi ho. Esiane sɛ Abraham nena Yakob nyaa abakan nhyira no nti, ne nua panyin Esau nyaa ne ho tan a na ɔpɛ sɛ okum no. (Genesis 27:41) Mfe 20 bi akyi bere a Yakob resan de ne fifo ne ne mmoa pii afi Padan-aram aba asase a wɔwoo no wɔ so so no, ɔtee sɛ Esau rebehyia no. Bere a na Yakob kae Esau ɔtan no, ɔbɔɔ mpae dennen sɛ Yehowa mmɔ ne ho ban mfi ne nua no abufuw no ho. Nanso so ɔma ɛsoo hɔ ara? Dabi. Ɔsomaa ma wɔde ayɛyɛde a efi ayamye mu dii n’anim, na osusuwii sɛ: “Me de ayɛyɛde a edi m’anim yi merekɔpata no.” Na saa na ɛbae, efisɛ bere a anuanom baanu no hyiae no, Esau yɛɛ Yakob atuu na ɔfew n’ano.—Genesis atiri 32, 33.
8 Dawid yɛɛ nhwɛso foforo a ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade a yɛbɔ ho mpae no ho adwuma no ho. Bere a ne ba Absalom tuu no fii n’ahengua so no, Dawid fotufo Ahitofel de ne ho kɔbɔɔ Absalom ho. Enti Dawid bɔɔ mpae a emu yɛ den sɛnea ɛbɛyɛ a Ahitofel agyinatu betumi ayɛ basaa. So Dawid bɔɔ ɛno ho mpae ara kwa anaa? Dabi, ɔde akwankyerɛ maa ne fotufo nokwafo Husai sɛ ɔnkɔka Absalom ho na watumi ama Ahitofel agyinatu no ayɛ basaa. Na saa ara na ɛbae. Absalom de afotu a Husai de mae no dii dwuma, na ɔpow Ahitofel afotu no.—2 Samuel 15:31-37; 17:1-14; 18:6-8.
9. Ɔkwan bɛn so na Nehemia kyerɛe sɛ ohuu nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ mpaebɔ hwehwɛ nnwuma no?
9 Nhwɛso foforo a yebetumi de atu yɛn ho fo ne Nehemia de no. Ná ɔwɔ adwuma kɛse bi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ—Yerusalem afasu no a ɔbɛsan asi. Nanso, na atamfo pii repam ne ti so. Nehemia bɔɔ mpae na ɔyɛɛ adwuma nso, sɛnea yɛkenkan no: “Na yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpae, na wɔn nti yesisii awɛnfo awia ne anadwo, wɔn anim.” Efi saa bere no rekɔ no. Nehemia mmerante no mu fã siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛbɔ nnipa a wɔreto ɔfasu no mu fã a woaka no ho ban.—Nehemia 4:9, 16.
Yesu Nhwɛso No
10, 11. Nhwɛso ahorow a Yesu yɛe bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔyɛɛ ade maa ɛne ne mpaebɔ hyiae?
10 Yesu Kristo yɛɛ nhwɛso fɛfɛ wɔ nea yɛbɔ ho mpae a yɛbɛyɛ ho adwuma no ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “Wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Nanso Yesu yɛɛ nea obetumi nyinaa nso sɛnea ɛbɛyɛ a n’atiefo betumi atew n’Agya din ho. Saa ara nso no ɛnyɛ mpae nkutoo na ɔbɔe sɛ: “Agya hyɛ wo din anuonyam.” (Yohane 12:28) Dabi, ɔyɛɛ nea obetumi de hyɛɛ n’Agya din anuonyam sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma afoforo nso ayɛ saa.—Luka 5:23-26; 17:12-15; Yohane 17:4.
11 Bere a Yesu hui sɛ nkurɔfo no hia honhom fam nneɛma kɛse no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, [Yehowa Nyankopɔn] na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!” (Mateo 9:37, 38) So Yesu maa ɛsoo hɔ ara? Dabida! Ɛno akyi pɛɛ no, ɔsomaa n’asuafo 12 no baanu baanu sɛ wɔnkɔka asɛm no anaasɛ wɔnkɔyɛ ‘otwa adwuma’ no. Akyiri yi, Yesu somaa asɛmpakafo 70 no sɛ wɔnkɔyɛ adwuma koro no ara.—Mateo 10:1-10; Luka 10:1-9.
Nnyinasosɛm No A Yɛde Bɛyɛ Adwuma
12. Adwumayɛ fa yɛn mpae a yɛbɔ sɛ Onyankopɔn mma yɛn yɛn daa aduan no ho dɛn?
12 Ɛda adi sɛ, Yehowa Nyankopɔn hwɛ kwan sɛ yɛbɛma yɛn adwene asi pi na yɛayɛ ade ma ɛne yɛn mpaebɔ ahyia, na yɛnam saayɛ so akyerɛ yɛn nokwaredi. Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “Ma yɛn daa aduan nnɛ.” (Mateo 6:11) Enti, ɛteɛ sɛ n’akyidifo nyinaa bɛkotow asrɛ Onyankopɔn wɔ eyi ho. Nanso so yɛhwɛ kwan sɛ yɛn soro Agya no bebua saa mpaebɔ yi a yɛrenyɛ ho hwee anaa? Dabida! Ɛno nti na yɛkenkan sɛ: “Onihafo kɔn dɔ sɛ onya”—ebi mpo a ɔnam mpaebɔ so—“nanso ne kra nni hwee.” (Mmebusɛm 13:4, NW) Ɔsomafo Paulo kaa asɛm koro no ara wɔ 2 Tesalonikafo 3:10, se: “Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnidi nso.” Ɛsɛ sɛ yɛde ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ adwuma ka mpae a yɛbɔ sɛ yebenya yɛn daa aduan no ho. Nea ɛyɛ anigye no, Paulo fi nyansa mu kae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn a ‘wɔmpɛ sɛ wɔyɛ adwuma’ no didi. Ebia wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ adwuma no mu binom nnya adwuma nyɛ, wɔyare, anaasɛ wɔanyinyin dodo sɛ wɔbɛyɛ adwuma. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ adwuma, nanso wɔn nsɛm tebea mma wɔn kwan. Wobetumi abɔ wɔn daa aduan ho mpae na wɔanya anidaso sɛ wɔn nsa bɛka.
13. Sɛ Yehowa betie yɛn mpaebɔ a yɛde hwehwɛ ne honhom kronkron no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
13 Yesu tuu yɛn fo nso sɛ yɛnsrɛ ne soro Agya no na ɔmma yɛn Ne honhom kronkron. Sɛnea Yesu ma yenya awerɛhyem no, Onyankopɔn wɔ ɔpɛ sɛ ɔde honhom kronkron no bɛma yɛn sen sɛnea asase so awofo de nnepa bɛma wɔn mma. (Luka 11:13) Nanso so yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa Nyankopɔn de ne honhom kronkron no bɛma yɛn wɔ anwonwa kwan so a yɛmmɔ ho mmɔden biara? Dabida! Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de nya honhom kronkron no. Nea ɛka ɛho mpae a yɛbɛbɔ ho no, ɛho hia sɛ yɛde nsiyɛ sua Onyankopɔn Asɛm no. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa Nyankopɔn mfi n’Asɛm no akyi mfa honhom kronkron mma, na yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ yebenya honhom kronkron bere a yebu yɛn ani gu wɔn a Yehowa de wɔn redi dwuma wɔ asase so a wɔne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Yehowa Adansefo Sodikuw no na egyina hɔ ma wɔn no so. Sɛ yɛannya mmoa amfi saa “akoa” yi hɔ a, yɛrente nea yɛkenkan no ase yiye na saa ara nso na yɛrenhu sɛnea yɛde nea yesua no bedi dwuma.—Mateo 24:45-47.
14, 15. (a) Sɛ Yehowa betie yɛn mpaebɔ a yɛde hwehwɛ nyansa no a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛboa? (b) Ɔkwan bɛn so na yehu eyi wɔ ɔhene Salomo nhwɛso no mu?
14 Nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ mpaebɔ hwehwɛ nnwuma no fa saa asɛm a Yakobo a ɔyɛ Yesu nua no kae yi nso ho: “Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa ade kwa na ahohora nnim no, na wɔde bɛma no.” (Yakobo 1:5; Mateo 13:55) Nanso so Onyankopɔn nam anwonwa kwan so na ɔde ne nyansa no ma yɛn? Dabi. Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ yenya su a ɛfata, sɛnea yɛkenkan no: “Ɔma ahobrɛasefo sua ne kwan.” (Dwom 25:9) Na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn kyerɛkyerɛ “ahobrɛasefo”? Ɔnam n’Asɛm no so. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte ase na yɛde di dwuma, sɛnea wɔada no adi wɔ Mmebusɛm 2:1-6 no: “Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ asõ atie nyansa, na woakom wo koma ama ntease, yiw, sɛ wusu frɛ nhumu, na woma wo nne so frɛ ntease, sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, . . . ɛno na wubehu [Yehowa] suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ. Na [Yehowa] na ɔma nyansa.”
15 Bere a Ɔhene Salomo bɔɔ mpae srɛɛ nyansa na Onyankopɔn nam anwonwa kwan so maa ne mpaebɔ no ho mmuae no, so nnyinasosɛm a ɛne sɛ mpaebɔ hwehwɛ nnwuma no fa ɛno nso ho? Yiw, na ɛte saa, efisɛ sɛ́ Israel hene no, na wɔhwehwɛ sɛ Salomo ankasa hwɛ mmara no so kyerɛw bi fa, ɔkenkan no daa, na ɔde di dwuma wɔ n’asetra mu. Nanso bere a Salomo yɛɛ nea ɛbɔ n’akwankyerɛ abira denam ma a ɔmaa ne yerenom ne n’apɔnkɔ dɔɔso no so no, ne nnwuma ne ne mpaebɔ anhyia bio. Nea efii mu bae ne sɛ, Salomo bɛyɛɛ ɔwaefo na owui sɛ “ogyennyentwi.”—Dwom 14:1; Deuteronomium 17:16-20; 1 Ahene 10:26; 11:3, 4, 11.
16. Mfatoho ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nnwuma ka yɛn mpaebɔ ahorow a yɛde hwehwɛ sɛ yebedi honam mu mmerɛwyɛ ahorow so no ho?
16 Nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ nnwuma ka mpaebɔ ho no nso fa bere a yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa yɛn mma yenni pɛsɛmenkominya su bi a agye ntini wɔ yɛn mu no so no ho. Onuawa ɔkwampaefo bi gye toom sɛ na ontumi nnyae TV so dwumadi bi hwɛ na na ɔhwɛ fi 11:00 a.m. kosi 3:30 p.m. da biara. Bere a osuaa sɛnea ɔbrasɛe dwumadi ahorow a ɛtete saa tumi pira no fii ɔmantam nhyiam ase ɔkasa bi mu no, ɔde asɛm no kɔɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Nanso egyee bere tenten bi ansa na otumi di saa su no so. Dɛn ntia? Efisɛ, sɛnea ɔkae no: ‘Mebɔ mpae sɛ medi su no so de nanso na mehwɛ dwumadi no ara. Enti misii gyinae sɛ mɛkɔ asɛnka da mũ no nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a merenhyia sɔhwɛ no. Awiei koraa no miduu baabi a na mitumi to TV no mu anɔpa a mimmue koraa da mũ no nyinaa.’ Yiw, nea ɛka mpae a ɔbɔe sɛ obedi ne mmerɛwyɛ no so ho no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɛsodi ho adwuma.
Mpaebɔ Ne Yɛn Adansedi
17-19. (a) Nokwasɛm ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo reyɛ ade ma ɛne wɔn mpaebɔ ahorow ahyia? (a) Obi nhwɛso bɛn na esi asɛm koro no ara so dua?
17 Baabiara nni hɔ a nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ mpaebɔ hwehwɛ nnwuma no yɛ nokware sen Ahenni asɛnka adwuma no. Enti, ɛnyɛ sɛ Yehowa Adansefo nyinaa bɔ mpae sɛ wonya otwa adwumayɛfo pii nko na mmom wɔde wɔn ho hyɛ saa adwuma no mu kɛse nso. Nea afi mu aba ne sɛ wɔanya nkɔanim kɛse wɔ nsase pii so. Momma yɛnhyɛ nhwɛso biako pɛ nsow: Wɔ 1930 mu no na Yehowa ɔdansefo biako pɛ na ɔreka asɛm wɔ Chile. Ɛnnɛ, ɛnyɛ sɛ Ɔdansefo biako no abɛyɛ apem nko na mmom 30,000. (Yesaia 60:22) So mpaebɔ nkutoo na ɛde eyi bae? Dabi, ná nnwuma ka ho. Ɛdɛn, wɔ 1986 mu nkutoo no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Chile no de nnɔnhwerew bɛboro 6,492,000 na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no!
18 Eyi yɛ nokware nso bere a wɔabara asɛnka adwuma no. Ɛnyɛ sɛ Adansefo no bɔ nkɔanim ho mpae nko na mmom wɔyɛ ade wɔ sum ase na wɔkɔ so ka asɛm no. Enti, ɛmfa ho sɛ aman mpanyimfo sɔre tia no, wonya nkɔanim wɔ saa aman yi so. Enti, wɔ nsase 33 a Yehowa Adansefo hyia ɔman mpanyimfo ɔsɔretia a ɛte saa wɔ hɔ mu no, wɔde nea ɛboro nnɔnhwerew 32,600,000 yɛɛ adwuma wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu na wɔn ani gyei sɛ wonyaa nkɔso a ɛyɛ ɔha biara mu 4.6!
19 Nokwarem no, nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ mpaebɔ hwehwɛ nnwuma no fa ankorankoro nso ho. Ebia yɛbɛbɔ Yehowa mpae sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ofie Bible adesua nanso ebia yɛrenyɛ nea yebetumi nyinaa na ama yɛanya bi. Ɛno ne osuahu a ɔkwampaefo bi nyae. Bere a na ɔwɔ Bible adesua biako pɛ no, ɔbɔɔ mpae sɛ obenya pii. So ɔma ɛsoo hɔ ara? Dabi, na mmom ɔhyɛɛ nneɛma nsow yiye wɔ ne som adwuma no mu na ohui sɛ sɛ ɔkɔ sankɔhwɛ a ɔnnka Bible adesua ho asɛm. Bere a ofii ase yɛɛ saa no, ankyɛ na onyaa Bible adesua afoforo abien.
20. Yɛbɛbɔ nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ mpaebɔ hwehwɛ nnwuma no nyinaa mua dɛn?
20 Wobetumi de nhwɛso afoforo pii ama de akyerɛ sɛ mpaebɔ hwehwɛ nnwuma. Sɛ nhwɛso no, nea ɛfa yɛne afoforo ntam abusuabɔ wɔ abusua no anaa asafo no mu ho wɔ hɔ. Nanso nhwɛso ahorow a yɛaka ho asɛm no ara dɔɔso a ɛsɛ sɛ ɛma emu da hɔ pefee sɛ mpaebɔ hwehwɛ nnwuma. Eyi yɛ nea ntease wom yiye, efisɛ yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ Yehowa Nyankopɔn de ɔdom besusuw yɛn adesrɛ ahorow ho bere a yɛnam yɛn abrabɔ so fom no no. Ɛnyɛ nokware sɛ sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ nneɛma ahorow a yɛn ankasa rentumi nyɛ no ama yɛn a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa ma ɛne yɛn mpaebɔ hyia. Ampa ara, Yehowa nnyinasosɛm nyinaa yɛ nea nyansa wom na ɛteɛ. Ntease wom, na ɛyɛ mfaso ma yɛn ankasa sɛ yɛbɛyɛ ade ma ɛne no ahyia.
So Wokae?
◻ Mpaebɔ mu ahwehwɛde bɛn na pii buu wɔn ani guu so wɔ tete Israel?
◻ Dɛn nti na ɛnyɛ nea Onyankopɔn yɛ katee wɔ hwehwɛ a ɔhwehwɛ sɛ yɛyɛ nea yɛpɛ no ho adwuma bere a yɛbɔ ho mpae no?
◻ Sɛ Onyankopɔn betie yɛn mpaebɔ ahorow a yɛde hwehwɛ ne honhom kronkron ne ne nyansa no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ mpaebɔ hwehwɛ nnwuma no fa yɛn som adwuma no ho?
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Yesu hyɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae nsrɛ otwa adwumayɛfo pii. Nanso ɔsomaa wɔn nso sɛ wɔnkɔka asɛm anaasɛ wɔnkɔyɛ ‘otwa’ adwuma no
[Mfonini wɔ kratafa 29]
So wobɔ mpae de srɛ mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi adi wo television hwɛ so? Ɛnde fa nnyinasosɛm a ɛne sɛ mpaebɔ hwehwɛ nnwuma no di dwuma denam wo TV no a wobɛto mu no so