Abawo a Wosusuw Ho Yiye wɔ Awiei Bere Yi Mu
‘Wodi wɔn mma . . . so yiye.’—1 TIMOTEO 3:12.
1. Nkate a ɛyɛ awosu bɛn na mmea pii wɔ, na ɔkwan bɛn so na eyi da adi ntɛm wɔ asetra mu?
AKYINNYE biara nni ho sɛ anigye wɔ ɔwofoyɛ mu. Nkate a mmea nya sɛ wobenya mma no yɛ awosu ɛwom sɛ nkate yi ano yɛ den wɔ mmea binom mu sen afoforo de. Wɔ Atɔe Fam nsase pii so no, mmarimaa ani gye kɛse sɛ wobegoru agode a wɔde nnade ayɛ ho, bere a mmeawa pɛ abaduaba a wɔn a wɔyɛ no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma asɛ nnipa kɛse no. Mmeawa pii hwɛ da a wobetumi aturu wɔn ankasa ba a ɔte nkwa mu, a ne ho yɛ anigye na ɛnyɛ ɔbaduaba no kwan.
Anigye ne Asɛyɛde Ahorow
2. Ɛsɛ sɛ awofo bu abofra a wɔawo no foforo no dɛn, na dɛn na ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ?
2 Abawo a wosusuw ho yiye hwehwɛ sɛ awofo susuw abofra a wɔawo no foforo no ho sɛ abɔde a wobebu ne nkwa ne ne daakye ho akontaa akyerɛ Ɔbɔadeɛ no na ɛnyɛ sɛ agode bi. Sɛ awofo wo abofra bi ba wiase a, ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho sɛ wobegye asɛyɛde kɛse ato wɔn ho so na wɔyɛ nsakrae. Wɔreyɛ mfe 20 aduanma, ntadehyɛ, akwahosan, ɔhwɛ, ne nkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe a wonnim nea ebefi mu aba ankasa.
3. Dɛn nti na wobetumi de Mmebusɛm 23:24, 25 adi dwuma wɔ Kristofo awofo pii ho?
3 Nea ɛyɛ anigye no, Kristofo awofo pii atete mmofra a wɔabɛyɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so. Ebinom ahwɛ wɔn mma ma wɔanyin na wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu sɛ akwampaefo, asɛmpatrɛwfo anaasɛ Betel abusua no mufo. Wobetumi aka awofo a wɔte saa no ho asɛm wɔ nokwarem sɛ: “Ahurusi na ɔtreneeni agya bedi, na nea ɔwoo onyansafo no ani gye ne ho. Ma w’agya ne wo na ani nnye, na nea ɔwoo wo no nni ahurusi.”—Mmebusɛm 23:24, 25.
Awofo Yawdi
4, 5. (a) Dɛn na Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ wɔ mpanyimfo ne asafo mu asomfo a wɔwɔ mma no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na mmofra binom ayɛ “mmusu” ama wɔn agyanom?
4 Nanso eyi nte saa bere nyinaa, wɔ mpanyimfo a wɔwɔ mma mpo no fam. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ wonnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyere biako kunu . . . odi n’ankasa ne fi so yiye ma ne mma hyɛ n’ase animduru nyinaa mu. Na sɛ obi nhu ne fi so di a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhwɛ Onyankopɔn asafo so?” Paulo de kaa ho sɛ: “Asafo mu asomfo nyɛ ɔyerenom mmiako mmiako kununom, ‘nni wɔn mma ne wɔn ankasa afi so yiye.”—1 Timoteo 3:2-5, 12.
5 Nokwarem no, wɔrentumi mfa asodi no nto Kristofo mpanyimfo ne asafo mu asomfo so sɛ bere a wɔn mma anyin no wɔpow sɛ wɔbɛkɔ so asom Yehowa a. Nanso wɔn na wɔn mma nkumaa ne wɔn a wɔanyin a wɔda so ara te wɔn suhyɛ ase no ho asodi da wɔn so. Mpanyimfo ne asafo mu asomfo ahwere wɔn ɔsom hokwan ahorow a ɛsom bo esiane sɛ wobuu wɔn ani guu nneɛma so anaasɛ wɔantumi annu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛne sɛ wɔnhwɛ ‘wɔn ankasa fi so yiye’ ho nti. Wɔ saafo ne afoforo pii fam no, wɔn mma ma wodii awerɛhow kɛse sen anigye. Hwɛ sɛnea abebusɛm yi taa yɛ nokware: “Ɔba kwasea yɛ n’agya mmusu”!—Mmebusɛm 19:13.
Agya a Osusuw Ade ho Yiye
6. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo okununom bisa wɔn ho?
6 Ɛsɛ sɛ Kristofo kununom nyinaa nso, sɛ ebia wɔwɔ asafo mu asɛyɛde ahorow anaasɛ dabi no, susuw tumi a mmofra nkumaa a wɔbɛhwɛ wɔn no benya wɔ wɔn yerenom honhom mu yiyedi so no ho. Sɛ ɔyere nyɛ den wɔ honhom mu a, ɔkwan bɛn so na akokoaa anaasɛ nkokoaa dodow bi benya ne kokoam adesua ne hokwan ahorow a ɔwɔ se obenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa no so tumi?
7. Dɛn na ato Kristofo ɔyerenom binom, na dɛn na ɛtaa ma tebea yi ba?
7 So okununom hu bere nyinaa sɛ akokoaa anaasɛ abofra kumaa a wɔhwɛ no ntaa mma wɔn yerenom nnya mfaso kɛse wɔ Asafo Nhoma Adesua, Ahenni Asa so nhyiam horow, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam mu? Tebea a ɛte saa no betumi atra hɔ asram anaasɛ mfe pii mpo, bere a wɔkɔ so wo mmofra no. Mpɛn pii eyi ho ɔhaw taa tɔ ɛna no so kɛse sen agya no. Wɔahu wɔ mmere horow bi mu sɛ bere a Kristofo mmarima binom nya nkɔso wɔ honhom mu kodu baabi a wɔma wɔn hokwan ahorow wɔ asafo no mu no, wɔn yerenom yɛ mmerɛw wɔ honhom mu. Dɛn ntia? Efisɛ ɛtaa yɛ nea wɔn mma nkumaa no mma ɔyerenom no mfa wɔn adwene nsi nsɛm so wɔ nhyiam horow ase, wɔmma wɔnyɛ Bible adesua a emu dɔ saa ara nso na wonnya adansedi adwuma no mu kyɛfa kɛse. So wobetumi aka sɛ obi susuw agya a ɔyɛ no ho yiye sɛ ɔma tebea a ɛte saa ba a?
8. Ɔkwan bɛn so na agyanom pii nya adesoa a ɛne mmofra a wɔhwɛ wɔn no mu kyɛfa, na mfaso bɛn na ɛde brɛ wɔn yerenom?
8 Nea eye no, eyi nte saa bere nyinaa. Kristofo agyanom pii yɛ nea wobetumi nyinaa de nya mmofra a wɔhwɛ wɔn no mu kyɛfa. Wonya mmofra a wɔbɛhwɛ ma wɔayɛ komm wɔ asafo nhyiam horow ase no mu kyɛfa kɛse. Sɛ wɔn ba no fi ase su anaasɛ ɔyɛ dede a, wɔde no pue fi adi kɔma no nteɛso a ɛfata. Dɛn nti na ɛna no na ɛsɛ sɛ nhyiam no fã bi pa ne ti so bere nyinaa? Wɔ fie no, okununom a wosusuw ade ho boa wɔn yerenom wɔ ofie nnwuma ne mmofra a wɔbɛma wɔada no mu sɛnea ɛbɛyɛ a okunu ne ɔyere no betumi atra ase na wɔasusuw honhom mu nneɛma ho komm.
9. Dɛn na ɛda no adi sɛ mmofra nyɛ akwanside bere nyinaa?
9 Bere a wɔyɛ nneɛma ho nhyehyɛe yiye wɔ asafo no mu no, ɛnanom nkumaa a wɔwɔ mmofra betumi anya akwampaefo aboafo adwuma no mu kyɛfa. Ebinom mpo yɛ daa akwampaefo. Enti mmofra nyɛ akwanside bere nyinaa. Kristofo awofo pii da akwampae honhom pa adi.
