Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yesuro Onyankopɔn?
“MUNSURO Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu.” (Adiyisɛm 14:7) Akwakoraa ɔsomafo Yohane na odii kan tee saa nsɛm a ɛkanyan nkate yi wɔ anisoadehu mu. Esiane sɛ ɔbɔfo bi a na watu nam ɔsoro mfinimfini na ɔkae nti, na wɔreka akyerɛ nnipa a wɔte awiei bere yi mu, “Awurade da no” mfiase titiriw.—Adiyisɛm 1:10.
Nanso hwɛ sɛnea ebinom betumi abu nsɛm yi sɛ ɛmfata! Nnipa pii gye wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ no ho kyim na mene sɛ wobesuro no. Wɔ nnipa dodow bi a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo fam no, adwene a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wosuro Onyankopɔn no te sɛ nea ne bere atwam. Wobetumi agye Onyankopɔn dɔ atom. Nanso ɛte sɛ nea suro a ɛsɛ sɛ wosuro no no yɛ Mfinimfini Mmere no mu adeyɛ. So saa na wubu asɛm no?
Osuro a Na Yesu Wɔ ma Onyankopɔn
Sɛ saa de a, susuw nea Kristoni a obi yɛ no kyerɛ no ho. Sɛnea Bible kyerɛ no, Kristoni a obi yɛ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ odi Yesu Kristo anammɔn akyi pɛɛ. (1 Petro 2:21) Afei, bere a akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu dɔ Onyankopɔn no, Bible no da no adi pefee sɛ osuroo no nso. Bere a Yesaia rehyɛ Yesu ho nkɔm no, ɔkae sɛ obenya “nimdeɛ ne [Yehowa] ho suro honhom.” (Yesaia 11:2) Nanso nea ɛyɛ anigye no, saa osuro yi anyɛ adesoa amma Yesu. Ɛnsɛ sɛ yesusuw osuro yi ho sɛ ɛte sɛnea ɔba bi suro n’agya otirimɔdenfo anaasɛ sodifo nhyɛsofo bi yi ɔmanfo hu no. Nokwarem no, Yesaia hyɛɛ Yesu ho nkɔm nso sɛ: “Na [Yehowa] suro bɛyɛ no huam.” (Yesaia 11:3) Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya suro a wusuro obi no mu anigye?
Nokwasɛm no ne sɛ wɔ Bible mu no, asɛmfua “osuro” kura ntease ahorow bi. Osuro anaa ehu ankasa a yɛte nka bere a obi pɛ sɛ opira yɛn no wɔ hɔ. Enti na Israel asraafo no ‘suro Goliat sɛ.’ (1 Samuel 17:23, 24) Afei osuro a ɛne biribi a wɔnhwɛ kwan anaasɛ wonnim te sɛ nea ɛtoo Sakaria bere a Yehowa bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no mpofirim wɔ asɔrefi hɔ no wɔ hɔ. (Luka 1:11, 12) Nanso osuro a na Yesu wɔ ma n’Agya no nte sɛ eyi mu biara.
Mmom no, Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ Bible mu de gyinaa hɔ maa ‘osuro’ no taa kyerɛ obu a emu dɔ ne Onyankopɔn ho hu. Saa Onyankopɔn suro no na na Yesu wɔ na ɛno na na ɔbɔfo no rehyɛ obiara a ɔwɔ hɔ nnɛ no nkuran sɛ onnya bi. Saa obu kwan so ehu anaasɛ osuro yi gye ntini wɔ yɛn komam bere a yedwen Yehowa tumi ne n’ahoɔden ho na yɛde toto sɛ a yɛnsɛ hwee koraa no ho no. Enyin bere a yesusuw n’ahoɔden nnwuma ho no, na mpaebɔ a yɛde kae nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔno ne otemmufo Pumpuni a ɔwɔ tumi sɛ ɔde nkwa ma na ɔde daa owu ma sɛ asotwe no ma enya nkɔso.
Osuro a ɛte saa no ho hia efisɛ ɛmma yɛnyɛ bɔne na yemmu yɛn ani ngu Onyankopɔn so, sɛ yɛbɛka no saa a. Ɛboa yɛn ma yekwati su te sɛ: ‘Onyankopɔn de befiri me. Onim sɛ meyɛ mmerɛw,’ bere a yehyia sɔhwɛ a ebetumi ama yɛagyae yɛn mudi mu sen sɛ yɛbɛko atia no. Sɛnea Mmebusɛm 8:13 ka kyerɛ yɛn no: “[Yehowa] suro ne bɔne tan.” Na Mmebusɛm 16:6 de ka ho sɛ: “Wɔde [Yehowa] suro kwati bɔne.” Adam ne Hawa antumi anyi saa Yehowa ho osuro pa a ɛfata yi adi ankyerɛ bere a wɔantie no no. Dɛn na efii mu bae? Wonyaa osuro foforo a ɛnteɛ na wohintaw fii n’anim. Adam kae sɛ: “Metee wo nka wɔ turom hɔ no, misuroe.”—Genesis 3:10.
Esiane sɛ Hiob anyɛ n’ade te sɛ Adam ne Hawa nti, ɔyɛɛ ɔbarima a ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara nyinaa akyi. Dɛn ntia? Yehowa ankasa kae sɛ na Hiob yɛ ‘ɔbarima a osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.’ (Hiob 1:8; 2:3) Ɛnnɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu yiye sɛ Yehowa betumi aka asɛm koro no afa yɛn ho! Onyankopɔn suro ye na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nsusuwii fã.
Onyankopɔn Suro ne Onipa ho Suro
Onyankopɔn suro yɛ awosu mu nkate a ɛma yenya ahobammɔ koro no ara a agya bi a ɔwɔ obu a emu dɔ de ma ne mma no bi. Osuro a ɛte saa no boa ma yɛpam onipa ho suro a ɛnteɛ a ɛyɛ afiri no. (Mmebusɛm 29:25) Obi a wansua biribi amfi eyi mu ne Semaia ba Uria a ɔne Yeremia kaa asɛm wɔ Yerusalem ansa na 607 A.Y.B. reba no. Esiane sɛ Uria anyɛ n’ade te sɛ Yeremia nti, ɔmaa ɔhene no ho suro sum no afiri. Ogyaee asɛnka na oguan gyaw n’adwuma no hɔ. Awiei koraa no, ɔhene no kyeree no na ɔma wokum no. (Yeremia 26:20-23) Ɔkwan bɛn so na anka Uria betumi akwati saa tebea a ɛyɛ awerɛhow no? Denam nya na obenya Onyankopɔn suro a ɛyɛ den sen onipa ho suro a na ɔwɔ no so.
Wɔ Yesu wusɔre ne ne sorokɔ akyi no, ɔde afotu maa n’akyidifo sɛ: “Nsuro amane a worebehu biara.” (Adiyisɛm 2:10) Abakɔsɛm da hia a saa afotu no ho hia no adi efisɛ—fi Romafo agumadibea so besi Nasifo nnadeban so no—Kristofo ahyia tebea horow a ɛyɛ hu. Ɔkwan bɛn so na wɔatumi adi ehu a wɔn atamfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma aka wɔn no so? Wɔnam Yesu nsɛm yi a wɔde di dwuma no so: “Munnsuro wɔn a wokum ɔhonam, na eyi akyi no, wonni biribi a wobetumi ayɛ bio. Na mɛkyerɛ mo nea munsuro no: munsuro nea okum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto [Gehenna].”—Luka 12:4, 5.
Wɔkyerɛkyerɛ yɛn wɔ Dwom 19:9 sɛ: “[Yehowa] suro yɛ kronkron, egyina hɔ daa. [Yehowa] atemmude yɛ nokware, ne nyinaa teɛ.” Enti biribiara nni hɔ a ɛnteɛ wɔ Onyankopɔn suro ho. Ɛho tew na ɛde ahobammɔ ma na ɛma Onyankopɔn somfo yɛ den sen n’atamfo. Te sɛ Yesu no, Kristoni nya saa osuro yi mu akomatɔyam te sɛ nea onya nhyira afoforo a Yehowa de ma nyinaa no mu anigye no.—Yesaia 11:3.
Enti ɛfata koraa sɛ ɔbɔfo no hyɛ adesamma a wɔwɔ hɔ nnɛ no nyinaa nkuran sɛ wonsuro Onyankopɔn. Sɛ yɛannya osuro pa a, ɛda adi sɛ yɛbɛma nkate horow a ɛnteɛ ho kwan anaasɛ yɛbɛma onipa ho suro adi yɛn so nim. Sɛ yenya osuro pa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ ade nyansam. “Nyansa mfiase ne [Yehowa] suro.” (Mmebusɛm 9:10; Dwom 111:10) Ɛwom, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn koma, yɛn kra, yɛn adwene ne yɛn ahoɔden nyinaa dɔ Onyankopɔn. ( Marko 12:30) Na ɛsɛ sɛ yesuro no, yɛkyerɛ obu ma no anaasɛ sɛnea ɔbɔfo no nsɛm kyerɛ no ‘yesuro Onyankopɔn na yɛhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu.’—Adiyisɛm 14:7.
[Mfonini wɔ kratafa 30]
Sɛ na Uria wɔ osuro a emu dɔ ma Yehowa a, anka onipa ho suro ansum no afiri