Onyankopɔn Nhwɛ Onipa Anim
“Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”—ASOMAFO NO NNWUMA 10:34, 35.
1. Wɔ tete Atene no, asɛm a ɛho hia bɛn na Paulo kae wɔ mmusua ho?
“ONYANKOPƆN a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa no, ɔno ara na ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde onipa nsa ayɛ mu . . . Na ɔmaa nnipa aman nyinaa fi onipa biako mu traa asase so nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:24-26) Hena na ɔkaa saa nsɛm no? Ɛyɛ Kristoni ɔsomafo Paulo na ɔkaa eyi wɔ ne kasa a agye din no mu wɔ Mars’ Hill, anaasɛ Areopago, Atene, Hela.
2. Dɛn na ɛma asetra yɛ fɛ ne anigye, na dɛn na Japanni bi a ɔkɔsraa South Africa no ani gyee ho?
2 Ebia Paulo asɛm no bɛma yɛadwen nsonsonoe a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ abɔde mu no ho yiye. Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nnipa, mmoa, ntakraboa, nkoekoemmoa ne afifide ahorow pii. Hwɛ sɛnea asetra bɛyɛ nea anigye nnim sɛ anka ne nyinaa yɛ ade koro a. Nsonsonoe a ɛwom no boa ma asetra yɛ anigye. Sɛ nhwɛso no, ɔkwantufo bi a ofi Japan no kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi wɔ South Africa no ani gyee nnipa ahorow a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea a ohuu wɔn wɔ hɔ no ho. Ɔkaa sɛnea ɛnte saa wɔ Japan a wɔn mu dodow no ara honam ani hwɛbea ne wɔn yɛbea yɛ ade koro no ho asɛm.
3. Ebinom bu honam ani hwɛbea a ɛyɛ soronko no dɛn, na eyi ama dɛn na aba?
3 Nanso honam ani hwɛbea a egu ahorow no taa de nsɛnnennen ba. Nnipa pii bu wɔn a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea no sɛ wɔba fam. Eyi de nitan ne mmusua afoforo ho adwemmɔne ba. So na yɛn bɔfo no pɛ sɛ ɛba saa? So mmusua no bi korɔn wɔn n’ani so? So Yehowa hwɛ onipa anim?
Yɛn Bɔfo No—So Ɔhwɛ Onipa Anim?
4-6. (a) Dɛn na Ɔhene Yehosafat kae wɔ animhwɛ ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Mose ne Paulo nyinaa sii asɛm a Yehosafat kae no so dua? (d) Nsɛm bɛn na ebia ebinom bebisa?
4 Ɛdenam yɛn akyi a yɛbɛsan akɔ wɔ abakɔsɛm mu so no, yebenya sɛnea yɛn Bɔfo no bu adesamma nyinaa no ho adwene bi. Ɔhene Yehosafat a odii Yuda so fi 936 kosi 911 A. Y. B. mu no yɛɛ nsakrae pa ne nhyehyɛe pii maa dwuma pa a atemmu nhyehyɛe a egyina ɔsoro mmara so no bedi no. Ɔno na ɔde saa afotu pa yi maa atemmufo no: “Monhwɛ nea moreyɛ yiye, na ɛnyɛ onipa na morebu atɛn ama no na mmom [Yehowa] . . . Monhwɛ mo ho yiye na monyɛ, efisɛ [Yehowa] yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne mmoaagye nni ne fam.”—2 Beresosɛm 19:6, 7.
5 Na odiyifo Mose aka akyerɛ Israel mmusuakuw no wɔ mfehaha pii a atwam no mu sɛ: “Na [Yehowa] mo Nyankopɔn. . . nhwɛ onipa anim.” (Deuteronomium 10:17) Paulo de afotu mae wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu sɛ: “Na ahohia ne ahometew bɛba nnipa a wɔyɛ bɔne akra nyinaa so, Yudafo kan ne Helafo nso . . . Na nnipa nyiyim ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam.”—Romafo 2:9-11.
6 Nanso ebia ebinom bebisa sɛ: ‘Na Israelfo no nso ɛ? So na wɔnyɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wapaw wɔn? So wanyɛ animhwɛ wɔ wɔn ho? So Mose anka ankyerɛ Israel nyinaa sɛ: “Wo na [Yehowa] wo Nyankopɔn apaw wo sɛ bɛyɛ ɔman a wafa ayɛ ne de aman a wɔwɔ asase ani nyinaa mu”?—Deuteronomium 7:6.
7. (a) Dɛn na ɛbae bere a Yudafo no pow Mesia no? (b) Ɛnnɛ, henanom na wobetumi anya nhyira horow a ɛyɛ anigye afi Yehowa hɔ, na wɔ ɔkwan bɛn so?
7 Dabi, na ɛnyɛ nea Onyankopɔn hwɛ onipa anim sɛ ɔde Israelfo dii atirimpɔw titiriw bi ho dwuma. Bere a Yehowa repaw nkurɔfo a Mesia no nam wɔn so bɛba no, ɔpaw tete Hebrifo agyanom anokwafo no. Nanso bere a Yudafo no pow Mesia a ɔne Yesu Kristo, na wokum no no, wɔhweree Onyankopɔn anim dom. Nanso nnɛ, nnipa a wofi abusua anaa ɔman biara mu a wɔkyerɛ Yesu mu gyidi no betumi anya nhyira a ɛyɛ nwonwa ne daa nkwa anidaso. (Yohane 3:16; 17:3) Nokwarem no, eyi da no adi sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim. Bio nso, Yehowa hyɛɛ Israelfo no sɛ “wɔnnɔ ɔhɔho a wabɛtra wɔn mu” na “wɔnnhyɛ no so,” a abusua anaa ɔman a ofi mu no mfa ho.’ (Deuteronomium 10:19; Leviticus 19:33, 34) Ampa, ɛnde yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no nhwɛ onipa anim.
8. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa anyɛ animhwɛ wɔ Israel ho? (b) Yehowa de Israel dii dwuma dɛn?
8 Ɛyɛ nokware sɛ Israelfo no nyaa hokwan atitiriw. Nanso na wɔwɔ asɛyɛde a emu yɛ duru nso. Na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wobedi Yehowa mmara so na wɔn a wɔanni so no baa nnome ase. (Deuteronomium 27:26) Nokwarem no, na ɛsɛ sɛ wɔtwe Israelfo no aso mpɛn pii wɔ Onyankopɔn Mmara a wɔkɔɔ so buu so no ho. Enti Yehowa anyɛ animhwɛ wɔ wɔn ho. Mmom no, ɔde wɔn dii dwuma de wɔn yɛɛ nkɔmhyɛ mu nsusuwso na wɔde kɔkɔbɔ ho nhwɛso ahorow ama. Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa nam Israel so na ɔde Ogyefo, Yesu Kristo, bae na ama adesamma nyinaa anya nhyira.—Galatifo 3:14; Fa toto Genesis 22:15-18 ho.
So na Yesu Hwɛ Onipa Anim?
9. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne Yesu sɛ? (b) Nsemmisa bɛn na ɛsɔre wɔ Yesu ho?
9 Sɛ Yehowa nhwɛ onipa anim a, so Yesu betumi ahwɛ onipa anim? Wiɛ, susuw eyi ho: Yesu kae bere bi sɛ: “Menhwehwɛ nea m’ankasa me pɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.” (Yohane 5:30) Na biakoyɛ a edi mu wɔ Yehowa ne ne Dɔba no ntam, efisɛ na Yesu yɛ n’Agya apɛde wɔ biribiara mu. Nokwarem no, wokura adwene ne atirimpɔw koro ma enti Yesu tumi kae sɛ: “Nea wahu me no ahu agya no!” (Yohane 14:9) Na Yesu atra ase sɛ onipa ankasa wɔ asase so bɛboro mfe 33 na Bible no da sɛnea ɔne ne mfɛfo nnipa dii no adi. Su bɛn na oyii no adi wɔ nnipa afoforo ho? So onyaa wɔn ho adwemmɔne anaasɛ na ɔyɛ nyiyim? So na Yesu yiyi mmusua mu?
10. (a) Mmuae bɛn na Yesu de maa Kanaani ɔbea bi a ɔhwehwɛɛ mmoa fii ne hɔ no? (b) Bere a Yesu de Amanaman no mufo totoo “akraman mma” ho no, so na Yesu reda afoforo ho adwemmɔne adi? (d) Ɔbea no dii anoyi no ho dwuma dɛn, na dɛn na efii mu bae?
10 Yesu ne Yudafo na ɛtrae titiriw wɔ n’asase so asetra no mu. Nanso da koro bi Kanaanni ɔbea bi a ɔyɛ amanaman muni baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no sɛ ɔnsa ne babea yare mma no. Yesu rema mmuae no, ɔkae sɛ: “Israel fi nguan a ayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me.” Nanso ɔbea no kotow srɛe ara sɛ: “Awurade, boa me!” Bere a ɔkaa saa no, Yesu ka kaa ho sɛ: “Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduan tow ma akraman mma.” Yudafo fam no, akraman yɛ mmoa a wɔn ho ntew. Ɛnde esiane sɛ Yesu kaa Amanaman mufo ho asɛm sɛ wɔyɛ “akraman mma” nti, so na ɔreda afoforo ho adwemmɔne adi? Dabi, efisɛ na ɔkaa ahyɛde titiriw a Onyankopɔn de ama no sɛ ɔnhwɛ ‘Israel nguan a ayera’ no ho asɛm nkyɛe. Bio nso, ɛdenam “akraman mma” na ɛnyɛ akraman a wɔyɛ keka a Yesu de wɔn a wɔnyɛ Yudafo toto wɔn ho so no, ɔmaa mfatoho no yɛɛ mmerɛw. Nokwarem no, nea ɔkae no sɔɔ ɔbea no hwɛe. Ɛwom sɛ na ɔbea no asi ne bo sɛ obedi anoyi yi ho dwuma de, nanso ɔde anifere buae wɔ ahobrɛase mu sɛ: “Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma no nso di mporoporowa a efi wɔn wuranom pon so gu fam no bi.” Esiane sɛ Yesu ani gyee ɔbea no gyidi ho nti, ɔsaa ne babea no yare ntɛm ara.—Mateo 15:22-28.
11. Sɛnea asɛm bi a esii a ɛfa Yesu ho no kyerɛkyerɛ mu no, na su bɛn na Yudafo ne Samariafo kura wɔ wɔn ho wɔn ho ho?
11 Susuw hyia a Yesu ne Samariafo binom hyiae no nso ho. Na nitan a emu yɛ den wɔ Yudafo ne Samariafo ntam. Bere bi Yesu somaa abɔfo sɛ wonkosiesie baabi mma no wɔ Samariafo akuraa bi ase. Nanso saa Samariafo no “annye no, efisɛ na n’ani kyerɛ Yerusalem.” Eyi haw Yakobo ne Yohane araa ma na wɔpɛ sɛ ogya fi soro ba bɛhyew wɔn. Nanso Yesu kaa asuafo baanu no anim na wɔn nyinaa kɔ akuraa foforo ase.—Luka 9:51-56.
12. Dɛn nti na Samariani ɔbea bi ho dwiriw no wɔ Yesu adesrɛ no ho?
12 So Yesu daa ɔtan a na ɛwɔ Yudafo ne Samariafo ntam no bi adi kyerɛe? Wiɛ, hyɛ nea esii wɔ bere foforo bi mu yi nsow. Na Yesu ne n’asuafo no fi Yudea rekɔ Galilea na na ɛsɛ sɛ wɔkɔfa Samaria. Esiane sɛ na akwantu no ama Yesu abrɛ nti, ɔtraa ase wɔ Yakob abura no ho sɛ ɔregye n’ahome bere a n’asuafo no kɔɔ Sikar sɛ wɔrekɔtɔ aduan no. Wɔ saa bere no mu no, Samariani ɔbea bi bae sɛ ɔrebɛsaw nsu. Afei, na Yesu ankasa aka wɔ bere bi mu sɛ Samariafo yɛ “abusua foforo mufo.” (Luka 17:16-18, The Kingdom Interlinear Translation of the Greek Scriptures) Nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me bi mennom.” Esiane sɛ na Yudafo ne Samariafo nni hwee yɛ nti, ɔbea a ne ho adwiriw no no buae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani bisa me a meyɛ Samariani bea hɔ nsu anom?”—Yohane 4:1-9.
13. (a) Yesu dii Samariani ɔbea no anoyi no ho dwuma dɛn, na dɛn na ɔbea no yɛe wɔ ho? (b) Dɛn na awiei koraa no efii mu bae?
13 Nanso Yesu buu n’ani guu ɔbea no anoyi no so. Mmom no, ɔde hokwan no dii no adanse na ogye toom mpo sɛ ɔno ne Mesia no! (Yohane 4:10-26) Ɔbea no a ne ho adwiriw no no gyaw n’asuhina no wɔ abura no ho na otuu mmirika kɔɔ kurow no mu na ofii ase kaa nea asi no kyerɛɛ afoforo. Ɛwom sɛ na wabu bra bɔne de, nanso ɔdaa anigye a ɔwɔ wɔ honhom mu nneɛma ho no adi bere a ɔkaa eyi no: “Ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?” Awiei koraa no dɛn na efii mu bae? Kurow no mu nnipa pii gyee Yesu dii esiane adanse pa a ɔbea no dii nti. (Yohane 4:27-42) Nea ɛyɛ anigye no, onyamekyerɛfo Thomas O. Figart kaa asɛm yi wɔ ne nhoma a ɛne Biblical Perspective on the Race Problem no mu sɛ: “Sɛ yɛn Awurade hui sɛ ɛho hia kɛse sɛ ɔde ɔdom si abusua mu atetesɛm a enni mũ anan mu a, ɛnde ɛsɛ sɛ yetie na amma abusua mu nyiyim asubɔnten no ammene yɛn nnɛ.”
14. Onipa anim a Yehowa nhwɛ no ho adanse bɛn na ɛdaa adi wɔ ɔsɛmpakafo Filipo ɔsom adwuma no mu.
14 Yehowa Nyankopɔn maa nnipa ahorow ahorow bɛyɛɛ Yudasom mufo a wanna animhwɛ biara adi. Susuw nea esii wɔ mfeha dunkron a atwam ni no mu wɔ anhweatam kwan a efi Yerusalem kɔ Gaza no so nso ho. Na obibini bi a ɔsom Etiopia hemmea te ne teaseɛnam mu rekenkan Yesaia nkɔmhyɛ no. Na ɔyɛ Yudasom muni a wɔatwa no twetia, efisɛ “na waba Yerusalem abɛsɔre.” Yehowa bɔfo yii ne ho adi kyerɛ Yudani ɔsɛmpakafo Filipo na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Twiw kɔ teaseɛnam yi ho.” So Filipo kae sɛ: “Oo dabi! Ɔyɛ ɔnanani”? Dabida! Ɛdɛn, na Filipo ani gye sɛ obegye nsa a Etiopiani no to frɛɛ no sɛ ɔmmɛtra ne nkyɛn wɔ teaseɛnam no mu na ɔnkyerɛkyerɛ Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa Yesu Kristo ho no mu nkyerɛ no no atom! Bere a woduu nsu bi ho no, Etiopiani no bisae sɛ: “Ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?” Esiane sɛ na biribiara nsiw eyi ho kwan nti, Filipo de anigye bɔɔ Etiopiani no asu na Yehowa gyee saa ɔbarima a ɔwɔ anigye yi toom sɛ Ne Ba, Yesu Kristo, a ɔnhwɛ onipa anim no kyidini a wɔasra no. (Asomafo no Nnwuma 8:26-39) Nanso ankyɛ biara na nyiyim a Onyankopɔn nyɛ no daa adi bio.
Nsakrae Kɛse Bi
15. Nsakrae bɛn na ɛbae wɔ Yesu wu akyi, na ɔkwan bɛn so na Paulo kyerɛkyerɛɛ eyi mu?
15 Kristo wu no anyi mmusua afoforo ho adwemmɔne a ɛwɔ wiase no mu no amfi hɔ. Ɛdenam saa afɔrebɔ wu no so no, Onyankopɔn sakraa abusuabɔ a na ɛwɔ Yesu akyidifo a wɔyɛ Yudafo no ne n’akyidifo a wɔyɛ Amanaman Mufo no ntam no. Ɔsomafo Paulo kyerɛe eyi bere a ɔkyerɛw krataa kɔmaa Amanaman mufo a wɔyɛ Kristofo a ɔwɔ Efeso no na ɔkae sɛ: “Enti monkae sɛ mo a anka moyɛ amanaman mufo ɔhonam fam . . . da bi hɔ no na mo ne Kristo nni twaka bi, na moyɛ ananafo a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔho bɔhyɛ apam horow no ho, na munni anidaso bi, na munnnim Nyankopɔn ewi yi ase. Na afei a mowɔ Kristo Yesu mu yi no, mo a anka mowɔ akyiri no, monam Kristo mogya so abɛn. Na ɔne yɛn asomdwoe, wayɛ abien no biako, na waburuw fasu a etwa ntam no.” Na saa “fasu” anaa mpaapaemu ho sɛnkyerɛnne no ne mmara apam nhyehyɛe a edii dwuma sɛ ade a etwa Yudafo ne amanaman mufo no ntam no. Wɔnam Kristo wu no so guu no ma enti ɛnam no so na Yudafo ne amanaman mufo nyinaa betumi ‘anya ɔkwan honhom biako mu akɔ agya no nkyɛn.’—Efesofo 2:11-18.
16. (a) Dɛn nti na wɔde Ahenni no ano nsafe maa Petro? (b) Na nsafe no yɛ ahe, na dɛn na efii dwuma a wɔde dii no mu bae?
16 Afei nso, wɔde “ɔsoro ahenni ano nsafe” maa ɔsomafo Petro na ama nnipa a wofi ɔman biara mu no atumi asua Onyankopɔn atirimpɔw horow no ho ade na wɔafi honhom kronkron mu ‘awo wɔn foforo’ na wɔne Kristo abɛyɛ honhom mu adedifo. (Mateo 16:19; Yohane 3:1-8) Petro de nsɛnkyerɛnne kwan so nsafe abiɛsa no dii dwuma. Nea edi kan no, ɔde dii dwuma wɔ Yudafo ho, abien no yɛ Samariafo na abiɛsa no yɛ amanaman mufo. (Asomafo no Nnwuma 2:14-42; 8:14-17; 10:24-28, 42-48) Enti, Yehowa Nyankopɔn a ɔnhwɛ onipa anim no buee hokwan maa wɔn a wɔapaw wɔn a wofi mmusua nyinaa mu no sɛ wɔmmɛyɛ Yesu honhom mu anuanom ne Ahenni no yɔnko adedifo.—Romafo 8:16, 17; 1 Petro 2:9, 10.
17. (a) Anisoadehu soronko bɛn na Petro nyae, na dɛn ntia? (b) Hena fi na mmarima bi de Petro kɔe, na na henanom na wɔretwɛn no wɔ hɔ? (d) Petro kaee saa Amanaman mufo no wɔ dɛn ho, nanso na dɛn na na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ no pefee?
17 Sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie Petro ma ɔde safe a ɛto abiɛsa no adi dwuma—wɔ amanaman mufo ho—no, wɔma onyaa anisoadehu soronko bi a ɛfa mmoa a wɔn ho ntew ho na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Petro, sɔre kum di!” Asuade a ɛwom ne sɛ: “Nea Onyankopɔn atew ho no, mmu no akyide.” (Asomafo no Nnwuma 10:9-16) Na Petro ayɛ basaa kɛse wɔ nea anisoadehu no kyerɛ no ho. Nanso ankyɛ na mmarima baasa bae sɛ wɔrebɛfa no akɔ Kornelio, Romani ɔsahene bi a ɔte Kaesarea. Esiane sɛ na saa kurow no ne Romafo asraafo a wɔwɔ Yudea no dwumadibea ti nti, na ɛyɛ faako a ɛsɛ sɛ Kornelio tra. Na Kornelio ne n’abusuafo ne ne nnamfo a wɔbɛn no kɛse retwɛn Petro wɔ Amanaman mufo trabea hɔ. Ɔsomafo no kaee wɔn sɛ: “Mo ara munim sɛnea Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me de, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa bi sɛ ɔmfra anaasɛ ne ho ntew. Enti nso na mosoma behyiaa me no, manyi ano na maba yi.”—Asomafo no Nnwuma 10:17-29.
18. (a) Asɛm a ɛho hia bɛn na Petro ka kyerɛɛ Kornelio ne wɔn a na wɔahyia wɔ ne fi hɔ no? (b) Bere a Petro dii Yesu ho adanse akyi no, asɛm a ɛyɛ nwonwa bɛn na esii? (d) Dɛn na wɔyɛe wɔ saa Amanaman mufo a wɔagye adi no ho afei?
18 Bere a Kornelio akyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn kyerɛɛ nneɛma kwan mu akyi no, Petro kae sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:30-35) Afei, bere a ɔsomafo no dii Yesu Kristo ho adanse no, anwonwade bi sii! “Na Petro gu so ka nsɛm yi no, honhom kronkron beguu wɔn a wɔtee asɛm no nyinaa so.” Petro mfɛfo Yudafo a wɔne no bae “no ho dwiriw wɔn, sɛ wɔahwie honhom kronkron akyɛde no agu amanaman no so nso. Efisɛ wɔtee sɛ wɔde tɛkrɛma foforo kasa na woyi Nyankopɔn ayɛ kɛse!” Petro buae sɛ: “So obi betumi asiw nsu ho kwan sɛ wɔmmmɔ eyinom a wɔanya honhom kronkron sɛ yɛn ara yi asu?” Esiane sɛ na wɔahwie ɔsoro Nyankopɔn a ɔnhwɛ onipa anim no honhom kronkron agu amanaman mufo a wɔagye adi yi so nti, na hena na na ɔbɛsɔre atia? Enti Petro hyɛe sɛ ‘wɔmmɔ wɔn asu Yesu Kristo din mu.’—Asomafo no Nnwuma 10:36-48.
“Ɔman Biara Mu”
19. Dɛn nti na mmusua mu nitan renya nkɔso, na akodu he?
19 Mprempren yehu sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri no” mu, na “bere a emu yɛ den” yɛ asetra mu nokwasɛm. Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, nnipa yɛ ahopɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, anuɔdenfo ne wɔn a wɔhoman. (2 Timoteo 3:1-5) Wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no, ɛnyɛ nwonwa sɛ mmusua mu nitan ne akameakamedi renya nkɔso wɔ wiase nyinaa. Wɔ aman pii mu no, nnipa a wofi mmusua afoforo mu anaasɛ ɛsono wɔn honam ani hwɛbea bu wɔn ho wɔn ho animtiaa anaa wɔtentan wɔn ho wɔn ho mpo. Eyi de ɔko ankasa ne atirimɔdenne a ɛyɛ hu aba wɔ nsase bi so mpo. Wɔ aman ahorow a wɔkyerɛ sɛ wɔn ani abue mu mpo no, ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobedi mmusua afoforo ho adwemmɔne so. Na ɛte sɛ nea “ɔyare” yi retrɛw akɔ mmeae ahorow a obi nhwɛ kwan sɛ ebedu hɔ, te sɛ po mu nsupɔw ahorow a anka asomdwoe kɛse wɔ hɔ so.
20. Anisoade a efi honhom mu bɛn na Yohane nyae? (b) Saa nkɔmhyɛ kwan so anisoadehu yi anya mmamu adu he? (d) Ɔhaw bɛn na ɛsɛ sɛ ebinom kɔ so di so wie, na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ ano aduru fi he?
20 Nanso, wɔ mmusua mu ntawntawdi a ɛrekɔ so wɔ wiase no mmeae ahorow nyinaa akyi no, Onyankopɔn a ɔnhwɛ onipa anim a ɔne Yehowa, aka asie sɛ ɔbɛma mmusua ne aman nyinaa mu nnipa komapafo ayɛ biako. Ɛdenam ɔsoro a wofi de honhom kaa ɔsomafo Yohane so no ohui sɛ “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim” reyi Yehowa ayɛ. (Adiyisɛm 7:9) Saa nkɔmhyɛ yi gu so renya mmamu. Ɛnnɛ, wɔ nsase horow 210 so no, Yehowa adansefo bɛboro 3,300,000 renya biakoyɛ ne mmusua ntam biakoyɛ mu anigye. Nanso wɔda so ara yɛ wɔn a wɔnyɛ pɛ. Ɛyɛ den ma eyinom mu binom mpo sɛ wobedi abusua ho adwemmɔne so korakora ɛwom sɛ ebia na wonnim eyi de. Wɔbɛyɛ dɛn atumi adi ɔhaw yi so? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu, a ɛyɛ nea egyina afotu pa a efi Onyankopɔn a ɔne Yehowa a ɔnhwɛ onipa anim no Asɛm a efi honhom mu no so no.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na wobɛka sɛ na Yehowa nhwɛ onipa anim sɛ ɔde Israelfo no dii dwuma?
◻ Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Yesu Kristo nni mmusua ho adwemmɔne anaasɛ ɔnhwɛ onipa anim?
◻ Ɔkwan bɛn so na wɔboaa Petro ma ohui sɛ “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim”?
◻ Wɔ biakoyɛ a enni mmusua ntam nyinaa akyi no, nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ biakoyɛ bɛn na ɛrenya mmamu mprempren?
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Atenefo no sɛ Onyankopɔn “maa nnipa aman nyinaa fii onipa biako mu traa asase so nyinaa”
[Mfonini wɔ kratafa 12]
Esiane sɛ Yesu nhwɛ onipa anim nti, odii Samariani ɔbea no adanse wɔ Yakob asubura a ɛbɛn Sikar no ho