Wonni Mma Nanso Wɔwɔ Anigye
10. Gyinae bɛn na awarefo binom asi, na ɔkwan bɛn so na wɔanya nhyira?
10 Awarefo nkumaa binom asi gyinae sɛ wɔnnwo mma. Ɛwom sɛ ɔyerenom no wɔ ɛnanom a wɔbɛyɛ ho nkate a emu yɛ den te sɛ nea ɛwɔ mmea afoforo mu no de, nanso wɔne wɔn kununom ayɛ adwene asi gyinae sɛ wɔrennwo mma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn ho bɛma asom Yehowa bere nyinaa. Wɔn mu pii asom sɛ akwampaefo anaasɛ asɛmpatrɛwfo. Wobetumi de aseda abu kɔmpɔw ahwɛ mfe a atwam no. Nokwarem no, wɔnnwoo honam fam mma biara ɛ. Nanso wɔayɛ asuafo afoforo a wɔakɔ so asom Yehowa wɔ nokwaredi mu. Saa ‘gyidi mu mmofra pa’ yi werɛ remfi wɔn a wɔde “nokware asɛm” no tetee wɔn no da.—1 Timoteo 1:2; Efesofo 1:13; fa toto 1 Korintofo 4:14, 17; 1 Yohane 2:1 ho.
11. (a) Ɛhe na awarefo a wonni mma no mu pii resom Yehowa, na dɛn nti na wonnuu wɔn ho? (b) Kyerɛwnsɛm bɛn na yebetumi de adi dwuma wɔ awarefo a “ahenni nti” wonni mma no nyinaa ho?
11 Awarefo pii a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔakwati awofoyɛ mu anigye no atumi asom Yehowa wɔ ɔmansin adwuma, ɔmantam adwuma mu ne Betel. Eyinom nso de akomatɔyam bu kɔmpɔw hwɛ wɔn asetra a wɔde asom Yehowa ne wɔn nuanom wɔ saa hokwan atitiriw yi mu. Wonnuu wɔn ho ɛ. Bere a wonnyaa mmofra a wɔwo wɔn ba wiase no mu anigye no, wɔayɛ ade titiriw wɔ Ahenni nneɛma a wɔma enya nkɔso no mu wɔ wɔn dwumadi ahorow no mu. Kyerɛwsɛm yi fa saa awarefo a wɔnnwoo mma “ɔsoro ahenni nti,” no nyinaa ho, nea ɛka sɛ: “Efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.”—Mateo 19:12; Hebrifo 6:10.
Obi Ankasa Asɛm
12. (a) Dɛn nti na abawo yɛ hokwan a ɛda nsow? (b) Wɔ mmere horow bɛn mu na na abawo yɛ adwuma a Onyankopɔn de ama?
12 Sɛnea yehui wɔ adesua yi mfiase no, abawo yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ma. (Dwom 127:3) Ɛyɛ hokwan a ɛda nsow a Yehowa honhom abɔde nnya mu kyɛfa. (Mateo 22:30) Bere bi bae a na abawo ka adwuma a Yehowa de maa ne nkoa a wɔwɔ asase so no ho. Na eyi te saa wɔ Adam ne Hawa fam. (Genesis 1:28) Na ɛte saa wɔ wɔn a wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no fam. (Genesis 9:1) Na ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ Israel mma bɛdɔɔso bebree denam awo so.—Genesis 46:1-3; Exodus 1:7, 20; Deuteronomium 1:10.
13, 14. Dɛn na wobetumi aka wɔ abawo ho nnɛ, na ɔkasatia bɛn na ɛbɛyɛ nea ɛmfata? (b) Bere a abawo wɔ saa bere yi mu no yɛ obi ankasa asɛm no, afotu bɛn na wɔde ama?
13 Ɛnnɛ abawo nhyɛ da nyɛ adwuma a Yehowa de ama ne nkurɔfo no fã pɔtee. Nanso ɛda so ara yɛ hokwan a ɔde ma awarefo sɛ wɔpɛ a. Enti ɛnsɛ sɛ wɔkasa tia Kristofo awarefo a wɔasi gyinae sɛ wobefi ase anya abusua no; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wɔkasa tia awarefo a wɔnnwo mma no.
14 Enti abawo ho asɛm wɔ awiei bere yi mu no yɛ obi ankasa asɛm a ɛsɛ sɛ awarefo biara si gyinae ma wɔn ho. Nanso esiane sɛ “bere no so ahuan” nti, eye sɛ awarefo de boasetɔ ne mpaebɔ kari abawo ho asɛm no hwɛ yiye wɔ mmere yi mu. (1 Korintofo 7:29) Ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpaw sɛ wɔbɛwo mma no hu anigye a abawo betumi de aba no nko na mmom asɛyɛde ahorow a ɛwom ne nsɛnnennen a wɔne wɔn mma a wɔde wɔn ba wiase no betumi ahyia no nso.
Bere a Wɔanyɛ ho Nhyehyɛe
15, 16. Su bɛn na ɛsɛ sɛ wokwati bere a nyinsɛn ba mpofirim no, na dɛn ntia? (b) Ɛsɛ sɛ wobu abofra biara dɛn, na asɛyɛde ahorow bɛn na ɛwom?
15 Ebia ebinom bɛka sɛ: ‘Eye paa, nanso sɛ wonyinsɛn abofra bi bere a wɔnhwɛ kwan nso ɛ?’ Eyi ato awarefo pii a na wonim yiye sɛ eyi nyɛ bere pa a ɛsɛ sɛ wɔwo mma ba wiase no mu. Na ebinom de mfe pii ayɛ bere nyinaa som adwuma. Ɛsɛ sɛ wobu ɔhɔho a wɔnhwɛ no kwan no mmae no dɛn?
16 Ɛha na ɔwofoyɛ a wosususw ho yiye no ho ba asɛm no mu no. Ampa, nyinsɛn betumi ayɛ nea wɔnhwɛ kwan de, nanso Kristofo awofo rentumi nka sɛ wɔmpɛ akokoaa a wɔbɛwo no no. Nsakrae biara a ne mmae no betumi ama aba wɔn asetra mu no mfa ho, ɛnsɛ sɛ wɔn bo fuw no. Anyɛ yiye koraa no, wɔn na wɔma wonyinsɛn no. Afei a waba no, ɛsɛ sɛ wogye wɔn tebea a asakra no tom na wohu sɛ wɔ ɔkwan bi so no, “ɛbere ne akwanhyia” to adesamma nyinaa. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Sɛ wofi wɔn pɛ mu anaasɛ dabi no, wɔanya adebɔ a Yehowa Nyankopɔn ne ne Yɛfo no mu kyɛfa. Ɛsɛ sɛ wogye wɔn ba no tom sɛ ade kronkron a wɔde ama wɔn sɛ wɔnhwɛ so na wofi ɔdɔ mu di wɔn asɛyɛde ho dwuma sɛ ‘awofo Awurade mu.’—Efesofo 6:1.
‘Monyɛ ne Nyinaa Awurade Din Mu’
17. Afotu bɛn na ɔsomafo Paulo de maa Kolosefo no, na ɔkwan bɛn so na wobetumi adi afotu yi akyi nnɛ?
17 Ansa na ɔsomafo Paulo de abusua ho afotu rema no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa no so nna agya Onyankopɔn ase.” (Kolosefo 3:17-21) Wɔ tebea biara a ebia Kristoni behu ne ho wom no, ɛsɛ sɛ ɔde aseda ma Yehowa na ɔde ne tebea no di dwuma de ‘yɛ ne nyinaa Awurade din mu.’
18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristofo ahokwafo ne awarefo a wonni mma betumi ‘ayɛ ne nyinaa wɔ Awurade din mu’? (b) Ɛsɛ sɛ Kristofo awofo bu wɔn mma dɛn, na botae bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde sisi hɔ ma wɔn ho?
18 Kristoni a wapaw sɛ ɔbɛyɛ ɔhokwafo no remfa n’ahofadi no renyɛ nneɛma a ɔpɛ na mmom ‘obefi ɔkra nyinaa mu ayɛ adwuma te sɛ nea ɔyɛ ma Yehowa,’ sɛ ebetumi a, wɔ bere nyinaa som adwuma no fã bi mu. (Kolosefo 3:23; 1 Korintofo 7:32) Saa ara nso na awarefo a wosi gyinae sɛ wɔnnwo mma no ‘renni wiase no nkosi ase’ wɔ pɛsɛmenkominya kwan so, na mmom wɔbɛma Ahenni adwuma no anya ɔfã kɛse a ɛsen biara wɔ wɔn asetra mu.—1 Korintofo 7:29-31.
19 Wɔ Kristofo a wɔwɔ mma fam no, ɛsɛ sɛ wogye awofo a wɔyɛ no tom wɔ ɔkwan a nyansa wom so. Sɛ anka wobebu wɔn mma sɛ wosiw wɔn kwan wɔ Yehowa som mu no, ɛsɛ sɛ wobu wɔn sɛ dwumadi titiriw bi mmom. Dɛn na eyi bɛkyerɛ? Wiɛ, sɛ Kristoni bi a wahyira ne ho so hyia obi a ɔkyerɛ nokware no ho anigye a, ɔne onii no fi ofie Bible adesua a wɔyɛ no daa ase. Bere a Ɔdansefo no afi adesua no ase no, ɔda nsiyɛ adi na ɔsan kɔsra no dapɛn biara sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa onigyefo no ma wanya honhom mu nkɔso. Ade a ɛte saa ara ho hia wɔ Kristofo mmofra fam. Daa Bible adesua a wɔasusuw ho yiye a wofi ase ntɛm na wɔyɛ no daa ho hia na ama wɔaboa abofra no ma wanyin wɔ honhom mu na wasua sɛ ɔbɛdɔ ne Bɔfo. (2 Timoteo 3:14, 15) Afei nso, ɛsɛ sɛ awofo hwɛ yiye sɛ wɔbɛyɛ Kristofo abrabɔ pa ho nhwɛso wɔ fie te sɛ nea wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so no. Na wɔ faako a wobetumi no wɔbɛfa asɛyɛde a ɛne tete a wɔbɛtete mmofra no wɔ asɛnka mu no ato wɔn ho so. Wɔ saa kwan yi so no, wɔ asɛm a awofo bɛka akyerɛ mpanyimfo afoforo akyi no, wɔnam Yehowa mmoa so bɛhwehwɛ sɛ ‘wɔyɛ wɔn ankasa mma asuafo.’—Mateo 28:19.
Mmofra Wɔ “Ahohiahia Kɛse” no Mu
20. (a) Dɛn na ɛda yɛn anim, na nsɛnnennen bɛn na Yesu de kɔkɔbɔ mae wɔ ho? (b) Abusuabɔ bɛn na Yesu nsɛm no ne mmofra ntetee wɔ?
20 Nea ɛda yɛn anim ne “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da no.” (Mateo 24:21) Ɛbɛyɛ mmere a emu yɛ den ama mpanyimfo ne mmofra nyinaa. Wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa mprempren nneɛma nhyehyɛe no awiei ho no mu no, ɔka siei sɛ Kristofo nokware no bɛpaapae mmusua mu. Ɔkae sɛ: “Na onua beyi onua ama owu, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofo, na wɔama wɔakum wɔn.” (Marko 13:12) Ɛda adi sɛ mmofra a wɔbɛtete wɔn wɔ awiei nna no mu no renyɛ anigyede ankasa bere nyinaa. Ebetumi de awerɛhowdi, huammɔdi, ne asiane mpo aba, sɛnea Yesu nsɛm a wɔafa aka wɔ atifi hɔ no kyerɛ no.
21. (a) Bere a awofo de adwene pa susuw daakye ho no, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔhaw wɔn ho kɛse? (b) Dɛn na ebetumi ayɛ wɔn anidaso ama wɔn ho ne wɔn mma?
21 Nanso bere a wokura ɔhaw ahorow a ɛda yɛn anim no ho adwempa no, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ mmofra nkumaa no haw wɔn bo kɛse wɔ daakye ho. Sɛ wɔn ankasa di nokware na wɔyɛ nea wobetumi nyinaa de tete wɔn mma “[Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu” a, wobetumi anya ahotoso sɛ wobegye wɔn mma a wɔyɛ osetie no. (Efesofo 6:4; fa toto 1 Korintofo 7:14 ho.) Sɛ “nnipakuw kɛse” no mufo no, wɔne wɔn mma betumi ahwɛ kwan sɛ wobenya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. Sɛ mmofra a wɔte saa no nyin bɛyɛ Yehowa nkoa anokwafo a, wɔbɛda no ase daa sɛ na wɔwɔ awofo a wotumi di asɛyɛde ho dwuma.—Adiyisɛm 7:9, 14; Mmebusɛm 4:1, 3, 10.
Ntimu Nsemmisa
◻ Adwuma a egye bere tenten bɛn na abawo yɛ?
◻ Dɛn nti na mpanyimfo ne asafo mu asomfo binom ahwere hokwan ahorow a wɔwɔ no?
◻ Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni kunu susuw ho wɔ nyinsɛn a ne yere benyinsɛn no ho?
◻ Dɛn na ɛda no adi sɛ Kristofo awarefo betumi ayɛ wɔn a wonni mma nanso wɔwɔ anigye?
◻ Ɛsɛ sɛ awofo bu abofra awo dɛn na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔhaw wɔn ho kɛse wɔ daakye ho?
[Mfonini wɔ kratafa 27]
Agyanom betumi anya asɛyɛde a ɛne mmofra a wɔbɛma wɔayɛ komm wɔ nhyiam ase no mu kyɛfa