Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 10/1 kr. 3-4
  • Hyɛ A Wɔhyɛ Wo Sɛ Di Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hyɛ A Wɔhyɛ Wo Sɛ Di Yiye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhyɛso Ahorow a Nkurɔfo Hyia
  • Dɛn Na Ebetumi Afi Mu Aba?
  • Ma Ensi Wo Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Yiyedi​—A Nea Wobɛhwere Biara Mfa Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nea Ɛbɛma Asi Wo Yiye
    Nyan!—2014
  • Dɛn na Ɛkyerɛ sɛ Asi Obi Yiye?
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 10/1 kr. 3-4

Hyɛ A Wɔhyɛ Wo Sɛ Di Yiye

TELEVISION so dawurubɔ bi hyɛ Nigeriafo nkuran sɛ “Munni yiye. Monyɛ nnipa atitiriw” denam aduru bi a wɔde twitwiw se a mode bedi dwuma no so. Bere a yɛn nyinaa nim sɛ ɛbɛyɛ den sɛ aduru a wɔde twitwiw se no betumi ama obi abɛyɛ onipa titiriw no, nneɛma ho adawurubɔfo no kyerɛ sɛ wonim sɛ nnipa pɛ sɛ wɔde nneɛma a ekura agyiraehyɛde a ɛkyerɛ sɛ “wodi yiye” hu wɔn.

Ɔpɛ a nnipa wɔ sɛ wobedi yiye na afoforo agye wɔn atom no yɛ awosu. Nanso, mmarima ne mmea nyinaa taa si nea nnipa tumi yɛ so dua kɛse ma enti ɛma wɔhyɛ wɔn sɛ “wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔne afoforo bɛyɛ pɛ.” So eyi betumi ayɛ nea asiane wom? So ebetumi anya wo so tumi?

Nhyɛso Ahorow a Nkurɔfo Hyia

Yɛ a obi de yɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ ɔdefo no betumi ama wahyia nhyɛso. Nnipa pii pɛ sɛ wotumi de ‘wɔn asetra mu nneɛma hoahoa wɔn ho,’ na woanya anuonyam ne din wɔ asetra mu.​—1 Yohane 2:16.

Abusua no betumi ahyɛ obi. Wɔ afie pii mu no, ɛsɛ sɛ okunu no kɔ so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma n’akatua ne ne dibea wɔ adwuma mu ayɛ kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma abusua no asetra mu gyinabea anya nkɔanim. Anaa, ebia ɔyere no bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ɔbea a odi yiye wɔ asetra mu. Wobetumi apiapia mmofra sɛ wɔmmɔ mmɔden kɛse wɔ nhomasua mu wɔ sukuu a ntease nnim. Eyi yɛ ɔhaw titiriw wɔ aman a afei na ɛrenya nkɔso no mu, faako nnipa pii gye di sɛ ɔkwan a obi bɛfa so ama n’asetra ayɛ yiye ne sɛ obesua nhoma akɔ anim no.

Ɔman no nso betumi ahyɛ obi sɛ ɔmfa nhomasua a ɛkɔ anim, ahonyade, ne dibea a ekura anuonyam ne tumi nyɛ ne botae. Yiyedi a ɛyɛ nea wɔtaa de sika na ehu no betumi ama obi anya din, ayeyi ne obu. Nigeria Daily Times no samufo asɛm bi kae sɛ: “Ɛmfa ho sɛnea obi wɔ su pa a ɛyɛ fɛ no, sɛ onni sika a, [nnipa] pii mmu no na wonnye no ntom.”

Dɛn Na Ebetumi Afi Mu Aba?

Wiase yiyedi a ɛte saa no betumi ama obi anya anigye bi de, nanso susuw ɔhaw kɛse a ɛde ba no nso ho. Atesɛm krataa sɛnkyerɛwfo Achike Okafo kyerɛwee sɛ: “Mmusua a wɔte hɔ asomdwoe mu . . . resɛe da biara esiane sika ne nea sika betumi atɔ nti. . . . Awarefo a wɔda so ara bom te hɔ mpo no ntaa nka wɔn asɛyɛde a wɔwɔ sɛ awofo ho asɛm . . . efisɛ wɔn nyinaa ani abere redi honam fam nneɛma a ɛbɛma wɔadi yiye akyi.” Sɛ wɔde ɔhaw a ɛne mmofra a wobu wɔn ani gu wɔn so a wɔnom nnubɔne na wodi nsɛmmɔne anaasɛ woguan fi fie no ka ho a, na nea efi mu ba no yɛ ɔhaw kɛse.

Afoforo a wɔhyɛ wɔn sɛ wonni yiye no ama nnipa binom a wɔwɔ botae a ɛkorɔn no nni nokware na wobu ɔbra bɔne. Mmabaa mpo ma mmarima ne wɔn da na wɔakyerɛ sɛ wɔabɔ mmɔden wɔ sɔhwɛ mu na ama wɔanya adwuma. Sɛ nnipa a wodi yiye no faa ɔkwan a nidi wom so na ɛma wobedii yiye mpo a, ebia ɛsɛ sɛ wogyina wɔn a wonni yiye no ahoɔyaw ne nitan ne “nnamfo” a wɔn a ahonyade ne anuonyam twetwe wɔn no nyaatwom no ano. (Ɔsɛnkafo 5:11) So ɛno yɛ yiyedi ankasa?

Ɔsɛnkafo nhoma a ɛwɔ Bible mu no kyerɛwfo nyansafo no bua sɛ dabi. Bere a ɔhwɛɛ n’ahonyade, ne tumi ne n’anuonyam kɛse a na ɔwɔ ne anigye nso a eyi de brɛɛ no no, ɔkae sɛ eyinom yɛ “ahuhude ne ɔdadwen hunu.”​—Ɔsɛnkafo 2:3-11.

So eyi kyerɛ sɛ mfaso nni biribiara a wodi akyi wɔ asetra mu no so? Anaa, nnipa betumi akari pɛ wɔ ɔkwan a ɛfata so bere a wɔyɛ adwuma a abasow wom no? Dɛn na osuahu kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ botae a eye sen biara?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena