Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 3/1 kr. 10-13
  • Yehowa Ayɛ Me Guankɔbea Ne M’abankɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ayɛ Me Guankɔbea Ne M’abankɛse
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yenyaa Nea Yɛhwehwɛ No
  • Awura Ketewaa ne Ɔsɔfo Panyin no
  • Nasifo Ko Faa ɔman No
  • Nhyiam Bi a Na Wɔnhwɛ Kwan
  • Nsa a Wɔtoo Frɛɛ Me Kɔɔ Gilead
  • Adwumagyae akyi Adwumayɛ
  • Yehowa Kyerɛkyerɛɛ Me Fii Me Mmofraase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Hokwan Kɛse A Manya Wɔ Ɔko Akyi Ntrɛwmu No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Yɛn Ani Kyerɛ Wiase Foforo No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Mede Mfe Aduɔson Aso Yudani Atade Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 3/1 kr. 10-13

Yehowa Ayɛ Me Guankɔbea Ne M’abankɛse

Sɛnea Margaret West ka kyerɛe

FA NO sɛ wote abankɛse a wosii Denmark Ɔhemmea a ne din de Anna Sophie ɔhemmea wom wɔ afe 1721 mu no mu. Ná ofi a Denmarkfo adehye abusua tra mu wɔ ahohuru bere mu a asase a wɔayɛ no agodibea fɛfɛ atwa ho ahyia yi ne ofi a metraa mu wɔ me mmofraase. Na ɛte sɛ nea adan a emu yɛ fɛ, atrapoe akɛse ne nneɛma a wɔn tete awuranom a wɔne Fransefo de yɛɛ nsɛmso no som bo kɛse.

Ná ɔdan foforo bi a nneɛma a wɔde sii no nsom bo pii te sɛ abankɛse no bɛn no yiye, nanso mfe 30 a mede traa ɔdan yi mu no maa m’asetra yɛɛ anigye kɛse. Na ɛyɛ Denmarkfo Betel, Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Denmark no.

Nanso nea edi kan no, ma menka nea ɛyɛe a mebɛtraa Frederiskberg Abankɛse no mu wɔ Copenhagen no ho asɛm nkyerɛ wo. Na me papa a na ɔyɛ Denmarkfo asraafo panyin bi no yɛ asraafo sukuu a na n’atrae titiriw wɔ abankɛse no mu no kwankyerɛfo. Dibea yi maa ɔne n’abusua nyaa hokwan bɛtraa beae yi. Wɔ abeawa fam no, na eyi yɛ ayɛsɛm mu asetra a ahobammɔ wom wɔ beae fɛfɛ yi. Misusuwii sɛ mmofraase bere a anigye wom yi remma awiei da. Nanso eyi baa awiei da koro wɔ 1921 mu a me werɛ remfi.

Wɔfrɛɛ yɛn a yɛyɛ mmofra no kɔɔ yɛn papa dan mu. Na mitumi hu sɛ ɔda hɔ a wayɛ fitafita a ne nsa abien nyinaa gu mpasotam no so. Yɛn maame de ne nsa too yɛn kɔnmu. Na yɛn oduruyɛfo a ɔno nso gyina mpa no ho no ani abere. Yɛn maame kaa brɛoo sɛ: “Mo papa awu.” Adwene a midii kan nyae ne sɛ: ‘Ɛrentumi mma saa! Ɔntaa nyare.’ Na ɛyɛ asɛnnennen ma abofra a wadi mfe du. Manhu no yiye sɛ owu a ɛyɛ awerɛhow yi bɛma mate atirimpɔw a ɛwɔ asetra mu no ase.

Yɛn papa wu no de nsakrae kɛse baa yɛn asetra mu. Ná abankɛse no yɛ aban mpanyimfo atrae enti na ɛsɛ sɛ yɛn Maame hwehwɛ baabi foforo a yɛbɛtra. Ná ɛyɛ bere a emu yɛ den na sɛnea ɛbɛyɛ a me Maame bɛboa yɛn ma yɛn werɛ afi awerɛhosɛm no, ɔyɛɛ biribi a ɛyɛɛ yɛn abusua no ne yɛn nnamfo nwonwa. Oyii yɛn nyinaa fii sukuu mu na yɛde afe biako kyinkyin Europa.

Yenyaa Nea Yɛhwehwɛ No

Nanso, bere a yɛsan baa Denmark no, na yɛda so ara kae yɛn Papa wu no, enti yɛn Maame kɔɔ so bisaa ne ho mpɛn pii sɛ, Dɛn ntia? Dɛn ntia? Dɛn ntia? Nea ɛbɛyɛ a obenya mmuae no, ofii ase hwehwɛɛ Apuei Fam nyansapɛ ahorow mu nanso eyi amma ne nsa anka nea na n’adwene hwehwɛ no. Afei ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan akɔ Bible no so a na osusuw sɛ ebia ekura mmuae bi. Bere a ɔde ne na soo Bible no mu no, ohuu nhoma kɔkɔɔ bi a na onhui da sɛ ɛda nkyɛn. Ná wɔfrɛ no The Divine Plan of the Ages. Ná me nuabarima bi tɔ fii Bible Suani bi a ɔbɛsraa yɛn no nkyɛn nkyɛe.

Yɛn maame fii ase kenkan nhoma no na ankyɛ biara ogye dii sɛ wanya ne nsemmisa no ho mmuae. Saa bere yi na mekɔ sukuu wɔ France, nanso bere a mesan baa fie sɛ merebedi akwamma wɔ asram kakraa bi akyi no, yɛn Maame de anigye kaa n’ademude foforo a wanya no ho asɛm kyerɛɛ me. Ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ me​—Ahenni a ebedi asase so nyinaa na ama ɔko nyinaa aba awiei, Ahenni a ɛde nhyira a enni ano bɛbrɛ adesamma a awufo sɔre ka ho. Ná ɛyɛ nwonwa. Awiei koraa no yɛanya adwenem naayɛ ne baasayɛ ano guankɔbea.

Bere a mekɔdaa saa anadwo no, mebɔɔ mpae a na edi kan wɔ m’asetra mu. Na yɛnyɛ abusua a wɔyɛ nyamesomfo da nanso na wɔakyerɛ yɛn Awurade Mpaebɔ no wɔ sukuu. Enti mifii ase bɔɔ mpae yi a na anka mempɛ sɛ mɛyɛ saa. Sɛ midu nsɛm a ɛne sɛ “W’ahenni mmra . . .” no so a, ɛkame ayɛ sɛ midi ahurusi wɔ me komam. Afei mete nea na merebisa no ase! Mfe aduosia atwam de, nanso meda so ara kae anigye a ɛso nni a minyae saa anadwo no.

Bere a miwiee sukuu wɔ France no, mekɔɔ England de borɔfo kasa a na masua no kodii dwuma afe biako. Na yɛn Maame aka sɛ: “Ɛsɛ sɛ abeawaa sua kasa horow na abarimaa suaa akontaa.” Awiei koraa no misuaa kasa horow anum a mfaso aba ne nyinaa so na mfe bi akyi no, na metaa da yɛn Maame ase sɛ ɔma minyaa saa hokwan yi.

Bere a miduu England no, mihui sɛ na yɛn Maame de The Harp of God nhoma no ahyɛ me bag mu. Misuaa no yiye na mifii ase dii nea masua no ho adanse kyerɛɛ Engiresifo abusua a na me ne wɔn te no. Abusua yi busuani bi bɛsraa wɔn bere bi enti midii ɔno nso adanse. (Na me ho rekokwaw wɔ “sanku” yi ‘so ahama du a mebɔ no mu.’) Esiane sɛ na awuraa yi ankasa pɛ nhoma no bi nti, mekyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no London baa dwumadibea no na wɔkyerɛɛ me kwan kɔɔ anuanom a wɔwɔ hɔ no nkyɛn.

Mifii ase ne kuw ketewaa yi a wɔwɔ Wickford, Essex a na wohyia wɔ Bible Asuafo no mu biako fi no bɔe. Wɔkae wɔ nhyiam biako ase sɛ “wobetu kwan akɔhwɛ mmeae bi” Kwasida a edi hɔ no, na wɔtoo nsa frɛɛ me nso. Mehwɛɛ adifi a ɛyɛ anigye wɔ akuraa ase kwan, nanso bere a yedui no, wɔbɔɔ mpae na wɔmaa me nhoma na wɔde me kaa onuawa bi a ne mfe akɔ anim ho sɛ yɛnkɔka asɛm!

Bere a mesan baa Denmark no, metoaa so ne Bible asuafo no bɔe na wɔbɔɔ me asu wɔ 1929 mu. Ade a meda so ara kae ne nhyiam a wɔyɛe wɔ Copenhagen wɔ 1931 mu no. Ɛyɛ nhyiam yi ase na yɛfaa edin Yehowa Adansefo no. Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛbɔ sodifo amanneɛ wɔ eyi ho no, wotintim Onua Rutherford kasa no ne tirimbɔ a na edi akyi a wogye toom wɔ nhyiam no ase wɔ The Kingdom, the Hope of the World nhomawa no mu. Na ɛsɛ sɛ yɛn ankasa de kɔma nnipa atitiriw a wɔwɔ mpɔtam hɔ a atemmufo, mmarahyɛ baguafo, aban mu mpanyimfo, adwumawuranom a wɔagye din ne asɔfo nyinaa nso.

Awura Ketewaa ne Ɔsɔfo Panyin no

Denmark hene nsa kaa ne de bere a ɔne baa dwumadibea no sohwɛfo hyiae no. Wɔmaa me nhomawa pii ne nhoma nkotoku a wɔn a mɛkɔ wɔn nkyɛn wɔ ɔsatu yi mu no din ne wɔn address wɔ akyi. Edin a edi kan no maa ehu kaa me ankasa. Na ɛyɛ Lutheranfo sɔfo panyin bi a wagye din a wonim no yiye sɛ ɔsɔre tia Yehowa Adansefo.

Ná ɔsɔfo panyin no te Copenhagen fã baabi a atew ne ho na ɛsɛ sɛ migye tom sɛ bere a mebɔɔ dɔn no, metee nka sɛ me tenten nnu anammɔn anum bio. Abaawa bi buee ɔpon no na ɔde adwene a ɛnteɛ hwɛɛ me fi me soro besi fam na obisae sɛ: “Mesrɛ wo, wopɛ dɛn?” Mede ahotoso buae sɛ: “Meda wo ase, mepɛ sɛɛ me ne ɔsɔfo panyin no kasa.” Ná me Maame de atade nkataso papa bi a wɔde mmoa ho nhwi ayɛ ama me sɛ menhyɛ mfa nyɛ ɔsatu no na ebia eyi maa abawaa no gye dii sɛ ɛsɛ sɛ ɔpene m’adesrɛ no so, efisɛ bere a na wagyina hɔ bere tenten a ɛte sɛ nea ɛremma awiei no, ɔkae sɛ: “Twɛn kakra.” Ankyɛ biara ɔsan bae na ɔde me kɔfaa abrannaa tenten bi so, obuee ɔpon no na na ɔsɔfo panyin no te ɔpon kɛse bi akyi. Ná ɔyɛ ɔbarima tenten bran. Ɔmaa n’ani so na ɔserew kyerɛɛ me anigye so.

Mekaee sɛ Nea odi m’akyi no yɛ kɛse sen nea ɔwɔ m’anim no, na mekyerɛkyerɛɛ nea enti a mebaa hɔ no mu kyerɛɛ no na mede nhoma kotoku no hyɛɛ ne nsa. Ogyei na ɔtow kyenee ɔpon no so te sɛ nea ogya atɔ mu. Ɔsɔree ntɛm ara, ɔsoo me nsa na ɔde me san kɔfaa abrannaa tenten no so kɔɔ ɔpon no ano. Ɔtoo pon no mu nanso meserew kyerɛɛ me ho: Nhomawa no da ne pon so; mayɛ m’adwuma

Mifii akwampae adwuma ase wɔ 1933 mu efisɛ metee nka sɛ na ɛyɛ ɔkwan pa a mɛfa so asom Yehowa kɛse. Afe biako akyi no mewaree Onua Albert West, Engiresini bi a na wɔde no aba Denmark wɔ mfe bi a na atwam no mu no. Yɛde mfe 30 bom somee wɔ Denmark Betel.

Nasifo Ko Faa ɔman No

April 9, 1949 yɛ da a me werɛ remfi da. Wimhyɛn a na ɛte sɛ nea ɛnam m’atifi pɛɛ nnyigyei ma menyanee nnɔnsia. Ná asɛm bɛn na asi? Ná Denmark mfaa ne ho mmɔɔ ɔman foforo biara ɛ. Na nkurɔfo reboaboa wɔn ho ano wɔ mmɔnten so, huhuhu rekɔ so kɛse na na tebea no mu ayɛ den. Afei radio bɔɔ amanneɛ sɛ: “German asraafo ako afa Denmark.”

Ɔhaw a ɛsɔree ntɛm ara ne nea yɛbɛyɛ nhoma a yɛde asie wɔ ɔdan no mu nyinaa no. Anuanom a wɔwɔ Copenhagen no daa nhumu ne nyansa a ɛyɛ nwonwa adi. Ankyɛ biara wɔkyekyɛɛ nhoma no maa anuanom a wɔwɔ hɔ no na wɔde baa dwumadibea no kyerɛwtohɔ ahorow kɔmaa onuawa bi a n’ani da hɔ a ne mfe akɔ anim na ɔde hyɛɛ ne mpa ase wɔ bere a na ɔko no rekɔ so no mu.

Na ɔhaw foforo nso ne nea yɛbɛyɛ wɔ nhomawa 350,000 a na ebedui nkyɛe no ho. Wosii gyinae sɛ yɛde bɛmema nkurɔfo ntɛm ara. Na mennye nni sɛ wubetumi afoforo atrapoe pii saa wɔ nnafua abien pɛ ntam. Yɛyɛɛ eyi nyinaa a yɛamma Germanfo asraafo a na wɔnenam mmorɔn so no adwene amma yɛn so. Sɛ wotwam a, yɛbɔ mmɔden yɛ sɛ yɛrehwɛ nneɛma a wɔtotɔn no. Anuanom nyinaa, mmofra ne mpanyin nyaa kyɛfa wɔ nhomawa no a yɛkyekyɛɛ no ntɛm no mu na wɔ nnɔnhwerew 48 akyi no, na yɛde nhomawa no nyinaa amema ɔmanfo.

Bere a wɔko faa ɔman no, yɛne Brooklyn ntam nkitahodi no mu twae nanso yɛkɔɔ so nyaa honhom mu aduan. Na onua biako anaa baanu yɛ adwuma wɔ aban ananmusifo dwumadibea enti na wɔnhwehwɛ wɔn nneɛma mu. Sɛ wɔkɔ Sweden daa a, wotumi de Sweden kasa mu Ɔwɛn-Aban brɛ yɛn. Na mete Sweden kasa kakra enti wɔpaw me sɛ menkyerɛ nea wotintim biara no ase nkɔ Denmark kasa mu. Na ɛyɛ adwumaden kɛse nanso mede anibere suaa ade sɛnea metumi. Saa kwan yi so no yenyaa Ɔwɛn-Aban daa wɔ ɔko no mu.

Nokwarem no, yetumi de nea ɛwɔ Denmark kasa mu no bi kɔmaa anuanom a na wɔwɔ Norway no mpo. Na wɔde nkesua nnaka pii a wɔde rekɔma Nasifo mpanyimfo fi Denmark kɔ Sweden daa. Yetumi de Denmark kasa mu Ɔwɛn-Aban no kyekyeree nkesua no ho na Norway anuanom no de ahwɛyiye san ansa na wɔde nkesua no akɔma Germanfo no.

Nhyiam Bi a Na Wɔnhwɛ Kwan

Wɔ ɔko no mu no, wɔmaa Onua Eneroth a na ɔyɛ baa dwumadibea no somfo wɔ Sweden no kwan sɛ ɔmmɛsra Denmark na Albert kɔɔ po so hyɛn gyinabea no ano sɛ ɔrekohyia no. Bere a Onua Eneroth foroo po so hyɛn antweri no, Germanfo asraafo baanu puei na wɔka kyerɛɛ Albert ne Onua Eneroth sɛ wɔmmɛka wɔn ho mma wɔne wɔn nkɔ.

Wɔde wɔn kɔɔ Cosmopolite Ahɔhodan, Germanfo asraafo atrae atitiriw no biako mu na wɔde wɔn kɔɔ adwumayɛbea bi mu wɔ abansoro a ɛto so abien no so, faako a wohyiaa Germanni bi a ɔnhyɛ asraafo atade. Bere a ɔde Engiresi kasa a mfomso nnim kasa kyerɛɛ wɔn no, ɔkae sɛ: “Sɛnea munim no, ɔko rekɔ so. Meyɛ adwumawura a ofi Hamburg, na wɔde me aba ha sɛ obi a ɔkenkan nkrataa a ɛsɔre tia aban no. Mekenkan Ɔwɛn Aban Bible Asafo no nkrataa nyinaa [nea edi Denmark ne Sweden akɔneaba no]. Ɛyɛ biribi a mempɛ sɛ mɛyɛ nanso hwee nni hɔ a metumi ayɛ. Mepɛ sɛ mekamfo mo wɔ mo nkrataa a ɛka nokwasɛm na ɛyɛ anigye sɛ wɔbɛkenkan no ho. Morentumi nsusuw nnaadaa a mihu wɔ nnwuma ahorow bi nkrataa mu no ho.”

Obisaa anuanom no asɛm bi. “Dɛn ne sankɔhwɛ?” Albert yɛɛ sankɔhwɛ ho ɔyɛkyerɛ tiawa bi bere a ɔde Onua Eneroth yɛɛ ne fiewura no. Afei ɔsraani panyin no de nsɛm a obisabisaa wɔn no baa awiei bere a ɔkaa eyi no: “Meda mo ase, awuranom, nea mepɛ sɛ mihu nyinaa nen.” Ebia na eyi ne ɔkwan a ɔnam so bɔɔ anuanom kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ nea wɔka wɔ wɔn nkrataa mu no ho.

Nsa a Wɔtoo Frɛɛ Me Kɔɔ Gilead

Wɔ 1945 awiei no, Onua Knorr ne Henschel bɛsraa yɛn. Wɔ nsrahwɛ yi mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne Albert sɛ yɛnkɔ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu, na yɛkɔɔ asɛmpatrɛwfo sukuu yi nea ɛto so 11 no wɔ 1948 mu. Wɔ yɛn Gilead ntetee no akyi no, me ne me kunu de asram asia yɛɛ ɔmansin adwuma wɔ Maryland, Virginia ne Washington, D.C., ansa na yɛresan aba Denmark.

Mfe kakraa bi akyi no, Albert yaree na awiei koraa no wohui sɛ ɔyare no yɛ akisikuru. Mehwɛɛ no mfe du bere a na meyɛ nea metumi sɛ nhoma asekyerɛfo kosii sɛ owui wɔ 1963 mu. Afe a edi hɔ no, minyaa asɛyɛde foforo a na ɛsɛ sɛ misusuw ho. Na me maame adi mfe 88 na na ohia obi a ɔbɛhwɛ no. Enti, na ɛsɛ sɛ migyae bere nyinaa som adwuma no. Me Maame traa ase kosii sɛ onyaa mfe 101 na odii nokware kosii awiei.

Adwumagyae akyi Adwumayɛ

Wɔ me Maame nkwa nna a etwa to no mu no, na yɛkɔtra Spain wɔ awɔw bere asram no mu. Enti bere a owui no, misii gyinae sɛ mɛtra hɔ. Na mesua Spania kasa na metee nka nso sɛ metumi asom wɔ amannɔne wɔ ɔkwan yi so. Ɛwom sɛ mintumi nyɛ pii sɛnea mepɛ sɛ meyɛ esiane mfe a madi ne asɛyɛde ahorow nti de, nanso mitumi yɛ akwampae aboafo adwuma daa.

Mede m’asetra mu mfe bɛboro 20 ahwɛ okunu yarefo ne me maame a na wabɔ aberewa no. Metee nka bere nyinaa sɛ wɔn baanu fata ɔhwɛ a ɛte saa no na mibuu no sɛ ɛyɛ ɔsom a mede ma Yehowa a ɔboaa me bere nyinaa ma migyinaa awerɛhow ne sɔhwɛ ahorow a na ɛsɛ sɛ migyina ano wɔ tebea horow a ɛte saa no mu ano no fã.

Mprempren mete ɔdan ketewaa bi a ɛyɛ soronko wɔ abankɛse a wɔwoo me wom no ho koraa. Nanso adan rentumi mfa ahobammɔ mma da sɛnea mihui wɔ asetra mu ntɛm ara no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, mihuu hintabea ne guankɔbea kɛse bi, obi a onni me huammɔ da no. Metumi aka no nokwarem sɛnea odwontofo no kae no, sɛ: “Me guankɔbea ne m’abankɛse, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo so.”​—Dwom 91:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena