Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 4/1 kr. 21-26
  • Yehowa​—Yɛn Ahoɔden

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa​—Yɛn Ahoɔden
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Amanaman Atirimɔdenfo Kurow’
  • Anigye Dwom Biara Nni “Babilon”!
  • Nokware Asomdwoe Fibea
  • Wɔn A Wɔnantew Onyankopɔn Hann Mu No Ani Gye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Yehowa Ma Ne Nsa So
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
  • Nya Yah Yehowa Mu Ahotoso!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Yehowa Brɛ Kurow Bi a Ɛyɛ Ahantan Ase
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 4/1 kr. 21-26

Yehowa​—Yɛn Ahoɔden

“M’ahoɔden ne me tumi ne Yah Yehowa.”​—YESAIA 12:2, NEW WORLD TRANSLATION.

1. (a) Dɛn nti na Yehowa Adansefo yɛ soronko saa? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesaia 12:2 ka nea Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo no ho asɛm?

SO WOKƆ nhyiam wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so? Wuhu nnipa a ɛsono wɔn wɔ nnipa afoforo biara ho wɔ hɔ! Henanom ne saa nnipa yi, na dɛn nti na wɔyɛ soronko? Yɛyɛ Onyankopɔn ankasa nkurɔfo, na yɛyɛ soronko efisɛ edin a ɛso sen biara​—ɛyɛ Nea Ɔbɔɔ amansan a atwa yɛn ho ahyia no mu anwonwade ahorow no nyinaa no din da yɛn so. Ne din da yɛn so. Ne din mu na yehyiam wɔ anigye mu sɛ yekodi honhom fam aduan a ɛyɛ dɛ a ɔnam n’ahyehyɛde so de ma wɔ “bere a ɛsɛ mu” no. (Luka 12:42) Sɛ Yehowa Adansefo no, yɛde aseda kamfo ne din a ɛso nni a ɛwɔ Yesaia ti 12 nkyekyem 2, NW, a ɛkenkan sɛ: “Hwɛ me nkwagye Nyankopɔn ni. Mete hɔ dwoodwoo, na minsuro, na m’ahoɔden ne me tumi ne Yah Yehowa, na wadan me nkwagye.” Yɛn Nyankopɔn no ayi yɛn afi sɔhwɛ ahorow pii mu. Afei yɛn nkwagye a etwa to rebɛn​—a ɛno nso yɛ nea Yehowa na ɔde bɛma no!

2. Asɛm “Yah [Yehowa]” no pue mpɛn ahe wɔ Bible no mu, na epue wɔ he? (b) Nsɛm bɛn na wɔde asi “tumi” ananmu wɔ Yesaia 12:2, na dɛn nti na ɛno nso fata?

2 Saa asɛm a ɛne “Yah Yehowa,” edin kronkron no a wɔakyerɛw no mpɛn abien no pue mprenu pɛ wɔ Bible no mu, wɔ Yesaia 12:2 ne ti 26:4. King James Version no asekyerɛfo mpo hui sɛ ɛfata sɛ wɔkyerɛw no sɛ “AWURADE YEHOWA.” Sɛnea New World Translation Reference Bible no mu asehɔ asɛm bi kyerɛ no, nsɛm afoforo a wɔde si “tumi” ananmu wɔ Yesaia 12:2 no ne “dwom” ne “ayeyi.” Hwɛ nokware a ɛyɛ sɛ ade nyinaa so tumfoɔ Yehowa a ɔma n’asomfo ahoɔden no fata sɛ yɛtow ayeyi nnwom ma no!​—Yesaia 40:28-31.

3. (a) Yah Yehowa abue kwan ama dɛn, na ogyina dɛn so na ɔyɛɛ saa? (b) Tumi bɛn na nsɛm a ɛwɔ Romafo 11:33-36 no nya wɔ Yehowa Adansefo so?

3 Yehowa nyansa, atɛntrenee, ne ne dɔ ma ne tumi kari pɛ. Bere a Yah Yehowa de ɔsoro su ahorow yi di dwuma no, ogyina Yesu ogye afɔre no so abue kwan ama adesamma a wogye di no nkwagye. Ɛdefa eyi ho no, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛɛ, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da. Na hena na ohuu [Yehowa] adwene, anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo? Anaasɛ hena na ɔmaa no biribi kan, na watua no so ka? Efisɛ ade nyinaa fi no mu, na ɛnam no so ba, na ɛkɔ no mu; ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.” (Romafo 11:33-36) Enti hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yɛde yɛn ho bɛbata Yah Yehowa ho denneennen na yɛaka ahotoso a edi mũ a yɛwɔ wɔ no mu sɛ yɛn ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn ne Amansan Hene no ho asɛm!​—Fa toto Hebrifo 3:14 ho.

4. (a) Dɛn nti na na odiyifo Yesaia wɔ ntease pa ma enti ɔkae sɛ ‘manya ahotoso na merensuro’ no? (b) Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo wɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ wonya Yah Yehowa mu ahotoso wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu?

4 Na Yesaia wɔ ntease pa nti na ɔkae sɛ, ‘manya ahotoso na merensuro’ no. Akyiri yi odiyifo no behuu Onyankopɔn nkwagye nnwuma yiye. Ɔde n’aniwa hui bere a Yehowa dii N’asɛm so denam Asiria ne ne hene ɔhohoahoafo Senaherib a ɔbrɛɛ n’ase no so. Anadwo biako ɔbɔfo biako a yɛn ade nyinaa so tumfoɔ Yehowa no somaa no no kum Asiria asraafo 185,000! Wonyaa nkwagye kɛse a ɛte saa no esiane sɛ Ɔhene Hesekia ne Yuda nyinaa de wɔn ho too Yah Yehowa so nti. (Yesaia 37:6, 7, 21, 36-38) Wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, Yehowa agye ne nkurɔfo afi nhyɛso, bara a wɔbara wɔn, ɔtaa ne nnadeban mu. Nasifo sodifo Adolf Hitler sɔre tiaa Yehowa Adansefo te sɛ saa Asiriafo ahohoahoafo a wɔtraa ase wɔ Yesaia bere so no, na da koro ɔteɛm sɛ, “Mɛtɔre kuw yi ase wɔ Germany!” Nanso Hitler ne Nasifo no na wɔtɔree wɔn ase. Na mprempren Germanfo Adansefo kuw ketewaa a wonyaa Yehowa mu ahotoso no adɔɔso ma wɔboro 121,200!​—Dwom 27:1, 2; Romafo 8:31, 37.

5. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a ɛwɔ Yesaia 12:3-5 no fa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ ahotoso nnɛ no ho?

5 Wɔ baabiara a ɔtaa ba hɔ no, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ ahotoso nam nokware nkwa nsu a wɔnom no so nya ahotɔ ne denhyɛ. Ɛte sɛ nea Onyankopɔn diyifo no kae wɔ Yesaia 12:3-5 no: “Na mode anika bɛsaw nsu afi nkwagye nsuaniwa no mu. Na da no mobɛka sɛ: Monkamfo [Yehowa], mommɔ ne din. Momma wonhu ne nneyɛe aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so! Monto dwom mma [Yehowa], na wayɛ ade kɛse; momma wonhu eyi asase nyinaa so.” Momma yɛnkɔ so nnom Ahenni nokware no na yɛmfa aseda mma yɛn Amansan Hene Yehowa no din so. Bere a yɛwɔ Yehowa mu ahotoso a edi mũ no, momma ‘yɛmpae mu nka asɛm no na yennyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu.’ (2 Timoteo 4:2) Nea asɔretiafo bɛyɛ biara no, Yah Yehowa befi ɔdɔ mu akyerɛ yɛn kwan wɔ nkwagye kwan no so!

‘Amanaman Atirimɔdenfo Kurow’

6, 7. (a) Nea ɛne Yesaia 25:1 hyia no, ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo hyɛ no anuonyam wɔ dɛn ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesaia 25:2, 3 ka kurow bi ho asɛm? (d) Kurow bɛn na na ɛte sɛ nea odiyifo no reka ho asɛm no, na dɛn ntia?

6 Afei momma yɛnnan nkɔ Yesaia ti 25. Yɛkenkan wɔ nkyekyem 1 sɛ: [Yehowa], me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so makamfo wo din sɛ woayɛ anwonwade; tete beeme agyinatu atim ayɛ nokware.” Yehowa asomfo a wɔwɔ ahotoso hyɛ no anuonyam wɔ anwonwa nnwuma a wayɛ wɔ wɔn mu no ho. Nanso Yesaia ma abirabɔ bi bam bere a ɔka eyi kyerɛ Yehowa no. “Na woadan kurow afabo kuw, woama abannennen ayɛ abansin; ananafo aban afɛfɛ nyɛ kurow bio, na wɔrento bio da biara da . . . Amanaman atirimɔdenfo kurow besuro [Yehowa].”​—Yesaia 25:2, 3, NW.

7 Dɛn ne atirimɔdenfo kurow a wɔammɔ ne din yi? Ebia na Yesaia reka Ar, Moabfo kuropɔn a na ɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo atamfo bere nyinaa no ho asɛm. Nanso ɛte sɛ nea asɛm a ɛwɔ ha no fata Satan ahyehyɛde no fã foforo bi yiye​—ɔtamfo kɛse Babilon. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, Babilon bɛsɛe Yuda ne Yerusalem, ne Yehowa asɔrefi na ɔde nnipa a wɔbɛka no akɔ nnommumfa mu. Yesaia fa Babilon hene asɛm ka sɛ ɔrehohoahoa ne ho sɛ: “Ɔsoro na mɛforo makɔ, Onyankopɔn nsoromma atifi na mɛma m’ahengua so masi, na matra ahyiae bepɔw no so. . . Mɛyɛ me ho sɛ ɔsorosoroni no.” Nanso Yehowa bɛma Kores a ofi Persia no so ma watwa Babilon ahwe fam na wama Onyankopɔn nkurɔfo asan akɔ wɔn asase so. Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, hwee anka wɔ baabi a na wɔakyekye Babilon no sɛ “afabo” ne “abansin” ara nko.​—Yesaia 14:12-14; 13:17-22.

8, 9. (a) Babilon foforo bɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo ko tia, na ɔkwan bɛn so na ɛbae? (b) Yesaia ka ho asɛm dɛn, na dɛn nti na asɛmfua no fata?

8 Nanso wɔ bɛboro mfe 2,520 wɔ Babilon asehwe akyi no, ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo kɔ so ara ne Babilon foforo bi di asi​—“Babilon kɛse no, asase so nguaman ne akyide nã.” (Adiyisɛm 17:5) Ɔne wiase nyinaa atoro som ahemman no. Onyaa ne mfiase wɔ Noa Nsuyiri no akyi bere tiaa bi bere a Nimrod kyekyee kan Babilon a akyiri yi ɛbɛyɛɛ atoro nyamesom fibea no. Bere a Yesu ne n’asomafo no de Kristosom sii hɔ akyi no, awaefo fraa Bible nokware no mu denam Babilon abosonsom “ahonhommɔne kyerɛkyerɛ” a wɔde baa mu no so na wɔde Kristoman nyamesom nhyehyɛe no sii hɔ. Saa asuasua Kristosom yi abɛyɛ “Babilon Kɛse” no fã titiriw, na atrɛw wɔ asase so nyinaa akɔ aman ahorow nyinaa mu. Yesaia ka ne ho asɛm sɛ ‘amanaman atirimɔdenfo kurow.’

9 Bɛboro mfe mpem anan ni, efi bere a wɔkyekyee kan Babilon no de besi nnɛ no, sodifo atirimɔdenfo de asɔfo nhyɛsofo adi dwuma ma wɔhyɛ nnipa mpapahwekwa no so na wodi wɔn so tumi. Enti ‘onipa adi onipa so tumi ma adan no bɔne.’ (Ɔsɛnkafo 8:9) Yesu nyaa ayamhyehye maa nnipa no ɛnsɛ na saa atoro nyamesom nguanhwɛfo no ‘ama wɔsam hɔ na wɔapansam.’ Ɛnnɛ wonim kuw a asɛm wɔ wɔn ho sen biara no sɛ “onipa a onni mmara no,” a wɔne kristoman asɔfo a wɔama wɔn ho wɔn so na wodi kan wɔ ɔtaa ne ɔsɔretia a wɔde ba Yehowa Adansefo so no mu no.​—Mateo 9:36, NW; 2 Tesalonika 2:3, 4.

10. (a) Nea ɛne Yesaia 25:3 hyia no, ɔkwan bɛn so na wɔahyɛ ‘amanaman atirimɔdenfo kurow’ no ma wahyɛ Yehowa anuonyam na wanya osuro nso ama no? (b) Wɔ Yesaia 25:4, 5 no, ɔkwan bɛn so na Yesaia ka Yehowa ho asɛm wɔ “mmɔboroni” ne “atirimɔdenfo” nyinaa ho?

10 Wɔ afe 1919 mu no, Yehowa gyee ne nkurɔfo ankasa fii “Babilon Kɛse” tumi ase. Wɔhyɛɛ saa ‘amanaman atirimɔdenfo kurow’ no maa ɛhyɛɛ Yehowa anuonyam efisɛ na ɛhwehwɛ sɛ ɔde yawdi hwɛ “anwonade” a na wayɛ wɔ n’asomfo a ɔma wɔsan yɛɛ adwuma kɛse no mu. Wɔhyɛ atoro nyamesomfo ma wosuro Yehowa nso de hwɛ nea ɛbɛto wɔn no kwan. Wɔ mfehaha pii mu no, asɔfo nhyɛsofo ama wɔn ho so asen asɔremma no. Na afei Yesaia ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Na woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔboroni, aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu, ahum ano guankɔbea, ahohuru mu onwini, atirimɔdenfo ahome ayɛ sɛ ahum ne osu a ɛboro fasu. Wobrɛɛ ananafo hooyɛ ase sɛ nkyerekyerewa so ahohuru; nhyɛsofo dwae dwom brɛɛ ase sɛ omununkum nwini ase ahohuru.”​—Yesaia 25:4, 5.

Anigye Dwom Biara Nni “Babilon”!

11. Dɛn nti na wɔntow anigye dwom biara wɔ “Babilon Kɛse” no ahemman no mu, na ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ eyi ho nhwɛso wɔ nyamesom ahorow nhyiam a wɔyɛe wɔ Asisi, Italy no ase?

11 Saa na tebea no te ampa wɔ “Babilon Kɛse” mu nyinaa nnɛ. Wɔnte anigye dwom biara wɔ hɔ. N’anyamesom akannifo adwene atu afra wɔ anyame a ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn no ho. Eyi daa adi pefee wɔ anyamesom akuw horow nhyiam a wɔyɛe wɔ Asisi, Italy, wɔ October 27, 1986 mu no. Wɔ hɔ na Paapa John Paul II ma “Babilon Kɛse” nyamesom atitiriw no akannifo hyiaam wɔ Amanaman Nkabom no Amanaman Ntam Asomdwoe Afe no ho. Wɔn nyinaa bɔɔ mpae maa asomdwoe na Buddafo nkokorafo bi bɔɔ mpae nnɔnhwerew 12 da koro. Nanso hena na wɔbɔɔ no mpae no? So na ɛyɛ Maria? Anaasɛ Kristoman Baasakoro kronkron no? Anaasɛ Hindufo Baasakoro no? Anaasɛ Buddafo anyame mpempem pii no? Anaasɛ Allah? Anaasɛ aboa a ɔba fam a ɔne sakraman a Shintofo som no no? Anaasɛ na mpaebɔ a wotiei no kɛse sen biara no ne nea Amerika Indiani a ofi Crow abusua no mu bɔe no? Wɔkaa ne ho asɛm sɛ na ‘abotiri a ɛyɛ fɛ a na wabɔ no ama ne ho ayɛ fɛ,’ bere a ɔsɔɔ asomdwoe abua ano na ɔbɔɔ ne mpae no “guu wusiw no mu bere a ɛmaa ne ho so te sɛ aduhuam wɔ mframa a emu ayɛ nwini no mu no.”

12. Nsɛm a ɛwɔ Mika ne Yesaia nhoma no mu bɛn na saa nyamesomfo no nnye ntom?

12 Ade biako da adi: Saa anyamesomfo no mu biako mpo, efi Buddafo Dalai Lama no so kosi Greekfo Ortodoks Asɔre no “Otitiriw” Methodius no so, nni hɔ a ogye Bible mu asɛm a ɛwɔ Mika 4:5 yi tom: “Yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.” Wonnye nokware a ɛwɔ Yesaia asɛm a efi honhom mu a ɛwɔ Yesaia ti 42 nkyekyem 5 ne 8 no ntom: “Sɛ Onyankopɔn [Yehowa], nea ɔbɔɔ ɔsoro trɛw mu, na ɔyerɛw asase ne ne mfifii mu, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so no se ni: Mene [Yehowa], me din ne no, na meremfa m’anuonyam mma obi, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.”

13. Dɛn ankasa na esii wɔ Asisi, na ɔkwan bɛn so na Yesu kasa tiaa eyi bere a ɔwɔ asase so no?

13 Wɔ Asisi no, wɔnam guasodeyɛ a wɔde hoahoa wɔn ho, ntade soronko, mpaebɔ a woti mu so yɛɛ nneɛma akɛse wɔ baguam. Eyi na Yehowa Ba Yesu Kristo kasa tiae bere a na ɔwɔ asase so ha no. Ɔkaa nyamesom akannifo a na wɔwɔ ne bere so no ho asɛm sɛ: “Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛnea nnipa behu wɔn,” na ɔkasa kyerɛɛ wɔn tee sɛ: “Mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo, munnue! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ankasa monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, momma wɔn kwan nkɔ mu.” (Mateo 23:5, 13; hwɛ Mateo 6:1-8 nso.) Ɛnyɛ nea wɔyɛ kyerɛ anaasɛ baabi a wɔsom no na ɛho hia Onyankopɔn. Sɛnea Yesu kae no: “Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.”​—Yohane 4:21, 24.

Nokware Asomdwoe Fibea

14. (a) Dɛn nti na wiase no nyamesom ahorow mpaebɔ ma asomdwoe no yɛ nyaatwom adeyɛ? (b) Ɔsoro atemmu bɛn na ɛbɛba Kristoman mu nyamesom so?

14 Sɛ obi hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ wiase no nyamesom ahorow no mu a, so obetumi asusuw sɛ nyamesom akannifo mpaebɔ no betumi ama wiase asomdwoe aba? Wɔde nyaatwomyɛ abɔ mpae mfehaha pii bere a wɔ bere koro no ara mu no wɔde wɔn ho hyɛ amanaman no ako ahorow mu, Mmeamudua ho akodi no ne ɔtaa ahorow no mu. Yehowa diyifo bisae sɛ: “So Etiopiani betumi asakra ne were, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakra ne ho nworanworan? Ɛnde mo nso mubetumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwaw mo.” (Yeremia 13:23) Sɛ “Babilon Kɛse”​—wiase nyinaa atoro nyamesom ahemman​—no fã titiriw no, wɔakari Kristoman nyamesom titiriw wɔ ɔsoro nsenia mu na wɔahu sɛ ennu. Wɔbɛsɛe no!​—Yeremia 2:34, 35, 37; 5:29-31; Daniel 5:27.

15. Ɔkwan bɛn so na Yah Yehowa de asomdwoe a enni awiei bɛba, na ɔkwan bɛn so na wɔn a wonya ne mu ahotoso no di asomdwoesɛm?

15 Yehowa, “asomdwoe Nyankopɔn” no de asomdwoe a enni awiei bɛba denam wɔn a wodi mogya ho fɔ no nyinaa a ɔbɛsɛe wɔn na ɔde nnipa a wɔdɔ nokware ne trenee ankasa atra asase so no so. (Filipifo 4:9) Sɛnea Ɔhene Dawid kyerɛ no, ahobrɛasefo a “wonya Yehowa mu ahotoso na wɔyɛ papa” no na ‘wobenya asase no adi’ na “wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:3, 11, NW) Wɔn a ‘wonya Yehowa mu ahotoso bere nyinaa na wɔyɛ papa no’ yɛ asomdwoe ho adwuma wɔ ɔkwan a wɔn a wɔbɔ anyame, abosom ne ahoni a ɛsonosono wɔn mpae a emu nna hɔ no rentumi nyɛ da no so.​—Dwom 115:2-8; Yesaia 44:14-20.

16. Ɔpon bɛn na Yehowa tow ma saa ahobrɛasefo a wɔreboaboa wɔn ano afi “amanaman atirimɔdenfo kurow” no mu no?

16 Hwɛ nsonsonoe ara a ɛwɔ Onyankopɔn ankasa nkurɔfo mpaebɔ ahorow ne wɔn anidaso ne “Babilon Kɛse” no akyigyinafo de ntam! Hwɛ sɛnea yenya anisɔ sɛ “nhyɛsofo dwae dwom brɛɛ ase”! (Yesaia 25:7) Nanso bere a Yesaia reka ahobrɛasefo a wɔreboaboa wɔn ano afi ‘amanaman atirimɔdenfo kurow’ no mu no, ɔkɔ so ka sɛ: “Asafo [Yehowa] bɛtow aman nyinaa pon bepɔw yi so: sradeduan, nsa a akyɛ̃, . . . nsa a wɔasɔn so.” (Yesaia 25:6) Honhom mu apontow a wɔn a wɔba bɛsom Yehowa nya mu kyɛfa nnɛ no tumi mee wɔn ampa na ɛyɛ apontow ampa! Ɛhyɛ yɛn koma den ma yetumi gyina mu na yɛn ani gye boro so bere a yɛde nnamyɛ som Yehowa de hwɛ nneɛma a wɔbɛyɛ no foforo ne nneɛma pa pii a Yehowa ahyɛ ho bɔ ama asase foforo no kwan.​—Dwom 104:1, 14, 15; Mateo 19:28.

17. “Anwonwade” bɛn na Yehowa bɛyɛ, na ɛbɛma wɔanya anigye bɛn?

17 Ɛrenkyɛ biara Yah Yehowa bɛyɛ “anwonwade” a ɛnyɛ “Babilon Kɛse” no nkutoo na obeyi afi hɔ na mmom afobu “nkataso” a ɛkyekyere adesamma esiane Adam bɔne nti no nso. (Yesaia 25:7) Yiw, Onyankopɔn nam Yesu afɔrebɔ no so bɛma nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 25:8 no anya mmamu: “Ɔbɛmene owu akosi daa, na [Yehowa] bɛpopa aniwa nyinaa so nusu, na wayi me man ahohora afi asase nyinaa so akɔ, efisɛ [Yehowa] na waka.” Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yebehu sɛ wɔayi Adam bɔne no ne owu afi hɔ na yɛama yɛn adɔfo akwaaba bere a wɔsan fi owu mu ba no! Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yebehu sɛ Yehowa adansefo anokwafo de mmuae a edi mũ ama Ɔhohorabɔfo Kɛse, Satan Ɔbonsam! (Mmebusɛm 27:11) Obiara remmɔ wɔn ahohora bio, efisɛ na wɔadi nkonim wɔ wɔn mudi mu kura no mu. Na Yehowa ankasa ama nneɛma a ɔhyɛɛ ho nkɔm​—”tete beeme agyinatu”​—no abam wɔ “nokware” mu. Na asase nyinaa adan trenee paradise a nnipa atreneefo te mu, Anidaso kɛse ampa!

18. Wɔ nhyɛso ahorow nyinaa akyi no, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ dɛn ma ɛne Yesaia 25:9 ahyia?

18 Yebenya Yehowa mu ahotoso a yɛwɔ daa wɔ saa nna a aduru sum yi mu no so akatua. Wɔ nhyɛso ahorow biara a yɛbɛko atia wɔ yɛn da biara asetra mu​—sɛ ebia wɔ yɛn abusua a yɛhwɛ wɔn no mu, wɔ Bible mu nnyinasosɛm ahorow a yekura mu wɔ sukuu mu, anaasɛ adanse a yedi wɔ asasesin a emu yɛ den mu​—no, momma yennya Yehowa mu ahotoso daa. Yehowa a yɛbɛkɔ so ne no anya abusuabɔ a emu yɛ den sɛ “Mpaebɔ tiefo” no bɛma yɛanya nkwagye. (Dwom 65:2) Enti momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so atra wɔn a wɔka nsɛm a ɛwɔ Yesaia 25:9 no mu: “Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani daa no so sɛ obegye yɛn no ni; [Yehowa] a yɛn ani daa no so no ni. Momma yenni ahurusi, na yɛn ani nnye ne nkwagye no mu.”

Ntimu Nsemmisa

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ yɛn ahoɔden ne tumi?

◻ Dɛn ne “amanaman atirimɔdenfo kurow no?”

◻ Ɔkwan bɛn so na woahyɛ “amanaman atirimɔdenfo kurow no” ma ɔhyɛ Yehowa anuonyam na osuro no nso?

◻ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔntow anigye dwom biara wɔ“‘Babilon Kɛse” mu?

◻ “Anwonwade” bɛn na Yehowa rebɛyɛ ama ne nkurɔfo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena