Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 2/15 kr. 29
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afoforo A Wɔbɛboa Wɔn Ma Wɔasom Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Ehia Sɛ Wɔyɛ Yehowa Nguan Brɛbrɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Hena Na Yehowa Bɛpene No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 2/15 kr. 29

Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

◼ So asɛm a ɛfa wɔn a Onyankopɔn pene wɔn so ho no kyerɛ sɛ Kristofo betumi ne obi a bere bi na wobu no sɛ “obi a wɔagye no atom sɛ ɔne yɛn mmɔ” nanso akyiri yi, esiane bɔneyɛ nti, na ɛsɛ sɛ wɔkwati no no akasa anaa?

Yiw, saa na ɛkyerɛ. November 15, 1988 Watchtower no kyerɛɛ nea enti a ɛne Kyerɛwnsɛm hyia sɛ yɛbɛyɛ nsakrae wɔ adwene a yɛwɔ wɔ obi a wɔmmɔɔ no asu a ɔne Yehowa Adansefo nya baguam ɔsom adwuma no mu kyɛfa no ho no. Bere bi a atwam mu no, na wɔfrɛ obi a ɔte saa no sɛ “obi a wɔagye no atom sɛ ɔne yɛn mmɔ.” Na sɛ ɛno akyi no obu Onyankopɔn mmara so na wannu ne ho a, wɔbɔ asafo no amanneɛ na afei asafo no mufo kwati nkɔmmɔ ne fekuw a wɔne no bɛbɔ.

Sɛnea nnansa yi ara asɛm no kyerɛe no, Bible no hwehwɛ sɛ wɔde nteɛso a ɛte saa ma wɔn a wɔabɔ wɔn asu a wɔyɛ abɔnefo a wɔnkyerɛ ahonu no. (1 Korintofo 5:11-13; 2 Yohane 9-11) Nanso, obi a wɔmmɔɔ no asu a odi bɔneyɛ akyi no akontaabu no nte sɛ nea wabɔ no asu no de. (Luka 12:48) Wɔmmɔɔ no asu enti ɛnyɛ nea wogye no tom wɔ Onyankopɔn ani so, enti asafo no mu a wotu obi fi no mfata wɔ n’asɛm no mu. Ne paa ara mu no, afei de ɔyɛ wiaseni na wobetumi ne no adi no saa.

Ɛnde, na obi a bere bi a atwam na wobu no sɛ “obi a wɔagye no atom sɛ ɔne yɛn mmɔ” nanso ɔmfata mma baguam ɔsom adwuma no bio esiane ne kwammɔne bi nti no nso ɛ? Esiane sɛ wontuu no mfii asafo no mu nti, ɛsɛ sɛ wɔne no di te sɛ wiaseni sɛnea ɔte ampa no.a Nokwarem no, November 15 Watchtower no tuu fo wɔ kratafa 19 sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nya ahwɛyiye a ɛsɛ. Eyinom hu sɛ ebia obi a wɔmmɔɔ no asu no yɛɛ bɔne ɛwom sɛ wanya Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow ho nimdeɛ de. Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw hwɛ yiye wɔ obi a ɔte saa no fekubɔ ho. Sɛ faako a ɛsɛ sɛ wɔne no di nkitaho kodu no hɔ nsemmisa sɔre a, wobetumi adi eyinom pii ho dwuma denam Onyankopɔn afotu a wobetie so. Yebetumi asusuw afotu te sɛ nea ɛwɔ 1 Korintofo 15:33 ne Mmebusɛm 13:20 no ho na yɛabisa yɛn ho sɛ: ‘Fekuw bɛn na metumi ne wiaseni a ɔmfa Kristofo gyinapɛn ahorow ntra ase no abɔ?’ Sɛ mpanyimfo no hu sɛ wiaseni a ɔte saa betumi de asiane aba a, wobetumi de kɔkɔbɔ afotu ama asafo no mufo a wɔda asiane mu no kokoam.

Bere bi akyi no, ebia “obi a wɔagye no atom sɛ ɔne yɛn mmɔ” no bɛda ahonu ho adanse a edi mũ adi na ebia ɔbɛpɛ sɛ wɔne no san yɛ Bible adesua bio. (Asomafo no Nnwuma 26:20) Obetumi ne asafo a ɔkɔ hɔ adesua no mu mpanyimfo akasa, na sɛ wɔn nso wohu sɛ eye a, wɔbɛyɛ Bible adesua ho nhyehyɛe ama no. Sɛ daakye bi ɔdawurubɔfo bi a wɔmmɔɔ no asu bɛyɛ obi a ɔmfata na akyiri yi ɔkyerɛ ahonu a, eyi ara nso bɛyɛ adwuma. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ ɔne mpanyimfo baanu a wodii ne bɔneyɛ no ho dwuma no anaasɛ afoforo baanu a mpanyimfo kuw no paw wɔn sɛ wɔnhwehwɛ asɛm no mu, sɛ ɛyɛ nea ɔno na ɔhwehwɛe saa a, no kasa.

Ɔkwan a ɛfata so no, Watchtower no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔkwan bi so no ɛyɛ soronko wɔ awofo a wɔhwɛ wɔn mma nkumaa a wɔwɔ fie​—mmofra nkumaa a mmara kwan so no wɔn na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔma wɔn honam fam nneɛma​—no ho. (Efesofo 6:1-4) Kyerɛwnsɛm no de awofo mma ɔkyerɛkyerɛ ne akwankyerɛ ho asɛyɛde to wɔn so. Enti ebia awofo [anaa ɔwofo a ogye di] no bɛpaw sɛ ɔne abofra kumaa a wayɛ bɔne no bɛyɛ kokoam Bible adesua anaasɛ wɔde no bɛka abusua no Bible adesua ne nkɔmmɔbɔ ho.

Bere a nnansa yi ara Watchtower mu asɛm no hwehwɛ sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn nsusuwii ne nneyɛe mu no, wɔyɛ ma ɛne Kyerɛwnsɛm ahorow a eye “ma nteɛso ne trenee mu yɛn” no hyia.​—2 Timoteo 3:16, 17.

◼ Esiane Tito 1:6 nti, sɛ obi bɛfata sɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu a, so ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea wɔabɔ ne mma nyinaa asu?

Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ wɔn a wɔbɛsom sɛ asafo mu mpanyimfo no ahwehwɛde ahorow no wɔ Tito ti a edi kan no mu. Na biako ne sɛ ɛsɛ sɛ onuabarima bi yɛ “nea ne ho nni asɛm bi,. . . ɔwɔ mma gyidifo.”

Eyi rentumi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ ɔpanyin bi mma nyinaa asu efisɛ ebia na ebinom yɛ nkokoaa. Enti ntease wom sɛ nea Tito 1:6 kyerɛ ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ obi mma nkumaa asu anaasɛ ɛyɛ nea wɔresua Bible mu nokware no, wɔgye tom na wɔde di dwuma na ɛka wɔn kɔ asubɔ ho, bere a wɔda so yɛ abusuafo no mufo no. (1 Korintofo 7:14) Ɛsɛ sɛ ɔpanyin bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ne mma asuafo, na eyinom yɛ wɔn a “wɔnte ahohwi anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho.”b

Yebetumi ate eyi ase yiye denam sɛnea Bible no de asɛm “ogyidini” no di dwuma a yɛbɛhyɛ no nsow no so. Nokwarem no, obi betumi anya nneɛma pii mu gyidi. (Asomafo no Nnwuma 26:27, 28; 2 Tesalonikafo 2:3, 11; Yakobo 2:19) Nanso yehu sɛ wɔtaa de “gye di” tõa Kristosom a obi gye tom na wɔbɔ no asu mu. (Asomafo no Nnwuma 8:13; 18:8; fa toto 19:1-5 ho.) Asubɔ titiriw na ɛda no adi sɛ obi yɛ gyidini.​—Asomafo no Nnwuma 2:41, 44; 4:4, 32.

Ebia na ɔpanyin bi mma nkumaa nsiesiee wɔn ho honam, nkate, anaa honhom mu sɛ wobegye asubɔ. Nanso, Tito 1:6 ka wɔn ho asɛm sɛ “mma gyidifo” sɛ wɔrenya nkɔso akodu asubɔ mu, sɛnea wɔn mfe ne wɔn tebea te a.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ obi a ɔwɔ saa tebea nɔ mu nnim nsakrae yi a, ɛbɛyɛ ayamye sɛ wɔbɛdan n’adwene akɔ Watchtower mu nsɛm yi so.

b Hwɛ February 15, 1972 Watchtower, kratafa 126.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena