Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 3/1 kr. 4-7
  • Nokware Nyamesom Yi Ehu Fi Hɔ Ɔkwan Bɛn So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware Nyamesom Yi Ehu Fi Hɔ Ɔkwan Bɛn So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gyidi Hunu Ntini ne ne Nnubaa
  • Awufo a Wosuro Wɔn​—Egyina Dɛn So?
  • Nea Bible Kyerɛ Sɛ Ɛyɛ Ɔkra
  • Ehu a Egyina Nnaadaa So
  • ‘Fa Wo Ho Hyɛ Onyankopɔn Ase’​—So Woyɛ Saa?
  • Nyamesom Ne Gyidi Hunu Nnamfo Anaasɛ Atamfo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Gyidihunu Dɛn Nti na Agye Nhini Saa?
    Nyan!—1999
  • So Gyidihunu Ahorow Di W’asetra So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nkɔsɔnkɔnsɔn No Mu Tetew
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 3/1 kr. 4-7

Nokware Nyamesom Yi Ehu Fi Hɔ Ɔkwan Bɛn So?

BRITANIAFO akyerɛwfo Edwin ne Mona Radford ho dwiriw wɔn. Bere a wɔaboaboa gyidihunu bɛboro mpem abien ano akyi no, wohui sɛ ehu a gyidi hunu koro no ara de ba no bi wɔ Scotland, India,ne Uganda, ne Central America nso. Wobisae sɛ, ‘Dɛn na ɛde eyi bae?’ Ɔkyerɛwfo Robertson Davies ka wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ: “Ɛte sɛ nea gyidi hunu ahorow ne gyidi ahorow bi a ɛwɔ hɔ teteete ansa na nyamesom ahorow a yenim no reba no wɔ abusuabɔ bi.” Ɛnde “gyidi ahorow” a ɛwɔ hɔ ansa na Kristofo mmere no reba bɛn na ɛyɛ gyidi hunu ntini?

Gyidi Hunu Ntini ne ne Nnubaa

Bible no twe adwene si Sinear asase (beae a ɛwɔ Tigris ne Eufrate nsubɔnten no ntam a akyiri yi wɔbɛfrɛ no Babilon no) so sɛ faako a nyamesom atoro gyidi horow a gyidi hunu ahorow ka ho no fi. Ɛhɔ na “ɔbɔmmɔfo a ɔwɔ tumi” a wɔfrɛ no Nimrod fii ase sii Babel Abantenten a egyee dimmɔne no. Na wɔde bedi dwuma ama atoro som. Nanso Yehowa Nyankopɔn sɛee adansifo no nhyehyɛe denam wɔn kasa a ɔyɛɛ no basaa no so. Wogyae ɔdan no si nkakrankakra na wɔhwetee. (Genesis 10:8-10; 11:2-9) Nanso wɔde gyidi, nsusuwii ne atetesɛm ahorow no kɔɔ baabiara a wɔtrae no. Nanso Babel kɔɔ so ara yɛɛ baabi a atoro som wɔ titiriw na ankyɛ biara ɛtrɛw ne dwumadi sɛ ɛna no mu na ɛyɛn nkonyaayi, abayisɛm, ne gyidi hunu te sɛ nsoromma mu hwɛ. (Fa toto Yesaia 47:12, 13; Daniel 2:27; 4:7 ho.) Enti, Great Cities of the Ancient World nhoma no ka sɛ: “Wɔde nsoromma mu hwɛ gyinaa Babilonfo nsusuwii abien so: nsoromma mu hwɛ mu sɛnkyerɛnnede ahorow ne yɛ a ɔsoro abɔde yɛ anyame no so. . . . . Babilonfo no de nkɛntɛnso a obi bɛhwɛ kwan afi wɔn anyame ahorow hɔ no maa okyinsoromma ahorow no.”

Nsɛm a esisii wɔ tete yi aka yɛn wɔ ɔkwan bɛn so? Bible no nhoma a ɛne Adiyisɛm kyerɛ sɛ wiase nyinaa atoro som nhyehyɛe afi tete Babilon nsusuwii ahorow no mu aba. Ɛda so ara wɔ bɔ de besi yɛn bere yi mu na wɔfrɛ no sɛ “Babilon Kɛse.” (Adiyisɛm 17:5) Nokwarem no, bere a ɛretwam ne nsɛm a asisi no aka saa Babilonfo mfitiase nsusuwii ahorow no. Nea afi mu aba ne nyamesom ahorow a yehu nnɛ no. Nanso sɛnea nnua ahorow taa nyin wɔ asase koro so no, saa ara nso na nyamesom ne gyidi hunu ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no fii faako​—Babilon. Sɛ mfatoho no, momma yɛnhwɛ sɛnea ɛkame ayɛ sɛ Babilonfo gyidi hunu ahorow no mu biako akɔ wiase no mu nyamesom ahorow nyinaa mu nnɛ no.

Awufo a Wosuro Wɔn​—Egyina Dɛn So?

Babilonfo gye dii sɛ onipa fã bi a ɛyɛ honhom no tra nkwa mu bere a nipadua no awu akyi na ebetumi asan aba abɛyɛ ateasefo papa anaasɛ bɔne. Enti wɔyɛɛ nyamesom mu amanne ahorow a wɔde bɛpata awufo na amma awufo no​—antɔ wɔn so were. Wɔda so ara gye eyi di wɔ nsase pii so. Sɛ nhwɛso no, wɔ Afrika no, “ɛkame ayɛ sɛ edi dwuma titiriw wɔ abusua biara . . . da biara asetra mu.”​—African Religions​—Symbol, Ritual, and Community.

Anya nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo a wɔte nsase a ɛte sɛɛ no so tumi mpo. Sɛ nhwɛso no, Henriette a ɔyɛ ɔbea a wadi mfe 63 a ne nananom fi Afrika no gye tom sɛ: “Ɛwom sɛ na meyɛ kurow no mu Protestant asɔre no muni de, nanso na misuro awufo ‘ahonhom.’ Na yɛte bɛn amusiei na bere biara a nnipa a wɔato santen rekosie obi no bɛn yɛn fie no ho no, menyan me ba no na mede no fam me ho kosi sɛ wobetwam akɔ. Anyɛ saa a, nea wawu no ‘honhom’ bɛhyɛn me fi hɔ na wabɛtra abofra a wada no so.”

Saa gyidi hunu no wɔ hɔ esiane sɛ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no wɔ Kristoman mu nti. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ Helafo nyansapɛfo​—ne titiriw Plato​—kaa Babilonfo adwene a wokura wɔ wu a obi nwu da no ho ho asɛm kɛse. John Dunnett a ɔyɛ Britaniani nyamekyerɛ ho ɔkyerɛkyerɛfo panyin no kyerɛw sɛ “wɔ wɔn nkɛntɛnso ase na ɔkra a enwu da ho adwene no baa Kristofo Asɔre no mu kɛse.” Saa Babilonfo nkyerɛkyerɛ yi ama ɔpepem pii ayɛ nkoa ama ehu a gyidi hunu de ba no.

Nanso nokware som yi ehu a ɛte saa fi hɔ. Dɛn ntia? Efisɛ nokware som nnyina gyidi horow a efi Babilon so na mmom nkyerɛkyerɛ a wohu wɔ Bible no mu no so.

Nea Bible Kyerɛ Sɛ Ɛyɛ Ɔkra

Bible no nhoma a edi kan ka kyerɛ yɛn sɛ onipa bɛyɛɛ ɔkra, onipa teasefo. (Genesis 2:7) Enti sɛ onipa no wu a, ɔkra no wu. Odiyifo Hesekiel si so dua sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4; Romafo 3:23) Ɔkra no wu na ɛntra ase wɔ owu akyi. Dwom 146:4 ka sɛ: “Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” Enti, ɔkyerɛkyerɛfo John Dunnett ka sɛ ɔkra a enwu da no “da so ara yɛ gyidi a enni Bible mu.”

Sɛ ɔkra a enwu da nni hɔ a, ɛnde awufo “ahonhom” a ebeyi nnipa hu wɔ asase so biara nni hɔ. Enti ehu a gyidi hunu de ba no fapem no sɛe.

Ehu a Egyina Nnaadaa So

Ɛkyɛ ansa na gyidi hunu a ɛne awufo ho suro no agyae. Dɛn ntia? Efisɛ nsɛm a ɛyɛ hu taa sisi​—te sɛ saa anadwo a ɔbea bi a ɔwɔ ne mfinimfini mfe mu a ɔwɔ Suriname no tee sɛ obi rebɔ ne din no. Wammua, nanso “nsa” bi a aniwa ntumi nhu fii ase sosoo no mu na bere a ɔkyerɛe sɛ ɔmpɛ saa no ɛkaa kakraa bi na anka tumi bi a aniwa ntumi nhu mia ne kɔn kum no. ‘Sɛ awufo “ahonhom” nte ase a, ɛnde hena na ɔyɛɛ saa?’ Bio nso, Bible mu nimdeɛ ma ehu a gyidi hunu de ba no fi hɔ.

Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ ahonhommɔne dɔm a wɔfrɛ wɔn adaemone wɔ hɔ. Nanso saa adaemone no nyɛ akra a wɔafi nkurɔfo mu kɔ. Wɔyɛ Onyankopɔn abɔfo a wɔtew atua na wɔkɔɔ Satan a ‘ɔredaadaa amanaman nyinaa’ afã no. (Adiyisɛm 12:9; Yakobo 2:19; Efesofo 6:12; 2 Petro 2:4) Bible no kyerɛ sɛ adaemone no ani gye adesamma a wɔdaadaa wɔn, woyi wɔn hu, na wɔhaw wɔn no ho. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Luka 9:37-43 ka sɛ adaemone bi maa abarimaa bi ‘sinsen na n’ano pow ahuru’ na ne ho worɔworɔwee. Bere a wɔde abarimaa no kɔmaa Yesu mpo no, “ahonhommɔne no him no hwee fam, na esinsen no.” Kyerɛwtohɔ no kɔ so sɛ, “Na Yesu teɛteɛɛ honhom fi no, na ɔsaa abofra no yare, na ɔde no maa n’agya.”

Nea ɛyɛ anigye no, Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiatical Literature kyerɛ gyidi hunu ase sɛ “som a wɔsom atoro anyame.” Enti sɛ woyɛ nneɛma a egyina gyidi hunu so a, ebia na worepata “atoro anyame” anaasɛ adaemone a wunnim! Atoro som a ɛte sɛɛ no yɛ bɔne a anibere wom a etia Yehowa Nyankopɔn.​—Fa toto 1 Korintofo 10:20 ne Deuteronomium 18:10-12 ho.a

‘Fa Wo Ho Hyɛ Onyankopɔn Ase’​—So Woyɛ Saa?

So wowɔ akokoduru a ɛbɛma woadan w’akyi akyerɛ saa adaemone no denam gyidi hunu a wobɛpow no so? Ampa, adaemone wɔ tumi kɛse. Nanso bere ɔsomafo Paulo akyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛpaw sɛ yɛbɛsom Yehowa Nyankopɔn anaasɛ adaemone no, obisae sɛ: “So yɛn ho yɛ den sen [Yehowa]?” (1 Korintofo 10:21, 22) Dabi, yɛn ho nyɛ den nsen no​—nanso kae sɛ saa ara nso na Satan anaasɛ n’adaemone no ho nyɛ den nsen no! Mmom no, saa adaemone no “ho popo” esiane Yehowa ho hu nti. (Yakobo 2:19) Nanso Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no bɛbɔ wo ho ban sɛ wubisa a. Bible kyerɛwfo Yakobo kɔ so ka sɛ: “Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.” (Yakobo 4:7) Ehu a gyidi hunu ma ɛka wo no befi hɔ akɔ.

Nnipa mpempem pii a wɔwɔ wiase nyinaa a na anka wosuro na wɔyɛ nkoa ma gyidi hunu amanne horow no betumi adi eyi ho adanse nnɛ. Ɔbonsam aguan afi wɔn nkyɛn. Wɔ ɔkwan bɛn so? Kae sɛ ehu a gyidi hunu ma ɛka obi no tamfo ne nimdeɛ. Ɔbenfo Rudolph Brasch a ɔyɛ faako a gyidi hunu fi bae ho ɔdenimfo no ka sɛ: “Ɛyɛ asɛm a ɛfa ɔkyerɛkyerɛ ho​—sɛ wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo ade pii a, wonnye gyidi hunu ntom kɛse.”

Enti bere a Henriette a yɛadi kan aka ne ho asɛm no penee nsa a Yehowa Adansefo to frɛɛ no sɛ ɔmma wɔne no mfi Bible adesua a ontua hwee wɔ ho ase so no, ankyɛ biara na ohuu adaemone nnaadaa no. Odii gyidi hunu so nkonim. Ɔne nnipa mpempem pii a wɔte sɛ ɔno no ahu nokware a nsɛm a ɛwɔ Hebrifo 2:15 yɛ no. Ɔsomafo Paulo ka wɔ hɔ sɛ Yesu “begye wɔn a owu a wosuro no de wɔn ayɛ nkoa wɔn nkwa nna nyinaa mu no.” (New International Version) Te sɛ nea anɔpawia ma kwae mu obosu yow no, saa ara nso na Bible mu nokware yi ehu a gyidi hunu de ba nyinaa fi hɔ.

Ɛnnɛ, kan ‘ehu nkoa’ pii ayiyi asuman afi wɔn kɔn mu ne nhama a ɛbɔ wɔn mma ho ban no afi wɔn ho. Mprempren wɔte nka te sɛ Isaac a wadi mfe 68 a anka ɔyɛ ɔkɔmfo wɔ South Africa no. Bere a ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no akyi no, ɔkae sɛ: “Mete nka sɛ m’ani agye na mede me ho efisɛ ahonhom ho suro nhaw me bio.” Hwɛ sɛnea Yesu nsɛm no da adi sɛ ɛyɛ nokware: “Mubehu nokware no, na nokware no ayɛ mo adehye.”​—Yohane 8:32

Yiw, nokware som yi ehu fi hɔ.

[Ase hɔ asɛm]

a Bible nkyerɛase ahorow bi (sɛ nhwɛso no, King James Version, Douay, The Comprehensive Bible no) de asɛmfua “gyidi hunu” na edi dwuma wɔ Asomafo no Nnwuma 25:19 de kyerɛ Hela asɛmfua dei·si·dai·mo·niʹas a ɛkyerɛ “adaemone ho hu” no ase. Hwɛ New World Translation Reference Bible no asehɔ asɛm no nso.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Gyidi hunu trɛw wɔ wiase nyinaa fi faako a efii ase wɔ Babilon

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena