Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 6/15 kr. 21-24
  • “Honhom Mu Nsɛm” Ma Wɔn A Wɔwɔ Adwenemhaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Honhom Mu Nsɛm” Ma Wɔn A Wɔwɔ Adwenemhaw
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Yɛ Ntɛm Tie’
  • Mmoa a Wɔde Bɛma a “Ahohora Nnim”
  • Nyansa Tɛkrɛma a Wɔde Sa Yare
  • Nhyiam Horow ne Asɛnka
  • Wɔn Mmusua a Wɔbɛboa Wɔn
  • Mudi mu a Wobekura
  • Wubetumi Anya Awerɛkyekye Wɔ Ɔhaw Mmere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • ‘Frɛ Asafo No Mu Mpanyimfo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Tɛkrɛma A Wɔatete No​—‘Ma Ahyɛ Wɔn A Wɔahaw Nkuran’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Asafo Mu Mpanyimfo—Monkɔ So Nsuasua Ɔsomafo Paul
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 6/15 kr. 21-24

“Honhom Mu Nsɛm” Ma Wɔn A Wɔwɔ Adwenemhaw

ADWENEMHAW ka Onyankopɔn nkoa anokwafo binom mpo. Na bere a ɛtɔ mmere bi a ebia ɛho behia na ayɛ nea ɛfata sɛ wɔn a wɔwɔ adwenemhaw hwehwɛ ɔyare no ho ɔbenfo mmoa no, wobetumi anya Kristofo asafo no mmoa ne nkuranhyɛ mu mfaso. Sɛ nhwɛso no, bere a Kristoni nokwafo Epafrodito nyaa adwenemhaw a emu yɛ den no, wotuu mfɛfo gyidifo a wɔwɔ Filipi no fo sɛ mma wommmu ani nngu ne haw no so na mmom ‘wɔmfa anigye nnye no Awurade mu, na wɔn a wɔte saa no, wonkura wɔn nidi mu!’​—Filipifo 2:25-29.

Yehowa Adansefo wɔ ahyɛde ase saa ara nnɛ sɛ ‘wɔnkyekye wɔn ho wɔn ho werɛ’ na ‘wonso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu.’ (1 Tesalonikafo 5:11, 14, NW) Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo di kan wɔ eyi mu.​—Yesaia 32:2.

Nokwarem no, mpɛn pii no ɛnyɛ nea mpanyimfo fata sɛ wɔbɛyɛ ade te sɛ nnuruyɛfo anaasɛ wɔde adwenem ayaresa nsusuwii ne kasa bedi dwuma. Saa a wɔbɛyɛ no bɛkyerɛ anidahɔ a wonni ne nea ebia asiane wom. (Mmebusɛm 11:2) Te sɛ ɔsomafo Paulo no, ɛsɛ sɛ wɔka ‘nsɛm a ɛnyɛ ɔdesani nyansa na wɔde kyerɛkyerɛ, na mmom nea wɔnam honhom so akyerɛkyerɛ, na [wɔde] honhom mu nneɛma ne honhom mu nsɛm bom.’ (1 Korintofo 2:13, NW) Nea ɛka saa “honhom mu nsɛm” yi ho ne nsusuwii ne nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Bible mu no. Sɛ wɔde di dwuma wɔ ɔkwan pa so a, ebetumi ayɛ pii de ama wɔn a wɔanya adwenemhaw no anya awerɛkyekye na ahyɛ wɔn den.​—2 Timoteo 3:16.

‘Yɛ Ntɛm Tie’

Nanso, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo ‘yɛ ntɛm tie, na wɔyɛ nyaa kasa.’ (Yakobo 1:19) ‘Asɛm a wobua ansa na wɔate’ no betumi ama wɔde afotu a ɛmfata ama wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so. (Mmebusɛm 18:13) Bere a mpanyimfo kuw bi antumi anhu sɛnea onua bi adwenemhaw te ankasa no, wɔfaa no sɛ wayɛ mmerɛw honhom mu. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yere wo ho bɔ mpae”​—akwankyerɛ a na ɛyɛ no den sɛ ɔde bedi dwuma esiane n’adwenem a na ɛhaw no no nti.

