Yesu Kristo—Onyankopɔn, Onipa, Anaasɛ Anansesɛm Mu Onipa?
ROCK nnwonto bi a wobuee ano wɔ Broadway wɔ New York wɔ 1971 mu no dan akyinnyegyesɛm, bere a edii nyamesom mu asɛmti bi ho dwuma no. Nanso nea ɛda adi sɛ wogyee ho akyinnye kɛse sen asɛmti no ne onii a onipa titiriw a wɔka ne ho asɛm wom no yɛ no.
Nnwom yi biako a agye din no bisae sɛ: “Yesu Kristo a Woagye Din Sen Biara no, so wususuw sɛ woyɛ onipa a wɔka sɛ woyɛ no?” Nnipa a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no kae sɛ na Yesu yɛ hena? Yesu ankasa bisaa n’asuafo no saa asɛm no na onyaa mmuae ahorow pii. (Mateo 16:13, 14) Ɛnnɛ, ɛkame ayɛ sɛ wɔ mfe 2,000 akyi no, wɔda so ara gye onii a Yesu yɛ no ho akyinnye.
So onii a na Yesu yɛ no ho hia? Nkɛntɛnso bɛn na onii ko a ɔyɛ no betumi anya wɔ yɛn so? Wiɛ, nnipa a wɔagye din a wɔtraa ase wɔ bere a atwam no mu no nyaa din wɔ wiase abakɔsɛm ma enti wɔanya yɛn nyinaa so tumi, sɛ ɛnyɛ tee mpo a. Nanso nnɛ wɔawuwu. Enti, ɛwom sɛ wɔnam nea wɔyɛe no so anya yɛn so tumi de, nanso wonnya yɛn so tumi wɔ ɔkwan biara so denam nea wɔreyɛ so.
Nanso wɔ Yesu Kristo fam no, tebea no yɛ soronko koraa. Nnipa ɔpepem pii gye di sɛ Yesu te ase nnɛ sɛ honhom a ɔwɔ tumi wɔ soro na ɛnyɛ sɛ onipa wɔ asase so, na wɔwɔ gyidi a ɛte saa no ho adanse a edi mũ. Nea Yesu reyɛ, ne titiriw wɔ afeha 20 yi mu no ka adesamma nyinaa kɛse. Bio nso, ɛnyɛ nea Yesu yɛe wɔ tete no nkutoo na ɛma onya yɛn asetra so tumi. Ɛtrɛw kodu nea ɔreyɛ mprempren na nea ɛyɛ anigye no, nea ɔbɛyɛ daakye.
Ma yɛnsan nkɔ yɛn asɛmti no so: Yesu Kristo—Onyankopɔn, onipa, anaasɛ anansesɛm mu onipa? Dɛn na wususuw? Sɛ Yesu Kristo yɛ anansesɛm mu onipa a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn anaasɛ onipa na ɛma ne ho a yebesusuw bio no ayɛ nea ntease biara nnim. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebesua Yesu a ɔte ase a Onyankopɔn ama no tumi sɛ ɔmfa mfaso a enni awiei mmrɛ adesamma no ho ade.