Ɛnde, ansa na mpanyimfo de afotu bɛma no, ɛsɛ sɛ wotie biribiara a ɔmanehunufo no wɔ ka. Ebia na nea ohia no ne obi a ɔyɛ otiefo pa. Momfa ntoboase ne nhumu ‘nsaw’ nea ɛwɔ ne komam no. (Mmebusɛm 20:5) Sɛ ɛyɛ obi a wanya adwenemhaw no den sɛ ɔde nsɛm bɛkyerɛkyerɛ ne nkate no mu a, monkae sɛnea Elkana bisaa nsɛm a efi ayamye mu nanso na ɛyɛ tee wɔ ne yere awerɛhowdi tebea no mu no. Obisae se: “Hana, ɛdɛn na wusu, na ɛdɛn na wunnidi, na ɛdɛn na wo bo nnwo?” (1 Samuel 1:8) Mpɛn pii no nsemmisa a efi anifere mu na wobisa no bɔkɔɔ betumi aboa onua a wanya adwenemhaw ma wakyerɛ nea ɛde ne “komam awerɛhow” no aba. (Mmebusɛm 12:25) Sɛ nhwɛso no, wɔ asɛm biako bi mu no na ɛyɛ aware mu nsɛnnennen na ɛde onua bi adwenemhaw no aba.

Mmoa a Wɔde Bɛma a “Ahohora Nnim”

Ɛnyɛ nea wɔn a wɔanya adwenemhaw no wɔ nkyerɛkyerɛmu papa bi wɔ sɛnea wɔte nka no ho bere nyinaa. Adwenemyarefo bi kyerɛw sɛ: “Bere a meyaree no, na mente ase na ɛtɔ mmere bi a minunu Yehowa.” Enti ebia wɔn a wɔahaw benwiinwii wɔ ɔkwan a enni ntease so sɛ asafo no ne wɔn anni no yiye anaasɛ wɔapow wɔn. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mpanyimfo di ho dwuma?

Yehowa yɛ nhwɛso denam ‘nnipa nyinaa a ɔma wɔn ade kwa a ahohora nnim’ no so. (Yakobo 1:5) Ɛnsɛ sɛ wɔma amanehunufo te nka sɛ wɔagyimi anaasɛ wonnim nyansa sɛ wɔte nka sɛnea wɔyɛ no. Wɔn nkate no​—ebia ɛte sɛ nea ntease nnim de​—yɛ paara ma wɔn. Wohia sɛ ‘wohu ma wɔn,’ ɛnyɛ ɔkasatia. (1 Petro 3:8) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ yiye nso na wɔamfa bi anka ɔmanehunufo no nkate mu adesoa no ho denam bɔneyɛ a wɔde bɛto no sõ so. Ɔtreneeni Hiob hawee araa ma otwaa adwo sɛ: “Me nkwa yɛ me kra nwini.” (Hiob 10:1) Nanso ne nnamfo baasa no ankyekye ne werɛ. Wɔn mu biako mpo kae sɛ: “So ɛnyɛ sɛ wo bɔne dɔɔso, na w’amumɔyɛ nni awiei?”​—Hiob 22:5.

Nanso, ɛtɔ mmere bi a ɔbrasɛe na ɛde nkate mu ɔhaw ba anaasɛ ɛboa ma emu yɛ den. Odwontofo Dawid kae sɛ: “Mimuaa m’ano [wɔ bɔneyɛ ho] no, me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti.” (Dwom 32:3) Saa ara na onua bi hawee kɛse ma na ontumi nyɛ adwuma mpo bio. Dɛn na ɛde ne haw no bae? Na ɛyɛ awaresɛe a ɔde asie. Enti sɛ mpanyimfo wɔ ntease sɛ wɔde ani bebu sɛ bɔneyɛ wom a, wobetumi ahwehwɛ eyi mu sɛ nea ebetumi aba. Nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa wɔ ayamye mu, ɛnyɛ sɛ wɔbɛbɔ onipa no sobo wɔ ahohorabɔ mu sɛ wayɛ bɔne.

Nyansa Tɛkrɛma a Wɔde Sa Yare

Bere a mpanyimfo no ayɛ nea wobetumi nyinaa de ahu sɛnea onipa no asɛnnennen no te ankasa no akyi no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ade ma ɛne Mmebusɛm 12:18 a ɛka eyi no hyia: “Onyansafo tɛkrɛma sa yare.” Dabi, mpanyimfo rentumi nsa ɔyare no ankasa. Nanso ɛdenam nsɛm a wɔde ahwɛyiye apaw a wɔde bedi dwuma so no, wobetumi ayi dadwen ne nhyɛso a ɛho nhia afi wɔn a wɔanya adwenemhaw no so. Mpanyimfo no betumi afi ase denam Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm a ɛfa adwene ne nkate mu nsɛnnennen ho dwumadi ho a wɔbɛpaw no so. Wobetumi ne wɔn a wɔahaw no asusuw eyinom ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte wɔn tebea no ase yiye. Mpɛn pii no sɛ wohu sɛ wɔn asɛnnennen no fi honam mu sintɔ na ɛnyɛ Yehowa anim dom a wɔahwere a, ɛma wɔn ho tɔ wɔn.

Yegye tom sɛ ebetumi ayɛ den sɛ wɔne ankorankoro a wɔahaw no bedi, ebinom ho yeraw wɔn kɛse. Nanso, ɔpanyin nyansafo nim sɛ “mmuae bɔkɔɔ sianka anibere.” (Mmebusɛm 15:1) Hwɛ a wɔbɛhwɛ ahu sɛ ɔka nsɛm a ɛho wɔ nyam bere nyinaa no bɔ ne ho ban fi tebea no a ɔbɛma asɛe kɛse a ɛho nhia no ho. (Kolosefo 4:6) Sɛ nhwɛso no, ebia onua bi a wanya adwenemyare na ontumi nnwen yiye ka ara sɛ ɔte nne ahorow bi.a Oduruyɛfo E. Fuller Torrey kyerɛ sɛ: ‘Mfaso nni so sɛ wobɛbɔ mmɔden sɛ wo ne wɔn a wɔanya adwenemyare na wontumi nnwen yiye no beyiyi nsɛm ma wɔafi wɔn adaeso mu gyidi no mu. Mpɛn pii no mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ saa no de akyinnyegye ne abufuw na ɛba. Sɛ́ anka mubeyiyi nsɛm mmom no, ka sɛnea wo ne no nyɛ adwene no tiawa.’ Ɔkwan foforo so no, mpanyimfo no betumi de ntoboase akyerɛkyerɛ mu sɛ ɛwom sɛ ɛte sɛ nea ɛnne ahorow no yɛ paara de, nanso ɛda adi sɛ n’adwene redaadaa no kɛkɛ.

Bible no a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so nso betumi asow aba pa. (Hebrifo 4:12) Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔyarefo bi da osuro a ntease nnim adi sɛ Yehowa agyaw no a, fi ayamye mu te ne suro no ase. Nanso, bere koro no ara mu no, fa ntoboase kae no tumi a agyede no wɔ bere a wode kyerɛw nsɛm te sɛ Dwom 103:8-14 ne 1 Yohane 2:1, 2 redi dwuma no. Petro Nhoma a Edi Kan 5:6, 7 ne Romafo 8:26, 27 betumi aboa no ma wahu sɛ Onyankopɔn ‘dwen ne ho’ na otie ne mpaebɔ, sɛ ɛyɛ den ma no sɛ ɔde nsɛm bɛka ne nkate no ho asɛm mpo a. Bere a mpanyimfo no redi nnyinasosɛm a ɛwɔ Yakobo 5:14 no akyi no, afei wobetumi ne onii a wahaw no abɔ mpae.

Nanso sɛ ɛte sɛ nea nsɛm nketenkete kanyan ɔmanehunufo bi nkate nso ɛ? Wobetumi akae no wɔ Bible afotu a ese ɛnsɛ sɛ ɔyɛ “ɔtreneeni bebrebe” no ho. (Ɔsɛnkafo 7:16) Ɔfoforo nso betumi anya mfaso afi nkuranhyɛ a ɛwɔ Filipifo 4:8 a ebetumi aboa no ma wako atia ɔbrasɛe nsusuwii ahorow no mu. Ebia ɔfoforo nso rennye sin a ɔtɔ no ntom na ebia n’aba mu bebu esiane sɛ ne yare no ama ne Kristofo dwumadi so atew no nti. Wobetumi de kyerɛw nsɛm te sɛ Mateo 13:23 ne Luka 21:1-4 adi dwuma de aboa no ma wahu sɛ ɛwom sɛ ebia yɛn nsɛm tebea horow bɛma nea yetumi yɛ so atew de, nanso Yehowa ani sɔ yɛn mmɔdenbɔ no kɛse.

Yiw, sɛ mpanyimfo de tɛkrɛma a Bible atete no siesie wɔn ho a, wobetumi ayɛ pii de aboa mfɛfo gyidifo a wɔahaw na wɔakyekye wɔn werɛ. Onuawa bi a onyaa adwenemhaw bi se: “M’ani sɔ nea Yesaia 32:2 ka fa mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu ho no ankasa. Bere biara a mihia wɔn no, na wɔwɔ hɔ a wɔde afotu a eye ma.”

Nhyiam Horow ne Asɛnka

Obi a wahaw wɔ adwenem da so ara wɔ honhom mu ahiade ahorow. (Mateo 5:3) Nokwarem no, sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ den honhom mu no ayɛ nkwa ne owu mu nsonsonoe ama ebinom. Irene a onyaa adwenemyare a na ontumi nnwen yiye mfe 30 no kae sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, na m’adwene nyinaa tu fra kɛse. Na Bible mu nokware wɔ m’adwenem bere nyinaa​—pintinn te sɛ kɔnkrɛte. Ɛno na amma mankum me ho!”

Enti, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ɔyarefo no nkuran ma onya asɛnka adwuma no mu kyɛfa na ɔkɔ nhyiam horow sɛnea obetumi, na mmom ‘ɔntew ne ho.’ (Mmebusɛm 18:1) Esiane adwenemyare nti, sɛɛ na onuawa bi tee nka: ‘Na migye di yiye sɛ mayɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa bɔne a ontumi mfa mfiri me. Nea efii mu bae ne sɛ mefaa biribiara a metee wɔ nhyiam horow ase no sɛ ɛmfa ho. Memaa biribiara a wɔkasa tia no faa me ho.’ Nanso ɔkɔɔ so kɔɔ nhyiam horow no na akyiri yi ɔtee ɔkasa bi a ɛboaa no ma ofii nea ogye di sɛ Onyankopɔn apow no no mu.

Nanso, sɛ obi a ɔyare kɛse ho yeraw no na ɔsɛe asafo nhyiam horow anaasɛ asɛnka nso ɛ? Ɛda adi sɛ ɛnyɛ nea ɔmanehunufo no boapa pɛ sɛ ɔhaw afoforo na mmom ne nsusuwii a atu afra nti na wayɛ basaa kɛkɛ. Nanso, eyi betumi ayɛ nea emu yɛ den ama wɔn a ɛfa wɔn ho nyinaa. Sɛ basabasayɛ no yɛ ketewaa bi na ɛntaa mma a, ɛda adi sɛ asafo no benya abodwokyɛre (Kolosefo 3:12, 13) Sɛ ɛnte saa a, ebia ɛho behia sɛ wɔhyɛ nyansa sɛ ɔmanehunufo no bɛtra baabi a basabasa a ebia ɔbɛyɛ no renhaw adwene pii. Wobetumi ayɛ nhyehyɛe a efi ɔdɔ mu nso na ama obi a ɔte saa no ayɛ hyew wɔ asɛnka adwuma no mu daa na wɔahwɛ ahu sɛ ebia ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw na ɔwɔ nhumu ka ne ho bere nyinaa anaasɛ wɔde no akɔ baabi a wɔte ne tebea no ase akɔyɛ ofie Bible adesua.

Nanso, ɛtɔ mmere bi a obi nneyɛe bɛyɛ hu, nea ɛbɔ ahohora, anaasɛ nea asiane wom a wontumi nni ho dwuma. Ebia na onii no agyae nnuru a wɔde ama no nom na ohia nkuranhyɛ a emu yɛ den na ama wɔasan adi ne nnuruyɛ kwan no akyi. Nanso sɛ biribiara mfi mu mma anaasɛ onii no basabasayɛ no kɔ so a, ebia ɛho behia sɛ wosiw no nhyiamkɔ ne asɛnka ho kwan sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara bɛkɔ so wɔ ano wɔ ano. (1 Korintofo 14:40) Wɔ ayamye mu no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ka kyerɛ ɔyarefo no sɛ ɛnyɛ sɛ wɔrebu no atɛn sɛ ɔnyɛ ɔnokwafo na mmom sɛ ne yare no ma nea obetumi ayɛ no so tew kɛkɛ. ‘Onyankopɔn nyɛ obi a ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi yɛn nnwuma,’ na Ɔte ne sintɔ ahorow no ase. (Hebrifo 6:10) Mpanyimfo nsrahwɛ a wɔyɛ daa bɛboa onii no ma wakura ne honhom mu ahoɔden mu kosi sɛ ne tebea no bɛyɛ yiye.

Wɔn Mmusua a Wɔbɛboa Wɔn

Adwenemyare de ɔhaw kɛse ba mmusua so. Onua bi a ne ba a wanyin wɔ adwenemyare a emu yɛ den no se: “Ayɛ ɔhaw kɛse.” Ne yere de ka ho sɛ: “Wunnya ahotɔ biara da. Aka yɛn aware no efisɛ ɛtɔ mmere bi a yɛkasakasa.” Afei, fa no sɛ adwenemyare aka wo hokafo. Onua bi se: “Wose me yere yɛ ‘obi a ɔwɔ adwenemyare a ontumi nnwen yiye na onnye afoforo nni.’ Ɔte nne ahorow na ɔpow aduruyɛ efisɛ ogye di sɛ ‘ɛbɛma wanom awuduru.’ Onnye nni sɛ mene ne kunu na ɔpow sɛ ɔbɛkɔ asɛnka anaa nhyiam horow.” Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa ayarefo a wɔte saa no mmusua?

Paulo kae sɛ: “Monkyekye wɔn a wɔn koma atutu werɛ.” (1 Tesalonikafo 5:14) Ɛbɛyɛ atirimɔden sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi mfɛfo Kristofo a wɔyɛ adwumaden de ahwɛ wɔn abusua muni a ɔwɔ adwenemyare anaa wobebu ani agu wɔn so. Paulo kae sɛ: “Munnyigye mo ho.” (Romafo 15:7) Kristofo nhyiam horow ma yenya hokwan a yɛde bɛyɛ saa ɔhyew mu na yɛada ɔdɔ ne anisɔ adi akyerɛ wɔn a ‘wɔde nyamesom pa di dwuma wɔ fie’ no.​—1 Timoteo 5:14, NW.

Wɔ mpanyimfo nsrahwɛ mu no, wobetumi akɔ so ahyɛ wɔn a wɔte saa no nkuran na wɔakɔ so ayɛ abusua adesua, wɔakɔ nhyiam horow, na wɔayɛ hyew sɛ Ahenni asɛnkafo. Nanso, sɛ ɛba wɔn honam fam ahiade ne nneɛma a wɔyɛ mu a, ɛsɛ sɛ asafo no yɛ pii sen ka a wɔbɛka sɛ, “Mo ho nyɛ mo hyew na mommee.” (Yakobo 2:16) Ebia na abusua no hia mmoa a wɔde bɛkɔ nhyiam horow. Ebia ankorankoro binom betumi aboa wɔn wɔ wɔn ɔyare ho ka a ɛyɛ kɛse bere nyinaa no mu. (1 Yohane 3:17, 18) Wɔkyerɛ ɔdɔ mu a wofi susuw wɔn ho no ho anisɔ dɛn ara! Onuawa bi a ɔwɔ adwenemyare kunu se: “Asafo no nim yɛn asɛnnennen no, na wofi ɔdɔ mu kyerɛ yiye sɛ wodwen yɛn ho.”

Mudi mu a Wobekura

Paulo kae sɛ: “Abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ.” (Romafo 8:22) Na adwenemhaw yɛ nneɛma a ɛyɛ yaw a yenya fii sintɔ mu no mu biako pɛ. Ebia nnuruyɛfo betumi ama wɔanya ahotɔ bi. Nanso pii a wɔahwehwɛ wɔn mmoa no anya osuahu a ɛte sɛ ɔbea bi a na ɔwɔ hɔ Yesu bere so a na “wahu amane pii ayaresafo bebree nsam, na wahwere n’ahode nyinaa, na anyɛ no yiye biara, na mmom ɛkɔɔ so” no de no bi.​—Marko 5:26.

Ɛnde, ɛsɛ sɛ pii sua sɛ wɔde wɔn asɛnnennen no bɛtra ase, na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya ahotɔ ankasa no wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. (Adiyisɛm 21:3, 4) Odwontofo no teɛɛm sɛ: “Hyira [Yehowa] . . . [a] ɔsa wo nyarewa nyinaa.” (Dwom 103:2, 3) Ansa na ɔbɛyɛ eyi no, ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si so titiriw ne sɛ yebenya adwenem anaa honam mu akwahosan a ɛyɛ pɛ, na mmom sɛ yɛbɛda yɛn mudi adi. (Dwom 26:11; fa toto 1 Korintofo 7:29-31 ho.) Ebia adwenemyare bɛma eyi ayɛ den. Nanso Onyankopɔn nkoa pii, te sɛ Paulo, de “ɔhonam mu nsɔe” asom nokwaredi mu. (2 Korintofo 12:7) Obi a onyaa adwenemyare se: “Mahu sɛ oduruyɛfo biara, anuanom mpo, rentumi nsa me yare. Nanso masua sɛ mede me ho bɛto Yehowa so.” Adwenemhawfo betumi de wɔn ho ato anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ ɔdɔ a wɔka “honhom mu nsɛm” ma wɔn awerɛkyekye ne mmoa no nso so.

[Ase hɔ asɛm]

a Asɛm “Adwenemhaw​—Bere a Ɛka Kristoni” a ɛwɔ October 15, 1988 Watchtower no mu no de akwankyerɛ a ɛfa sɛnea wodi tebea horow no ho dwuma faako a wɔde ani bu sɛ adaemone nkɛntɛnso wom no ho mae.

[Mfonini wɔ kratafa 21]

“Honhom mu nsɛm” a efi mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ hɔ betumi ayɛ pii de aboa wɔn a wɔanya adwenemhaw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena